(Marko 7:20-23)“Na ɔkaa sɛ deɛ ɛfiri onipa mu ba no, ɛno na ɛgu ne ho fi. Na nnipa mu, wɔn akoma mu, na adwenmmɔne firi ba, adwamansɛm, akorɔnsɛm, ayerefasɛm,aniberebereɛ, amumuyɔ, nsisie, ahohwie, ani bɔne, abususɛm, ahantan ne nkwaseasɛm. Nnebɔne yi nyinaa firi onipa mu na ɛba, na ɛgu ne ho fi.”
Nnipa Adwene Yɛ Wɔn Sakasaka, Na Wɔtena Ase Wɔ Wɔn Nnaadaa Gyidie a Ɛnyɛ Nokorɛ No Mu
Whan na wabɛn sɛ ɔnya nkwagyeɛ?
Deɛ ɔdwene sɛ, ɔno ne ɔdebɔneyɛni paa no
Deɛ edi kan no, mepɛ sɛ mebisa wo asɛm. Wohunu wo ho sɛn? W’adwene yɛ wo sɛ woyɛ anaa sɛ wonyɛ? Wodwene sɛn?
Nnipa nyinaa hyɛ wɔn ara nnɛɛdɛeɛ ase. Ebia na w’adwene kyerɛ wo sɛ wonyɛ nipa bɔne ni, anaa nso sɛ woyɛ onipa a ɔyɛ papa kakra.
Ɛnneɛ na whan na wodwene sɛ ɔbɛbɔ ɔbra pa wɔ gyidie mu? Ɛyɛ deɛ ɔdwene sɛ, ɔyɛ nipa papa no anaa sɛ ɛyɛ deɛ ɔdwene sɛ ɔnyɛ nipa bɔne ni no?
Ɛyɛ deɛ ɔdi akyire no a. Ma memmisa wo asɛm foforɔ. Whan na wabɛn sɛ ɔnya nkwagyeɛ — deɛ wayɛ bɔne pii no, anaa sɛ ɛyɛ deɛ wayɛ bɔne kakraa bi no a? Deɛ ɔgye tum sɛ wayɛ bɔne pii a ɔntumi nkan no na wabɛn sɛ ɔnya nkwa, ɛfiri sɛ onipa no gye tum sɛ ɔyɛ ɔdebɔneyɛni paa. Onipa ɔte saa no bɛtumi agye Nyankopɔn nkwagyeɛ asɛm a Yesu asiesie ama noɔ no.
Sɛ yɛhwɛ yɛn ho yie paa a, biribiara di adanseɛ sɛ bɔne ahyɛ yɛn ma. Nnipa yɛ deɛn? Onipa yɛ ‘nnebɔneyɛfoɔ asefoɔ.’ Wɔ Yesaia 59, wɔaka sɛ amumuyɔ ahodoɔ beberee na ɛwɔ onipa akoma mu. Ɛno nti ɛda adi pefee sɛ bɔne ahyɛ nnipa ma. Nanso sɛ yɛka sɛ bɔne ahyɛ nnipa ma a, nnipa pii ne me nyɛ adwene. Nanso sɛ wobɛka sɛ nnipa yɛ ‘nnebɔneyɛfoɔ asefoɔ’ no ne kasapa no. Sɛ yɛhwɛ yɛn ho yie wɔ nokorɛm a, ɛda adi pefee sɛ yɛyɛ abɔnefoɔ. Wɔn a wɔdi nokorɛ ma wɔn ho no bɛgye asɛm yi atum.
Nanso ɛrekame ayɛ sɛ, nnipa pii no ara nnye ntum sɛ bɔne ahyɛ wɔn ma. Beberee te ahotɔ mu, ɛfiri sɛ wɔnbu wɔn ho sɛ bɔne ahyɛ wɔn ma. Ɛnam sɛ yɛyɛ abɔnefoɔ nti, yɛayɔ asetena mu mputuo a bɔne ahyɛ mu ma. Sɛ yei nyɛ nokorɛ a, anka yɛn ani bɛwu wɔ yɛn bɔne mu. Nanso yɛn mu pii no ara nnya aniwuo atenka biara wɔ berɛ a wɔda so ara yɔ bɔne.
Nanso sɛdeɛ ɛteɛ biara wɔn ahonim nim. Obiara wɔ ahonim a ɛka kyerɛ no sɛ, “ɛyɛ aniwuo.” Adam ne Hawa de wɔn ho huntaeɛ wɔ nnua no mu berɛ a wɔyɛɛ bɔne no. Nnɛ mmerɛ yi mu no, nnipa pii de wɔn ho akɔhunta yɛn amammerɛ a ɛyɛ adehunu a ɛyɛ amammerɛ bɔne no mu.
Nnipa ma wɔn nnaadaa gyidie a ɛnyɛ nokorɛ no daadaa wɔn. Wɔdwene sɛ wɔyɛ papa kyɛne ebinom. Ɛno nti sɛ wɔte asɛm bɔne bi a, wɔteam abufuo so ka sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na onipa ayɔ nnoɔma ɛte saa? Adɛn na onipa tumi yɔ saa? Ɛkɔbaa sɛn na ɔba yɔ saa tia ɔno ara n’awofoɔ yi?” Wɔgye di yie sɛ, wɔn deɛ wɔnyɛ nnoɔma a ɛte saa no bi.
Adɔfonom, ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛhunu wo ho yie. Sɛdeɛ ɛbɛyɔ na yɛbɛhunu yɛn ho yie wɔ nokorɛm no, ɛsɛ sɛ deɛ ɛdi kan no yɛnya bɔne fakyɛ. Ɛdi mmerɛ pii ansa na yɛanya nokorɛ no mu nimdeɛ a ɛfa yɛn nnipa su ho no, na yɛn mu pii wɔ hɔ a, yɛrenhunu yei kɔsi da a yɛbɛwuo.
Hunu Sɛdeɛ Woteɛ
Sɛn na wɔn a wɔnnim wɔn ho no bɔ wɔn bra?
Wɔbɔ Wɔn bra sɛ nyaatwom, na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔde wɔn bɔne su bɛhunta.
Ɛtɔ berɛ bi a yɛhyia nnipa a wɔte saa a wɔnnim wɔn ho no mu bi. Sokrate kaa sɛ “Hunu Sɛdeɛ Woteɛ.” Nanso yɛn mu dodoɔ no ara nnim deɛ ɛwɔ yɛn akomam: awudisɛm, akorɔnsɛm, aniberebereɛ, abɔnefosɛm, insisie, ayerefasɛm, anibɔne.
Obi a ɔnnim ne ho no wɔ ɔtweaseɛ borɔ wɔ n’anom, nanso ɔka nsɛmpa. Deɛ nti a yei te saa ne sɛ, onipa no nnim ne ho sɛ wɔwoo no sɛ ɔdebɔneyɛni a ɔbɛyɔ bɔne atoaso saa ara.
Nnipa pii na ɛwɔ wiase yi mu a wɔnnim esu a wɔde awo wɔn. Wɔdaadaa wɔn ho, nanso awieeɛ no wɔbɔ wɔn bra wɔ nnaadaa a abebare wɔn no mu. Wɔnni nteaseɛ sɛ wɔreto wɔn ho agu amanehunu kuro mu ɛnam wɔn mfosoɔ gyidie a ɛnyɛ nokorɛ no nti.
Nnipa Kɔ So Ara Hwie Bɔne Gu Wɔ Wɔn Asetena Nyinaa Mu.
Adɛn nti na amanehunu kuro na wɔrekorɔ?
Ɛfiri sɛ wɔnnim wɔn ho.
Momma yɛnhwɛ Marko 7:21-23. “Na nnipa mu, wɔn akoma mu, na adwenmmɔne firi ba, adwamansɛm, akorɔnsɛm, awudisɛm, ayerefasɛm, aniberebereɛ, amumuyɔ, nsisie, ahohwie, ani bɔne, abususɛm, ahantan ne nkwaseasɛm. Nnebɔne yi nyinaa firi onipa mu na ɛba na ɛgu onipa ho fi.” Adwemmɔne ahyɛ nnipa akoma ma firi da a wɔnyinsɛnee wɔn no.
Momma yɛnfa no sɛ, onipa akoma yɛ yaawa a nsuo fii a ɛyɛ yɛn bɔne ahyɛ mu ma. Sɛ onipa kɔ animu ne akyire a, ɛdeɛn na ɛbɛsie? Nsuo fii a ɛyɛ bɔne no bɛsosɔ baabiara. Sɛ onipa no yɛ sɛ ɔrekɔ a, bɔne no bɛkɔ so ara asosɔ ɛhɔnom nyinaa.
Yɛn a bɔne ahyɛ yɛn ma no bɔ yɛn bra saa ara pɛpɛɛpɛ. Yɛde bɔne sosɔ baabibiara a yɛbɛkorɔ. Yɛbɛyɔ bɔne wɔ yɛn asetena nyinaa mu, ɛfiri sɛ bɔne ahyɛ yɛn ma.
Nanso ɔhaw a ɛwɔ hɔ ne sɛ, yɛnhunu yɛn ho sɛ bɔne ahyɛ yɛn ma, anaa sɛ yɛyɛ nnebɔneyɛfoɔ asefoɔ. Bɔne ahyɛ yɛn ma, na bɔne wɔ yɛn akomam firi da a wɔwoo yɛn.
Bɔne a ahyɛ yɛn ma no ayɛ krado sɛ ɛbɛyɛ ma abusoɔ. Nanso nnipa nnye nni sɛ nokwasɛmnie wɔyɛ nnebɔneyɛfoɔ. Wɔdwene sɛ ebinom na ɛmaa wɔkɔyɛɛ bɔne, ɛno nti ɛnyɛ wɔn mfomsoɔ.
Mpo wɔ berɛ a wɔda so ara yɛ bɔne no, nnipa adwene yɛ wɔn sɛ, deɛ ɛhia ara ne sɛ wɔbɛhohoro wɔn ho fitaa bio na wɔn bɔne apepa. Wɔkɔ so ara pepa berɛ biara a wɔyɛ bɔne, na wɔka kyerɛ wɔn ho sɛ ɛnyɛ wɔn mfomsoɔ. Nanso yɛhohoroo yɛn ho wieeɛ no kyerɛ sɛ yɛremfa nsosɔ hɔ bio anaa? Ɛnneɛ Yɛbɛkɔ so ara apepa no mpɛn pii bio.
Sɛ bɔne ayɛ yaawa no ma a, ɛbɛkɔ so ara asosɔ. Ɛnhia sɛ yɛbɛpepa ɛkyire no. Ɛmfa ho ne mpɛn dodoɔ a yɛde yɛn nneyɔeɛ pa no bɛpepa akyire no, bɔne ayɛ yaawa yi ma no nko ara deɛ, ne nyinaa yɛ ɔkwa.
Bɔne pii na wɔde awo yɛn, a ɛno nti yɛn akoma ntumi nna mpan dabiara da; Ɛmfa ho ne bɔne dodoɔ a yɛde bɛsosɔ ɔkwan no mu. Ɛno nti yɛyɔ bɔne wɔ yɛn asetena nyinaa mu.
Sɛ obi nhunu ne ho sɛ ɔyɛ obi a nokwasɛmnie bɔne ahyɛ no ma a, ɔkɔ so ara de ne bɔne hunta. Bɔne wɔ nnipa nyinaa akomam, ɛno nti ɛnyɛ adeɛ a sɛ yɛpepa ani no a, ɛbɛkorɔ. Sɛ yɛde bɔne kakra sosɔ hɔ a, yɛde ntomago na ɛpepa, na sɛ yɛde sosɔ hɔ bio a, yɛde mpepaho ne deɛ ɛkeka ho na ɛpepa. Yɛnya anidasoɔ sɛ, sɛ yɛkɔ so ara pepa ɛfii no mpɛn pii a, ɛbefi. Nanso ɛsosɔ hɔ mpɛn pii bio.
Wodwene sɛ yei bɛkɔ so saa ara akɔsi dabɛn? Ɛbɛkɔ so saa ara akɔsi da a onipa bɛwuo. Nnipa yɔ nneyɔeɛ bɔne kɔpem wɔn wuo nna. Ɛno nti na ɛsɛ sɛ yɛgye Yesu die, na yɛnya nkwagyeɛ. Sɛ yɛbɛnya nkwagyeɛ a, ɛsɛ sɛ yɛdi kan hunu yɛn ho.
Whan na ɔbɛtumi de anisɔ agye Yesu dɔ no?
Nnebɔneyɛfoɔ a wɔgye tum sɛ wɔayɛ mfomsoɔ pii no.
Momma yɛnfa no sɛ yɛwɔ nnipa baanu a yɛbɛtumi de wɔn atoto yaawa baanu a nsuo fi ahyɛ mu ma no ho. Bɔne ayɛ yaawa baanu yi nyinaa ma. ɔbaako hwɛ ne ho ka sɛ, “O meyɛ onipa debɔneyɛni.” Afei ɔgyae biribiara mu kɔhwehwɛ obi a ɔbɛtumi aboa noɔ.
Nanso ɔbaako no deɛ ɔdwene sɛ, ɔno deɛ ɔnyɛ abɔnefosɛm. Ɔntumi nhunu bɔne a ayɛ ne mu ma no, na ɔdwene sɛ ɔnyɛ debɔneyɛni. N’abrabɔ mu nyinaa ɔkɔ so ara pepa nsuo fii a ɛsosɔ no. Ɔpepa ɔfa biako, na ɔpepa deɛ ɛdi hɔ no.... na ɔyɛ ntɛm kɔ ɔfa a ɛwɔ hɔ no nso.
Yɛwɔ nnipa pii wɔ hɔ a wɔhwɛ wɔn ho yie bɔ wɔn bra, na wɔyɛ deɛ wɔbɛtumi biara sedeɛ ɛbɛyɔ na ɛbɛka bɔne ketewaa bi wɔ wɔn ho na ansane ansosɔ bio. Nanso bɔne wɔ wɔn akoma mu yi nko ara deɛ, adepa bɛn na ɛbɛyɔ ama wɔn? Sɛ wɔbɛhwɛ wɔn ho so yie no rentumi ntwe wɔn mmɛn Ɔsoro Ahenie no. ‘Sɛ wɔbɛhwɛ wɔn ho so yie’ no de wɔn bɛkɔ amanehunu kuro mu mmom.
Adɔfonom, ‘ahwɛyie’ de yɛn bekɔ amanehunu kuro. Ɛsɛ sɛ yɛfa saa adesuadeɛ yi wɔ yɛn akomam. Sɛ nnipa yɛ ahwɛyie a, ɛbɛtumi aba sɛ wɔn bɔne rensosɔ pii saa, nanso wɔda so ara yɛ nnebɔneyɛfoɔ.
Ɛdeɛn na ɛwɔ onipa dasani akomam? Bɔne? Ɔbra bɔne? Aane! Adwemmɔne? Aane! Nsisie wɔ hɔ anaa? Aane! Ahomasoɔ? Aane!
Yɛnni hwee ka, na mmom gyeɛ na yɛbɛgye atum sɛ anokwa bɔne ahyɛ yɛn ma, ɛnkanka berɛ a yɛhu yɛn ho wɔ abɔnefosɛm mu ne awudie kwan so wɔ bɛrɛ a yɛandwene ho sɛ yɛbɛyɔ saa no.
Ɛbɛtumi aba sɛ yɛn nkwadaa berɛ mu deɛ, yɛrenhunu adanseɛ a ɛte saa no, nanso sɛ yɛduru mpaninyɛ a, sɛn na ɛteɛ? Sɛ yɛkɔ ntoasoɔ sukuu ne suapɔn kɛseɛ ne deɛ ɛkeka ho no a, yɛhunu sɛ deɛ ɛwɔ yɛn mu no nyinaa yɛ bɔne nko ara. Yei nyɛ nokorɛ anaa? Nokwasɛmnie, ɛyɛ den ma yɛn sɛ yɛde yɛn bɔne su bɛhunta. Ɛte saa ara pɛpɛɛpɛ anaa? Yɛntumi nyɔ biribiara sɛ bɔne nko na yɛbɛyɔ. Afei yɛnya ahonuo ka sɛ, “ɛnsɛ sɛ meyɔ yei.” Nanso ɛyɛ den ma yɛn sɛ yɛbɛsesa yɛn suban. Adɛn nti na ɛte saa? Ɛfiri sɛ, bɔne ayɛ yɛn mu biara ma.
Ɛnyɛ ahwɛyie kɛkɛ a yɛbɛyɔ no na ɛbɛma yɛn ho afirie. Deɛ ɛhia a ɛsɛ sɛ yɛhunu ne sɛ, wɔwoo yɛn sɛ nnebɔneyɛfo a bɔne ahyɛ yɛn ma sɛdeɛ ɛbɛyɔ na wɔbɛgye yɛn nkwa. ɛyɛ nnebɔneyɛfoɔ a wɔde ahomeka gye nkwagyeɛ a Yesu asiesie no na wɔbɛtumi agye wɔn nkwa.
Wɔn a wɔdwene sɛ, “Menyɛɛ mfomsoɔ anaa bɔne beberee” no, nnye nni sɛ Yesu yii wɔn bɔne nyinaa kɔeɛ, na wɔde wɔn ahyɛ amanehunu kuro. Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa hunu sɛ, yɛn mu biara wɔ saa bɔne pii yi a ɛwɔ yɛn mu no, ɛfiri sɛ wɔde awo yɛn.
Sɛ obi dwene sɛ, “Menyɛɛ bɔne pii saa, na mmom sɛ anka wɔbɛgye me afiri me bɔne ketewa yi mu deɛ a,” ɛkyerɛ sɛ ɛfiri hɔ rekorɔ no ɔbɛde ne ho afiri bɔne mu anaa? Ɛnyɛ adeɛ a yei bɛtumi aba mu saa.
Deɛ ɔbɛtumi anya nkwagyeɛ no nim sɛ bɔne ahyɛ no ma. Ɔgye di wɔ nokorɛm sɛ Yesu yii ne bɔne kɔeɛ berɛ a wɔbɔɔ no asu wɔ asubɔntene Yordan mu no, na ɔtuaa yɛn bɔne nyinaa ka berɛ a ɔwu maa yɛn no.
Sɛ yɛanya nkwa o, anaa sɛ yɛnnyaa nkwa mpo no a, ɛyɛ adeɛa ɛda hɔ ma yɛn sɛ, yɛn nyinaa bɛtumi atena ase wɔ mfomsoɔ gyidie nnadaa mu. Bɔne ahyɛ yɛn ma. Saa ara na yɛteɛ. Sɛ yɛgye di sɛ Yesu yii yɛn bɔne nyinaa kɔeɛ a, ɛno nko mu na yɛbɛnya nkwagyeɛ.
Onyankopɔn Annye Wɔn A Wɔwɔ Bɔne Ketewaa Bi No Nkwa
Whan ne onipa a ɔdaadaa Awurade no?
Deɛ ɔsrɛ daa bɔne fakyɛ no
Onyankopɔn nnye wɔn a wɔwɔ ‘bɔne ketewa bi’ no nkwa. Ɛnyɛ adeɛ a Onyankopɔn bɛtwa n’ani mpo ahwɛ wɔn a wɔka sɛ, “Onyankopɔn, bɔne ketewa yi nko na ɛwɔ me.” Wɔn a Nyankopɔn hu wɔn mmɔbɔ no ne wɔn a wɔka sɛ, “Onyankopɔn, bɔne ahyɛ me ma, merekɔ amanehunu kuro. Mesrɛ wo, gye me nkwa.” Nnebɔneyɛfoɔ paa a wɔka sɛ, “Onyankopɔn, sɛ wogye me nkwa a, mɛnya nkwa. Mentumi mmɔ bɔne fakyɛ mpaeɛ bio, ɛfiri sɛ menim yie sɛ mɛkɔ so ayɛ bɔne saa ara. Mesrɛ wo, gye me nkwa.”
Onyankopɔn gye wɔn a wɔde wɔn ho nyinaa to ne soɔ no nkwa. Me nso mebɔɔ mmɔden sɛ mɛbɔ daa bɔne fakyɛ mpaeɛ no bi, nanso bɔne fakyɛ mpaeɛ antumi annye me amfiri me bɔne mu da. Ɛno nti mebuu nkotodwe wɔ Nyankopɔn anim kaa sɛ, “Onyankopɔn, mesrɛ wo, hu me mmɔbɔ na gye me firi me bɔne nyinaa mu.” Wɔn a wɔbɔ mpaeɛ a ɛte saa no bɛnya nkwa. Wɔba bɛnya gyidie wɔ Nyankopɔn nkwagyeɛ, ne Yesu asubɔ a Yohane Suboni de bɔɔ no no mu. Wɔbɛnya nkwa.
Onyankopɔn gye wɔn a wɔnim wɔn ho sɛ bɔne ahyɛ wɔn ma, na wɔyɛ amumuyɔfoɔ asefoɔ no nkwa. Wɔn wɔka sɛ, “Bɔne ketewa yi nko na mayɔ, mesrɛ wo fa firi me no,” da so ara yɛ nnebɔneyɛfoɔ, na ɛnyɛ adeɛ a Onyankopɔn bɛtumi agye wɔn nkwa. Onyankopɔn gye wɔn a wɔgye tum sɛ bɔne nko ara na ahyɛ wɔn ma no nkwa.
Wɔ Yesaia 59:1-2, wɔatwerɛ sɛ, “Hwɛ Awurade nsa nyɛ tia a ɛnso ɔgyeɛ, na n’aso mu nyɛ duru a ɛrente asɛm, na mmom mo amumuyɔ, ne deɛ ɛma mo ne mo Nyankopɔn ntam twe, na mo bɔne na akata n’ani afiri mo ho a enti ɔntie.”
Ɛnam sɛ wɔwoo yɛn sɛ nnebɔneyɛfoɔ a bɔne ahyɛ yɛn ma nti, Onyankopɔn ntumi nhwɛ yɛn saa kɛkɛ wɔ mmɔborɔhunu so. Ɛnyɛ sɛ ebia ne nsa yɛ tia, anaa sɛ n’aso mu ayɛ duru a ɛno nti ɔnte sɛ yɛsrɛ ne hɔ bɔne fakyɛ.
Onyankopɔn ka kyerɛ yɛn sɛ, “Mo amumuyɔ ne deɛ a ɛma mo ne mo Nyankopɔn ntam twe, na mo bɔne na akata n’ani afiri mo ho a enti ɔntie.” Ɛnam sɛ bɔne beberee wɔ yɛn akomam nti, sɛ wɔbue Ɔsoro Ahenie no hatee ma yɛn koraa mpo a, yɛntumi nhyɛne mu.
Sɛ yɛn a bɔne ahyɛ yɛn ma no srɛ bɔne fakyɛ berɛ biara yɛbɛyɔ bɔne a, ɛnneɛ na ɛsɛ sɛ Nyankopɔn kum ne ba no bio mpɛn pii. Onyakopɔn mpɛ sɛ ɔyɔ yei. Ɔse, “Mfa wo bɔne mma Me nkyɛn da biara. Mesomaa me ba no sɛ ɔmmɛgye wo afiri wo bɔne nyinaa mu. Deɛ ɛsɛ sɛ woyɔ ara ne sɛ, wobɛnya nteaseɛ wɔ kwan a ɔfaa so yii wo bɔne nyinaa kɔeɛ no, na gye tum sɛ ɛno ne nokorɛ no. Afei gye nsuo ne Honhom asɛmpa no di, na nya nkwa. Yei ne ɔdɔ kɛseɛ a mede ama mo a moyɛ m’abɔdeɛ no.”
Yei ne asɛm a ɔka kyerɛ yɛn, “Gye Me ba no di, na nya wo bɔne fakyɛ. Me, wo Nyankopɔn no, somaa Me ara Me ba sɛ ɔmpata mma wo bɔne ne w’amumuyɔ nyinaa. Gye Me ba no di, na nya nkwa”
Wɔn a wɔnnim wɔn ho sɛ abɔnefosɛm ahyɛ wɔn ma no srɛ Nyankopɔn hɔ bɔne fakyɛ wɔ bɔne ketewa biara a wɔbɛyɔ no. Wɔkɔ n’anim wɔ berɛ a wɔnnim wɔn bɔne duro a ɛyɛ, na wɔbɔ mpaeɛ sɛ, “Mesrɛ wo gye me firi bɔne ketewa yi mu, menyɔ saa bio”.
Afei wɔbɔ mmɔden biara sɛ wɔde mpaeɛ a ɛte saa no bɛdaadaa noɔ. Yɛnyɔ bɔne prɛko, na mmom yɛyɔ toaso saa ara kɔsi da yɛbɛwuo. Ɛnneɛ ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ara srɛ bɔne fakyɛ saa kɔsi yɛn nna a ɛtwa toɔ koraa wɔ yɛn asetena mu, ɛfiri sɛ yɛntumi nnyae bɔne yɛ, na yɛn honam som bɔne mmara no kɔsi da yɛbɛwuo.
Sɛ wɔde yɛn bɔne ketewa baako bɛkyɛ yɛn no ntumi nyi yɛn bɔne nkɔ, ɛfiri sɛ yɛyɔ bɔne beberee a yɛntumi nkan daa nyinaa. Ɛno nti ɔkwan nko a yɛbɛtumi ade yɛn ho afiri yɛn bɔne mu ne sɛ, yɛde yɛn bɔne nyinaa bɛgu Yesu soɔ.
Ɛdeɛn ne onipa su?
Bɔne pii
Twerɛ Kronkron no da nnipa bɔne adi biako biako kyerɛ yɛn. “Na mogya akeka mo nsam, na amumuyɔ agu mo nsateaa ho fi, mo ano akeka atorosɛm, mo tɛkyerɛma woro nkontompo. Obiara nsaman asɛntenenee so, na obiara nni asɛm, nokorɛ mu. Wɔde wɔn ho to nsɛnhuhuo so, na wɔka nsɛnhuhuo, wɔnyinsɛn ɔhaw, na wɔwo mmusuo. Wɔhwane ɔkyerebene nkosua, na wɔnwono ananse ntentan. Deɛ ɔdi wɔn kosua wu, na wɔtia bi so a, ɛpae ahuritia. Wɔn ntentan no renyɛ atadeɛ, na nnipa remfa deɛ wɔyɔ nkata wɔn ho. Wɔn nnwuma yɛ abusudwuma, na abɔdusɛmdie wɔ wɔn nsam. Wɔn nan tutu mmirika kɔyɛ bɔne, na wɔyɛ ntɛm kɔhwie mogya ɛdi bem gu, Wɔn adwene yɛ abusudwene, ɔsɛeɛ ne obubuo wɔ wɔn atempɔn mu. Asomdwoeɛ kwan deɛ wɔnnim, na atɛntenenee nni wɔn kwan mu. Wɔayɛ wɔn kwan nkontokyi, obiara ɔfa soɔ no nni asomdwoeɛ” (Yesaia 59:3-8).
Bɔne ayɛ nnipa nsam mma, na deɛ wɔyɛ wɔ wɔn bra nyinaa mu no yɛ adebɔne nko ara. Adeɛ biara a wɔbɛyɔ no yɛ adebɔne. Na yɛn ano ‘akeka atorɔsɛm’ Deɛ ɛfiri yɛn anomu ba nyinaa yɛ atorɔ.
“Sɛ ɔbonsam ka atorɔsɛm a, ɛfiri ɔno ara ne mu na ɔka” (Yohane 8:44). Wɔn a wɔnwoo wɔn foforɔ no taa ka sɛ, “ɛyɛ nokorɛ paa na mereka akyerɛ woɔ.... ɛyɛ nokorɛ turodoo na mereka.” Nanso ne nyinaa mu no, deɛ wɔbɛka biara yɛ atorɔ. Ɛte sɛ sɛdeɛ wɔatwerɛ no, “Sɛ ɔbonsam ka atorɔsɛm a, ɛfiri ɔno ara mu na ɔka”
Nnipa de wɔn ho to nsɛm a ada mpan mu di atorɔ. Nnipa nyinsɛn bɔne, na wɔwo amumuyɔ. Wɔhwane ɔkyerebene nkosua, na wɔnwono ananse ntentan. Onyankopɔn se, “Deɛ ɔdi wɔn nkosua wu, na wotia bi so a, ɛpae ahuritia.” Ɔse ɔkyerebene nkosua wɔ w’akomam. Ɔkyerebene nkosua! Bɔne wɔ w’akomam. Ɛno nti na ɛsɛ sɛ yɛnya nkwagyeɛ wɔ berɛ a yɛagye nsuo ne mogya asɛmpa no adie.
Berɛ biara a mɛfiri aseɛ sɛ mɛka Onyankopɔn ho asɛm no, yɛwɔ ebinom wɔ hɔ a wɔka sɛ, “O, ɔdɔfoɔ! Mesrɛ wo, mɛnka Onyankopɔn ho asɛm. Ɛberɛ biara a mepɛ sɛ meyɔ biribi no, bɔne hwie firi me mu gu. Ɛyiri fa so kɛkɛ. Anammɔn biara nni hɔ a sɛ metu a, bɔne nhwie mfiri me mu nguo. Ɛno nti hwɛ mpo na woanka Onyankopɔn Kronkron no ho asɛm ankyerɛ me.”
Onipa yi nim yie sɛ bɔne ahyɛ no ma, na mmom ɔnnim sɛ Nyankopɔn nam ne dɔ asɛmpa no so agye no nkwa. Wɔn a wɔnim wɔn ho sɛ bɔne ahyɛ wɔn ma no nko na wɔbɛtumi anya nkwa.
Nokwasɛmnie, saa ara na obiara teɛ. Obiara hwie bɔne gu baabiara a ɔbɛkorɔ. Bɔne yɛ ma bu fa so kɛkɛ, ɛfiri sɛ bɔne ahyɛ nnipa ma. Ɔkwan nko a yɛbɛtumi afa so anya nkwagyeɛ afiri ɔbrasuo a ɛte saa mu no nam Nyankopɔn tumi so. Yei nyɛ nnwanwa kɛkɛ anaa? Wɔn a wɔhwie bɔne guo berɛ biara a wɔn abanmu abuo, berɛ a wɔwɔ anigyeɛ, anaa sɛ wɔwɔ ahotɔ mu no, bɛtumi anya nkwa a ɛnam yɛn Awurade Yesu Kristo soɔ no. Yesu baeɛ sɛ ɔbɛgye yɛn nkwa.
Wayi wo bɔne nyinaa kɔ prɛkopɛ. Gye tum sɛ bɔne ahyɛ wo ma, na nya nkwa.