(Luka 10:25-30)“Na hwɛ, mmarakyerɛni bi sɔre gyinaa hɔ sɔɔ no hwɛe sɛ; Kyerɛkyerɛfoɔ, menyɛ dɛn na manya daa nkwa? Na ɔka kyerɛɛ no sɛ ɛdeɛn na wɔatwerɛ mmara no mu? Wokenkan no sɛn? Na ɔbuaa sɛ; Fa w’akoma nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa ne w’adwene nyinaa dɔ Awurade wo Nyankopɔn, na dɔ wo yɔnko sɛ wo ho. Na ɔsee no sɛ, woabua no yie, yɔ yei, na wobɛnya nkwa. Na ɔno deɛ ɔpɛɛ sɛ ɔbu ne ho bem ka kyerɛɛ Yesu sɛ: Na hwan ne me yɔnko? Na Yesu tuaa no ano sɛ, onipa bi firi Yerusalem siane kɔɔ Yeriko, na ɔkɔtɔɔ akwanmukafoɔ mu, na wɔpaa ne ho ntoma bobɔɔ no afɛ gyaa no hɔ kɔe a watɔ bera.”
Onipa haw kɛseɛ paa ne sɛn?
Wɔtena ase wɔ mfomsoɔ Ne nnaadaa pii mu.
Luka 10:28 “Yɔ yei na wɛbɛnya nkwa.”
Nnipa tena ase wɔ mfomsoɔ gyidie ne nnaadaa pii mu. Na ɛrekame ayɛ sɛ wɔyɛ mmerɛ wɔ saa kwan yi so. Wɔyɛ wɔn ho te sɛ nyansafoɔ, nanso ɛyɛ mmerɛ sɛ wɔbɛdaadaa wɔn wɔ berɛ a wɔnnim wɔn bɔne fam asetena. Nanso yɛbɔ yɛn bra te sɛ deɛ yɛnim biribi no. Ɛnam sɛ nnipa nnim wɔn ho nti, Twerɛ Kronkron ka no mpɛn pii sɛ yɛyɛ nnebɔneyɛfoɔ.
Nnipa ka wɔn bɔne a ɛwɔ wɔn asetena mu no ho asɛm. Ɛrekame ayɛ sɛ nnipa ntumi nyɔ papa, nanso wɔagye ato wɔn ho so sɛ wɔyɛ papa. Wɔhoahoa wɔn ho wɔ wɔn nnwuma pa mu da no adi kyerɛ, mpo wɔ berɛ a wɔpaem ka sɛ wɔyɛ nnebɔneyɛfoɔ no.
Wɔnnim sɛ wɔnni papa biara wɔ wɔn mu anaa tumi a wɔde yɔ papa, ɛno nti wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛdaadaa afoforɔ, na ɛtɔ berɛ bi mpo a, wɔdaadaa wɔn ara wɔn ho. “Mommra, yɛntumi nyɛ abɔnefoɔ nko ara saa. Adepa bi wɔ yɛn mu.”
Ɛkɔba saa a, wɔhwɛ ebinom ka kyerɛ wɔn ho sɛ, “Ah, na m’ani da kwan sɛ anka ɔnyɛ biribi a ɛte saa. Anka ɛbɛyɛ ama no sɛ ɔnyɛ saa. M’adwene yɛ ne sɛ, ɛsɛ sɛ ɔka asɛmpa no wɔ kwan a ɛte saa ne saa so. Ɔnyaa nkwagyeɛ gyaa me, ɛno nti m’adwene ne sɛ, ɛsɛ sɛ ɔyɛ n’adeɛ nyinaa sɛ obi a wanya nkwagyeɛ. Nna kakraa bi a abɛsene korɔ mu na wɔgyee me nkwa, nanso sɛ mesua adeɛ pii a, mɛyɔ deɛ ɛkyɛne deɛ oyi yɔ no.
Wɔse sekan a ɛwɔ wɔn akoma mu no ma no yɛ nam berɛ biara a biribi bɛyɛ wɔn no. “Wo deɛ twɛn. Na wobɛhunu sɛ mente sɛ wo. Ebia wobɛdwen sɛ seesei deɛ woakɔ w’anim kyɛne me, nanso wo deɛ twɛn. Wɔatwerɛ wɔ Twerɛ Kronkron mu sɛ, wɔn a wɔbaa ekyire no bɛba abɛdi kan. Menim sɛ ɛkɔ ma me. Twɛn na mɛkyerɛ wo.” Nnipa daadaa wɔn ho.
Ɛwom sɛ sɛ anka ɔwɔ onipa no gyinabea a, anka saa ara pɛpɛɛpɛ na ɔbɛyɔ, nanso ɔtɔ kɔ so ara bu no atɛn. Sɛ ɔbɛgyina asɛnka pono no anim a, ɔhoro so wɔ ahopopoɔ mu, ɛfiri sɛ n’adwene nyinaa kɔgyina sɛdeɛ n’atadeɛ teɛ so. Sɛ wobisa sɛ nnipa wɔ tumi a wɔbɛtumi de ayɔ papa a, nnipa dodoɔ no ara de wɔn ano ka sɛ wɔnni bi. Nanso wɔ wɔn akoma mu no, wɔwɔ nnaadaa mu sɛ wɔbɛtumi ayɔ saa. Ɛno nti, wɔbɔ mmɔden dendeenden sɛ wɔbɛyɔ papa kɔsi da a wɔbɛwuo.
Wɔdwene sɛ wɔwɔ ‘papayɔ’ wɔ wɔn akoma mu, na wɔbɛtumi ayɔ papa. Afei nso wɔgye di sɛ wɔyɛ ara. Ɛmfa ho ne mmerɛ tenten a wɔbɛyɛɛ anyamesomfoɔ, ɛnkanka wɔn a wɔakɔ wɔn anim wɔ Nyamesom mu no dwene sɛ, “Mɛtumi ayɔ yei ne yei ama Awurade”
Nanso sɛ yɛyi Awurade firi yɛn abrabɔ mu a, yɛbɛtumi ayɔ papa anaa? Adepa bi wɔ nnipa mu anaa? Ɛyɛ ampa sɛ yɛbɛtumi atena ase ayɔ nnwuma pa anaa? Nnipa nni tumi a wɔde yɔ papa. Berɛ biara a wɔbɛbɔ mmɔden sɛ wɔde wɔn pɛ bɛyɔ biribi no, wɔyɛ bɔne. Ebinom bɛgye Yesu di wie a, wɔpia no no si nkyɛn baabi, na wɔpɛ sɛ wɔde wɔn ara pɛ yɔ papa. Biribiara nni hɔ sɛ bɔne nko na ɛwɔ yɛn nyinaa mu. Ɛno nti, bɔne nko na yɛbɛyɔ. Wɔ yɛn afa mu deɛ (mpo wɔ wɔn a wɔanya nkwa mu no), bɔne nko na yɛbɛtumi ayɔ. Yei yɛ yɛn honam no tebea.
Ɛdeɛn na yɛyɔ mmerɛ nyinaa?
Bɔne
Wɔ yɛn ayɛyie nnwom nwoma mu “Monyi Yesu din ayɛ” no, yɛwɔ nnwom bi wɔ hɔ a yɛto no sei, “♪Sɛ yɛnni Yesu a yɛsunti. Yɛte sɛ nsuo mu hyɛn a εnni abradaa, na ɛnam εpo soɔ♪” Sɛ yɛkwati Yesu a, bɔne nko na yɛbɛyɔ ɛfiri sɛ wɔde awo yɛn. Sɛ wɔgye yɛn firi yɛn bɔne nyinaa mu wie mmom a na yɛbɛtumi ayɔ papa.
Ɔsomafoɔ Paulo kaa sɛ, “Na papa mepɛ no, menyɔ, na mmom bɔne a mempɛ no, ɛno na meyɔ” (Romanfoɔ 7:19). Sɛ obi ne Yesu na ɛwɔ hɔ a, ɛnha adwene, nanso sɛ ɔne no nni twaka biara a, ɔbɔ ne ho mmɔden biara sɛ ɔbɛyɔ papa wɔ Nyankopɔn anim. Nanso mprɛ dodoɔ a onipa no rebɔ ne ho mmɔden no, mprɛ dodoɔ no ara nso na ɔyɛ bɔne.
Na Ɔhene Dawid mpo wɔ suban a ɛte saa ara mu. Berɛ bi a ne man nyaa asomdwoeɛ ne yiedie no, annwummerɛ bi ɔkɔɔ n’aban soro sɛ ɔbɛnante kakra akeka ne ho. Ɛhɔ na ɔkɔhunuu nsɔhwɛ mfoni bi a ɛmaa no kɔtɔɔ adwene akɔnnɔ mu. Sɛn na na ɔteɛ berɛ a na ne werɛ afiri Awurade no? Na ɔyɛ ɔdebɔneyɛni ampa. Ɔsɛee awadeɛ berɛ a ɔne Bat-seba daaeɛ na okum Uria a na ɔyɛ ne kunu nso kaa ho no. Nanso wanhunu bɔne a na ɛwɔ ne mu no. Nanso wannye ne bɔne nso antum.
Ɛno mu na da koro, Odiyifoɔ Natan baa ne kyɛn bɛkaa sɛ, “Mmarima baanu tenaa kuro bi mu, ɔbaako yɛ ɔdefoɔ, na ɔbaako yɛ ohiani. Ɔdefoɔ no wɔ nnwan ne anantwie beberee paa, na ohiani no deɛ ɔnni hwee sɛ odwammereɛ ketewa baako a ɔtɔɔ no. Na ɔyɛnee no, na ɔne no ne ne mma bɔɔ mu nyinii. Ɔdi ne buprɛko bi, na ɔnom ne kuruwa ano, na ɔda ne koko mu, na ɔyɛɛ no sɛɛ ɔbabaa. Na ɔhɔhoɔ bi baa ɔdefoɔ no nkyɛn no, wampɛ sɛ ɔde ne nnwan ne n’anantwie no bi yɛ ɔkwantunni a ɔbɛsoɛɛ no hɔhoɔ, na ɔkɔfaa ohiani no dwan no siesie maa ɔbarima a ɔbaa ne kyɛn no” (2 Samuel 12:1-4).
Dawid kaa sɛ, “Ɔbarima a ɔyɛɛ yei no sɛ wuo!” N’abufuo sɔree dendeenden, ɛno nti ɔkaa sɛ, “Ɔwɔ ɔno ara ne deɛ beberee a anka ɔbetumi afa bie, nanso ɔkɔfaa ohiani no dwammereɛ de yɛɛ aduane maa ɔhɔhoɔ no. Ɛsɛ sɛ wuo ara na owuo. Ɛna Natan ka kyerɛɛ no sɛ “Wo ne ɔbarima no.” Sɛ yɛanni Yesu akyi antena ne nkyɛn a, mpo wɔn a yɛawo wɔn foforɔ no bɛtumi ayɔ adebɔne a ɛte saa no.
Saa ara na ɛteɛ ma nnipa nyinaa, mpo wɔn a wɔyɛ nokwafoɔ no. Yɛsunti mpɛn pii na yɛyɔ bɔne berɛ a yɛnni Yesu wɔ yɛn nkyɛn. Ɛno nti nnɛ nso aseda ahyɛ yɛn ma bio sɛ, Yesu agye yɛn nkwa, a ɛmfa ho sɛdeɛ bɔne a ɛwɔ yɛn mu no teɛ. “♪Mepɛ sɛ metena Yesu asɛnnua no nwunu ase♪” Yɛn akoma home wɔ Kristo nkwagyeɛ nwunu ase, nanso sɛ yɛfiri ne nwunu ase na sɛ yɛhwɛ yɛn ho a, yɛrenhome da.
Onyankopɔn Maa Yɛn Tenenee A Ɛfiri Gyidie Mu Kane Ansa Ɔde Mmara No Rema Yɛn
Deɛ ɛwɔ he na ɛdii kan baeɛ, gyidie anaa sɛ mmara no?
Gyidie
Ɔsomafoɔ Paulo kaa sɛ, ɛfiri mfitiaseɛ no na Onyankopɔn de gyidie mmara no maa yɛn. Ɔde maa Adam ne Hawa, Kain ne Habel, Seth ne Henok, Noa, Abraham, Isak ne Yakob ne ne mma du mmienu no. Mpo wɔ berɛ a na mmara no nni hɔ no, wɔnam tenenee a ɛfiri gyidie a ɛwɔ Nyankopɔn asɛm mu no bɛyɛɛ ateneneefoɔ. Wɔhyiraa wɔn, na wɔmaa wɔn home a ɛnam gyidie a ɛwɔ n’asɛm mu no.
Ɛberɛ bi baeɛ a na Yosef asefoɔ atena Misraim sɛ nkoa bɛyɛ mfirinhyia 400 ɛnam Yosef nti. Na Onyankopɔn nam Mose so de wɔn firii adi baa Kanaan asase so. Nanso mfirinhyia 400 nkoa som akyiri no, wɔn werɛ firii gyidie a ɛfiri tenenee mu no.
Ɛno nti, Onyankopɔn nam anwanwadeɛ so maa wɔtwaa ɛpo kɔkɔɔ no kɔɔ ɛserɛ so. Wɔduruu Sin ɛserɛ so hɔ no, ɔde mmara no maa wɔn wɔ Sinai bepɔ so. Ɔmaa wɔn mmara no a ɛmu na mmara nsɛm du ne mmara nkyekyɛmu ahodoɔ 613 wɔ no. Onyankopɔn kaa sɛ, “Mene Awurade wo Nyankopɔn no, Abraham Nyame, Isak Nyame, Yakob Nyame. Ma Mose mmra Sinai bepɔ so, na mede mmara no bɛma no.” Afei ɔde mmara no maa Israel.
Ɔmaa wɔn mmara no sɛdeɛ ɛbɛyɔ na “wɔbɛhunu bɔne yie” (Romanfoɔ 3:20). Mmara no bɛbɔɔ wɔn kɔkɔ sɛdeɛ ɛbɛyɔ na wɔbɛhunu deɛ ɔpɛ ne deɛ ɔmpɛ, na afei nso ada ne tenenee ne ne kronkronyɛ adi akyerɛ.
Israel man no nyinaa a na wɔayɛ wɔn nkoa wɔ Misraim bɛyɛ mfirinhyia 400 no twaa ɛpo kɔkɔɔ no. Na wɔnhyiaa Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn, ne Yakob Nyankopɔn no da. Na wɔnnim no.
Berɛ a na wɔte nkoa som mu wɔ saa mfie 400 mu no, wɔn werɛ firii Nyankopɔn tenenee. Saa berɛ no mu no, na wɔnni ɔkannifoɔ. Yakob ne Yosef na na wɔyɛ wɔn akannifoɔ, nanso na owuo abɛfa wɔn kɔ dadaada. Ɛrekame ayɛ sɛ Yosef antumi amfa gyidie no amma ne mma Manase ne Efraim.
Enti na ɛsɛ sɛ wɔhwehwɛ wɔn Nyankopɔn na wɔhyia no, ɛfiri sɛ na wɔn werɛ afiri ne tenenee. Ɛsɛ sɛ yɛde hyɛ y’adwenem sɛ, Nyankopɔn dii kan de tenenee a ɛfiri gyidie mu maa wɔn ansa na ɔde mmara no rema wɔn wɔ berɛ a na wɔn werɛ afiri gyidie no. Ɔde mmara no maa wɔn sɛdeɛ ɛbɛyɔ na wɔbɛsane aba ne nkyɛn.
Sɛdeɛ ɛbɛyɔ na ɔbɛgye Israel ayɛ wɔn ne man no, ɔka kyerɛɛ wɔ sɛ, ɛsɛ sɛ wɔtwa wɔn twetia.
Ne botaeɛ a ɛmaa no frɛɛ wɔn nyinaa ne sɛ, ɔbɛma wɔn ahunu sɛ ɔyɛ teasefoɔ wɔ berɛ a ɔhyehyɛɛ mmara no, na deɛ ɛtɔ so mmienu nso ne sɛ, wɔbɛhunu sɛ wɔyɛ nnebɔneyɛfoɔ wɔ n’anim. Na Nyankopɔn pɛ sɛ wɔba n’anim, na wɔbɛyɛ ne man wɔ berɛ a ɔnam afɔrebɔ nyehyɛeɛ a ɔde ama wɔn no so agye wɔn no. Na ɔyɛɛ wɔn ne man.
Israel man no nam afɔrebɔ nhyehyɛeɛ no so nyaa nkwagyeɛ berɛ wɔgyee Mesaia a ɔbɛba no diiɛ no. Nanso mmerɛ rekorɔ no, na afɔrebɔ nhyehyɛeɛ no nso rebɛn ɔyera.
Wɔ Luka 10:25, wɔabɔ mmarakyerɛni bi a ɔbɛsɔɔ Yesu hwɛeɛ din. Na mmarakyerɛni no yɛ Farisini. Na Farisifoɔ no yɛ atetekwaa a wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛdi Nyankopɔn asɛm no so. Deɛ ɛdi kan no, wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛbɔ ɔman no ho ban, na afei nso wɔbɛdi Nyankopɔn mmara no so. Afei na yɛwɔ Zelotfoɔ a na wɔnni aboterɛ, na mpɛn pii no wɔde atuateɛ yɔ wɔn anisoadehunu ho adwuma, a ɛne sɛ wɔbɛnya ahofadie afiri Romanfoɔ no hɔ.
Nnipa bɛn na Yesu pɛ sɛ ɔhyia wɔn?
Nnebɔneyɛfoɔ a wɔnni odwanhwɛfoɔ
Nnɛ mmerɛ yi mu mpo no, yɛwɔ nyamesomfoɔ a wɔte saa ara. Asɛm a wɔabɔ no tɔfa a wɔde ato wɔn ho so ne sɛ, ‘Mongye wɔn a wɔhom wɔn soɔ wɔ wiase no nkwa.’ Wɔgye di yie sɛ Yesu baeɛ sɛ ɔbɛgye ahiafoɔ ne wɔn a wɔhom wɔn soɔ no nkwa. Ɛno nti sɛ wɔsua nyamesɛm wɔ nyamesɛm suapɔn mu wie a, wɔde wɔn ho hyɛ amanyɔsɛm mu, na wɔbɔ wɔn ho mmɔden biara sɛ ‘wɔbɛgye wɔn a ohia ayere wɔn no’ wɔ asetena biara mu no.
Wɔyɛ wɔn a daa wɔsi so agyinaeɛ ka sɛ, “Momma yɛmmɔ yɛn bra sɛdeɛ kronkron ne mmɔborɔhunu mmara no kyerɛ yɛn... yɛnni mmara no so, n’asɛm no so.” Nanso wɔnhunu mmara no asekyerɛ pɔtee. Wɔpɛ sɛ wɔbɔ wɔ bra sɛdeɛ atwerɛdeɛ mmara no teɛ wɔ berɛ wɔnhunu Nyankopɔn adiyie a ɛwɔ mmara no mu no.
Enti yɛbɛka sɛ wɔ mfirinhyia 400 akyi ansa na Kristo rebɛba no, na Nyankopɔn asomfo ne adiyifoɔ biara nni Israel. Yei nti, wɔbɛyɛɛ nnwankuo a wɔnni hwɛfoɔ.
Na wɔnni mmara no anaa ɔkandifoɔ nokwafoɔ biara. Onyankopɔn amfa nyaatwomfoɔ nyamesom akandifoɔ no so anda ne ho adi ankyerɛ wɔn wɔ saa berɛ no mu. Ɔman no bɛyɛɛ amanaman a na wɔhyɛ Romanfoɔ ahenie kɛseɛ a na edi amanaman nyinaa soɔ ase no bi. Ɛno nti Yesu ka kyerɛɛ Isreaelfoɔ a wɔdii n’akyi kɔɔ ɛserɛ so hɔ no sɛ, ɔrennya wɔn kwan ma wɔnkɔ wɔ ɛkɔm so. Ɔnyaa ahumɔborɔ maa nwankuo a na wɔnni hwɛfoɔ no, ɛfiri sɛ na pii na na wɔrehunu amaneɛ wɔ saa berɛ no mu.
Mmarakyerɛfoɔ no ne wɔn a na wɔwɔ diberɛ akɛseɛ a ɛte saa no nyinaa yɛ wɔn a na wɔde akwanya ahodoɔ ne tumi ama wɔn; na Farisifoɔ no yɛ wɔn a wɔn asefoɔ firi Yuda som mu a wɔdi agyanom atetesɛm soɔ no. Na wɔyɛ ahantanfoɔ paa.
Mmarakyerɛni yi bisaa Yesu wɔ Luka 10:25, “Menyɛ dɛn na manya daa nkwa?” Ɛrekame ayɛ sɛ na n’adwen yɛ no sɛ, obiara nni Israel a ɔyɛ papa kyɛne ɔno. Ɛno nti mmarakyerɛni yi (obi a ɔnyaa nkwagyeɛ no) sɔɔ Yesu hwɛe kaa sɛ, “Menyɛ dɛn na manya daa nkwa?”
Mmarakyerɛni yi da yɛn ara yɛn ho adi kyerɛ. Ɔbisaa Yesu sɛ, “Menyɛ dɛn na manya daa nkwa?” Yesu buaa sɛ, “Ɛdeɛn na wɔatwerɛ mmara no mu? Wokenkan no sɛn?”
Na ɔbuaa sɛ, “Fa w’akoma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa, ne w’adwene nyinaa dɔ Awurade wo Nyankopɔn, na dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.”
Na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Woabua no yie, yɔ yei, na wobɛnya nkwa.” Yesu Ka kyerɛɛ no sɛ, “Woabua no yie, yɔ yei, na wobɛnya nkwa.”
Ɔsɔɔ Yesu hwɛe wɔ berɛ a na ɔnnim ne ho sɛ ɔyɛ ɔbɔnefoɔ, deɛ bɔne ahyɛ no ma a ɔntumi nyɔ papa no. Ɛno nti Yesu buaa no sɛ, “Ɛdeɛn na wɔatwerɛ mmara no mu? Wokenkan no sɛn?”
Wokenkan mmara no sɛn?
Yɛyɛ nnebɔneyɛfoɔ a yɛntumi nni mmara no so da.
“Wokenkan no sɛn?” Saa nsɛmfua yi na Yesu de bisaa obi a wo ne me nso ka ho bie no sɛ, yɛnim na yɛte mmara no ase anaa.
Sɛdeɛ nnipa pii no ara yɔ wɔ nnɛ mmerɛ yi mu no, na mmarakyerɛni yi nso dwene sɛ, Nyankopɔn de mmara no maa no sɛ ɔnni so. Ɛno nti ɔbuaa sɛ, “Fa w’akoma nyinaa, ne wo kra nyinaa, ne w’ahoɔden nyinaa, ne w’adwene nyinaa dɔ Awurade wo Nyankopɔn, na dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.”
Na mmara no nni mfomsoɔ biara. Ɔmaa yɛn mmara a ɛyɛ pɛ. Ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ, yɛmfa yɛn akoma nyinaa ne yɛn kra nyinaa ne yɛn ahoɔden nyinaa, ne yɛn adwene nyinaa nnɔ Awurade yɛn Nyankopɔn, na yɛnnɔ yɛn yɔnko sɛ yɛn ho. Ɛyɛ adeɛ a ɛtene sɛ yɛde yɛn akoma ne yɛn ahoɔden nyinaa bɛdɔ Onyankopɔn, nanso ɛyɛ mmara kronkron a obiara ntumi ndi soɔ.
“Wokenkan no sɛn?” Kyɛrɛ sɛ, mmara no tene na ɛyɛ, nanso wo nteaseɛ a ɛwɔ mu ne sɛn? Na mmarakyerɛni no dwene sɛ, Nyankopɔn de mmara no ama no sɛ ɔndi so. Nanso Nyankopɔn de mmara no maa yɛn sɛdeɛ ɛbɛyɔ na yɛbɛhunu yɛn mmerɛyɛ wɔ berɛ a ɛda yɛn amumuyɔ adie. “Woayɛ bɔne. Woadi awu wɔ berɛ a maka akyerɛ wo sɛ nni awu. Adɛn nti na woanni m’asɛm no so?”
Mmara no da bɔne a ɛwɔ nnipa akomam no adi. Momma yɛmfa no sɛ, berɛ a menam kwan yi so reba ha no, mehunuu duaba bi a abere wɔ afuo bi mu. Onyankopɔn nam mmara no so abɔ me kɔkɔ sɛ, “Hwɛ na woamfa duaba no bi andi. Sɛ woyɔ saa a, ɛbɛgu m’anim ase.” “Aane, Agya mate.” “Afuo no yɛ ɔpanin ɔsomasi dea, ɛno nti ɛnsɛ sɛ wofa emu biara.” “Aane, Agya mate.”
Ɛdɔn mu hɔ ara a yɛtee sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn nsa fa bie no, yɛnya atenka a ɛhyɛ yɛn sɛ yɛnfa. Sɛ yɛpia dadeɛ a emu akontono a, ɛsane ma ne mu so ba yɛn so wɔ saa nhyɛsoɔ no mu. Saa ara pɛpɛɛpɛ na nnipa bɔne teɛ.
Onyankopɔn ka kyerɛɛ yɛn sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛyɔ nnwuma bɔne da. Onyankopɔn bɛtumi aka saa, ɛfiri sɛ ɔyɛ kronkron, ɔyɛ pɛ, na ɔtumi yɔ adeɛ biara. Na yɛn deɛ ɛntumi mba sɛ yɛnkɔyɛ bɔne da, anaa sɛ papa nko na yɛbɛyɔ. Yɛnni adepa biara wɔ yɛn akomam da. Mmara no de nsɛmfua ‘Daabida’ na ɛka yei. Adɛn ntira? Ɛfiri sɛ akɔnnɔ wɔ nnipa akomam. Yɛntumi nyɔ biribiara sɛ deɛ yɛn akɔnnɔ pɛ no mmom na yɛyɔ. Yɛsɛe awareɛ ɛfiri sɛ awaresɛeɛ wɔ yɛn akomam.
Ɛsɛ sɛ yɛkenkan Twerɛ Kronkron no yie. Menso medii kan sɔ hwɛɛeɛ no, mekenkan no sɛdeɛ atwerɛdeɛ no teɛ. Mekenkan hunuu sɛ, Yesu wui wɔ asɛnnua no so maa me, ɛno nti mannyae su da. Ɔdebɔneyɛni te sɛ me na Yesu wui wɔ asɛnnua no so maa me.... Medii abooboo pii wɔ m’akomam a ɛmaa menyaa ne mu gyidie. Afei mekaa wɔ me tirim sɛ, “Sɛ mereba abɛgye Yesu adi a, ɛnneɛ mɛgye no adi sɛdeɛ ɛwɔ n’asɛm no mu pɛpɛɛpɛ.”
Sɛ na mekenkan Exodus 20 no a, ɛka sɛ, “Nnya anyame foforɔ nka me ho”. Mebɔɔ mpaeɛ wɔ adwensakyera mu sɛdeɛ mmara yi teɛ. Mehwehwɛɛ no wɔ m’adwenem sɛ ebia mɛkae sɛ manya anyame foforɔ bi aka ne ho, abɔ ne din kwa, anaa sɛ ebia m’akoto anyame foforɔ bi. Mehunuu sɛ, makoto anyame foforɔ mpɛn pii wɔ berɛ a na wɔyɛ amanneɛ ma yɛn nananom a wɔwuwu kɔeɛ no. Mayɛ bɔne anya Nyamefoforɔ aka ne ho.
Ɛno nti mebɔɔ mpaeɛ wɔ adwensakyera mu kaa sɛ, “Awurade, masom ahoni. Ɛsɛ sɛ wo bu me atɛn wɔ deɛ mayɔ yi mu. Mesrɛ wo, fa me bɔne kyɛ me na merenyɛ saa bio. Ɛno akyi no, na ɛrekame ayɛ sɛ m’ahwɛ bɔne baako adi so nim.
Afei mebɔɔ mmɔden sɛ mɛkae sɛ ebia na m’abɔ ne din kwa. Na mekaee sɛ, berɛ a mebɛgyee Nyankopɔn diiɛ no, na menom wisie. Me nnamfonom ka kyerɛɛ me sɛ, “Sɛ wonom wisie a, ɛnyɛ animguaseɛ na wode rebrɛ Onyankopɔn anaa? Okristoni bɛtumi anom wisie ama no ayɛ yie?”
Yei te sɛ deɛ mabɔ ne din kwa no. Ɛnte saa anaa? Ɛno nti mebɔɔ mpaeɛ bio, “Awurade, m’abɔ wo din kwa. Mesrɛ wo fa firi me. Mɛgyae wisie no nom.” Ɛno nti mebɔɔ mmɔden sɛ mɛgyae wisie no nom, nanso me toaa so sosɔɔ ebi ano wɔ afe mu no nyinaa. Na ɛyɛ den ma me sɛ mɛgyae wisie no nom. Nanso akyire yi no, metumi gyaee wisie no nom koraa. Menyaa atenka bio sɛ, madi bɔne baako nso nkonim.
Deɛ na ɛdi hɔ bio ne sɛ, “Kae homeda no na yɛ no kronkron.” Yei kyerɛ sɛ, ɛnsɛ sɛ meyɔ ade foforɔ biara Kwesiada; Ɛnni kwan sɛ meyɔ adwuma anaa sɛ mekɔpɛ sika... Ɛno nti megyaee ɛno nso.
Afei deɛ na ɛdi hɔ bio ne sɛ “Di w’agya ne wo na ni.” Sɛ na mewɔ akyirikyiri a, metumi di wɔn ni, nanso sɛ mewɔ wɔn nkyɛn a, na meredi m’akomam abooboo. “O, asɛm bɛn koraa ni, mayɛ bɔne wɔ Nyankopɔn anim. Awurade, mesrɛ wo fa firi me.” Mebɔɔ mpaeɛ adwensakyera mu.
Nanso mantumi anni m’agya ne me na ni bio, ɛfiri sɛ saa berɛ no na wɔn baanu awuwu. Afei ɛdeɛ bɛn bio na mɛtumi ayɔ? “Awurade, fa me manehunfoɔ yi bɔne firi me. Wo wui wɔ asɛnnua no so maa me.” Afei medaa Awurade ase pii.
Wɔ saa kwan yi so no, na m’adwene yɛ me sɛ, mabɔ mmɔden ayi me bɔne nyinaa mmaako mmaako afiri hɔ. Na yɛwɔ mmara bi te sɛ, nni awu, nsɛe awadeɛ, mma w’ani mmere adeɛ.... kɔsi da a mede hunuu sɛ, mendii biako mpo so, na mebɔɔ mpaeɛ anadwo mu no nyinaa wɔ anadwo biara. Nanso sɛdeɛ wonim no, anadwo mpaeɛ nyɛ adeɛ a ahomeka wɔ mu koraa. Momma yɛnka ho asɛm.
Sɛ na medwendwene Yesu asɛnnua wuo no ho a, metumi nya atenka a εmaa me nyaa n’amanehunu no mu mmɔborɔhunu. Na owu maa me a anka mentumi nni ne nsɛm soɔ no. Mesui anadwo mu no nyinaa berɛ a na meredwene ɔdɔ a ɔde dɔɔ me no ho, na medaa no ase sɛ wama me ahotɔ.
Na m’asɔre korɔ wɔ afe a na ɛdi kan mu no nyɛ den, nanso mfirinhyia beberee akyi no, emu yɛɛ den maa me sɛ mɛsu wɔ adwensakyera mu, ɛfiri sɛ na ɛsɛ sɛ medwene ho dendeenden sɛdeɛ ɛbɛyɔ na nisuo no bɛsane afiri m’ani so aba, ɛfiri sɛ na ɛyɛ adeɛ a meyɔ no mpɛn pii.
Sɛ na nisuo no ntumi mba a, mekɔ mmepɔ so kɔbɔ mpaeɛ bɛyɛ nnansa. Ɛno akyi no, nisuo no sane baa bio. Mefɔɔ me ho wɔ m’aniwa nisuo no mu, na mebaa asetena mu bio bɛsui wɔ asɔre no mu.
Nnipa a na wɔbɛn me no kaa sɛ, “Mpaebɔ a wo kɔbɔɔ wɔ mmepɔ so no ama woabɛyɛ ɔkronkroni paa” Nanso nisuo no to twae bio. Emu yɛɛ den maa me wɔ afe a na ɛtɔ so mmiensa no mu. Medwenee mfomsoɔ a na mayɔ atia me nnamfonom ne menuanom Akristofoɔ no ho, na ɛmaa me sui bio. Afei menyaa mfirinhyia 4 wɔ yei mu no, nisuo no sane yerae bio. Na akwaa a nisuo fa mu ba no da so ara tuatua m’ani so deɛ, nanso anyɛ adwuma bio.
Mfirinhyia 5 akyi no, mebɔɔ me ho mmɔɔden biara nanso mantumi ansu. Afei me whene mu firii aseɛ sɛ ɛrekyin nsuo. Berɛ a menyaa mfirinhyia beberee wɔ yei mu no, me ho yeraa me, Ɛno nti Nyankopɔn maa mesanee m’akyi kɔɔ Twerɛ Kronkron no mu bio.
Mmara No So Na Wɔnam Hunu Bɔne Yie
Ɛdeɛn na ɛsɛ sɛ yɛhunu fa mmara no ho?
Yɛntumi nni mmara no so da.
Wɔ Romanfoɔ 3:20, yɛkenkan sɛ, “Mmara so na wɔnam hunu bɔne yie.” Mfitiaseɛ no mefaa no sɛ, nsɛm yi yɛ asɛm a wɔde maa Ɔsomafoɔ Paulo, na mebɔɔ mmɔden yiyii emu deɛ mepɛ no diiɛ. Nanso berɛ a m’aniwa nisuo no antumi amba bio no, mantumi antoa me nyamesom mu gyidie no so bio.
Ɛno nti meyɛɛ bɔne toaa so saa ara hunuu sɛ, bɔne wɔ m’akomam, na ɛyɛ den ma me sɛ matumi adi mmara no so. Na menhu deɛ menyɛ me ho koraa bio, nanso mantumi ankwati mmara no nso, ɛfiri sɛ na me gyidie ne sɛ, wɔde ama me sɛ mendi so. Awieeɛ no, mebɛyɛɛ mmarakyerɛni te sɛ wɔn a wɔabɔ wɔn din wɔ Twerɛ Kronkron mu no. Emu yɛɛ den ma me sɛ mɛtoa me gyidie anamɔntuo no so.
Ɛnam bɔne beberee a na mewɔ nti, sɛ mekenkan mmara no a, mekae bɔne a ɛte saa no berɛ biara mantumi andi mmara nsɛm du no mu biara so wɔ m’akomam no. Bɔne a yɛyɔ wɔ yɛn akomam no nso yɛ bɔne. Na mebɛyɛɛ mmara no mu ogyidini a na mennim koraa.
Berɛ biara a mɛdi mmara no soɔ no, na mewɔ anigyeɛ mu. Nanso sɛ mentumi nni so a, na mewɔ amanehunu mu. Ahoyeraa, abufuo ne awerɛhoɔ hyɛɛ me ma. Deɛ ɛkɔbaeɛ ne sɛ, afei m’abɛn mu bui koraa. Mfitiaseɛ no sɛ menyaa obi maa no kyerɛɛ me nokorɛ no mu nimdeɛ a na ɛwɔ mmara no mu no a, anka emu anyɛ den amma me saa. “Daabi, daabi. Yɛwɔ nkyerɛaseɛ foforɔ wɔ mmara no mu, ɛkyerɛ wo sɛ bɔne ahyɛ wo ma; wopɛ sika, wopɛ mmaa ne nnoɔma a ɛyɛ aniwa fɛ. Wowɔ nnoɔma a wodɔ wɔn kyɛne Onyankopɔn. Wopɛ sɛ wodi nnoɔma a ɛwɔ wiase no akyi. Ɛnyɛ sɛ wɔde mmara no ama wo sɛ di so, na mmom sɛ wobɛhunu wo ho sɛ, woyɛ ɔdebɔneyɛni a bɔne wɔ w’akomam.”
Sɛ obi kyerɛɛ me nokorɛ yi a, anka manhunu amane mfirinhyia 10. Ɛno nti metenaa mmara no ase bɛyɛ mfirinhyia 10 ansa na m’ani reba me ho so ahunu yei.
Mmara a ɛtɔ so nnan no se, “Kae homeda no na yɛ no kronkron.” Asekyerɛ ne sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛyɔ adwuma homeda. Ɛkyerɛ sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛnante anaa sɛ yɛtena ɛhyɛn bi mu tu kwan kɔ akyirikyiri Kwesiada. Medwenee ho sɛ, ɛbɛyɛ ama me, na ɛde anidie nso bɛbrɛ me sɛ mɛnante akɔ bea a merekɔka asɛmpa no. Ɛyɛ dɛn ara a, ɛyɛ mmara korɔ yi ara ho asɛm na mɛka. Ɛyɛɛ den maa me kɔduruu mpɛpɛnsoɔ a, ɛkaa dɛ anka mereyɛ agyae biribiara mu.
Sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ Luka no, “Wokenkan no sɛn?” Mante saa nsɛm yi ase, na menyaa mu amanehunu mfirinhyia 10. Saa ara nso na mmarakyerɛni no nso ante aseɛ. Na n’adwene yɛ no sɛ, sɛ ɔdi mmara no so bɔ ne bra yie a, ɔbɛnya nhyira wɔ Nyankopɔn anim.
Nanso Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Wokenkan no sɛn?” Onipa no maa mmuaeɛ sɛdeɛ ne gyidie a ɔwɔ wɔ mmara no mu teɛ. Na ɔka kyerɛɛ onipa no sɛ, “Aane woaka no yie: woafa no sɛdeɛ wɔatwerɛ no. Bɔ mmɔden na di so. Sɛ woyɔ saa a, wobɛtena ase, nanso sɛ woantumi a, wobɛwu. Bɔne akatua ne owuo. Sɛ woanyɛ a wobɛwu.” (Nkwa ne owuo na ɛbɔ ebira, ɛnte saa anaa?)
Nanso na mmarakyerɛni no daso ara nte aseɛ. Mmarakyerɛni no te sɛ yɛn mu biara, wo ne me. Mesuaa nyanamesɛm bɛyɛ mfirinhyia 10. Mebɔɔ mmɔden yɛɛ deɛ mɛtumi biara, mekenkan adeɛ nyinaa, yɔɔ adeɛ nyinaa; mmuadadie, na menyaa nnaadaa gyidie mu anisoadehunu, mekasaa kasa hodoɔ.... Mekenkan Twerɛsɛm no bɛyɛ mfirinhyia 10, na na m’ani da kwan sɛ anka mɛtumi ayɔ biribie. Nanso wɔ honhom mu no, na medaso ara yɛ onifrani.
Ɛno nti na ɛsɛ sɛ ɔdebɔneyɛni hyia obi a ɔbɛtumi abue n’ani, na saa obi no yɛ yɛn Awurade Yesu. Ɛno na obi bɛtumi ahunu sɛ, “Ahaa yɛntumi nni mmara no so da. Ɛmfa ho ne sɛdeɛ yɛbɛbɔ mmɔden ayere yɛn ho sɛ yɛbɛdi mmara no soɔ. Yɛbɛwuwu mmom berɛ a yɛde yɛn ahoɔden nyinaa repem soɔ no. Nanso Yesu baeɛ sɛ ɔde nsuo ne Honhom no bɛgye yɛn nkwa. Halleluyah! Nsuo ne Honhom no bɛtumi agye yɛn nkwa. Ɛyɛ Nyankopɔn adom, ne Nyankopɔn akyɛdeɛ no. Ne saa nti, yɛde ayɛyie ma Awurade.
Meti yɛɛ yie sɛ metumi wiee adesua wɔ suapɔn no mu firii mmara a na anidasoɔ biara nni mu no. Nanso ebinom de nna a aka wɔ wɔn abrabɔ mu nyinaa sua nyamesɛm ɔkwa wɔ berɛ a wɔnhunu nokorɛ no kɔsi da a wɔbɛwuo. Ebinom nya saa gyidie no bɛyɛ mfirinhyia du ne akyire, anaa sɛ ɛfiri awoɔ ntoatoasoɔ so kɔ awoɔ ntoatoasoɔ so, nanso wɔntumi nwo wɔn foforɔ da.
Yɛnya adesua mu nkankorɔ firi yɛn bɔne a yɛyɔ no mu wɔ berɛ a yɛhunu sɛ, yɛntumi nni mmara no so, na afei yɛbɛgyina Yesu anim tie nsuo ne Honhom asɛmpa no. Sɛ yɛhyia Yesu a, wɔyi yɛn firi atemmuo nyinaa ne afobuo mu. Yɛyɛ nnebɔneyɛfoɔ paa, nanso yabɛyɛ ateneneefoɔ, ɛfiri sɛ ɔde nsuo ne mogya no agye yɛn nkwa.
Yesu ka kyerɛɛ yɛn sɛ, yɛntumi ntena ase wɔ ne pɛ mu da. Ɔkaa yei kyerɛɛ mmarakyerɛni no, nanso wante aseɛ. Ɛno nti Yesu kaa asɛm bi a ɛbɛma no ate aseɛ kyerɛɛ no.
Ɛdeɛɛ na ɛma nnipa hwe ase wɔ wɔn gyidie asetena mu?
Bɔne
“Onipa bi firi Yerusalem siane kɔɔ Yeriko, na ɔkɔtɔɔ akwanmukafoɔ mu, na wɔpaa ne ho ntoma bobɔɔ no afɛ gyaa no hɔ kɔe a na watɔ bera” (Luka 10:30). Yesu kaa saa abɛbuo yi kyerɛɛ mmarakyerɛni no sɛdeɛ ɛbɛyɔ na ɛbɛnyane no afiri n’amenehunu a na ɔwɔ mu no, sedeɛ akwanmukafoɔ nso bobɔɔ onipa yi a na watɔ bera no.
Onipa bi firi Yerusalem siane kɔɔ Yeriko. Yeriko gyina hɔ ma wiase a yɛwɔ mu no, na Yerusalem nso gyina hɔ ma onyamesom kuro; gyidie kuro, a wɔn a wɔhoahoa wɔn ho wɔ mmara no mu no ayɛ hɔ ma. Saa asɛm yi kyerɛ yɛn sɛ, sɛ yɛgye Yesu di wɔ onyamesom kwan so a, yɛbɛkɔ ɔsɛeɛ mu.
“Onipa bi firi Yerusalem siane kɔɔ Yeriko, na ɔkɔɔtɔɔ akwanmukafoɔ mu, na wɔpaa ne ho ntoma bobɔɔ no afɛ gyaa no hɔ kɔe a na watɔ bera.” Na Yerusaalem yɛ kuro keseɛ bi a nnipa pii ayɛ mu ma. Na yɛwɔ ɔsɔfo panin, asɔfokuo ahodoɔ, Lewifoɔ ne nyamesomfoɔ atitire pii. Na wɔn mu pii nim mmara no yie. Ɛhɔ na wɔbɔɔ mmɔden biara sɛ wɔbɛtena mmara no mu, nanso wɔantumi, na wɔsii kwan so sɛ wɔrekɔ Yeriko. Wɔkɔɔ so ara hweehwee ase wɔ wiase (Yeriko), na wɔantumi ammɔ wɔn ho ban sɛdeɛ ɛbɛyɔ na wɔnkɔhyia akwanmukafoɔ no.
Onipa yi nso hyiaa akwanmukafoɔ wɔ berɛ a na ɔnam kwan so firii Yerusalem resiane akɔ Yeriko no, na wɔpaa ne ho ntoma. ‘Sɛ wɔpaa ne ho ntoma’ no kyerɛ sɛ, ɔyeraa ne tenenee. Ɛnyɛ adeɛ a yɛbɛtumi adi mmara no so da. Ɔsomafoɔ Paulo kaa wɔ Romanfoɔ 7:19-20 sɛ, “Na papa a mepɛ no, menyɔ, na mmom bɔne a mempɛ no, ɛno na meyɔ. Na sɛ deɛ mempɛ no na meyɔ a, ɛnneɛ ɛnyɛ me na meyɔ bio, na mmom ɛyɛ bɔne a ɛte me mu no a.”
Anka mepɛ ne sɛ, mɛyɔ papa na metena ne nsɛm no mu. Nanso wɔ onipa mu, wɔ wɔn akoma mu na adwemmɔne, awaresɛeɛ, adwamanmmɔ, awudisɛm,akorɔnsɛm, aniberebereɛ, nsisie, amumuyɔ, ahohwie, ani bɔne, abususɛm, ahantan ne nkwaseasɛm nyinaa wɔ (Marko 7:21-23).
Ɛnam sɛ ɛwɔ yɛn akomam, na ɛfiri yɛn mu kɔ ba mmerɛ nyinaa nti, yɛyɔ deɛ yɛmpɛ, na deɛ yɛpɛ mmom no, yɛnyɔ. Yɛkɔ so ara yɔ bɔne a ɛte saa no wɔ yɛn akomam. Deɛ ɛsɛ sɛ ɔbonsam yɔ ara ne sɛ, ɔbɛma yɛn atenka kakraa bi a ɛbɛma yɛakɔyɛ bɔne.
Bɔne A Ɛwɔ Nnipa Nyinaa Akomam
Yɛbɛtumi adi mmara no so anaa?
Daabi
Wɔaka wɔ Marko 7, “Biiribiara nni onipa ho a ɛkɔ ne mu a ɛbɛtumi agu ne ho fi; na mmom deɛ ɛfiri onipa mu ba no, ɛno na ɛgu onipa ho fi,”
Yesu kyerɛ yɛn sɛ, adwemmɔne, adwamansɛm, akorɔnsɛm, awudisɛm, ayerefasɛm, aniberebereɛ, amumuyɔ, nsisie, ahohwie, ani bɔne, abususɛm, ahantan ne nkwaseasɛm, wɔ nnipa nyinaa akomam.
Yɛn nyinaa wɔ awudie wɔ yɛn akomam. Obiara nni hɔ a ɔndi awu. Ɛnanom team dendeenden gu wɔn mma so ka sɛ, “Daabi, ɛnyɔ saa. M’aka akyerɛ wo mpɛn pii sɛ ɛnyɔ saa. Sɛ woyɔ saa bio a, mɛku wo. Maka sɛ ɛnyɔ saa.” Yei yɛ awudie. Ɛbɛtumi aba sɛ wode w’anomu nsɛm akum wo mma wɔ nsɛm a wondwenee ho no mu.
Ɛsɛ sɛ yɛn mma tena ase wɔ nkwa mu, ɛfiri sɛ wɔdwane firi yɛn nkyɛn mmerɛ kakraa bi mu, na sɛ yɛde yɛn abufuhyeɛ kɔgu wɔn so a, yɛbɛku wɔn. Ɛtɔ da bi a, yɛhunahuna yɛn ho, “O me Nyankopɔn, adɛn nti na meyɔɔ saa?” Sɛ yɛde biribi bɔ wɔn na yɛhwɛ pira a yɛapira wɔn no a, yɛdwene sɛ anka yɛreyɛ abɔ dam sɛ yɛyɔɔ saa. Yɛyɔ yei ɛfiri sɛ awudisɛm wɔ yɛn akomam.
Ɛno nti, “Meyɔ deɛ mempɛ sɛ meyɔ” kyerɛ sɛ, yɛyɔ bɔne ɛfiri sɛ yɛyɛ nnebɔneyɛfoɔ. Ɛyɛ mmerɛ ma ɔbonsam sɛ ɔbɛsɔ yɛn ahwɛ.
Momma yɛmfa no sɛ, obi a ɔnyaa nkwagyeɛ atena apata a ɛwɔ ha yi ase bɛyɛ mfirinhyia 10 a ɔde n’ani ahwɛ ban redwendwene honhom mu te sɛ Korea sɔfo panin kɛseɛ bi a wɔfrɛ no Sungchol no. Ɛyɛ sɛ berɛ a ɔte hɔ no n’ani hwɛ ban, nanso ɛsɛ sɛ obi berɛ no aduane na ɔsiesie ne ho firi efii mu.
Nanso ɛsɛ sɛ ɔne obi nso di ahyia. Sɛ ɛyɛ ɔbarima a, ɛnneɛ ɔnni haw koraa, nanso wo deɛ yɛmfa no sɛ ɛyɛ ɔbaa fɛfɛɛfɛ bi. Sɛ ɛkɔba sɛ ɔhunu no mpofirim a, mmerɛ a ɔde atena ase wɔ hɔ no nyinaa bɛyɛ ɔkwa. Ebia ɔbɛdwene sɛ, “ɛnsɛ sɛ me sɛe awadeɛ, mewɔ no m’akomam, nanso ɛsɛ sɛ mepepa firi hɔ. Ɛsɛ sɛ meyi firi hɔ. Daabida! Firi m’adwenem kɔ!”
Nanso n’adwene a na wabɔ no abɔsoɔ no yeraa mpofirim berɛ a ɔhunuu ɔbaa no. Sɛ ɔbaa no firi ne nkyɛn kɔ a, ɔhwɛ n’akomam. Mfirinhyia 5 a ɔde ne ho asie no nyinaa adane ɔkwa ne adehunu.
Ɛyɛ ade ketewaa bi ma ɔbonsam sɛ ɔbɛfa onipa tenenee afiri ne ho. Adeɛ a ɔbonsam yɔ ara ne sɛ, ɔbɛpia no kakraa bi. Sɛ obi bɔ mmɔden biara sɛ ɔrenyɛ bɔne wɔ berɛ a ɔnyaa nkwagyeɛ a, ɔkɔ so ara hwe ase wɔ bɔne mu mmom. Ɛbɛtumi aba sɛ onipa no tua ne ntotosoɔ dudu Kwesiada biara, ɔdi mmuada 40, ɔbɔ mpaeɛ nna bɛyɛ 100... Nanso ɔbonsam sɔ no hwɛ, na ɔde asetena mu nnoɔma pa daadaa no.
“Mepɛ sɛ mema wo diberɛ kɛseɛ a ɛhia paa wɔ adwuma yi mu, nanso woyɛ Okristoni, na wontumi nyɔ adwuma Kwesiada, wobɛtumi anaa? Ɛyɛ diberɛ kɛseɛ paa a abɔdin wɔ mu. Ebia wobɛtumi ayɛ adwuma Kwesiada mprɛnsa, na woakɔ asɔre prɛko wɔ bosome biara mu. Ɛno na afei wobɛnya abɔdin kɛseɛ, na w’akatua nso ayɛ beberee. Ɛno nso wodwene ho sɛn?” Wɔ yei mu no, sɛ wo yi nnipa 100 a, emu 100 no nyinaa na wɔbɛnya wɔn.
Sɛ yei anyɛ adwuma a, ɔbonsam daadaa wɔn a mmaa tumi yi wɔn fidie ɛnam akɔnnɔ a wɔwɔ ma mmaa nti. Ɔbonsam de ɔbaa bɛgyina n’anim, na ne dɔ kɔhyɛ ɔbaa no mu mpofirim, na nnyinasoɔ a ɔwɔ nyinaa hwe ase, na ne werɛ firi Nyankopɔn ɛdɔn mu hɔ ara. Yei ne kwan a wɔfa so yi onipa tenenee firi ne ho.
Sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛdi mmara no so a, deɛ yɛbɛnya no akyire nyinaa yɛ bɔne ho ekuro, ne honhom mu ohia buruburoo. Yɛhwere yɛn tenenee nyinaa. “Firi Yerusalem siane kɔɔ Yeriko, Na ɔkɔɔtɔɔ akwanmukafoɔ mu, Na wɔpaa ne ho ntoma, bobɔɔ no afɛ gyaa no hɔ kɔe a na watɔ bera.”
Yei kyerɛ sɛ, sɛ mpo yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛtena Yerusalem atena Nyankopɔn pɛ mu a, yɛbɛsunti wɔ mmerɛ pii mu ɛnam yɛn ahoɔmmerɛ nti, na awieeɛ no yɛbɛkɔ ɔsɛeɛ mu.
Ebia wobɛkɔ so ara abɔ bɔne fakyɛ mpaeɛ wɔ Nyankopɔn anim, “Awurade, mayɛ bɔne. Mesrɛ wo fa firi me, merenyɛ saa bio. Mehyɛ wo bɔ sɛ, yei bɛyɛ deɛ ɛtwa toɔ koraa. Mesrɛ wo fa bɔne yi kyɛ me.”
Nanso ɛnkyɛ koraa. Nnipa ntumi ntena asase yi so wɔ berɛ a wɔnyɛ bɔne. Ebia wɔbɛtumi abɔ ho ban mpɛn pii deɛ, nanso ɛntumi mba sɛ wɔnkɔyɛ bɔne bio. Ɛno nti yɛntumi nyɔ hwee gye bɔne nkoaa. “Awurade, mesrɛ wo fa firi me” Sɛ yei kɔ so saa ara a, wɔbɛfiri asafo no mu ne wɔn nyamesom asetena mu akɔ akyirikyiri. Wɔmane firi Nyankopɔn nkyɛn ɛnam wɔn bɔne nti, na mmerɛ a ɛsɛ mu no, wɔkɔ amanehunu kuro.
Sɛ woretu Kwan akɔ Yeriko kyerɛ sɛ, woahwe ase wɔ wiase, na worebɛn wiase wɔ berɛ a woretwe wo ho afiri Yerusalem akɔ akyirikyiri. Wɔ mfitiaseɛ no deɛ Yerusalem da so ara bɛn yɛn, nanso berɛ a yɛdaso ara reyɛ bɔne na yɛresakyera y’adwene no, yɛhunu yɛn ho sɛ yɛgyina Yeriko kuro no aseɛ hɔ; na yɛde yɛn ho akɔhyɛ wiase mu dendeenden.
Whan na ɔbɛtumi anya nkwagyeɛ?
Wɔn a wɔgyae sɛ wɔbɛyɛ wɔn ara tenenee ho adwuma no
Whan na onipa no kɔhyiaa no wɔ berɛ a na ɔnam kwan so rekɔ Yeriko no? Ɔkɔhyiaa akwanmukafoɔ. Obi a mpo ɔnnim, na ɔdi mmara no soɔ no bɔ ne bra te sɛ ɔkraman a yɛapo no. Ɔnom nsuo, nna fa no baabiara, na ɔdwonsɔ baabiara. Adeɛ kye a, ɔkraman yi sɔre na ɔnom nsuo bio. Ɔkraman a yɛapo no bɛdi ɔno ara n’agyanan, na ɔnom ɔno ara ne dwonsɔ. Ɛno nti na obi a ɔte saa no wɔfrɛ no ɔkraman. Ɔno ara nim yie sɛ ɛnsɛ sɛ ɔnom, nanso ɔyɔ saa ara, na adeɛ kye anɔpa a, ɔsakyera n’adwene, na ɔtoa so yɔ saa ara mpɛn pii bio.
Ɛte sɛ onipa a ɔkɔhyia akwanmukafoɔ berɛ a na ɔrekɔ Yeriko no. Wɔgyaa no hɔ, wɔpiraa no, na na wabɔ bera. Ɛkyerɛ sɛ na bɔne nko na na aka wɔ n’akomam. Sei ara na onipa dasani biara teɛ.
Nnipa gye Yesu di wɔ berɛ a wɔrebɔ wɔn ho mmɔden sɛ wɔbɛdi mmara no so wɔ Yerusalem, onyamesom kuro no, nanso wɔgya wɔn hɔ, na bɔne nko na ɛka wɔn akomam. Adeɛ a wɔda no adi kyerɛ wɔ wɔn nyamesom abrabɔ mu nyinaa yɛ bɔne ho ekuro. Wɔn a bɔne wɔ wɔn akomam no, ɛwieeeɛ no wɔbɛto wɔn ato amanehunu kuro. Wɔnim yie paa, nanso wɔnnim deɛ ɛsɛ sɛ wɔyɔ. Me ne wo nso yɛntenaa onyamesom kuro a ɛte saa no mu pεn da anaa? Aane. Yɛn nso na yɛwɔ hɔ saa ara pɛpɛɛpɛ.
Mmarakyerɛni a wante Nyankopɔn mmara no ase no bɛhunu amane ne nkwa nna nyinaa, nanso awieeε no ɔbɛkɔ amanehunu kuro, watɔ bera. Ɔyɛ yɛn mu bi, wo ne me.
Yesu nkoaa na ɔbɛtumi agye yɛn nkwa. Yɛwɔ animdifoɔ pii a wɔatwa yɛn ho ahyia, na wɔhoahoa wɔn ho ɛnam nimdeɛ a wɔwɔ nti. Wɔyɛ wɔn ho te sɛ deɛ wɔdi Nyankopɔn mmara no soɔ, nanso wɔnni nokorɛ mma wɔn ho. Wɔntumi mfrɛ sofi sofi, na mmom berɛ biara no, wɔnyimnyam wɔn anim ma no yɛ te sɛ wɔn a wɔyɛ nokwafoɔ.
Wɔn mu bi ne nnebɔneyɛoɔ a wɔnam kwan so rekɔ Yeriko no, wɔn a akwanmukafoɔ bobɔɔ wɔn na wɔtɔɔ bera no. Ɛsɛ sɛ yɛhunu yɛn mmerɛyɛ wɔ Nyankopɔn anim.
Ɛsɛ sɛ yɛgye tum wɔ n’anim, “Awurade, sɛ wɔannye me nkwa a, amanehunu kuro na mɛkorɔ. Mesrɛ wo gye me nkwa. Mɛkɔ baabibiara a wopɛ no, sɛ ahum tu o, sɛ mframa bɔ o, sɛ metumi tie nokorɛ asɛmpa no nko ara deɛ a. Sɛ wogya me nko hɔ a, mɛkɔ amanehunu kuro. Mesrɛ wo gye me nkwa.”
Wɔn a wɔnim sɛ wɔn ani hwɛ amanehunu kuro kwan, na wɔgyae biribiara mu sɛ wɔbɛhwehwɛ wɔn ara tenenee berɛ a wɔkura Awurade mu no, yɛ wɔn a wɔbɛnya nkwa. Yɛntumi mfiri yɛn nnwuma mu nya nkwa da.
Ɛsɛ sɛ yɛte aseɛ sɛ, yɛte sɛ onipa a ɔkɔtɔɔ akwanmukafoɔ mu no.