• All e-books and audiobooks on The New Life Mission website are free
  • Explore multilingual sermons in global languages
  • Two new revised editions in English have been released
  • Check out our website translated into 27 languages
Search

Sermons

Asɛmpɔ 3 : Nsuo ne Honhom asɛmpa no

[3-2] Yesu Asubɔ Ne Bɔne Ho Mpata (Mateo 3:13-17)

2021.04.10 155
Yesu Asubɔ Ne Bɔne  Ho Mpata(Mateo 3:13-17)
“Ɛnna Yesu firi Galilea baa Yordan ho Yohane nkyɛn sɛ ɔmmɔ no asu. Na ɔno deɛ, ɔsii no kwan kaa sɛ: Me mmom a ɛhia me sɛ wobɔ me asu no na woreba me nkyɛn yi? Na Yesu bua see no sɛ: Seesei deɛ, ma ho kwan; na saa na ɛsɛ sɛ yɛhyɛ tenenee nyinaa ma. Ɛnna ɔmaa no kwan. Na wɔbɔɔ Yesu asu wieeɛ no, ntɛm ara na ɔfirii nsuo no mu, na hwɛ, ɔsoro bue maa no, na ɔhunuu Nyankopɔn Honhom sɛ ɛresiane sɛ aburuburo ba ne soɔ. Na hwɛ, ɛnne bi firi soro kaa sɛ: Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani.”
 

Obi Wɔ Hɔ A Ɔda So Nya Amanehunu Wɔ Bɔne Mu Anaa?

Yɛn bɔne mpokyerɛ asa anaa?
Aane
 
Awurade yɛn Nyankopɔn atwitwa bɔne mpokyerɛ a na akyekyere nnipa nyinaa no. Wɔn a wɔanya ɛmmerɛ a emu yɛ den wɔ bɔne mu no yɛ bɔne nkoa, nanso ɔnam ne nkwagyeɛ no so atwitwa ne nyinaa afiri hɔ. Wayi yɛn bɔne nyinaa kɔ. Obi wɔ hɔ a ɔda so hunu amane wɔ bɔne mu anaa?
Ɛsɛ sɛ yɛte aseɛ sɛ, yɛn bɔne akodie asa. Ɛnyɛ adeɛ a yɛbɛnya amanehunu wɔ bɔne mu bio. Yɛn bɔne mpokyerɛ saeɛ berɛ a Yesu de n’asubɔ ne ne mogya gyee yɛn nkwa no. Yɛn bɔne nyinaa to twaeɛ wɔ ɛdɔn mu hɔ ara. Onyankopɔn ba no apepa yɛn bɔne nyinaa. Onyankopɔn nam Yesu so atua ɛka no nyinaa, ɔno na wama yɛade yɛn ho daa.
Wonim mprɛ dodoɔ a nnipa hunu amane wɔ bɔne mu no anaa? Ɛhyɛɛ aseɛ firii Adam ne Hawa berɛ so. Nnipa hunu amane wɔ bɔne a yɛnya firii Adam hɔ no ho.
Nanso yɛn Nyankopɔn yɛɛ apam a wɔatwerɛ wɔ Genesis 3:15, na apam no ne sɛ, ɔbɛgye nnebɔneyɛfoɔ nyinaa. Ɔkaa sɛ nnipa nyinaa nam Yesu Kristo afɔrebɔ a ɛyɛ nsuo ne Honhom no so bɛnya nkwa. Nanso ɛberɛ no wiee duro no, Onyankopɔn somaa yɛn Agyenkwa Yesu sɛ ɔne yɛn mmεtena.
Ɔhyɛɛ bɔ nso sɛ, ɔbɛsoma Yohane Suboni na ɔno na ɔbɛdi Yesu anim kan, na Onyankopɔn dii ne bɔhyɛ so.
Marko 1:1-8 ka sɛ, “Yesu Kristo, Nyankopɔn ba, asɛmpa no mfitiaseɛ. Sɛdeɛ wɔatwerɛ Odiyifoɔ Yesaia nwoma no mu sɛ: Hwɛ, meresoma me bɔfoɔ madi w’anim, ɔno na ɔbɛsiesie wo kwan! Momma n’atempɔn ntene! Yohane ba bɛbɔɔ asu ɛserɛ so, na ɔkaa adwensakyera asubɔ a ɛde kɔ bɔne fakyɛ mu. Na Yuda asase nyinaa sofoɔ ne Yerusalem firi kɔɔ ne nkyɛn, na wɔkaa wɔn bɔne maa no bɔɔ wɔn nyinaa asu asubɔntene Yordan mu. Na Yohane yi fira yoma nwi ntoma, ɛnna nwoma abɔsoɔ bɔ n’asene, na ɔdi ntutummɛ ne wiram woɔ. Na ɔpaem kaa sɛ: Deɛ ne ho yɛ den sene me di m’akyi reba a mensɛ sɛ mekoto mesane ne mpaboa homa. Me deɛ, mede nsuo na ɛbɔ mo asu, na ɔno deɛ, ɔde Honhom Kronkron na ɛbɛbɔ mo asu.”
 
 

Yohane Suboni, Asɛmpa No Danseni Ne Ɔkandifoɔ.


Hwan ne Yohane Suboni?
Ɔsɔfo Panin a ɔtwa toɔ ne nnipa nyinaa ananmusini
 
Asubɔ wɔ Hela kasa mu yɛ ‘baptizo’ a ne nkyerɛaseɛ ne sɛ, ‘Wɔde wo ahyɛ biribi mu’, Asekyerɛ bio nso ne sɛ, ‘Wɔahohoro, wɔasie, wɔde ahyɛ mu, wɔde agu so.’ Berɛ a wɔbɔɔ Yesu asu no, Onyankopɔn tenenee nyinaa hyɛɛ ma. Wɔ Hela kasa mu no,’ Tenenee’ yɛ ‘dikaiosune’ a ne nkyerɛaseɛ ne sɛ, ‘deɛ ɛtene,’ ɛkyerɛ sɛ ‘deɛ ɛfata,’ ‘deɛ ɛyɛ,’ anaa ‘deɛ ɛdi mu’.
Wɔbɔɔ Yesu asu sɛdeɛ ɛbɛyɔ na ɔbɛba abɛyɛ Agyenkwa wɔ kwan sononko a ɛsɛ mu. Ɛno nti wɔn a wɔgye Yesu asubɔ ne n’asɛnnua die no nya nkwagyeɛ akyɛdeɛ firi Onyankopɔn hɔ.
Wɔ Apam Foforɔ mu no, Yohane Suboni yɛ Ɔsɔfo Panin a ɔtwa toɔ wɔ Apam Dadaa no mu. Momma yɛnhwɛ Mateo 11:10-11. Twerɛsɛm no ka sɛ, Yohane Suboni yɛ nnipa nyinaa ananmusini ne Ɔsɔfo Panin wɔ Apam Foforɔ berɛ so, na ɔde yɛn bɔne nyinaa guu Yesu so. Ɛkyerɛ sɛ ɔdii Ɔsɔfo Panin no asɔfodwuma a na ɛwɔ Apam Dadaa mu no.
Yesu nso dii Yohane ho adanseɛ. Ɔkaa wɔ Mateo 11:13-14, “Na adiyifoɔ no nyinaa ne mmara no hyɛɛ nkɔm bɛsii Yohane so. Na sɛ mopɛ sɛ mogye a, ɔyi ne Elia a ɔreba no.” Ɛno nti Yohane Suboni a ɔbɔɔ Yesu asu no, yɛ Ɔsɔfo Panin, Aaron aseni, ne Ɔsɔfo Panin a ɔtwa toɔ. Twerɛ Kronkron nso di adanseɛ wɔ Apam Dadaa no mu sɛ, Yohane yɛ Aaron aseni (Luka 1:5, 1 Berɛsosɛm 24:10).
Ɛnneɛ na ɛdeɛn nti na Yohane nko tenaa ɛserɛ so fira yoma nwi ntoma? Na ɛsɛ sɛ ɔbɛyɛ Ɔsɔfo Panin ntira. Ɛnam sɛ ɔyɛ nnipa nyinaa ananmusini no nti, wantumi ne nnipa antena. Ɛno nti ɔteam kyerɛɛ nnipa sɛ, “Monsakyera moadwene Nhuritia mma!” na ɔbɔɔ wɔn asu kɔɔ aba a ɛso adwensakyera sɛdeɛ ɛbɛyɔ na nnipa bɛsane aba Yesu a ɔbɛyi wɔn bɔne nyinaa akorɔ no nkyɛn. Deɛ ɛkyɛne yei nyinaa ne sɛ, Yohane Suboni de wiase bɔne nyinaa guu Yesu so maa yɛn nkwagyeɛ berɛ a ɔde ne nsa mmienu guu Yesu atifi no.

Asubɔ Ahodoɔ Mmienu
 

Adɛn nti na Yohane Suboni bɔɔ nnipa asu?
Sɛ ɔbɛdi nnipa anim kan na wɔbɛsakyera wɔn adwene afiri bɔne nyinaa mu, na wɔbɛgye Yesu asubɔ adie anya nkwa.
 
Yohane Suboni bɔɔ nnipa asu, na ɔbɔɔ Yesu nso asu. Deɛ ɛdi kan no yɛ ‘Adwensakyera asubɔ,’ a ɛfrɛ nnebɔneyɛfoɔ sɛ wɔbɛsane aba Onyankopɔn nkyɛn. Nnipa pii a wɔtie Nyankopɔn asɛm a Yohane kaeɛ no gyaa wɔn abosom hɔ dane baa Onyankopɔn nkyɛn.
Asubɔ a ɛtɔ so mmienu no yɛ Yesu asubɔ, asubɔ a ɛde wiase bɔne nyinaa guu Yesu soɔ no. Yohane Suboni bɔɔ Yesu asu de hyɛɛ tenenee nyinaa ma. Ɛne sɛ, Yohane Suboni bɔɔ Yesu asu sɛdeɛ ɛbɛyɔ na nnipa nyinaa bɛnya nkwa afiri wɔn bɔne mu (Mateo 3:15).
Adɛn nti na na ɛsɛ sɛ Yohane bɔ Yesu asu? Sɛdeɛ ɛbɛyɔ na ɔbɛyi wiase bɔne nyinaa akorɔ nti, Onyankopɔn maa Yohane kwan sɛ ɔmfa bɔne nyinaa ngu Yesu so, na wɔn a wɔbɛgye no adie no atumi anya nkwa.
Na Yohane Suboni yɛ Onyankopɔn akoa a ne dwumadie ara ne sɛ, ɔde wiase bɔne nyinaa bɛgu Yesu so wɔ n’asubɔ mu, na afei nso ɔbɛdi Yesu ho adanseɛ sɛdeɛ ɛbɛyɔ na nnipa nyinaa bɛsakyera wɔn adwene ahohoro wɔn bɔne nyinaa wɔ berɛ a wɔbɛgye nokorɛ asɛmpa no adie. Ɛno nti na na ɛsɛ sɛ Yohane tena ɛserɛ so hɔ ɔno nko ara. Wɔ Yohane Suboni berɛ so no, na Israel man no wɔ porɔeɛ mu.
Enti Onyankopɔn kaa wɔ Apam Dadaa mu wɔ Malaki 4:5-6 sɛ, “Hwɛ, meresoma Odiyifoɔ Elia mabrɛ mo, ansa na Awurade da kɛseɛ a ɛyɛ hu no aba. Na ɔbɛdane agyanom akoma aba mma so, ne mma akoma aba agyanom so, na mamma ammɛfa mmusuo ammɔ asase no.”
Wɔ Nyankopɔn ani so no, Israel man no nyinaa a na wɔasom Yehowah pɛn no yɛ Kataasesehyɛfoɔ. Obiara nni hɔ a na ɔtene wɔ n’anim. Nyamesom akandifoɔ te sɛ asɔfoɔ, Mmrakyerɛfoɔ ne Atwerɛfoɔ a na wɔte asɔredan mu hɔ no te porɔeɛ paa mu. Israelfoɔ ne n’asɔfoɔ amfa mmara kwan so ammɔ afɔdeɛ sɛdeɛ Nyankopɔn mmara no teɛ.
Asɔfoɔ no gyaa nsagusoɔ ne mmara kwan a wɔde mogya no bɛmaeɛ a na Nyankopɔn de ama wɔn sɛ wɔmfa so mpata bɔne no. Wɔatwerɛ sɛ wɔ Malaki berɛ so no, asɔfoɔ no gyaa mmara afɔdeɛ nhyehyɛeɛ no te sɛ nsagusoɔ ne aboa a wɔde bɔ afɔdeɛ no mogya no.
Enti Yohane Suboni antumi ne wɔn antena. Ɔkɔɔ ɛserɛ so na ɔteam dendeenden. Ɛdeɛn na ɔkaeɛ?
Wɔatwerɛ wɔ Marko 1:2-3, sɛdeɛ Odiyifoɔ Yesaia kaeɛ no, “Hwɛ, meresoma me bɔfoɔ m’adi w’anim, ɔno na ɔbɛsiesie wo kwan. Obi nne reteam ɛserɛ so sɛ: Monsiesie Awurade kwan! Momma n’atempɔn ntene!”
Nne a ɛreteam wɔ ɛserɛ so no team kyerε nnipa sɛ wɔbɛnya adwensakyera asubɔ. Ɛdeɛn ne ‘Adwensakyera asubɔ’ a Twerɛ Kronkron ka ho asɛm no? Ɛyɛ asubɔ a Yohane Suboni team frɛeɛ no; asubɔ a ɛfrɛ nnipa ma wɔsane ba Yesu nkyɛn sɛdeɛ ɛbɛyɔ na wɔbɛgye deɛ ɔbɛyi wɔn bɔne nyinaa akorɔ no adie anya nkwa. Adwensakyera asubɔ na ɛbɛkyerɛ wɔn kwan akɔ nkwagyeɛ mu.
“Monsakyera moadwene na wɔmmɔ mo asu. Yɛn Agyenkwa Yesu bɛba abɛbɔ asu saa kwan yi so ayi mo bɔne nyinaa akɔ.” Na Yohane Suboni nteamu nyinaa ne sɛ, Yesu bɛyi wiase bɔne nyinaa akɔ, na wɔbɛbu no atɛn wɔ asɛnnua no so agye nnipa nyinaa nkwa sɛdeɛ ɛbɛyɔ na wɔbɛsane aba Nyankopɔn nkyɛn.
“Me deɛ, mede nsuo na ɛbɔ asu, na ɔno deɛ, ɔde Honhom Kronkron na ɛbɛbɔ mo asu.” ‘Ɔno deɛ, ɔde Honhom Kronkron na ɛbɛbɔ mu asu’ kyerɛ sɛ, ɔbɛhohoro wo bɔne nyinaa. Sɛ wɔbɛbɔ wo asu kyerɛ sɛ ‘wɔbɛhohoro.’ Yesu asubɔ wɔ Yordan asubɔntene mu no ma yɛhunu sɛ, Onyankopɔn dɔba no maa wɔbɔɔ no asu, na ɔyii wiase bɔne nyinaa kɔeɛ de gyee yɛn nkwa.
Ɛno nti, ɛsɛ sɛ yɛsane yɛn akyi firi yɛn bɔne asetena mu na yɛgye no die. Ɔyɛ Nyankopɔn adwamaa a ɔyii wiase bɔne nyinaa kɔeɛ. Yei ne nkwagyeɛ asɛmpa a Yohane Suboni dii ho adanseɛ no.

Ɔsɔfo Panin No Asɛdeɛ Wɔ Bɔne Ho Mpata 

Whan na ɔsiesiee nkwagyeɛ kwan no?
Yohane Suboni

Odiyifoɔ Yesaia hyɛɛ nkɔm sɛ, “Monka abodwosɛm nkyerɛ Yerusalem, na mommɔ no kaseɛ sɛ n’akodie asa, sɛ wɔde ne mfomsoɔ akyɛ, sɛ ne bɔne nyinaa ho wanya Awurade nsam mmɔho.” (Yesaia 40:2).
Yesu Kristo yii yɛn bɔne nyinaa a wannyi bi amfiri mu; bɔne a atwam, bɔne a yɛyɛ no nnɛ, ne deɛ mpo yɛbɛyɔ ɔkyena no, ɔnam n’asubɔ no so ahohoro ne nyinaa. Wagye yɛn nyinaa nkwa. Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa nya Nyankopɔn nkwagyeɛ no ho nimdeɛ.
Sɛdeɛ ɛbɛyɔ na yɛbɛnya ɔgyeɛ afiri yɛn bɔne mu nti, ɛsɛ sɛ yɛgye asɛmpa no a ɛka sɛ, Yohane Suboni nam asubɔ kwan so de yɛn bɔne nyinaa guu Yesu soɔ no die.
Ɛnsɛ sɛ yɛma y’adwene di afra ka sɛ, “ɛnam sɛ Onyankopɔn yɛ ɔdɔ nti, sɛ yɛgye Yesu di a yɛbɛtumi ahyɛne Nyankopɔn Ahenie no mu mpo sɛ bɔne wɔ yɛn akomam a.” 
Sɛdeɛ ɛbɛyɔ na wɔbɛgye yɛn afiri yɛn bɔne nyinaa mu nti, ɛsɛ sɛ yɛgye Yesu asubɔ a Yohane Suboni nam soɔ de wiase bɔne nyinaa guu Yesu so ne n’asɛnnua no die. Ɛnam ‘nsuo no’ so na Yohane Suboni de wiase bɔne nyinaa guu Yesu so.
Deɛ Onyankopɔn dii kan yɔeɛ de gyee yɛn nkwa ne sɛ, ɔsomaa Ohene no bɔfoɔ, deɛ ɔde wiase bɔne nyinaa bɛgu Yesu so wɔ n’asubɔ mu no. Ɔdii Ɔsɔfo Panin no asɔfodwuma maa nnipa nyinaa.
Onyankopɔn ka kyerɛɛ yɛn sɛ, ɔbɛsoma ne bɔfoɔ Yohane Suboni ama yɛn. “Meresoma me bɔfoɔ madi w’anim” Madi w’anim kyerɛ sɛ Yesu anim. Adɛn nti na Onyankopɔn somaa Yohane dii Yesu anim? Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛfa asubɔ so de wiase bɔne nyinaa agu Yesu, Onyankopɔn ba no soɔ no ntira. “Ɔno na ɔbɛsiesie wo kwan.” Yei ne deɛ nsɛmfua yi kyerɛ.
Whan ne deɛ ɔsiesie kwan sɛdeɛ ɛbɛyɔ na yɛbɛnya nkwagyeɛ ahyɛne ɔsoro? Yohane Suboni. ‘W’anim’ kyerɛ Yesu, na ‘M’anim’ nso kyerɛ Onyankopɔn ankasa. Ɛno nti sɛ ɔka sɛ, “Meresoma me bɔfoɔ madi w’anim, ɔno na ɔbɛsiesie wo kwan” a, asekyerɛ ne sɛn?
Hwan ne deɛ ɛsɛ sɛ ɔsiesie yɛn kwan sɛdeɛ ɛbɛyɔ na yɛbɛtumi akɔ ɔsoro? Yohane Suboni de yɛn bɔne nyinaa guu Yesu so sɛdeɛ ɛbɛyɔ na yɛbɛnya gyidie sɛ, Yesu hohoroo ne nyinaa kɔeɛ; na ne dwumadie ne sɛ, ɔbɛbɔ Yesu asu de bɔne nyinaa agu no soɔ. Ɛyɛ Yesu ne Yohane na ɛmaa yɛnyaa gyidie wɔ nokorɛ no mu nyaa ɔgyeɛ.
Yɛn nkwagyeɛ gyina ɛdeɛbɛn so? Ɛgyina sɛ yɛbɛgye Yesu, Nyankopɔn ba no tenenee nnwuma adie, ne nokorɛ a ɛwɔ hɔ sɛ, Onyankopɔn bɔfoɔ Yohane Suboni de yɛn bɔne nyinaa guu Yesu so. Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa nya bɔne fakyɛ asɛmpa no ho nimdeɛ. Onyankopɔn somaa ne bɔfoɔ kane, deɛ ɔbɛbɔ Yesu asu no, na ɔmaa no yɛɛ nnipa nyinaa ananmusini. Ɛne sɛ ɔwiee nkwagyeɛ ho adwuma maa yɛn.
Onyankopɔn somaa n’akoa Yohane Suboni sɛ ɔmmɔ ne ba no asu sɛdeɛ ɛbɛyɔ na ɔbɛsiesie nkwagyeɛ kwan ama wɔn a wɔbɛgye Yesu adie no. Yei ne adekodeɛ nti a Yohane bɔɔ Yesu asu no. Yesu asubɔ a Yohane de bɔɔ no no yɛ hyɛ a na Onyankopɔn rehyɛ ne nkwagyeɛ a wɔnam so de wiase bɔne nyinaa guu Yesu soɔ no ma, sɛdeɛ ɛbɛyɔ na nnipa nyinaa bɛgye Yesu adie akɔ Soro.
Ɛmpo nnipa daakye bɔne nso wɔde guu Yesu so kaa ho bi wɔ n’asubɔ mu. Yesu ne Yohane na ɛyɛɛ nkabomu siesiee Ɔsoro Ahenie kwan no maa yɛn. Wɔ saa kwan yi so no, Onyankopɔn nam Yohane Suboni so ada nkwagyeɛ mu ahintasɛm no adi akyerɛ yɛn.
Yohane Suboni a ɔyɛ nnipa nyinaa ananmusini no bɔɔ Yesu asu sɛdeɛ ɛbɛyɔ na yɛbɛgye yɛn nkwagyeɛ adie akɔ ɔsoro. Ɔnam asubɔ so de bɔne nyinaa guu Yesu so. Yei ne nkwagyeɛ asɛmpa no ho anigyeɛ, asɛmpa no.
 
 
Ɛdeɛn Nti Na Wɔwoo Yohane Suboni?

Ɛnam whan so na yɛbɛtumi agye Yesu adie?
Yohane Suboni
 
Wɔ Malaki 3:1, wɔatwerɛ sɛ, “Hwɛ, meresoma me bɔfoɔ, na wasiesie ɔkwan adi m’anim.” Ɛsɛ sɛ Wokenkan Twerɛ Kronkron no yie. Ɛdeɛn nti na Onyankopɔn somaa ne bɔfoɔ dii Yesu anim? Ɛdeɛn nti na wɔwoo Yohane Suboni abosome nsia dii Yesu anim?
Ɛsɛ sɛ yɛte deɛ Twerɛ Kronkron ka no ase yie. Apam Dadaa no kyerε yɛn Ɔsɔfo Panin Aaron adwuma. Na Aaron yɛ Mose nua panin. Onyankopɔn sraa ɔno ne ne mma ngo sɛ wɔnyɛ asɔfoɔ. Lewifoɔ a aka no deɛ, wɔyɛɛ adwuma hyɛɛ wɔn ase, wɔde nkyɛnsee ahodoɔ brɛɛ wɔn, wɔde ngo fraa panoo ne deɛ ɛkeka ho no, nanso Aaron ne ne mma deɛ, wɔbɔɔ bɔne afɔdeɛ wɔ ntomadan kronkron no mu.
Wɔsraa Aaron mma no ngo sɛ, wɔbɛnya asɔfodwuma no mu kyɛfa. Nanso wɔ Mpata Da a ɛyɛ bosome nsia da ɛtɔ so du no, Ɔsɔfo Panin no nko na ɔbɔɔ mpata afɔdeɛ pata maa ɔman no bɔne a wɔyɔeɛ wɔ afe mu no nyinaa.
Wɔ Luka 1:5, wɔatwerɛ Yohane ho asɛm ne abusua a na ɔfiri mu no. Ɛsɛ sɛ yɛte saa Onyankopɔn bɔfoɔ yi ase pɛpɛɛpɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɔ na yɛbɛte Yesu ase yie. Ɛyɛ a yɛtaa dwene nnoɔma pii fa Yesu ho, nanso ɛnyɛ saa na yɛndwene ma Yohane a ɔdii n’anim kan no. Mepɛ sɛ meboa wo ma wote aseɛ.
“Yesu Kristo, Nyankopɔn ba, asɛmpa no mfitiaseɛ. Sɛdeɛ wɔatwerɛ Odiyifoɔ Yesaia nwoma mu sɛ: Hwɛ meresoma me bɔfoɔ madi w’anim, ɔno na ɔbɛsiesie wo kwan” (Marko 1:1-2). Ɔsoro asɛmpa no de Yohane ho asɛm na ɛhyɛ aseɛ berɛ nyinaa.
Sɛ yɛsua Yohane ho asɛm yie a, yɛbɛtumi ate aseɛ na yɛagye Yesu nkwagyeɛ asɛmpa no adi. Ɛte sɛ deɛ yɛasoma abɔfoɔ akɔ amanaman mu sɛdeɛ ɛbɛyɔ na yɛbɛte aseɛ, ahunu deɛ ɛkɔ so wɔ hɔ nyinaa no. Sɛ yɛnya Yohane ho nimdeɛ yie a, ɛno na yɛbɛtumi ate Nyankopɔn nkwagyeɛ no nso ase yie.
Nanso awerɛhosɛm a ɛwɔ mu ne sɛ, nnɛ mmerɛ yi mu no, Akristofoɔ pii nhunu Yohane Suboni ho mfasodeεɛ biara. Ɛnyɛ sɛ na Yohane yɛ bɔtee a na ɔnni biribiara yɔ nti na Onyankopɔn somaa no. Nsɛmpa ahodoɔ nnan a ɛwɔ Apam Foforɔ mu no nyinaa dii kan kaa Yohane ho asɛm ansa na wɔreka Yesu nkwagyeɛ ho asɛm.
Nanso asɛmpakafoɔ a wɔwɔ hɔ nnɛ no apo Yohane Suboni prɛkopɛ, na wɔka kyerɛ nnipa sɛ Yesu mu gyidie nko bɛtumi agye wɔn nkwa. Nokwasɛm ne sɛ wɔredi nnipa anim kan sɛdeɛ wɔbɛtena ase sɛ nnebɔneyɛfoɔ wɔ abrabɔ mu wɔn nna a aka nyinaa, na awieeɛ no wɔbɛkɔ amanehunu kuro. Sɛ Akristofoɔ nyinaa gye Yesu di wɔ berɛ a wɔnte Yohane dwumadie ase a, Kristosom bɛdɛne afiri nokorɛ no ho abɛyɛ wiase nyamesom a mfasoɔ biara nni mu no bi. Sɛ wonnim nokorɛ no a, ɛbɛyɛ dɛn na woanya ɔgyeɛ afiri wo bɔne mu? Ɛntumi mma saa da.
Nkwagyeɛ asɛmpa no nyɛ adeɛ a ɛyɛ mmerɛ bi kɛkɛ, anaa sɛ adeɛ a ɛda fam koraa. Ɛno nti ebinom dwene sɛ nkwagyeɛ gyina yɛn gyidie a yɛwɔ wɔ Yesu asɛnnua no mu, ɛfiri sɛ ɔwui wɔ asɛnnua no so maa yɛn. Nanso sɛ wogye n’asɛnnua no nko di wɔ berɛ a wonnim nokorɛ no nyinaa a wɔfaa so de bɔne guu ne so no a, gyidie a ɛte saa no ntumi mma wo nya nkwagyeɛ a ewie pɛ yɛ no da, ɛmfa ho ne wo gyidie mu den a ɛyɛ.
Onyankopɔn somaa Yohane Suboni sɛdeɛ ɛbɛyɔ na wiase nyinaa bɛhunu ɛkwan a ɔfaa so wiee nkwagyeɛ ho adwuma ne ɛkwan a Yesu faa so yii wiase bɔne nyinaa kɔeɛ no. Sɛ yɛnya nimdeɛ wɔ nokorɛ no nyinaa mu nko a, na yɛbɛte aseɛ sɛ Yesu yɛ Nyankopɔn ba a ɔyii wiase bɔne nyinaa too ɔno ara ne ho soɔ.
Yohane Suboni kyerɛ yɛn nokwasɛm a ɛwɔ nkwagyeɛ mu. Ɔkyerɛ yɛn ɛkwan a ɔfaa so baeɛ bɛdii Yesu ho adanseɛ sɛ, ɔno ne Nyankopɔn ne nokorɛ hann no. Ɔkaa no pefee sɛ, ɛnyɛ ɔno ne hann no, na mmom ɔyɛ hann no danseni. Ɔdii adanseɛ nso wɔ Yohane 1 sɛ, ɔno na ɔsiesiee nkwagyeɛ asɛmpa no berɛ a ɔbɔɔ Yesu asu no.
Sɛ yɛnni adanseɛ a ɛfiri Yohane Suboni hɔ no a, ɛbɛyɛ dɛn na anka yɛbɛtumi agye Yesu adie? Yɛnhunuu Yesu pɛn, na sɛ wohwɛ ɛkwan a yɛfiri asetena mu ahodoɔ ne nyamesom ahodoɔ beberee mu no a, ɛbɛyɛ dɛn na yɛbɛtumi agye Yɛhowa adi sɛ yɛn Nyankopɔn?
Seesei a yɛwɔ nyamesom ahodoɔ pii wɔ wiase yi, ɛbɛyɛ dɛn na yɛbɛtumi ahunu Kristo? Ɛbɛyɛ dɛn na yɛbɛtumi ahunu sɛ, Yesu yɛ Nyankopɔn ba ampa, na ɔgyee yɛn nkwa berɛ a ɔyii wiase bɔne nyinaa too ɔno ara ne ho soɔ no?
Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ Apam Dadaa no mu yie na yɛhwehwɛ nkwagyeɛ ho asɛm a ɛfiri mfitiaseɛ no, na yɛhunu sɛ Yesu yɛ yɛn Agyenkwa. Ɛsɛ sɛ yɛnya nimdeɛ     a ɛtene no sɛdeɛ ɛbɛyɔ na yɛbɛnya gyidie a ɛtene nso. Sɛ yɛannya nokorɛ mu nimdeɛ a ɛtene no a, biribiara nni hɔ a yɛbɛtumi ayɔ. Sɛdeɛ ɛbɛyɔ na yɛbɛgye Yesu adi anya nkwa nti, ɛsɛ sɛ yɛnya nkwagyeɛ asɛmpa no ho nimdeɛ a Yohane Suboni dii ho adanseɛ no, ne dwumadie a ɔdii wɔ mu no. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛnya Kristo mu gyidie a ewie pɛ yɛ no a, ɛsɛ sɛ yɛhunu nokorɛ a ɛfa nkwagyeɛ ho no.
Ɛno nti, sɛdeɛ Yesu kaa sɛ, “Na mobɛhunu nokorɛ no, na nokorɛ no ayɛ mo adehyeɛ” no, ɛsɛ sɛ yɛhunu nokorɛ nkwagyeɛ a ɛwɔ Yesu mu no.
 
 
Deɛ Ɛdi Nokorɛ No Ho Adanseɛ Wɔ Twerɛ Kronkron Mu No 

Ɛdeɛbɛn so na asɛmpa nnan no hyɛ aseɛ firie?
Ɛfiri Yohane Suboni berɛ so
 
Momma yɛnkɔ yɛn anim na yɛmmuebue deɛ ɛdi nkwagyeɛ ho adanseɛ wɔ Twerɛ Kronkron mu. Momma yɛnda deɛ nsɛmpa nnan no ka fa Yohane Suboni ho no adi, ne deɛ ɛfa sɛdeɛɔteɛ ho, deɛ nti a na wɔfrɛ no ‘Nnipa nyinaa ananmusini no’ anaa sɛ ‘Ɔsɔfo Panin a ɔtwa toɔ no,’ ne ɛkwan a wɔnam ne so de bɔne nyinaa guu Yesu so no, na yɛnhwɛ sɛ, sɛ ɛyɛ ampa sɛ Yesu yii bɔne nyinaa too ɔno ara no ho so anaa sɛ ɛnte saa.
Ɛsɛ sɛ yɛma y’adwene nyinaa kɔ nokorɛ no mu yie sɛ, nsɛmpa nnan no nyinaa de Yohane Suboni ho asɛm na ɛhyɛ asɛmpa no ase. Yohane 1:6 ka deɛ ɛhia paa wɔ asɛmpa no mu. Ɛkyerɛ yɛn onipa a ɔdii dwumadie a ɛde wiase bɔne nyinaa guu Yesu soɔ no. “Onipa bi wɔ hɔ Onyankopɔn somaa no a ne din de Yohane. Ɔno na ɔbaa adansedie sɛ ɔrebɛdi hann no ho adanseɛ, na nnipa nyinaa nam ne so agye adi” (Yohane 1:6-7).
Ɛka sɛ, ‘Na nnipa nyinaa nam ne so agye adi,’ afei nso ɔno ne deɛ ‘ɔrebɛdi hann no ho adanseɛ.’ Hann no yɛ Yesu Kristo. Ɛkyerɛ sɛ Yohane dwumadie ne sɛ, ɔbɛdi Yesu ho adanseɛ sɛdeɛ ɛbɛyɔ na nnipa nyinaa nam ne so bɛgye adie. Afei momma yɛnhwɛ Mateo eti 3.
Wɔ Mateo 3:13-17, “Ɛnna Yesu firi Galilea baa Yordan ho Yohane nkyɛn sɛ ɔmmɔ no asu. Na ɔno deɛ, ɔsii no kwan kaa sɛ: Me mmom a ɛhia me sɛ wobɔ me asu no na woreba me nkyɛn yi? Na Yesu bua see no sɛ: Seesei deɛ, ma ho kwan; na saa na ɛsɛ sɛ yɛhyɛ tenenee nyinaa ma. Ɛnna ɔmaa no kwan. Na wɔbɔɔ Yesu asu wieeɛ no, ntɛm ara na ɔfirii nsuo no mu, na hwɛ, ɔsoro bue maa no, na ɔhunuu Nyankopɔn Honhom sɛ ɛresiane sɛ aburuburo ba ne soɔ. Na hwɛ ɛnne bi firi soro kaa sɛ: Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani.”

Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛnya nteaseɛ wɔ Abusuakuo a Yohan firi mu no ase?
Ɛfiri sɛ Twerɛ Kronkron no kyerɛ yɛn sɛ, Yohane yɛ nnipa nyinaa anamusini.
 
Yohane bɔɔ Yesu asu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛwie bɔne a ɛwɔ wiase nyinaa no fakyɛ ho adwuma. Asubɔ a Yesu nya firii Yohane nkyɛn no ne deɛ ɛhia paa ma yɛn nkwagyeɛ. Nanso sɛdeɛ ɛbɛyɔ na yɛbɛhunu nokorɛ no mu nyinaa nti, ɛsɛ sɛ yɛdi kan sua Yohane ho asɛm yie.
Wɔ Luka 1:1-14 no, “Ɛsiane sɛ nnipa pii afa ato wɔn ho so sɛ wɔbɛkyerɛ nsɛm a aba wɔ yɛn mu no atoatoa so, sɛdeɛ wɔn a wɔfiri mfitiaseɛ no hunuiɛ na wɔsom asɛm no ho de maa yɛn no nti, Teofilo pa, ɛyɛɛ me sɛ ɛyɛ sɛ me nso, mehwehwɛ ne nyinaa mu pɛpɛɛpɛ firi mfitiaseɛ no, metwerɛ no mmiako mmiako mebrɛ woɔ, na woahunu sɛ nsɛm a wɔakyerɛkyerɛ woɔ no yɛ nokorɛ. Yuda hene Herode berɛ so no, ɔsɔfoɔ bi tenaa ase a wɔfrɛ no Sakaria a ɔfiri Abia asɔfokuo mu, na ne yere yɛ Aaron mma mmaa no bi a wɔfrɛ no Elisabet. Na wɔn baanu nyinaa tene Nyankopɔn anim di Awurade ahyɛdeɛ ne teneneedeɛ nyinaa so a ɛho nni asɛm. Na wɔnni ba, ɛfiri sɛ Elisabet yɛ obonini, na wɔn baanu nyinaa anyinyini! Na ɛbaa sɛ ɛduruu n’asɔfokuo so na ɔreyɛ n’asɔfodwuma Nyankopɔn anim no, sɛdeɛ asɔfodwuma no teɛ no, ɛduruu ne so sɛ ɔkɔ Awurade asɔredan mu kɔhye aduhwam. Na ɔrehye ohwam no, na nnipakuo no nyinaa gyina ɛdihɔ rebɔ mpaeɛ. Na Awurade bɔfoɔ bi bɛyi ne ho kyerɛɛ no, na ɔbɛgyinaa ohwam afɔrebukyia no nifa. Na Sakaria hunuu no no, n’akoma tui, na ehu kaa no. Na ɔbɔfoɔ no see no sɛ: Sakaria, nsuro, na wɔate w’adesrɛ, na wo yere Elisabet bɛwo ɔbabarima ama wo, na woato ne din Yohane. Na ɛbɛyɛ wo anigye ne ahosan, na n’awoɔ nti nnipa beberee ani bɛgye.”
Wɔ yei mu no, Luka a ɔyɛ Yesu suani no kyerɛ yɛn nnoɔma beberee a ɛfa Yohane abusua ho. Luka, Yesu suani kyerɛkyerɛ Yohane abusua mu firi mfitiaseɛ. Luka kaa asɛmpa no kyerɛɛ onipa bi a na wɔfrɛ no Teofilo a na ɔfiri ɔman a wɔn amammerɛ ne wɔn deɛ ɛnyɛ baako, a na ɔnnim biribiara fa Awurade ho.
Ɛno nti sɛdeɛ ɛbɛyɔ na ɔbɛkyerkyerɛ no Yesu a ɔyɛ nnebɔneyɛfoɔ nyinaa Agyenkwa no mu yie no, ɔdwene hunuu sɛ, ɛsɛ sɛ ɔkyerɛkyerɛ Yohane Suboni asefoɔ mu yie. Sɛdeɛ yɛn nso yɛyɛ amanaman a yɛfiri amammerɛ ahodoɔ pii mu yi, yɛntumi nte Yesu nkwagyeɛ ase yie gye sɛ wɔkyerɛkyerɛ mu kyerɛ yɛn kakrankakra. Momma yɛnhwɛ deɛ ɛwɔ mu nyinaa no.
Wɔ Luka 1:5-9, ɔkaa sɛ, “Yuda hene Herode berɛ so no, ɔsɔfoɔ bi tenaa ase a wɔfrɛ no Sakaria a ɔfiri Abia asɔfokuo mu, na ne yere yɛ Aaron mma mmaa no mu bi a wɔfrɛ no Elizabeth. Na wɔn baanu nyinaa tene Nyankopɔn anim di Awurade ahyɛdeɛ so ne teneneedeɛ so a ɛho nni asɛm. Na wɔnni ba, ɛfiri sɛ Elisabet yɛ obonini, na wɔn baanu nyinaa anyinyini! Na ɛbaa sɛ ɛduruu n’asɔfokuo so na ɔreyɛ n’asɔfodwuma Nyankopɔn anim no, sɛdeɛ asɔfodwuma no teɛ no, ɛduruu ne so sɛ ɔkɔ Awurade asɔredan mu kɔhye ohwam.”
Ɛha no, biribi siiɛ berɛ a Sakaria resom Onyankopɔn sɛdeɛ n’asɔfodwuma teɛ no. Luka dii adanseɛ sɛ, Sakaria yɛ Aaron aseni. Ɛnneɛ na asɔfokuo bɛn mu na Sakaria firie? Yei ho hia paa yie.
Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ, “Na ɛbaa sɛ ɛduruu n’asɔfokuo so na ɔreyɛ n’asɔfodwuma Nyankopɔn anim no.” Yɛtumi hunu sɛ na Luka nim Sakaria yie, ɛno nti ɔkyerɛkyerɛ nkwagyeɛ asɛmpa no mu wɔ berɛ a ɔbɔ Sakaria ne Elisabet din.
Wɔwoo Yohane Suboni maa Sakaria ne ne yere Elisabet a na ɔyɛ Aaron mma mmaa no mu bi. Afei momma yɛnhwɛ Sakaria a ɔyɛ Yohane Suboni agya no abusuakuo mu.
 

Yohane Suboni Abusuakuo

Whan aseni ne Yohane Suboni?
Aaron,Ɔsɔfo Panin no
 
Sɛ yɛbɛte Yohane abusuakuo ase yie a, ɛsɛ sɛ yɛkenkan Apam Dadaa no, Berɛsosɛm 24:1-19.
“Na Aaron mma no deɛ, wɔn mu nkyekyɛmu nie: Aaron mma ne Nadab ne Abihu, Eleasar ne Itamar. Na Nadab ne Abihu dii wɔn agya anim wuwui a wɔnni mma. Na Eleasar ne Itamar bɛdi asɔfoɔ. Na Dawid buu wɔn mu: Sadok a ɔfiri Eleasar mma mu ne Ahimelek a ɔfiri Itamar mma mu, sɛdeɛ wɔn adwumayɔ dibea teɛ wɔ wɔn som no mu. Na wɔhunuu Eleasar mma mu mmarima no mu atitire beberee sene Itamar mma mu, na wɔbuu wɔn mu. Eleasar mma nyaa mpanimfie atitire dunsia, na Itamar mma, wɔn mpanimfie so, nwɔtwe. Na wɔbuu wɔn mu ntonto so, yeinom ne yeinom, na kronkronbea mmapɔmma ne Nyankopɔn mmapɔmma no firi Eleasar mma ne Itamar mma mu. Na Netanel ba ɔtwerɛfoɔ Semaia a ɔfiri Lewifoɔ mu no twerɛ wɔn, ɔhene ne mmapɔmma ne ɔsɔfoɔ Sadok ne Abiatar ba Ahimelek no ne Lewifoɔ agyanom mu atitire no anim, wɔtwee agya fie biako ma Eleasar ansa na wɔretwe biako nso ama Itamar. Na ntonto a ɛfiri kane no yɛ Yehiarib deɛ, deɛ ɛtia mmienu yɛɛ Yedaia deɛ, Harim deɛ tɔɔ so mmiensa, Seorim deɛ, nnan, Malkia deɛ, nnum, Miyomin deɛ, nsia. Hakos deɛ, nson, Abia deɛ, nwɔtwe, Yesua deɛ, nkron, Sekania deɛ, edu, Eliasib deɛ, dubiako, Yakim deɛ, dummienu, Hupa deɛ, du mmiɛnsa, Yesebeab deɛ, dunan, Bilga deɛ, dunum, Imer deɛ, dunsia, Hesir deɛ, dunson, Hapises deɛ, dunwɔtwe, Petahia deɛ, dunkron, Yeheskel deɛ, aduonu, Yakin deɛ, aduonu biako, Gamul deɛ, aduonu mmienu, Delia deɛ, aduonu mmiensa, Mesaia deɛ, aduonu nnan. Yei ne wɔn adwumayɔ dibea, sɛdeɛ wɔn som no teɛ, sɛ wɔhyɛne Awurade fie sɛ wɔn atorɔmuadeɛ a ɛnam wɔn agya Aaron so baeɛ no, sɛdeɛ Awurade Israel Nyankopɔn hyɛɛ no no.”
Momma yɛnkenkan nkyekyɛmu 10 no bio. “Hakos deɛ, nson, Abia deɛ, nwɔtwe” Wɔ Dawid mmerɛ so no, na asɔfoɔ beberee na na ɛwɔ hɔ, ɛno nti na ɛho bɛhia sɛ wɔbɛhyehyɛ ɛkwan a wɔbɛfa so ayɛ ɔsom dwumadie no. Ɛkyerɛ sɛ Dawid too wɔn so ntonto sɛdeɛ ɛbɛyɔ na wɔbɛbɔ afɔdeɛ no wɔ ne kwan so. (Sɛdeɛ mo nyinaa nim no, na Aaron yɛ Mose nuabarima panin, Onyankopɔn maa Mose yɛɛ n’ananmusini, na ɔmaa Aaron yɛɛ Ɔsɔfo Panin wɔ Ntomadan Kronkron no mu maa Israel).
Wɔde Lewifoɔ a aka no nyinaa hyɛɛ asɔfoɔ no ase, na Aaron ne asɔfoɔ ne ne mma no na wɔfaa afɔrebɔ ho dwumadie wɔ Nyankopɔn anim. Ansa na Dawid rebɛbu wɔn mu abupɛn no, na asɔfoɔ a na wɔyɛ Aaron asefoɔ no na na ɛsɛ sɛ wɔtwe ntonto berɛ biara, ne yei de sakasaka baeɛ.
Enti Dawid hyehyɛɛ kwan a wɔbɛfa soɔ, na ɔkyekyɛɛ wɔn mu abupɛn sɛdeɛ ekuo biara teɛ. Abupɛn 24 na na ɛwɔ hɔ, na ne nyinaa hyɛɛ aseɛ firii Aaron mma so, na deɛ ɛtɔ so nwɔtwe no yɛ Abia deɛ. Wɔaka sɛ, “Ɔsɔfoɔ bi tenaa ase a wɔfrɛ no Sakaria aɔfirii Abia asɔfokuo mu.” Yei kyerɛ sɛ na Sakaria yɛ ɔsɔfoɔ a ɔfiri Abia asɔfokuo mu, na na wɔn baanu nyinaa yɛ Aaron Ɔsɔfo Panin no asefoɔ.
Ɛyɛ Sakaria, Ɔsɔfoɔ a ɔfiri Abia abusuakuo mu no, ɔno na ɔyɛ Yohane Suboni agya. Yɛnim wɔ Twerɛ Kronkron no mu sɛ, na wɔtumi ware firi wɔn abusuakuo mu.
Ɛno nti Yakob waree ne wɔfa babaa a na ɔfiri ne na abusua mu. Saa abusuakuo yi mu nkyerɛkyerɛmu ne adeɛ a ɛhia paa yie. Twerɛ no ka sɛ, “Ɔsɔfoɔ bi tenaa ase a wɔfrɛ no Sakaria a ɔfiri Abia asɔfokuo mu”.
Enti na akyingyeɛ biara nni ho sɛ ɔfiri Aaron abusua mu ankasa. Whan a? Sakaria a ɔyɛ Yohane Suboni agya no. Yei ne ɔfa a ɛhia paa wɔ Yesu nkwagyeɛ mu nkyerɛkyerɛ, ne Yohane Suboni dwumadie, ne wiase bɔne nyinaa a wɔde guu Yesu soɔ no.
 

Aaron Mmabanin Nko Na Wɔnni Asɔfo Dwuma

Whan na na ɔbɛtumi ayɛ Ɔsɔfo Panin adwuma wɔ Apam Dadaa berɛ no mu?
Aaron ne n’asefoɔ a wɔayi wɔn no

Ɛnneɛ na ɛhe na yɛbɛhunu wɔ Twerɛ Kronkron no mu a ɛkyerɛ pɔtee sɛ Aaron mma nko na ɛsɛ sɛ wɔdi sɔfoɔ? Momma yɛnhwehwɛ.
Wɔ Numeri 20:22-29, “Na Israelfoɔ asafo mu no nyinaa tu firii Kades, na wɔbaa Hor bepɔ ho. Na Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron Hor bepɔ ho, Edom asase hyeɛɛ so, sɛ: Wɔreboaboa Aaron ano akɔka ne nkurofoɔ ho, na ɔrenkɔ asase a mede merema Israelfoɔ no so, ɛfiri sɛ moyɛɛ asoɔden maa m’anomu asɛm Meriba asuo ho. Fa Aaron ne ne ba Eleasar, na wo ne wɔn mforo Hor bepɔ, na yi Aaron ntadeɛ no fa hyɛ ne ba Eleasar, na wɔmmoaboa Aaron ano nka ne nkorɔfoɔ ho, na ɔnwu wɔ hɔ. Na Mose yɔɔ sɛdeɛ Awurade hyɛɛ no no, na wɔforoo Hor bepɔ, asafo no nyinaa anim. Na Mose yiyii Aaron ntadeɛ no de hyɛɛ ne ba Eleazar, na Aaron wuu hɔ wɔ bepɔ no atifi. Na Mose ne Eleasar firii bepɔ no so sianee. Na asafo no nyinaa hunuu sɛ Aaron awu, na Israel fie nyinaa suu Aaron adaduasa.”
Wɔ Exodus nwoma mu no, wɔatwerɛ sɛ Ɔsɔfo Panin Aaron mmabani na wɔnni asɔfoɔ dwumadie no, na wɔn mmabanin a wɔayi wɔn no na wɔfaa asɔfodwuma no, sɛdeɛ wɔn agya yɔeɛ wɔ berɛ a na wanya mfeɛ 30 no.
Wɔ Exodus 28:1-5, “Afei wo nua Aaron ne ne mmabanin mfiri Israelfoɔ mu mmra wo nkyɛn, na wɔnni me asɔfoɔ: Aaron, Nadab ne Abihu, Eleasar ne Itamar, Aaron mma no. Na pam kronkronyɛ ntadeɛ ma wo nua Aaron, animuonyam ne fɛ so. Na ka kyerɛ wɔn a wɔwɔ nyansa akoma a mede nyansa honhom mahyɛ wɔn mu amaama no nyinaa na wɔmpam Aaron ntadeɛ no, na wɔmfa nyɛ no kronkron na ɔnni me sɔfoɔ. Na ntadeɛ a wɔmpam nie: adaaboɔ ne asɔfotadeɛ ne batakari ne atadeɛ yuu a wɔanwono ano no damedame ne abotire ne abɔsoɔ; na wɔmpam kronkronyɛ ntadeɛ mma wo nua Aaron ne ne mmabanin, na wɔnhyɛ nni me sɔfoɔ. Na wɔmfa sika ne bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa nyɔ.”
Onyankopɔn daa no adi pefee de dwumadie hyɛɛ Aaron a ɔyɛ Mose nua panin no nsa sɛ ɔnni asɔfodwuma. Ɛnyɛ obiara na wɔbuee asɔfodwuma pono no maa noɔ. Onyankopɔn hyɛɛ Mose sɛ, ɔndwira Aaron sɛ Ɔsɔfo Panin, na ɔmpam atadeɛ a ɛyɛ mma no sɛdeɛ ɔkyerɛɛ noɔ no. Ɛnni kwan sɛ yɛn wirɛ firi Onyankopɔn asɛm no koraa.
Afei nso wɔ Exodus 29:1-9, “Na yei na yɔ fa dwira wɔn, na wɔnni me asɔfoɔ: Fa nantwiburuwa biako ne adwennini mmienu a wɔnni dɛm, ne apiti panoo ne taterɛ a wɔagu mu ngo, ne apiti ɔfam a wɔasra no ngo: ayuosiam na fa yɔ. Na fa gu birefie biako mu, na ɛngu birefie no mu na fa bra, ɛne nantwini ne adwennini mmienu no. Na fa Aaron ne ne mma no bra nhyiaeɛ ntomadan no ano, na fa nsuo dware wɔn. Na fa ntadeɛ no hyɛ Aaron, atadeɛ yuu ne asɔfotadeɛ ase batakari ne asɔfotadeɛ ne adaaboɔ no, na fa asɔfotadeɛ no nkyekyeremu no bɔ ne mu, na fa abotitene no bɔ, na fa kronkronyɛ ahyehyɛdeɛ no fam abotitene no anim, na fa sra ngo hwie gu n’atifi fa sra no. Na fa ne mma no nso bra, na hyehyɛ wɔn ntadeɛ yuu. Na fa abɔsoɔ bobɔ Aaron ne ne mma no mu, na bobɔ wɔn abɔtire; na asɔfodwuma nyɛ wɔn deɛ sɛ daa atorɔmuadeɛ: sɛɛ na hyɛ Aaron ne ne mma asɔfoɔ.”
Na fa abɔsoɔ bobɔ wɔn mu, Aaron ne ne mma, na fa abotire hyɛ wɔn.... Na asɔfodwuma no nyɛ wɔn deɛ sɛ daa atorɔmuadeεɛ. Sɛɛ na hyɛ Aaron ne ne mma asɔfoɔ.... Onyankopɔn daa no adi pefee sɛ, Aaron ne ne mma na wɔnhyɛ wɔn asɔfoɔ, na wɔnni asɔfodwuma no sɛ daa atorɔmuadeɛ. Berɛ a Onyankopɔn sii so sɛ, “Nyɛ wɔn daa atorɔmuadeɛ” no kyerɛ sɛ, na asɔfodwuma no da so ara yɛ adwuma mpo wɔ berɛ a Yesu baa wiase no.
Luka kyerɛkyerɛ mu yie sɛ Sakaria yɛ Aaron Ɔsɔfo Panin no aseni. Berɛ a na Sakaria reyɛ n’asɔfodwuma wɔ asɔrefie hɔ wɔ Nyankopɔn anim no, ɔbɔfoɔ bi yii ne ho kyerɛɛ no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, wɔate n’adesrɛ na ne yere Elesabet bɛwo ɔbabanin ama no.
Sakaria antumi annye yei anni na ɔkaa sɛ, “Me yere abɔ aberewa, ɛbɛyɛ dɛn na ɔbɛtumi awo ɔbabanin?” Ɛnam gyeɛ a wannye annie nti, Onyankopɔn maa no tɔree mum berɛ kakra de kyerɛɛ sɛ, n’asɛm yɛ nokorɛ ampa. 
Berɛ no duruiɛ no, ne yere nyinsɛnee, na ankyɛ koraa na ɔbaabunu Maria nso nyinsɛneeɛ. Nnoɔma mmienu yi a ɛsiiɛ no yɛ Nyankopɔn nnwuma a ɔsiesie maa yɛn nkwagyeɛ. Sɛdeɛ ɛbɛyɔ na Nyankopɔn bɛgye nnipa amanehunufoɔ nti, na ɛsɛ sɛ ɔsomaa n’akoa Yohane ne Yesu a ɔyɛ ne dɔba no ba wiase.
Enti, Onyankopɔn maa Yohane bɔɔ ne ba no asu sɛdeɛ ɛbɛyɔ na ɔde wiase bɔne nyinaa bɛgu ne soɔ, na ama obiara a ɔbɛgye no adie no anya nkwa.
 

Nhyehyɛeɛ Ne Banbɔ Sononko A Onyankopɔn Wɔ Ma Yɛn No
 
Whan na Nyankopɔn siesiee no dii Yesu anim maa ne nkwagyeɛ?
Yohane Suboni
 
Na Yesu yɛ nnipa nyinaa Agyenkwa, ɔno na wɔde ɔbaabunu Maria nipadua woo noɔ. Wɔde Maria maa Yosef a na ɔyɛ Yudas aseni. Na ɛsɛ sɛ wɔwo Yesu firi Yudas asefoɔ mu na ahyɛ Nyankopɔn apam no ma, sɛdeɛ na ɛsɛ sɛ wɔwo Yohane nso firi Aaron Ɔsɔfo Panin no abusua mu no.
Onyankopɔn siesiee baanu yi sɛ wɔnwo wɔn wiase yi mu wɔ nnidisoɔ kwan so, Yohane nni kan ansa na Yesu aba. Wɔwoo Yohane sɛdeɛ ɛbɛyɔ na ɔbɛbɔ Yesu asu de wiase bɔne nyinaa agu ne soɔ. Na ɛyɛ Ɔsɔfo Panin no asefoɔ no mu bi na ɔbɔ mpata afɔdeɛ de hyɛ Nyankopɔn apam a ɔyɔɔ wɔ Apam Dadaa ne Apam Foforɔ no mu ma; Na ɛsɛ sɛ wɔkura Yesu nkwagyeɛ asɛmpa no mu pɛpɛɛpɛ sɛdeɛ ɛbɛyɔ na nnipa nyinaa bɛnya ɔgyeɛ.
Wɔ Exodus mu no, Onyankopɔn de mmara ne apam maa Israel; a ɛyɛ Nyankopɔn mmara ne ntomadan no afɔrebɔ nhyehyɛeɛ, ɛfiri asɔfo ntadeɛ so, afɔdeɛ ho nnoɔma, ne asɔfodwuma no so die ntoatoasoɔ a wɔde maa asɔfoɔ no mma no. Onyankopɔn yii Aaron ne ne mma sɛ wɔnni Ɔsɔfo Panin no dwumadie sɛ daa atorɔmuadeɛ.
Enti na Aaron asefoɔ nyinaa tumi bɔ afɔdeɛ, na Aaron fie mu nko na Ɔsɔfo Panin no tumi firi ba. Woahunu deɛ nti a na yei te saa no anaa?
Wɔ Aaron asefoɔ beberee mu no, Nyankopɔn yii ɔsɔfoɔ bi a na wɔfrɛ no Sakaria ne ne yere Elisabet. Ɔkaa sɛ, “Hwɛ, Meresoma me bɔfoɔ madi w’anim.” Berɛ a Onyankopɔn ka kyerɛɛ Sakaria sɛ ɔbɛma Elisabet anyinsɛn awo ɔbabarima a wɔbɛfrɛ no Yohane no, ne ho dwirii no yie, na Nyankopɔn maa no tɔree mmum kɔsii sɛ wɔwoo ɔbabarima na wɔtoo no din.
Ampa ara wɔwoo ɔbabarima wɔ abusua no mu. Na berɛ no duruiɛ sɛ wɔrebɛto abɔfra no din sɛdeɛ Israel amammerɛ teɛ no, na ɛsɛ sɛ wɔde abɔfra no agya anaa abusuani bi din na ɛto noɔ.
“Elesabet awoɔ duruu so, na ɔwoo ɔbabarima. Na n’afipamfoɔ ne n’abusuafoɔ tee sɛdeɛ Awurade ayɛ no adɔeɛ kɛseɛ no, wɔn ani gyee. Na ɛbaa sɛ ne nnawɔtwe soɔ no, wɔbaa sɛ wɔrebɛtwa abɔfra no twetia. Na anka wɔde no reto n’agya Sakaria. Nanso ne na kaa sɛ: Dabi, wɔmfrɛ no Yohane. Na wɔsee no sɛ obiara nni w’abusua mu a wɔfrɛ no saa. Na wɔde nsɛnkyerɛnneɛ bisaa n’agya edin a ɔpɛ sɛ wɔde to no. Na ɔgyee twerɛpono ketewa bi twerɛ so sɛ: Ne din de Yohane. Na ɛyɛɛ wɔn nyinaa nwanwan. Na n’ano buee na ne tɛkyerɛma homa sanee amonom hɔ ara, na ɔkasa yii Onyankopɔn ayɛ. Na ehu kaa wɔn a wɔatwa wɔn ho ahyia no nyinaa, na wɔkekaa nsɛm yi nyinaa Yudea mmepɔ so nkuro nyinaa mu. Na wɔn a wɔteeɛ nyinaa de siee wɔn akomam kaa sɛ: Ɛdeɛn ara na abɔfra yi rebɛyɛ? Hwɛ, Awurade nsa wɔ ne so” (Luka 1:57-66).
Na Sakaria da so ara atɔre mmum berɛ a wɔwoo Yohane no. Berɛ no duruu sɛ wɔrebɛto abɔfra no din no, abusuafoɔ no susuu sɛ wɔmfa abɔfra n’agya Sakaria nto no din. Nanso abɔfra no na hyɛɛ wɔn sɛ wɔmfrɛ no Yohane. Ɛno na abusuafoɔ no see no sɛ, obiara nni abusua no mu a wɔfrɛ no saa, na mmom ɛsɛ sɛ wɔde abɔfra n’agya to no din.
Berɛ a Elisabet hyɛɛ wɔn sɛ wɔmfrɛ no saa no, abusuafoɔ no kɔɔ Sakaria nkyɛn kɔbisaa no edin a wɔde bɛfrɛ abɔfra no. Na ɛnam sɛ Sakaria ntumi nkasa nti, ɔgyee twerɛpono ketewa bi twerɛɛ so sɛ ‘Yohane.’ Na ɛyɛɛ wɔn nyinaa nwanwa sɛ ɔfaa saa din no.
Nanso wɔtoo no din wieeɛ no, Sakaria ano buee. Na ɔyii Onyankopɔn ayɛ, na Honhom Kronkron hyɛɛ no ma, na ɔhyɛɛ nkɔm.
Ɛno nti Luka kyerɛ yɛn Yohane Suboni awoɔ wɔ Sakaria fie. “Ɔsɔfoɔ bi tenaa ase a wɔfrɛ no Sakaria a ɔfiri Abia asɔfokuo mu.” Wɔ Onyankopɔn nhyehyɛeɛ sononko mu no, ɔmaa wɔwoo Yohane Suboni a ɔyɛ nnipa nyinaa ananmusini maa Sakaria, Aaron aseni no.
Onyankopɔn nam Yohane Suboni ne Yesu so awie yɛn nkwagyeɛ ho adwuma. Sɛ yɛgye nkwagyeɛ ho adwuma a ɛnam Yohane ne Yesu so baeɛ no di a, yɛbɛnya nkwa afiri yɛn bɔne nyinaa mu.
 
 

Yesu Asubɔ


Adɛn nti na Yohane bɔɔ Yesu asu?
Sɛ ɔbɛyi wiase bɔne nyinaa akorɔ
 
Yohane Suboni dii adanseɛ sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn ba, na ɔyii yɛn bɔne nyinaa kɔeɛ. Ɛyɛ Yohane Suboni, Nyankopɔn akoa a wɔsomaa no sɛ ɔmmɛdi Nyankopɔn nkwagyeɛ ho adanseɛ no. Ɛno nkyerɛ sɛ Onyankopɔn ankasa nsi ne bo nka nkyerɛ yɛn sɛ ɔyɛ yɛn Agyenkwa. Onyankopɔn nam ne nkoa so na ɔyɛ adwuma wɔ asafo no mu, na ɔkasa fa wɔn a wɔanya nkwagyeɛ no mu na ɛkyerɛ yɛn.
Onyankopɔn se, “Monka abodwosɛm nkyerɛ Yerusalem, na mommɔ no kaseɛ sɛ n’akodie asa, sɛ wɔde ne mfomsoɔ akyɛ, sɛ ne bɔne nyinaa wanya Awurade nsam mmɔho. Nwira dwan, nhwiren twam, na yɛn Nyankopɔn asɛm tim hɔ daa” (Yesaia 40:2, 8).
Na Onyankopɔn ahyɛ bɔ dada bɛyɛ mfirinhyia ahanson ansa na wɔrebɛwo Kristo sɛ, “Monyɛ nnebɔneyɛfoɔ bio. M’apata mo bɔne nyinaa, na moakodie asa.” Ɛno nti nkwagyeɛ asɛmpa no kɔ so ara team kyerɛ yɛn. Yei na wɔfrɛ no asɛmpa a wɔasiesie no.
Sɛ yɛte Yohane Suboni dwumadie ase, na yɛte aseɛ sɛ, ɛnam ne so na wɔde yɛn bɔne nyinaa guu Yesu so a, yɛbɛtumi ade yɛn ho afiri bɔne nyinaa mu.
Asɛmpa nnan no nyinaa ka Yohane Suboni ho asɛm kyerɛ yɛn, na Malaki a ɔyɛ odidyifoɔ a ɔtwa toɔ wɔ Apam Dadaa mu no nso dii Yohane ho adanseɛ sɛ, Yohane Suboni yɛ Onyankopɔn akoa a wɔasiesie noɔ. Apam Foforɔ no de Yohane Suboni awoɔ ne yɛn bɔne a wɔnam ne so de guu Yesu soɔ no na ɛfiti aseɛ.
Ɛnneɛ na ɛdeɛn nti na na yɛfrɛ no Yohane Suboni? Ɛfiri sɛ ɔno na ɔbɔɔ Yesu asu. Asubɔ asekyerɛ ne sɛn? Ɛkyerɛ sɛ, ‘Sɛ wode ato biribi so, sɛ wɔasie, sɛ wɔahohoroɔ’— Ɛte sɛ nsagusoɔ a na ɛwɔ Apam Dadaa mu no pɛpɛɛpɛ.
Wɔ Apam Dadaa mu no, sɛ obi yɛ bɔne a, ɔde ne nsa to aboa a ɔdi mu no atifi, na ɔde ne bɔne nyinaa guu ne so, na afɔdeɛ no soaa saa bɔne no wui. ‘Nsagusoɔ’ no kyerɛ sɛ, ‘Fa gu so.’ Ɛno nti, ‘Nsagusoɔ’ ne ‘asubɔ’ yɛ adekorɔ, ɛwom sɛ nsonoeɛ kakra wɔ mu deɛ.
Afei, ɛdeɛn na Yesu asubɔ kyerɛ? N’asubɔ nko ne kwan a yɛnam so nya bɔne fakyɛ. Onyankopɔn hyɛɛ mmara too hɔ sɛ, wɔnam ‘Nsagusoɔ’ so na wɔbɛtumi de bɔne agu afɔdeɛ no so. Ɛkyerɛ sɛ wɔ Apam Dadaa mu no, na ɛsɛ sɛ nnebɔneyɛfoɔ de wɔn nsa gu afɔdeɛ no atifi na wɔde wɔn bɔne nyinaa agu no so. Ɛno akyi no, wɔtwaa ne mene, na asɔfoɔ no de mogya no bi guu afɔrebukyia no mmɛn ho. Yei ne kwan a wɔfaa so pataa bɔne a na wɔyɛ daa nyinaa no.
Ɛnneɛ na ɔkwan bɛn so na wɔpata bɔne a wɔyɛ no afe mu nyinaa no?
Wɔ yei mu deɛ, Ɔsɔfo Panin Aaron na ɔbɔɔ bɔne afɔdeɛ maa Israel man mu no nyinaa. Ɛnam sɛ wɔwoo Yohane Suboni wɔ Aaron abusua mu nti, na ɛho bɛhia sɛ ɔbɛyɛ Ɔsɔfo Panin, na Onyankopɔn hunuu no sieeɛ sɛ ɔmmɛyɛ Ɔsɔfo Panin a ɔtwa toɔ koraa sɛdeɛ ne nkwagyeɛ bɔhyɛ teɛ no.
Na Yohane Suboni yɛ nnipa nyinaa ananmusini ne Ɔsɔfo Panin a ɔtwa toɔ koraa, ɛfiri sɛ Apam Dadaa no baa awieeɛ berɛ a wɔwoo Yesu Kristo no. Ɛnyɛ obiara sɛ Yohane Suboni nko na ɔbɛtumi de wiase bɔne nyinaa agu Yesu so wɔ Apam Foforɔ no mu, sɛdeɛ Aaron nso nam saa kwan no so pata maa ɔman no bɔne wɔ Apam Dadaa mu no. Ɛnam sɛ ɔyɛ Ɔsɔfo Panin a ɔtwa toɔ wɔ Apam Dadaa mu no nti, na afei nso ɔno korɔ yi ara nso yɛ nnipa nyinaa ananmusini no nti, Yohane Suboni de wiase bɔne nyinaa guu Yesu so berɛ a ɔbɔɔ no asu no.
Ɛnam sɛ Yohane de wiase bɔne nyinaa guu Yesu soɔ nti, nsuo ne Honhom asɛmpa no mu gyidie tumi gye yɛn nkwa. Yesu bɛyɛɛ adwamaa sɛdeɛ ɛbɛyɔ na ɔbɛgye nnebɔneyɛfoɔ nkwa, ɛno nti ɔyɛɛ nkwagyeɛ ho adwuma sɛdeɛ Onyankopɔn hyehyɛeɛ no. Yesu ka kyerɛ yɛn sɛ, Yohane Suboni yɛ Odiyifoɔ a ɔtwa toɔ, Ɔsɔfo Panin a ɔtwa toɔ a ɔde wiase bɔne nyinaa guu ne soɔ no.
Adɛn nti na Yesu ɔno ara anni saa dwumadie no? Adɛn nti na na ɔhia Yohane Suboni? Ɛwɔ botaeɛ nti a wɔwoo Yohane abosome nsia dii Yesu anim no. Na ɛsɛ sɛ wɔhyɛ mmara a ɛwɔ Apam Dadaa mu no nyinaa ma, na wɔwie bɔhyɛ no nyinaa so die.
Wɔwoo Yesu maa ɔbaabunu Maria, na wɔwoo Yohane Suboni maa obonini a na wabɔ aberewa a wɔfrɛ no Elisabet.
Yei nyinaa yɛ Nyankopɔn nnwuma, na ɔhyehyɛeɛ sɛ ɔbɛyɔ yei agye nnebɔneyɛfoɔ nyinaa nkwa. Sɛdeɛ ɛbɛyɔ na wɔbɛgye yɛn afiri bɔne akodie a ɛtoɔ ntwa da, ne yɛn amanehunu a yɛwɔ mu ɛsiane yɛn bɔne nti no, Onyankopɔn somaa n’akoa Yohane, ne ɔno ara ne ba Yesu. Wɔsomaa Yohane Suboni sɛ nnipa nyinaa ananmusini, Ɔsɔfo Panin a ɔtwa toɔ koraa.
 

Onipa A Ɔsene Wɔn A Mmaa Awo Wɔn Nyinaa No 
 
Whan na ɔsene nnipa nyinaa wɔ asase so?
Yohane Suboni
 
Momma yɛnhwɛ Mateo 11:7-14. “Na yeinom rekorɔ no, Yesu firii aseɛ kaa Yohane ho asɛm kyerɛɛ nkurɔfoɔ akuokuo no sɛ: ɛdeɛn na mofirii adi kɔɔ ɛsrɛ so kɔhwɛeɛ? Onipa a ɔhyɛ atadeɛ bɔkɔɔ anaa? Hwɛ, wɔn wɔhyɛ ntadeɛ bɔkɔɔ no wɔ ahemfo afie mu. Anaa sɛ adɛn nti na mofirii adie? Mokɔhwɛɛ odiyifoɔ anaa? Aane, mese ɔsene odyifoɔ mpo. Oyi ne deɛ wɔatwerɛ ne ho asɛm sɛ; Hwɛ, meresoma me bɔfoɔ adi w’anim a ɔbɛsiesie w’anim kwan. Nokorɛ mese mo sɛ, wɔn a mmaa wɔn nyinaa mu biara nsɔree a ɔsene Yohane Suboni. Nanso deɛ ɔyɛ ketewaa koraa ɔsoro ahenie no mu no yɛ kɛseɛ sene no. Na ɛfiri Osuboni Yohane berɛ so bɛsi nnɛ wɔyɛ Ɔsoro Ahenie no ho adeɛ anibereɛ so, na wɔn a wɔn ani abereɛ no fa no aniɛden so. Na adiyifoɔ no nyinaa ne mmara no hyɛɛ nkɔm bɛsi Yohane so. Na sɛ mopɛ sɛ mogye a, oyi ne Elia a ɔreba no.”
Nnipa kɔɔ ɛsrɛ so hɔ kɔhwɛɛ Yohane Suboni a ɔteam sɛ, “Nhuritia mma, monsakyera moadwene!” Na Yesu kaa sɛ, “Ɛdeɛn na mofirii adi kɔɔ ɛsrɛ so kɔhwɛeɛ? Onipa a ɔhyɛ ntadeɛ bɔkɔɔ anaa? Hwɛ, wɔn a wɔhyɛɛ ntadeɛ bɔkɔɔ no wɔ ahemfo afie mu.”
Yesu ɔno ara dii Yohane kɛseyɛ ho adanseɛ, “Ɛdeɛn na mofirii adi kɔhwɛeɛ? Ɔpɔtɔni a ɔfira yoma nwi ntoma na ɔteam dendeenden anaa? Ɛbɛtumi aba sɛ na ɔfira yoma ntoma. Ɛdeɛn na mofirii adi kɔhwɛeɛ. Onipa a ɔhyɛ ntadeɛ bɔkɔɔ anaa? Wɔn a wɔhyɛ ntadeɛ bɔkɔɔ no wɔ ahenmfo afie mu. Nanso ɔsene ɔhene mpo.” Yesu dii saa adanseɛ yi. “Hwɛ, wɔn a wɔhyɛ ntadee bɔkɔɔ no wɔ ahemfo afie mu. Anaa sɛ adɛn nti na mofirii adie? Mokɔhwɛɛ odiyifoɔ anaa? Aane, mese mo sɛ, ɔsene odiyifoɔ mpo.”
Wɔ tete mmerɛ mu no, na wɔbu adiyifoɔ akɛseɛ sene ahemfo. Yohane Suboni sene Ohene, na ɔsene odiyifoɔ. Ɔsene adiyifoɔ a na wɔwɔ Apam Dadaa mu no nyinaa. Deɛ ɛwɔ mu ne sɛ, Yohane a ɔyɛ Ɔsɔfo Panin a ɔtwa toɔ koraa ne nnipa nyinaa ananmusini no, ne ho hia sene Aaron a na ɔyɛ Ɔsɔfo Panin a ɔdi kan no mpo. Yesu dii adanseɛ a ɛte saa yi sɛ, sei ara na Yohane teɛ.
Whan ne nnipa nyinaa ananmusini? Sɛ woyi Yesu firi hɔ a, whan ne onipa a ɔsene obiara wɔ asase yi so? Ɛyɛ Yohane Suboni. “Mese mo sɛ, ɔsene odiyifoɔ mpo. “Hwɛ meresoma me bɔfoɔ madi w’anim, ɔno na ɔbɛsiesie wo kwan.” 
Yohane Suboni dii adanseɛ sɛ bɔne akodie asa. “Hwɛ Nyankopɔn adwamaa a ɔyi wiase bɔne korɔ no nie!” Ɛyɛ Yohane Suboni na ɔdii adanseɛ sɛ Yesu yii wiase bɔne nyinaa kɔeɛ.
Wɔ Mateo 11:11, “Nokorɛ mese mo sɛ, wɔn a mmaa awo wɔn nyinaa mu biara nsɔree a ɔsene Yohane Suboni.” Wɔn a mma awo wɔn no bi atena ase pɛn a na ɔsene Yohane Suboni anaa?
Ɛdeɛn na ɛkyerɛ wɔn a ‘mmaa awo wɔn?’ Ɛkyerɛ nnipa nyinaa. Sɛ woyi Adam ne Hawa a, ɛyɛ mmaa na ɛwoo nnipa nyinaa. Aane, wɔn a mmaa awo wɔn no mu biara nsɔree a na ɔsene Yohane Suboni. Ɛno nti, ɔyɛ odiyifoɔ a ɔtwa toɔ koraa ne nnipa nyinaa ananmusini. Na Yohane Suboni yɛ Ɔsɔfo Panin, odiyifoɔ, ne nnipa nyinaa ananmusini.
Wɔ Apam Dadaa mu no, Onyankopɔ yii Aaron ne ne mma sɛ wɔnyɛ ɔsom adwuma no sɛ daa atorɔmuadeɛ. Wɔnam Aaron ne ne mma so na na wɔhohoro bɔne nyinaa. Sɛdeɛ Nyankopɔn hyɛeɛ no, saa ara pɛpɛɛpɛ na na ɛteɛ.
Sɛ anka Lewifoɔ a aka no mu bi yɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛyɛ asɔfodwuma a ɛyɛ Aaron ne ne mma dea no a, anka wuo na wɔbɛwuo. Deɛ na wɔtumi yɛ ara ne sɛ wɔbɛsesa ogya a wɔde hye afɔdeɛ wɔ bukyia so no, na wɔbɛyi afɔdeɛ no nwoma, ayi sradeɛ no, ahohoroo ayamadeɛ no, na wɔhye no nsraban no akyi. Sɛ wɔkɔmaa wɔn ho so sɛ wɔbɛyɛ asɔfodwuma a ɛyɛ asɔfoɔ deɛ no a, anka wɔbɛwuwu. Ɛyɛ Nyankopɔn mmara. Ɛnyɛ adeɛ a na wɔbɛtumi atra saa ɛhyeɛ no.
Wɔ asase yi so no, obiara nsɔree a ɔsene Yohane Suboni. Ɔsene abɔdeɛ a ɛhome nyinaa. “Na ɛfiri osuboni Yohane berɛ so bɛsi nnɛ wɔyɛ Ɔsoro Ahenie no ho adeɛ anibereɛ so, na wɔn a wɔn ani abere no fa no anieɛden so.”
Wɔwiee nnipa nkwagyeɛ ho adwuma berɛ a Yohane Suboni bɔɔ Yesu asu no, na wɔn a wɔgye no die nyinaa bɛtumi akɔ Ɔsoro Ahenie no mu, ɛfiri sɛ wɔnam gyidie so abɛyɛ ateneneefoɔ.
Afei momma yɛnhwɛ adansedie a n’agya di faa ne ba no ho no.
 

Sakaria, Yohane Suboni Agya Adansedie No

Nkɔmhyɛ bɛn na Sakaria hyɛ faa ne ba no ho?
Yohane bɛsiesie Awurade kwan berɛ ɔde nkwagyeɛ ho nimdeɛ ma ne man
 
Momma yɛnkenkan Luka 1:67-80. “Na n’agya Sakaria deɛ, Honhom Kronkron ahyɛ no ma, na ɔhyɛɛ nkɔm sɛ: Nhyira ne Awurade, Israel Nyankopɔn, ɛfiri sɛ wabɛhwɛ na wagye ne man, na wama nkwagyeɛ abɛn so ama yɛn n’abɔfra Dawid fie, sɛdeɛ ɔde n’adiyifoɔ kronkron a wɔwɔ hɔ firi teteete no ano kaeɛ no, sɛ wɔnnye yɛn mfiri yɛn atamfo ne wɔn a wɔkyiri yɛn nyinaa nsam: Sɛ ɔbɛhu yɛn agyanom mmɔbɔ, na wakae n’apam kronkron no. Ntam a ɔka kyerɛɛ yɛn agya Abraham sɛ ɔbɛma wɔayi yɛn afiri yɛn atamfo nsam, na yɛasom no a ehu nni mu, ahoteɛ ne tenenee mu wɔ n’anim, yɛn nna nyinaa. Na wo, abɔfra yi, wɔbɛfrɛ wo ɔsorosoroni no diyifoɔ. Ɛfiri sɛ wobɛdi Awurade anim akɔsiesie n’akwan, na wode nkwagyeɛ ho nimdeɛ ama ne man, wɔ wɔn bɔne fakyɛ a ɛfiri yɛn Nyankopɔn mmɔborɔhunu a ɛmaa ne yam hyehyee no no mu. Ɛno nti na adekyeɛ a ɛfiri soro abapue yɛn soɔ, sɛ ɛbɛhyerɛn ama wɔn a wɔtete sum mu ne owuo sunsum aseɛ, na wagye yɛn taataa akɔ asomdwoeɛ kwan so. Na abɔfra no nyinii, na ɔnyaa honhom mu ahoɔden, na ɔtenaa serɛ so de kɔduruu da a ɔde ne ho kɔkyerɛɛ Israel.”
Sakaria hyɛɛ nnoɔma mmienu ho nkɔm. Ɔhyɛɛ nkɔm sɛ nnipa nyinaa hene bɛba. Ɛfiri nkyekyɛmu 68 bɛsi 73 no, ɔde anigyeɛ hyɛɛ nkɔm sɛ Onyankopɔn werɛ mfirii ne bɔhyɛɛ, na Yesu nso, sɛdeɛ ɔhyɛɛ Abraham bɔ no, wɔwoo no maa ɔbabunu Maria sɛdeɛ ɛbɛyɔ na ɔbɛgye n’asefoɔ afiri wɔn atamfo nsam.
Ɛfiri nkyekyɛmu 74 no, “Ɔbɛma wɔayi yɛn afiri yɛn atamfo nsam, na yɛasom no a ehu nni mu.” Na yei rekae bɔhyɛ a Onyankopɔn hyɛɛ Abraham ne Israel man no, na ɔhyɛɛ nkɔm sɛ, “Na yɛasom no a ehu nni mu.”
Ɛfiri nkyekyɛmu 76 no, ɔhyɛɛ nkɔm kyerɛɛ ne ba no. “Na wo, abɔfra yi, wɔbɛfrɛ wo ɔsorosoroni no diyifoɔ, ɛfiri sɛ wobɛdi Awurade anim akɔsiesie n’akwan, na wode nkwagyeɛ ho nimdeɛ ama ne man, wɔ wɔn bɔne fakyɛ a ɛfiri yɛn Nyankopɔn mmɔborɔhunu a ɛmaa ne yam hyehyee no no mu. Ɛno nti na adekyeɛ a ɛfiri soro abapue yɛn soɔ, sɛ ɛbɛhyerɛn ama wɔn a wɔtete sum mu ne owuo sunsum aseɛ, na wɔagye yɛn taataa akɔ asomdwoeɛ kwan so.”
Wɔ ha yi no, ɔkaa sɛ, “Na wode nkwagyeɛ ho nimdeɛ ama ne man, wɔ wɔn bɔne fakyɛ.” Ɛnam whan so na ɔse ɔbɛma yɛn nkwagyeɛ ho nimdeɛ no? Yohane Suboni. Moahunu yei nyinaa anaa? Ɛnam Nyankopɔn asɛm so na Yohane Suboni de nkwagyeɛ ho nimdeɛ a ɛkyerɛ yɛn sɛ, Yesu yɛ Nyankopɔn ba, na ɔyii wiase bɔne nyinaa kɔeɛ no maa yɛn.
Afei momma yɛnhwɛ Marko 1. “Yesu Kristo, Nyankopɔn ba, asɛmpa no mfitiaseɛ. Sɛdeɛ wɔatwerɛ odiyifoɔ Yesaia nwoma no mu sɛ: Hwɛ meresoma me bɔfoɔ madi w’anim, ɔno na ɔbɛsiesie wo kwan. Obi nne reteam ɛserɛ so sɛ: Monsiesie Awurade kwan! Momma n’atempɔn ntene! Yohane ba bɛbɔɔ asu ɛserɛ so, na ɔkaa adwensakyera asubɔ a ɛde kɔ bɔne fakyɛ mu. Na Yuda asase nyinaa sofoɔ ne Yurusalem firi kɔɔ ne nkyɛn, na wɔkaa wɔn bɔne maa no bɔɔ wɔn nyinaa asu asubɔntene Yordan mu” (Marko 1:1-5).
Berɛ a Israelfoɔ no tiee nsɛm a Yohane Suboni kaeɛ no, wɔdane firii amanaman abosomsom no mu, na Yohane Suboni bɔɔ wɔn asu. Nanso Yohane dii adanseɛ sɛ, “Me deɛ mede nsuo na ɛbɔ mo asu sɛdeɛ ɛbɛyɔ na mobɛsan aba Nyankopɔn nkyɛn. Nanso Nyankopɔn ba no bɛba abɛbɔ asu me hɔ, na mo bɔne nyinaa akɔgu ne so wɔ saa kwan yi so. Na sɛ mogye n’asubɔ no di wɔ berɛ a merebɔ mo asu yi a, wɔde mo bɔne nyinaa bɛgu no so sɛdeɛ na wɔnam nsagusoɔ so wɔ Apam Dadaa mu no de bɔne gu bɔne afɔdeɛ no atifi no.” Adanseɛ a Yohane diiɛ no no.
Ɛnam nokorɛ a ɛwɔ mu sɛ Yesu maa ho kwan ma wɔbɔɔ no asu no kyerɛ sɛ, wɔbɔɔ no asu wɔ owuo asubɔntene mu. Yɛto nnwom wɔ eyie ase sɛ, “♪Ne dɛ a ɛyɛ, sɛ yɛbɛhyia wɔ saa ɛpo fɛfɛɛfɛ no ano. Yɛbɛhyia wɔ ɛpo fɛfɛɛfɛ no ano♪” Sɛ yɛwu a, yɛbɛtwa Yordan asubɔntene. Yordan asubɔntene yɛ owuo asubɔntene. Wɔbɔɔ Yesu asu wɔ saa owuo asubɔntene yi mu, ɛfiri sɛ ɛhɔ na ɔsoaa yɛn bɔne nyinaa, na “bɔne akatua ne owuo.”
 

Asubɔ A Ɛde Yɛn Bɔne Nyinaa Gu Soɔ No Nsagusoɔ nsɛsoɔ bɛn na ɛwɔ 
 
Nsagusoɔ nsɛsoɔ bɛn na ɛwɔ Apam Foforɔ No Mu?
Yesu asubɔ
 
Wɔ Mateo 3:13-17, yɛkenkan sɛ, “Ɛnna Yesu firi Galilea baa Yordan Yohane nkyɛn sɛ ɔmmɔ no asu. Na ɔno deɛ, ɔsii no kwan kaa sɛ: Me mmom na ɛhia me sɛ wobɔ me asu no na woreba me nkyɛn yi? Na Yesu bua see no sɛ: Seesei deɛ ma ho kwan, na saa na ɛsɛ sɛ yɛhyɛ tenenee nyinaa ma. Ɛnna ɔmaa no kwan. Na wɔbɔɔ Yesu asu wieɛ no, ntɛm ara na ɔfirii nsuo no mu, na hwɛ, ɔsoro bue maa no, na ɔhunuu Nyankopɔn honhom sɛ ɛresiane sɛ aburuburo ba ne soɔ. Na hwɛ, ɛnne bi firi soro kaa sɛ: Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani.”
Yesu kɔɔ Yordan maa Yohane Suboni bɔɔ no asu. Ɔhyɛɛ Yohane sɛ, “Bɔ Me asu.” Yohane buaa no sɛ, “Me mmom a ɛhia sɛ wobɔ me asu no na woreba me nkyɛn yi?” Ɔsɔfo Panin a ɔwɔ Soro ne deɛ ɔwɔ asase yi so no dii ahyia.
Wɔaka wɔ Hebrifoɔ nwoma no mu sɛ, Yesu Kristo yɛ daa daa Sɔfo Panin sɛdeɛ Melkisedek kwan so sɔfoɔ teɛ no. Yei kyerɛ sɛ Yesu nni awoɔ ntoatoasoɔ. Ɔnyɛ Aaron aseni anaa onipa bi aseni. Ɔyɛ Onyankopɔn ba, ɔbɔadeɛ no. Ɔno ara ne ɔno ara. Ɛno nti ɔnni awoɔ ntoatoasoɔ. Yesu too ɔsoro animuonyam tweneeɛ, na ɔbaa asase yi so sɛ ɔbɛgye ne man.
Deɛ nti a ɔbaa asase yi so ne sɛ, ɔbɛgye nnebɔneyɛfoɔ nyinaa a wɔrehunu amaneɛ wɔ ɔbonsam nnaadaa mu no nkwa. Deɛ ɛka ho bio nso ne sɛ, ɔyii wiase bɔne nyinaa kɔeɛ berɛ a Yohane Suboni bɔɔ no asu no. “Na Yesu bua see no sɛ: Seesei deɛ, ma ho kwan, na saa na ɛsɛ sɛ yɛhyɛ tenenee nyinaa ma; ɛnna ɔmaa ho kwan.”
“Seesei deɛ ma ho kwan.” Ma ho kwan! Yesu hyɛɛ nnipa nyinaa ananmusini no, na ɔbrɛɛ ne tiri ase sɛ ɔmmɔ no asu. Wɔ Apam Dadaa mu no, sɛ wɔde afɔdeɛ bɛma Nyankopɔn a, ɔdebɔneyɛni anaa Ɔsɔfo Panin no de ne nsa mmienu gu n’atifi, na ɔde bɔne no gu ne so. ‘Sɛ obi de ne nsa mmienu bɛgu soɔ no’ kyerɛ sɛ, ‘Fa gu so.’
Yohane Suboni bɔɔ Yesu asu. Na ɛte sɛ nsagusoɔ a ɛwɔ Apam Dadaa mu no pɛpɛɛpɛ. ‘Sɛ wɔde bɛgu soɔ,’ ‘wɔbɛsie,’ ‘wɔbɛhohorɔ,’ ne ‘sɛ wobɛbɔ afɔdeɛ’ nso yɛ adekorɔ no ara. Apam Foforɔ no yɛ nnoɔma pa no ankasa, na Apam Dadaa no yɛ ne sunsum.
Sɛ na ɔdebɔneyɛni de ne nsa mmienu gu adwamaa no so wɔ Apam Dadaa no mu a, ne bɔne nyinaa kɔgu adwamaa no so, na na ɛsɛ sɛ wɔkum adwamaa no. Sɛ adwamaa no wu a, wɔsie no. Deɛ ɔde ne nsa too adwammaa no so no, ne bɔne kɔguu bɔne afɔdeɛ no so, ɛno nti na ɛsɛ sɛ wɔkum adwammaa no ɛnam bɔne no nti. Sɛ bɔne kɔgu adwammaa no so a, ɛbɛtumi aba sɛ deɛ ɔde adwamaa no bɔɔ afɔdeɛ sɛdeɛ afɔrebɔ nhyehyɛeɛ teɛ no bɔne nni ne ho anaa? Aane.
Momma yɛmfa no sɛ mpepanimu a ekura me yi yɛ bɔne, na akasamu yi nso yɛ adwamaa no. Sɛ mede me nsa to akasamu mu no so a, bɔne no bɛba abɛgu adwamaa no so. Saa ara pɛpɛɛpɛ na Onyankopɔn bɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɔ. “Fa wo nsa mmienu to so.” Wɔ Apam Dadaa mu no, sɛ na obi pɛ sɛ ɔnya ɔgyeɛ firi ne bɔne mu a, ɔde ne nsa mmienu to afɔdeɛ no atifi. Ɛno akyi no, na bɔne biara nni ne ho bio. Sɛdeɛ yei teɛ no, Yesu asubɔ nso dwumadie ne sɛ, ɛbɛhohorɔ, ɛbɛsie, na ɛde wiase bɔne nyinaa bɛgu ne soɔ. Yei ne adekodeɛ pɔtee a ɛkyerɛ.
 
Sɛ wɔbɛhyɛ tenenee nyinaa ma asekyerɛ ne sɛn?
Ɛne sɛ wɔbɛhohoro bɔne nyinaa wɔ berɛ a wɔde gu Yesu soɔ
 
Ɛno nti, berɛ a wɔbɔɔ Yesu asu sɛ ɔnyi wiase bɔne nyinaa no, ɛyɛ ampa sɛ wɔde ne nyinaa guu ne so anaa? Wɔde bɔne nyinaa guu Yesu so, na ɔgyee nnipa nyinaa nkwa. Na ɛte sɛ ɛkwan a wɔfa so de bɔne gu afɔdeɛ no so wɔ Apam Dadaa mu no pɛpɛɛpɛ. Yesu firi Galilea baa Yordan, na ɔka kyerɛɛ Yohane sɛ, “Seesei deɛ ma ho kwan, na saa na ɛsɛ sɛ yɛhyɛ tenenee nyinaa ma” (Mateo 3:15).
Ɛnna Yohane bɔɔ Yesu asu. Ɔka kyerɛɛ Yohane sɛ saa na ɛsɛ sɛ wɔhyɛ tenenee nyinaa ma wɔ n’aubɔ no mu. ‘Tenenee nyinaa’ kyerɛ sɛ ‘Deɛ ɛsɛ na ɛfata.’ ‘Saa na,’ wɔ nsɛm foforɔ mu no kyerɛ sɛ, wɔ asubɔ kwan so no, tenenee nyinaa hyɛɛ ma. Yei kyerɛ sɛ na ɛtene ma Yohane sɛ ɔbɔ Yesu asu, na Yesu nso nyaa asubɔ firi Yohane hɔ sɛdeɛ ɛbɛyɔ na wɔde bɔne a ɛwɔ wiase nyinaa bɛgu ne soɔ.
Nkwagyeɛ a Onyankopɔn de ma no gyina Yesu asubɔ, afɔdeɛ a ɔbɔɔ wɔ asɛnnua no so, ne yɛn gyidie. “Nnipa nyinaa hunu amane wɔ bɔne mu, na ɔbonsam ma wɔn ho yera wɔn ɛnam wɔn bɔne nti. Ɛno nti sɛdeɛ ɛbɛyɔ na wɔbɛnya nkwagyeɛ ne Ɔsoro Ahenie mu akorɔ nti, wo a woyɛ nnipa nyinaa ananmusini no, Aaron aseni no, ɛsɛ sɛ wobɔ me asu. Ɛno na afei nkwagyeɛ ho adwuma nyinaa bɛhyɛ ma.”
Yohane buaa Yesu sɛ “Mate aseɛ.” 
Ɛno nti Yohane bɔɔ Yesu asu. Ɔde ne nsa mmienu guu Yesu atifi, na ɔde wiase bɔne nyinaa guu ne so. Ɛkyerɛ sɛ ɛnam yei so na Yesu ba bɛyɛɛ Agyenkwa a wahohoro yɛn bɔne nyinaa. Seesei deɛ, gyidie a yɛbɛnya wɔ ne nkwagyeɛ mu no bɛtumi agye yɛn nkwa. Wogye di anaa?
Berɛ a wɔbɔɔ no asu wɔ Yordan, na nnipa nyinaa ananmusini de ne nsa mmienu guu ne so wieeɛ no, Yesu nantee, na ɔkaa asɛmpa no imfirinhyia mmiensa ne fa wɔ berɛ a bɔne a ɛwɔ wiase nyinaa gu ne soɔ, a na ɛno ne ne bɛdwam dwumadie a ɔdii kan yɔeɛ no.
Ɔka kyerɛɛ ɔbaa a wɔkyeree no adwamanmmɔ mu wɔ so pɛɛ no sɛ, “Me nso memmu wo fɔ.” Wantumi ammu no fɔ, ɛfiri sɛ wayi ne bɔne nyinaa agu ɔno ara ne so, na ɔrebɛwu wɔ asɛnnua no so ama bɔne no. Berɛ a na ɔrebɔ mpaeɛ wɔ bea a wɔfrɛ hɔ Getsemane no, ɔbɔɔ mpaeɛ mprɛnsa, na ɔsrɛɛ Agya no sɛ, anka ɛbɛtumi a ɔmma atemmuo kuruwa no nsiane ne ho, nanso ankyɛ na ɔgyaa mu kaa sɛ, “Ɛnyɛ deɛ mepɛ, na deɛ wopɛ na ɛnyɛ hɔ.”
 

“Hwɛ Nyankopɔn Adwamaa A Ɔyi Wiase Bɔne Nyinaa Korɔ No Nie”

Bɔne dodoɔ sɛn na Yesu yi kɔeɛ?
Bɔne a ɛwɔ wiase nyinaa
 
Yohane 1:29 ka sɛ, “Adeɛ kyeeɛ no, Yohane hunuu Yesu sɛ ɔreba ne nkyɛn, na ɔse: Hwɛ Nyankopɔn adwamaa a ɔyi wiase bɔne korɔ no nie!’” Yohane Suboni bɔɔ Yesu asu, na adeɛ kyeeɛ no, Yesu baa ne nkyɛn, ɛno nti ɔka kyerɛɛ nnipa no sɛ, “Hwɛ Nyankopɔn adwammaa a ɔyi wiase bɔne korɔ no nie!’” Na ɛyɛ n’adansedie.
Onyankopɔn ba no baa wiase, na ɔyii emu bɔne nyinaa kɔeɛ. Yohane dii adanseɛ bio. Wɔ Yohane 1:35-36, “Adeɛ kyee bio no, Yohane ne n’asuafoɔ mu baanu gyina hɔ, na ɔhunuu Yesu a ɔnenam hɔ no, ɔkaa sɛ: Hwɛ Nyankopɔn adwammaa no nie!’”
Nyankopɔn adwammaa kyerɛ yɛn sɛ, Yesu yɛ nokorɛ ne adekodeɛ pɔtee wɔ afɔdeɛ a wɔbɔɔ din wɔ Apam Dadaa no mu, a ɛwu maa Israelfoɔ bɔne no. Wo ne me nso, Nyankopɔn ba no, deɛ ɔbɔɔ yɛn no, baa wiase sɛ ɔbɛyi yɛn bɔne nyinaa akorɔ; bɔne nyinaa ɛfiri abɔdeɛ mfitiaseɛ so kɔsi n’awieeɛ, ɛfiri yɛn bɔne a na ɛwɔ hɔ dada so kɔsi yɛn mmarato ne yɛn ahoɔmmerɛ so de kɔ yɛn mfomsoɔ so. Ɔde n’asubɔ ne ne mogya no gyee yɛn nyinaa nkwa.
Yesu yii yɛn bɔne nyinaa kɔeɛ, na ɔmaa yɛn agyidifoɔ nkwagyeɛ a ɛyɛ pɛ. Wote yei ase anaa? “Nyankopɔn adwammaa a ɔyi wiase bɔne korɔ no nie.”
Mfirinhyia bɛyɛ 2000 na abɛsene korɔ wɔ berɛ a wɔwoo Yesu wɔ wiase. Na wɔ afe 30 A.D., mu no, Yesu yii wiase bɔne nyinaa kɔeɛ. Afe a ɛyɛ 1 A.D. yɛ afe a wɔwoo Yesu no. Yɛfrɛ berɛ a na ɛwɔ hɔ ansa na Kristo baeɛ no B.C. Mfirinhyia 2000 na abɛsene korɔ berɛ a Yesu baa asase yi so no.
Wɔ afe 30 A.D mu no, Yohane Suboni bɔɔ Yesu asu, na adeɛ kyeeɛ no, Yohane team kyerɛɛ nnipa no sɛ, “Hwɛ, Nyankopɔn adwammaa a ɔyi wiase bɔne korɔ no nie.” “Hwɛ!” Ɔka kyerɛɛ nnipa no sɛ wɔngye Yesu a ɔyii wɔn bɔne nyinaa kɔeɛ no nni. Ɔdii adanseɛ sɛ Yesu yɛ Nyankopɔn adwammaa, deɛ wagye yɛn nkwa afiri yɛn bɔne nyinaa mu no.
Yesu yii yɛn bɔne nyinaa kɔeɛ, na wama bɔne akodie a ɛkɔ so daa no asa. Seesei deɛ bɔne biara nni yɛn ho, ɛfiri sɛ Nyankopɔn ba no yii ne nyinaa kɔeɛ, me ne wo bɔne nyinaa.“Ɔno (Yohane) na ɔbaa adansedie sɛ ɔrebɛdi hann no ho adanseɛ, na nnipa nyinaa nam ne so agye adi” (Yohane 1:7).
Sɛ Yohane anni adanseɛ a, anka ɛbɛyɛ dɛn na yɛbɛhunu sɛ, Yesu yii yɛn bɔne nyinaa kɔeɛ? Twerɛ Kronkron no ka no mpɛn pii sɛ owu maa yɛn, nanso Yohane nko ara na ɔdii adanseɛ pefee sɛ ɔyii yɛn bɔne nyinaa kɔeɛ

Bɔne dodoɔ sɛn na ɛyɛ bɔne a ɛwɔ wiase?
Nnipa bɔne a ɛwɔ wiase nyinaa ɛfiri abɔdeɛ mfitiaseɛ kɔsi wiase awieeɛ
 
Beberee na ɛdii adanseɛ berɛ a Yesu wuiɛ akyi no, nanso Yohane nko ara na ɔdii adanseɛ berɛ a na ɔte ase no. Ɛyɛ ampa sɛ Yesu asuafoɔ nso dii adanseɛ. Wɔdii adanseɛ sɛ Yesu yii yɛn bɔne nyinaa kɔeɛ, na ɔyɛ yɛn Agyenkwa.
Yesu yii wiase bɔne nyinaa kɔeɛ. Afei ɔkenkanfoɔ, wonyɛ nnii mfeɛ 100, woanya anaa? Yesu yii wiase bɔne nyinaa kɔeɛ berɛ a na wadi mfeɛ 30. Hwɛ mfoni yi.
 
b15b74a7-606f-4d7d-8cc3-85b2fb41f1eb
 
Momma yɛmfa no sɛ bɛyɛ mfirinhyia 4000 mu na wɔbɔɔ onipa a odi kan ansa na Yesu baa wiase. Nanso Yesu baeɛ akyi no, mfirinhyia bɛyɛ 2000 na abɛsene korɔ. Yɛnnim mmerɛ dodoɔ a wiase bɛtena ase akɔsie, nanso ɛkyere so dɛn ara a, awieeɛ no deɛ ba ara na ɛbɛba. Ɔse, “Mene Alfa ne Omega, ɔkannifoɔ ne Okyidifoɔ, mfitiaseɛ ne awieeɛ no” (Adiyisɛm 22:13).
Ɛno nti awieeɛ no deɛ ba ara na ɛsɛ sɛ ɛba. Yɛaduru mpɛnpɛnsoɔ a ɛda adi sɛ yɛwɔ afe 2002 mu. Kristo yii yɛn bɔne nyinaa kɔeɛ wɔ afe 30 A.D., na mfeɛ mmiensa akyi na owuiɛ wɔ asɛnnua no so.
“Hwɛ, Nyankopɔn adwammaa a ɔyi wiase bɔne korɔ no nie.” ɔyii wiase bɔne nyinaa kɔeɛ, wo bɔne ne me deɛ. Yɛwɔ afe a ɛboro 2000 mu berɛ a wɔwoo Yesu no. Nanso yɛbɔ yɛn bra wɔ mfirinhyia bɛyɛ 2000 mu a Yesu yii yɛn bɔne kɔeɛ akyi no. Yɛkɔ so ara yɛ bɔne daa ne daa nyinaa, nanso Yesu a ɔyɛ Nyankopɔn adwammaa no ayi wiase bɔne nyinaa kɔ dada.
Berɛ a wɔwoo yɛn pɛ, na yɛfiri aseɛ bɔɔ yɛn bra yɛɛ bɔne wɔ wiase. Yɛn nyinaa yɛ bɔne firi berɛ a wɔwoo yɛn anaa sɛ yɛnyɔ bɔne? —Yɛyɔ bɔne.— Momma yɛnhwɛ sɛdeɛ ne nyinaa teɛ. Ɛfiri da a wɔwoo yɛn bɛsi mfeɛ 10 no, yɛyɛ bɔne anaa sɛ yɛnyɛ bɔne? —Yɛyɔ bɔne.— Ɛnneɛ saa bɔne no wɔde guu Yesu so anaa sɛ wɔamfa angu ne so? —Wɔde guu ne so.— Ɛnam sɛ wɔde bɔne nyinaa guu Yesu soɔ nti, ɔyɛ yɛn Agyenkwa. Sɛ ɛnte saa a, anka ɛbɛyɛ dɛn na wayɛ yɛn Agyenkwa? Wɔde bɔne no nyinaa guu Yesu so.
Ɛfiri mfeɛ 11 bɛsi mfeɛ 20, yɛyɛ bɔne anaa sɛ yɛnyɛ bɔne? Yɛyɔ bɔne wɔ yɛn akomam ne yɛn nneyɔeɛ mu. Yɛbɔ ho mmɔden yie paa. Wɔaka akyerɛ yɛn sɛ ɛnsɛ sɛ yɛyɛ bɔne, nanso yɛn nnipa su twe yɛn kɔ bɔne mu.
Onyankopɔn ka kyerɛ yɛn sɛ, saa bɔne no nyinaa wɔde guu Yesu so. Ɔno ara nim yie sɛ yɛyɛ nnebɔneyɛfoɔ, ɛno nti ɔdi kan yii saa bɔne no nyinaa kɔeɛ ansa.
Mfirinhyia sɛn na yɛdi wɔ asase yi so? Momma yɛmfa no sɛ ɛyɛ mfeɛ 70. Sɛ yɛde bɔne a yɛayɛ no saa mfeɛ yi mu nyinaa kabom a, sɛn na emu duro bɛyɛ? Sɛ yɛsesa saa bɔne yi nyinaa de gu lɔre bɛyɛ 8 mu a, ɛbɛyɛ ma. Nanso ne nyinaa mu no, yɛbɛhia lɔre 100 a abɛtumi afa ne nyinaa.
Wo deɛ bɔ mmɔden na fa w’adwene sese bɔne a yɛbɛyɔ wɔ yɛn nna a yɛbɛdie nyinaa no. Saa bɔne no yɛ bɔne a ɛwɔ wiase anaa sɛ ɛnte saa? Ɛno nso ka bɔne nyinaa a ɛwɔ wiase no ho. Yɛyɔ bɔne firi da a wɔwoo yɛn kɔsi mfeɛ 10, 10 kɔsi 20, 20 kɔsi 30.... kɔsi da yɛbɛwuo, nanso saa bɔne yi nyinaa ka wiase bɔne a wɔde guu Yesu so berɛ a wɔbɔɔ no asu no.
 

Yesu Kristo, Onipa Agyenkwa No

Bɔne dodoɔ sɛn na Yesu yi kɔeɛ?
Yɛn nananom bɔne nyinaa, ne yɛn deɛ, ne yɛn asefoɔ deɛ kɔsi wiase awieeɛ
 
Yesu ka kyerɛɛ yɛn sɛ, ɔbaa honam mu sɛ ɔrebɛhohoro saa bɔne yi nyinaa. Nanso na Yesu ntumi mmɔ ɔno ara ne ho asu, ɛno nti na Onyankopɔn somaa n’akoa Yohane a ɔyɛ nnipa nyinaa ananmusini dii n’anim no. Sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ, “Nnwanwa, ɔfotufoɔ, Onyankopɔn-tumfoɔ.” Wɔ ɔno are ne pɛ mu no, wɔ ne nyansa, ne n’afutuo mu no, ɔsomaa nnipa nyinaa ananmusini dii kan, na Yesu ankasa a ɔyɛ Nyankopɔn ba no baa honam mu sɛ, ɔbɛyi wiase bɔne nyinaa akorɔ. Nkwagyeɛ yi a Nyankopɔn nam ne tirimbɔ so de ama yɛn no nyɛ nwanwa anaa?
Ɛyɛ nwanwa yie, ɛnte saa anaa? Ɛno nti asubɔ kɛkɛ a Yohane de bɔɔ Yesu no, ɔnam ɛno so ahohoro bɔne a ɛwɔ wiase nyinaa, na ɔnam n’asɛnnua no so wuo agye yɛn nyinaa nkwa prɛko. Dwene ho. Momma yɛnhwɛ yɛn bɔne ɛfiri mfeɛ 20 kɔsi mfeɛ 30, 30 kɔsi 40, 40 kɔsi 60, kɔsi 70, kɔsi 100, ne wo mma nso deɛ. Ɔyii saa bɔne yi nyinaa anaa sɛ wanyi? Aane ɔyiiɛ. Ɔyɛ Yesu Kristo, nnipa nyinaa Agyenkwa no.
Ɛnam sɛ Yohane Suboni de yɛn bɔne nyinaa guu Yesu soɔ, na afei nso Nyankopɔn na ɛhyehyɛeɛ nti, sɛ yɛgye no di a, yɛbɛtumi anya ɔgyeɛ. Me ne wo yɛ nnebɔneyɛfoɔ anaa? Wɔde yɛn bɔne nyinaa guu Yesu so anaa sɛ wɔamfa angu no so? Yɛnyɛ nnebɔneyɛfoɔ bio, ɛfiri sɛ wɔde yɛn bɔne nyinaa guu Yesu so.
Whan ne deɛ ɔbɛtumi aka sɛ bɔne bi wɔ wiase? Yesu yii wiase bɔne nyinaa kɔeɛ. Ɔnim yie sɛ yɛbɛyɔ bɔne, ɛno nti na ɔyii yɛn daakye bɔne nso kaa ho bie no. Yɛn mu bi nyɛ nyaa mfeɛ 50, na ebinom nso wɔ hɔ a wɔnyaa mfeɛ a wɔbɛdi no asase yi mu fa mpo, nanso yɛn mu bi a menso meka ho bie no, ka yɛn ho asɛm te sɛ deɛ yɛbɛtena ase daa.
Yɛn mu beberee wɔ hɔ a yɛatena ase wɔ abrabɔ a emu yɛ den mu pɛn. Ma me nkyerɛkyerɛ mu wɔ saa kwan yi so. Sɛ wokyɛ mfeɛ a ntontom nya no asase yi so mu mmienu a, ɛyɛ sɛn? Ɛyɛ dɔnwhere 24.
“Ɛmmom paa deɛ! Mehyiaa onipa a ɔte sɛɛ ne sɛɛ, na ɔde dadeɛ bi bɔɔ me! Anka mereyɛ awu, na wonim biribi. Menhyia owudifoɔ a ɔte saa pɛn wɔ me nna a m’anya mu fa yi da.” Watena ase wɔ dɔnhwere 12 mu na ɔntumi ngyae kasa. Nanso mfeɛ a ɔbɛdi no asase yi so no mu fa abɛsene kɔ dada.
Anwummerɛ bɛyɛ dɔnhwere 7 anaa 8 mu no, ohyia anadwo wɔ ne bra mu, na edi mmerɛ kakraa bi a, owuo bɛfa no kɔ. Ebinom tumi tena ase bɛyɛ dɔnhwere 20, ebinom nya 21, na wɔ a wɔtumi nyini kyɛre paa no nya dɔnhwere 24. Wɔbɛtumi anya wɔn asetena mu suahunu ho asɛm deɛ, nanso sɛn na yɛhu no? Yɛn a yɛtumi tena ase mfeɛ 70 anaa 80 no, bɛtumi aka wɔ biribi a ɛte saa ho no sɛ, “Hwɛ na woamma mansere.” Wɔn suahunu nyɛ adeɛ biara wɔ yɛn ani so.
Momma yɛnfa abɛbuo yi ntoto yɛn ne Nyankopɔn ntam ayɔnkofa no ho. Onyankopɔn te ase daapem. Ɔte ase wɔ nna a ɛnni awieeɛ mu. Ɔno na ɔhyehyɛɛ deɛ ɛbɛsie wɔ wiase mfitiaseɛ ne n’awieeɛ. Ɛnam sɛ ɔte ase daa daa nti, ɔte ase wɔ mmerɛ a ɛboro daa daa mmerɛsantene mu. Ɔhwɛ yɛn wɔ ne tenaberɛ a ɛnni awieɛ no mu.
Mmerɛ bi atwam korɔ no, ɔyii bɔne a ɛwɔ wiase nyinaa kɔeɛ, owui wɔ asɛnnua no so kaa sɛ, “Wɔawie.” Ɔnyane firii owuo mu nnansa, na wɔfaa no kɔɔ soro. Seesei deɛ ɔte ase daa daa. Seesei deɛ ɔhwɛ yɛn mu biara wɔ asase yi so.
Ebia obi bɛka sɛ, “O, ɔdɔfoɔ, mayɛ bɔne beberee. Mfirinhyia 20 mu nie a matena ase wɔ abrabɔ mu, mayɛ bɔne aboroso beberee. Ɛdɔɔso dodo. Ɛbɛyɛ dɛn na bɔne nni me ho?
Nanso yɛn Awurade a ɔte ase daapem no bɛka sɛ, “Ɛmma mensere. Ɛnyɛ wo bɔne nko na mayi bɛsi sɛsɛɛ, na mmom wo nnuanom a wɔdii w’anim kan no nso deɛ ka ho bi, ne w’asefoɔ a wɔbɛtena ase wo wuo akyi no.” Onyankopɔn ka yei kyerɛ wo wɔ daa daa mmerɛsantene no mu. Wogye yei di anaa? Gye di, na gye nkwagyeɛ akyɛdeɛ a wɔde ma wo kwa no. Hyɛne Nyankopɔn Ahenie no mu.
Ɛmfa deɛ ɛwɔ w’adwene mu no nkyekyere wo ho, na mmom gye Nyankopɔn asɛm no di. “Na saa na ɛsɛ sɛ yɛhyɛ tenenee nyinaa ma.” Nyankopɔn adwammaa a ɔyii wiase bɔne nyinaa kɔeɛ no ahyɛ tenenee nyinaa ma dada. Ɔyi kɔeɛ anaa sɛ wanyi ankɔ? Ɔyi kɔeɛ.
 
Asɛm bɛn na Yesu kaeɛ ansa na ɔregyaa ne honhom mu wɔ asɛnnua no so?
“Wɔawie”
 
Yesu Kristo nam n’asubɔ so yii wiase bɔne nyinaa kɔeɛ, na wɔbuu no kumfɔ wɔ Pontios Pilato adihɔ, na wɔbɔɔ no asɛnnuam.
“Na ɔso n’asɛnnua firii adi kɔduruu baabi a wɔfrɛ hɔ Nitireso a Hebri mu wɔfrɛ no Golgota. Ɛhɔ na wɔbɔɔ no asɛnnua mu a nnipa baanu ka ne ho n’afanu, na Yesu wɔ ntam. Na Pilato twerɛ ɛho asɛm nso, na ɔde fam asɛnnua no atifi, na ɛka sɛ: YESU, NASERENI, YUDAFOƆ HENE. Saa atwerɛ yi na Yudafoɔ no mu pii kenkaneeɛ, ɛfiri sɛ faako a wɔbɔɔ Yesu asɛnnua mu hɔ bɛn kuro no; na wɔatwerɛ no Hebri ne Roma ne Hela kasa mu” (Yohane 19:17-20).
Momma yɛnhwɛ deɛ ɛsiiɛ berɛ a wɔbɔɔ no asɛnnuam wieeɛ no. “Yei akyiri a Yesu hunuu sɛ wɔanya awie nnoɔma nyinaa no, sɛdeɛ ɛbɛyɔ na Twerɛsɛm no aba mu nti, ɔkaa sɛ: Osukɔm de me. Nso na nsa kekakeka adeɛ bi ma si hɔ, na wɔde nsa no bi yɛɛ sapɔ ma, na wɔde tuaa sommɛ ano de kaa n’ano. Ɛnna Yesu gyee nsa kekakeka no no, ɔkaa sɛ: Wɔawie! Na ɔbɔɔ ne tiri ase de ne honhom mae” (Yohane 19:28-30).
Yesu gyee nsa kekakeka no wieeɛ akyiri no, ɔteam, “Wɔawie!” Na ɔbɔɔ ne tiri ase de ne honhom mae. Na wawu ampa ara. Yesu Kristo nyanee nnansa akyi, na ɔkɔɔ Soro.
Momma yankɔ Hebrifoɔ 10:1-9. “Na ɛnam sɛ mmara no kura nnepa a ɛbɛba no sunsum na ɛnyɛ nnoɔma no suban ankasa nti, ɛntumi mfa afɔdeɛ korɔ no ara a wɔbobɔ no afe afe nyɛ wɔn a wɔba no pɛ da. Na sɛ asɔrefoɔ a wɔate wɔn ho prɛko nni bɔne ahonim bio a, anka wɔannyae afɔrebɔ anaa? Na mmom bɔne nkaeɛ wɔ mu daa afirinhyia, ɛfiri sɛ anantwinini ne mmirekyie mogya ntumi nyi bɔne. Enti ɔreba wiase no, na ɔkaa sɛ: Afɔdeɛ ne ayɛyɛdeɛ woampɛ, ɔhonam na woasiesie de ama me. Ɔhyeɛ afɔdeɛ ne bɔne ho afɔdeɛ ansɔ w’ani. Ɛno na mekaa sɛ: Hwɛ, mereba, wɔatwerɛ me ho asɛm wɔ nwoma mmobɔeɛ no mu sɛ merebɛyɔ deɛ wo, Onyankopɔn wopɛ. Kane no, ɔkaa sɛ: Afɔdeɛ ne ayɛyɛdeɛ ne ɔhyeɛ afɔdeɛ ne bɔne afɔdeɛ, woampɛ, nanso ansɔ w’ani, ɛne deɛ wɔnam mmara so ma. Ɛno na ɔkaa sɛ: Hwɛ, maba sɛ merebɛyɔ deɛ wopɛ; ɔyi deɛ ɛdi kan no hɔ, na ɔde deɛ ɛtɔ so mmienu no asi hɔ.”
 

Nkwagyeɛ A Ɛnni Awieɛ No 

Sɛ yɛbɛgye Yesu di wie a, ɛbɛyɛ dɛ na yɛbɛtumi adi bɔne a yɛyɛ no da biara no so nim?
Ɛsɛ sɛ yɛgye tum sɛ Yesu nam n’asubɔ no so apepa yɛn bɔne nyinaa dada.
 
Mmara no a ɛyɛ afɔdeɛ nhyehyɛeɛ no, yɛ nnepa a na ɛbɛba no sunsum. Nnwan ne mmirekyie a na ɛwɔ afɔdeɛ a wɔbɔ no Apam Dadaa mu no da no adi kyerɛ yɛn sɛ, Yesu Kristo bɛba abɛyi yɛn bɔne nyinaa akɔ wɔ saa kwan no so pɛpɛɛpɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɔ na ɔbɛpepa yɛn bɔne nyinaa.
Nnipa a na wɔwɔ Apam Dadaa mu no nyinaa, Dawid, Abraham, ne wɔn a ɛkeka ho no, nim na wɔgyee deɛ afɔdeɛ nhyehyɛeɛ no kyerɛɛ wɔn no diiɛ. Ɛno da no adi pefee sɛ Mesaia no, Kristo (Kristo kyerɛ sɛ ’Ohene a wɔasra no’) bɛba berɛ bi mu abɛhohoro wɔn bɔne nyinaa. Wɔgyee wɔn nkwagyeɛ diiɛ, na wɔnam wɔn gyidie so nyaa nkwa.
Na mmara no yɛ nnepa a ɛbɛba no sunsum. Bɔne afɔdeɛ a na wɔbɔ no daa ne daa nyinaa, afe ne afe no, antumi annye wɔn nkwa. Ɛno nti na ɛsɛ sɛ deɛ ɔyɛ pɛ, deɛ ɔdi mu, Nyankopɔn ba no, ba asase yi so.
Yesu kaa sɛ waba sɛ ɔrebɛyɔ deɛ Agya no pɛ sɛdeɛ wɔatwerɛ ne ho asɛm wɔ nwoma mmobɔeɛ no mu no. “Ɛno na mekaa sɛ: Hwɛ maba sɛ merebɛyɔ deɛ wopɛ. Oyi deɛ ɛdi kan no hɔ, na ɔde deɛ ɛtɔ so mmienu no asi hɔ.” Wɔagye yɛn afiri yɛn bɔne nyinaa mu, ɛfiri sɛ Yesu Kristo yii yɛn bɔne nyinaa kɔeɛ sɛdeɛ na wɔatwerɛ wɔ Apam Dadaa mu no, afei nso ɛfiri sɛ yɛgye no di ntira.
Momma yɛnkenkan Hebrifoɔ 10:10. “Saa ɔpɛ no mu na wɔnam Yesu Kristo honam a ɔde bɛmaeɛ no soɔ ate yɛn ho prɛko.” Saa ɔpɛ no mu na wɔnam Yesu Kristo honam a ɔde maeɛ no so ate yɛn ho prɛko. Wɔate yɛn ho anaa sɛ wɔntee yɛn ho? —Wɔate yɛn ho.— 
Yei asekyerɛ ne sɛn? Onyame agya somaa ne dɔba no, na ɔnam n’asubɔ no so de bɔne nyinaa guu ne so. Ɔbuu no atɛn prɛko maa yɛn nyinaa wɔ asɛnnua no so. Ɛno nti, ɔgyee yɛn a na anka yerehunu amaneɛ wɔ bɔne mu no. Na ɛyɛ Nyankopɔn pɛ.
Sɛdeɛ ɛbɛyɔ na ɔbɛgye yɛn nkwa nti, Yesu de ne ho mae sɛ afɔdeɛ prɛko maa yɛn nyinaa sɛdeɛ ɛbɛyɔ na yɛbɛnya ahoteɛ. Wɔate yɛn ho, ɛfiri sɛ Yesu de ne ho bɔɔ afɔdeɛ maa yɛn bɔne nyinaa, na owu maa yɛn sɛdeɛ ɛbɛyɔ na ɛnkɔba sɛ wɔbɛbu yɛn atɛn.
Afɔdeɛ a na ɛwɔ Apam Dadaa mu no deɛ, na wɔbɔ no daa nyinaa, ɛfiri sɛ na bɔne a wɔyɛ no daa no hia afɔdeɛ foforɔ a ɛbɛhohoro bɔne nyinaa akorɔ.
 
 

Honhom Mu Nkyerɛaseɛ A Ɛwɔ Petro Nan Ho Hohorɔ A Yesu Yɔeɛ No


Bɔne bi wɔ hɔ bio a ɛno nti ɛsɛ sɛ yɛbɔ adwensakyera mpaeɛ anaa?
Daabi
 
Wɔ Yohane 13, wɔatwerɛ asɛm bi wɔ hɔ a ɛkasa fa Yesu ne Petro nan ho hohorɔ. Yesu hohoroo Petro nan ho sɛdeɛ ɛbɛyɔ na ɔbɛhunu sɛ, ɔno Petro bɛyɛ bɔne daakye, nanso wagye no afiri saa bɔne no nyinaa mu nso. Na Yesu nim yie sɛ Petro bɛyɛ bɔne mmerɛ a ɛdi n’anim no, ɛno nti ɔde nsuo guu dwaresɛn mu, na ɔhohoroo ne nan ho.
Petro bɔɔ mmɔden biara sɛ anka ɔbɛsi Yesu kwan, nanso Yesu kaa sɛ, “Deɛ mereyɔ yi, wonnim seesei, na akyire yi na wobɛhunu.” Nsɛmfua yi asekyerɛ ne sɛ, ‘Wobɛyɔ bɔne bio. Wobɛpa me, wobɛyɔ bɔne bio mpo wɔ berɛ a mahohoro wo bɔne awie no. Sɛ meforo kɔ soro wie mpo a, ɛno akyi no wobɛyɔ bɔne bio. Ɛno nti merehohoro wo nan ho abɔ ɔbonsam kɔkɔ na wɔammɛsɔ wo anhwɛ, ɛfiri sɛ madi kan ayi wo bɔne a wobɛyɔ daakye no kɔ dada.
Wodwene sɛ ɔhohoroo Petro nan ho sɛdeɛ ɛbɛyɔ na yɛbɛhunu sɛ ɛsɛ sɛ yɛsakyera y’adwene daa nyinaa anaa? Daabi. Sɛ anka ɛsɛ sɛ yɛsakyera y’adwene daa nyinaa a, ɛnneɛ na ɛkyerɛ sɛ Yesu antumi anyi yɛn bɔne nyinaa prɛko ankɔ amma yɛn.
Nanso Yesu kaa sɛ wɔate yɛn ho prɛko. Sɛ anka ɛsɛ sɛ yɛsakyera y’adwene daa nyinaa a, ɛnneɛ anka ɛbɛyɛ ama yɛn sɛ yɛbɛsane yɛn akyi akɔ Apam Dadaa berɛ no mu. Ɛnneɛ na anka whan na ɔbɛtumi ayɛ ɔteneneeni? Whan na anka ɔbɛtumi anya nkwa afiri ne bɔne nyinaa mu? Mpo sɛ yɛgye Nyankopɔn di a, whan na anka ɔbɛtumi atena ase wɔ berɛ a ɔnyɛ bɔne?
Whan na ɔnam adwensakyera so bɛtumi anya ahoteɛ? Yɛngyae bɔne yɔ da, ɛno nti ɛbɛyɛ dɛn na yɛbɛtumi aserɛ bɔne fakyɛ wɔ bɔne biara a yɛbɛyɔ no mu? Adɛn nti na yɛmoamoa yɛn ho, ha no da biara wɔ yɛn nkwagyeɛ ho yi? Yɛn werɛ firi bɔne a yɛyɔeɛ anɔpa, na sɛ adeɛ kye a, yɛnkae bɔne a yɛyɔeɛ anwummerɛ no. Yɛrentumi nsakyera y’adwene mfiri bɔne nyinaa mu da.
Enti, wɔbɔɔ Yesu asu prɛko, na ɔde ne ho bɔɔ afɔdeɛ wɔ asɛnnua no so prɛko sɛdeɛ ɛbɛyɔ na yɛbɛnya ahoteɛ prɛko. Wote yei ase anaa? Wɔgyee yɛn firi bɔne nyinaa mu prɛko. Ɛnyɛ sɛ mmerɛ biara a yɛbɛsakyera y’adwene no na wɔgye yɛn.
Yɛnya nkwa firi yɛn bɔne nyinaa mu berɛ a yɛgye di sɛ Yesu yii yɛn bɔne nyinaa kɔeɛ, Wo bɔne ne me deɛ.
“Na ɔsɔfoɔ biara gyina hɔ daa resom, na ɔtaa bɔ afɔdeɛ korɔ no ara a ɛntumi nyi bɔne da. Na ɔno deɛ, ɔnya bɔɔ bɔne ho afɔdeɛ biako no, ɔkɔtenaa Nyankopɔn nifa ma no kɔ so ara. Na deɛ aka ne sɛ ɔtwɛn kɔduru sɛ wɔde n’atamfo bɛyɛ na nan ase ntiasoɔ. Na ɔde afɔreɛ korɔ a ɔbɔeɛ no ayɛ wɔn a wɔte wɔn ho no pɛ ma no kɔ so ara. Na Honhom Kronkron nso di yɛn adanseɛ. Ɛfiri sɛ akane no, ɔkaa sɛ: Yei ne apam a nna no akyi me ne wɔn bɛpam no, Awurade na ɔseɛ: Mede me mmara bɛhyɛ wɔn akomam, na matwerɛ wɔ wɔn adwenem, na wɔn bɔne ne wɔn mmarato nso merenkae bio. Na deɛ yeinom fakyɛ wɔ no, bɔne ho afɔrebɔ nni hɔ bio” (Hebrifoɔ 10:11-18).
Ɛdeɛn na ɛkyerɛ “Na deɛ yeinom fakyɛ wɔ no” wɔ nkyekyɛmu 18 wɔ ɛsoro ha yi no? Ɛkyerɛ sɛ bɔne no ankasa, bɔne biara no, wɔapepa ayi ɛho asotweɛ daa daa a wɔangya bie. Onyankopɔn apepa ne nyinaa, na ɔde ne nyinaa akyɛ. Wogye yei di anaa? “Na deɛ yeinom fakyɛ wɔ no, bɔne ho afɔrebɔ nni hɔ bio.” 
Afei momma yɛmmɔ ne nyinaa tɔfa. Sɛ Yohane amfa ne nsa mmienu angu Yesu so anaa sɛ wɔammɔ Yesu asu a, anka yɛbɛtumi anya nkwagyeɛ anaa? Daabi, yɛrentumi da. Afei momma yɛndwene nkɔ akyiri. Sɛ Yesu anyi Yohane angyina hɔ sɛ nnipa nyinaa ananmusini amfa ne so anyi bɔne nyinaa a, anka ɔbɛtumi ahohoro yɛn bɔne nyinaa anaa? Anka ɔrentumi.
Onyankopɔn mmara yɛ atɛntenenee. Ɛnyɛ nyiyimu. Ɔntumi mfa n’ano nka kɛkɛ sɛ ɔyɛ yɛn Agyenkwa, na ɔyii yɛn bɔne nyinaa kɔeɛ. Ɛsɛ sɛ ɔyi yɛn bɔne wɔ nnwuma a ɛda adi mu. Adɛn nti na Yesu a ɔyɛ Nyankopɔn no, ɔbaa yɛn nkyɛn wɔ honam fam? Ɔbaeɛ sɛdeɛ ɛbɛyɔ na ɔbɛfa n’asubɔ no so ayi nnipa bɔne nyinaa akorɔ. Yesu nim yie sɛ bɔne nyinaa a ɛwɔ yɛn akomam ne yɛn honam mu no ntumi mpepa gye sɛ ɔba honam mu de ne ho bɛbɔ afɔdeɛ a ɛnni awieeɛ ansa.
Sɛ wɔammɔ Yesu asu a, anka yɛn bɔne nyinaa bɛka. Sɛ Wɔbɔɔ no asɛnnua mu wɔ berɛ a ɔndii kan nyii yɛn bɔne a, anka botaeɛ biara nni ne wuo no mu. Anka ɛne yɛn nni twaka biara. Anka ne nyinaa bɛyɛ ɔkwa ne adehunu.
Ɛno nti berɛ a ɔhyɛɛ ne bɛdwam dwumadie ase wɔ mfeɛ 30 no, ɔkɔɔ Yohane Suboni nkyɛn sɛ ɔmmɔ no asu. Ne bɛdwam dwumadie hyɛɛ aseɛ berɛ a na wanya mfeɛ 30, na ɔwieeɛ wɔ berɛ a na wadi mfeɛ 33. Ɔdii mfeɛ 30 no, ɔkɔɔ Yohane Suboni nkyɛn sɛ ɔmmɔ no asu. “Seesei deɛ ma ho kwan, na saa na ɛsɛ sɛ yɛyɔ sɛdeɛ ɛbɛyɔ na nnipa nyinaa bɛtumi anya nkwa abɛyɛ ateneneefoɔ. Ɛyɛ adeɛ a ɛfata sɛ yɛyɔ. Seesei deɛ bɔ me asu”. Aane, wɔbɔɔ Yesu Kristo asu sɛ ɔbɛgye nnipa nyinaa nkwa.
Ɛnam sɛ wɔbɔɔ Yesu asu na ɔyii yɛn bɔne nyinaa kɔeɛ, na Yohane de ne nsa mmienu guu ne so maa yɛn bɔne nyinaa kɔguu ne so nti, Nyankopɔn danee n’ani firii Yesu so berɛ a na Yesu rebɛwu wɔ asɛnnua no so no. Ɛwom sɛ Yesu yɛ ne dɔba korɔ deɛ, nanso na ɛsɛ sɛ ɔde ne ba no bɔ afɔdeɛ.
Onyankopɔn yɛ ɔdɔ, nanso na ɛsɛ sɛ ɔma ne ba no wuo. Ɛno nti bɛyɛ dɔnwhere mmiɛnsa mu no, esum duruu asase nyinaa so. Ansa na Yesu rebɛwuo no, ɔteam kaa sɛ, “Eli, Eli, lama sabaktani?” a ne nkyerɛaseɛ ne sɛ, “Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, adɛn nti na woagya me?” Yesu karii yɛn bɔne nyinaa wɔ ne mmatiriso, na ɔnyaa atemmuo wɔ asɛnnua no so maa yɛn. Enti, wagye yɛn nyinaa nkwa. Sɛ wɔammɔ Yesu asu a, anka ne wuo no nni botaeɛ biara.

Woyɛ ɔdebɔneyɛni anaa sɛ ɔteneneeni?
Ɔteneneeni a ɔnni bɔne biara wɔ n’akomam
 
Sɛ anka Yesu wui wɔ asɛnnua no so wɔ berɛ a ɔmfaa n’asubɔ no so nyii yɛn bɔne a, anka ne wuo no nni botaeɛ biara. Sɛdeɛ ɛbɛyɔ na wɔbɛgye yɛn wɔ pɛ yɛ mu no, Yohane a ɔyɛ nnipa nyinaa ananmusini no bɔɔ Yesu asu, na ɔnyaa atemmuo wɔ asɛnnua no so sɛdeɛ ɛbɛyɔ na wɔn a wɔbɛgye no adie nyinaa bɛnya nkwa.
Enti, ɛfiri Yohane Suboni berɛ so bɛsi nnɛ no, wɔyɛ ɔsoro Ahenie no ho adeɛ anibereɛ so. Ɛnam sɛ Yohane de yɛn bɔne nyinaa guu Yesu so nti, wɔapata yɛn bɔne nyinaa. Wo ne me bɛtumi afrɛ Nyankopɔn yɛn Agya, na yɛde akokoduro ahyɛne Ɔsoro Ahennie no mu
Wɔ Hebrifoɔ 10:18, “Na deɛ yeinom fakyɛ wɔ no, bɔne ho afɔrebɔ nni hɔ bio.” Wodaso ara yɛ ɔdebɔneyɛni anaa? Seesei a Yesu atua wo ka nyinaa yi, ɛsɛ sɛ wotua ɛka no bio anaa?
Onipa bi wɔ hɔ a na ɔnom nsa paa, ɛno nti na ɔde nnipa beberee ka. Ɛno na da koro ne ba barima nyaa ahonyadeεɛ pii na ɔtuaa ɛka biara a na ɔdeɛ nyinaa. Ɛno nti, na ɛnhia sɛ n’agya tua ɛka biara bio, ɛmfa ho ne ɛka dodoɔ a na ɔdeɛ wɔ bɛdwam.
Yei ne deɛ Yesu yɔ maa yɛn. Ɔtuaa yɛn bɔne nyinaa ka maa no boro kyɛnee so. Ɛnyɛ bɔne a yɛyɔ wɔ asetena yi mu nko, na mmom bɔne a ɛwɔ wiase nyinaa. Wɔde ne nyinaa guu Yesu so berɛ a ɔnyaa n’asubɔ no. Ɛno nti seesei no, moda so ara yɛ nnebɔneyɛfoɔ anaa? Daabi monte saa.
Sɛ na yɛnim nkwagyeɛ asɛmpa yi firi mfitiaseɛ no a, anka ɛrenyɛ den mma yɛn koraa sɛ yɛbɛgye Yesu adie. Nanso sɛdeɛ ɛteɛ no, akɔyɛ ade foforɔ bi a ɛyɛ nnipa dodoɔ no ara nwanwa.
Nanso yei nyɛ ade foforɔ koraa. Na ɛwɔ hɔ firi mfitiaseɛ wɔ nnipa abakɔsɛm mu. Deɛ ɛwɔ mu ne sɛ, na yɛnnim. Nanso ne Honhom asɛmpa no yɛ adeɛ a wɔatwerɛ dada wɔ Twerɛsɛm no mu, na ɛwɔ hɔ saa ara mmerɛ nyinaa. Ɛwɔ Twerɛ Kronkron no mu dada ansa na wɔrewo me ne wo. Ɛwɔ yɛn nkyɛn firi abɔdeɛ mfitiaseɛ.
 
 
Daa Nkwagyeɛ Asɛ mpa No

Ɛdeɛ na ɛsɛ sɛ yɛyɔ wɔ Nyankopɔn anim?
Ɛsɛ sɛ yɛgye daa nkwagyeɛ asɛmpa no die
 
Yesu Kristo a ɔhohoroo yɛn bɔne nyinaa no, ɔyɔɔ yei ansa na mpo wɔwoo me ne wo mmienu. ɔyii ne nyinaa kɔeɛ. Bɔne da so wɔ wo ho anaa? —Daabi.— Ɛnneɛ bɔne a wobɛyɔ ɔkyena no nso ka ho bi anaa? Ɛno nso ka wiase bɔne no ho bi.
Momma yɛnfa ɔkyena bɔne no nto nkyɛn seesei. Bɔne a yɛyɔeɛ de bɛduru sɛsɛɛ no nso ka wiase bɔne no ho bi. Ɛnka ho bi anaa? Wɔde ne nyinaa guu Yesu so anaa sɛ wɔamfa angu ne so? Aane, wɔde guu ne so.
Ɛnneɛ, ɔkyena bɔne no nso wɔde guu ne so anaa? Aane, ɔyii ne nyinaa a wangya bie. Wangya bɔne biako mpo hɔ. Asɛmpa no kyerɛ yɛn sɛ, Yesu yii yɛn bɔne nyinaa kɔeɛ prɛko, na ɔtuaa ne nyinaa ka.
‘Yesu Kristo, Nyankopɔn ba, asɛmpa no mfitiaseɛ’ (Marko 1:1). Ɔsoro asɛmpa no yɛ anigyeɛ asɛmpa. Ɔbisa yɛn sɛ, “Meyii wo bɔne nyinaa kɔeɛ. Mene w’agyenkwa no. Wogye me di anaa?” Wɔ nnipa dodoɔ a ɛwɔ hɔ nyinaa no, emu kakraa bi na wɔtumi ka sɛ, “Aane, megye di. Megye di sɛdeɛ waka akyerɛ yɛn no. Na ɛyɛ adeɛ a ɛnyɛ den koraa, ɛno nti metumi tee aseɛ ɛdɔn mu hɔ ara.” Wɔn a wɔpaem ka wɔn gyidie saa no bɛyɛ ateneneefoɔ te sɛ Abraham.
Nanso ebinom ka sɛ, “Mentumi nnye nni. Ɛyɛ ade foforɔ koraa ma me”
Afei Onyankopɔn bisa sɛ, “Wo deɛ ka kyerɛ Me, meyii wo bɔne nyinaa anaa sɛ manyi?
“Wɔkyerɛɛ me sɛ, woyii bɔne a na ɛwɔ hɔ dada no nko ara, na ɛnyɛ bɔne a meyɔ no da biara no.”
“Ɛnneɛ metumi hunu sɛ woyɛɛ ntɛm so sɛ wobɛgye deɛ wɔka kyerɛɛ woɔ no adie. Ɛnneɛ ɛsɛ sɛ wokɔ amanehunu kuro, ɛfiri sɛ menni biribiara a mɛka akyerɛ wo bio.”
Gyidie a yɛwɔ wɔ ne nkwagyeɛ mu no na agye yɛn nkwa. Wɔn a wɔfa to wɔn ho so sɛ bɔne da so ara wɔ wɔn ho no, ɛsɛ sɛ wɔkɔ amanehunu kuro. Ɛyɛ wɔn ara na wɔayi deɛ wɔpɛ.
Nkwangyeɛ asɛmpa no de Yohane Suboni adanseɛ na ɛhyɛ aseɛ. Ɛnam sɛ Yesu hohoroo yɛn bɔne nyinaa wɔ n’asubɔ mu berɛ a Yohane bɔɔ no asu nti, sɛ yɛgye di a, yɛbɛyɛ ahotefoɔ.
Ɔsomafoɔ Paulo kaa Yesu asubɔ ho asɛm mpɛn pii wɔ ne nwoma a ɔtwerɛeɛ no mu. Wɔ Galatifoɔ 3:27, “Ɛfiri sɛ, mo mu dodoɔ a wɔabɔ mo asu kɔ Kristo mu no moahyɛ Kristo.” Sɛ wɔbɛbɔ yɛn asu akɔ Kristo mu no kyerɛ sɛ, yɛn ne no abom korɔ wɔ gyidie a yɛwɔ wɔ n’asubɔ no mu. Ɛnam Yohane Suboni so na yɛn bɔne nyinaa kɔguu Yesu so berɛ a ɔbɔɔ no asu no, na ɔhohoroo yɛn bɔne nyinaa kɔeɛ.
Wɔ Petro 3:21. “Ɛno na afei ne nsɛsoɔ gye mo nso nkwa, ɛne asubɔ a ɛnyɛ honam ho fi yi, na mmom ɛyɛ ahonim pa ho adebisa a Yesu Kristo wusɔreɛ nti yɛnam so yɛ Nyankopɔn deɛ.”
Ɛyɛ wɔn a wɔgye Yohane Suboni adanseɛ, Yesu asubɔ, ne ne mogya a ɔhwie guiɛ wɔ asɛnnua no so die no, na wɔnya nkwagyeɛ mu adom a ɛfiri soro no.
Gye Yesu asubɔ wɔ w’akomam sɛ nkwagyeɛ nsɛsoɔ na nya nkwa.