• All e-books and audiobooks on The New Life Mission website are free
  • Explore multilingual sermons in global languages
  • Two new revised editions in English have been released
  • Check out our website translated into 27 languages
Search

Sermons

Asɛmpɔ 3 : Nsuo ne Honhom asɛmpa no

[3-3] Yesu Kristo Nam Nsuo, Mogya Ne Honhom No So Na Ɛbaeɛ (1 John 5:1-12)

2021.04.10 184
Yesu Kristo Nam Nsuo, Mogya Ne Honhom  No So Na Ɛbaeɛ(1 John 5:1-12)
“Obiara a ɔgye di sɛ Yesu ne Kristo no, Onyankopɔn na wawo no; na obiara a ɔdɔ deɛ owoeɛ no, ɔdɔ deɛ owoeɛ no nso. Sɛ yɛdɔ Onyankopɔn na yɛdi n’ahyɛdeɛ so a, ɛno ara na yɛde hunu sɛ yɛdɔ Nyankopɔn mma. Na yei ne Nyankopɔn dɔ, sɛ yɛbɛdi n’ahyɛdeɛ soɔ, na n’ahyɛdeɛ no nyɛ den. Ɛfiri sɛ biribiara a Onyankopɔn woeɛ no di wiase nkonim, na nkonim a adi wiase soɔ ne yɛn gyidie. Hwan ne deɛ ɔdi wiase so nkonim sɛ deɛ ɔgye di sɛ Yesu ne Nyankopɔn ba? Oyi ne deɛ ɔnam nsuo ne mogya so baeɛ, Yesu Kristo no, na ɛnyɛ nsuo nko mu, na mmom ɛyɛ nsuo ne mogya mu. Na Honhom no na ɛdi adanseɛ, ɛfiri sɛ Honhom no yɛ nokorɛ. Na baasa na ɛdi adanseɛ, Honhom ne nsuo ne mogya, na baasa yi bom yɛ baako. Yɛgye nnipa adanseɛ a, Nyankopɔn adanseɛ so kyɛne no, na Nyankopɔn adanseɛ ne adanseɛ a wadi ne ba ho no. Deɛ ɔgye Nyankopɔn ba no die no wɔ adanseɛ ɔno ara ne mu. Deɛ ɔnnye Onyankopɔn nnie no ama no adane ɔtorofoɔ, ɛfiri sɛ wannye adanseɛ a Onyankopɔn adi ne ba ho no anni. Na yei ne adanseɛ no, sɛ Onyankopɔn ama yɛn daa nkwa, na nkwa yi wɔ ne ba no mu. Deɛ ɔwɔ ɔba no wɔ nkwa no. Deɛ ɔnni Nyankopɔn ba no, ɔnni nkwa no.”
 

Ɛdeɛn na Yesu nam so baeɛ?
Nsuo, mogya ne Honhom no
 
Yesu nam nsuo so na ɛbaeɛ anaa? Aane, ɔnam n’asubɔ so na ɛbaeɛ. Nsuo no yɛ ahyɛnsodeɛ a ɛgyina hɔ ma n’asubɔ a Yohane Suboni de bɔɔ no wɔ Yordan asubɔntene ho no. Ɛyɛ nkwagyeɛ mu asubɔ a ɛyii wiase bɔne nyinaa kɔeɛ.
Yesu nam mogya so na ɛbaeɛ anaa? Aane, ɔnam so baeɛ. Ɔbaa honam mu sɛ onipa, na wɔbɔɔ no asu maa no yii wiase bɔne nyinaa kɔeɛ, na ɔhwiee ne mogya guiiɛ de tuaa ɛka nyinaa. Yesu nam mogya so baeɛ.
Yesu nam Honhom no so baeɛ anaa? Aane, ɔnam so baeɛ. Yesu yɛ Nyankopɔn, nanso ɔbaa sɛ Honhom no wɔ honam mu sɛ ɔbɛyɛ nnipa nyinaa Agyenkwa.
Nnipa pii nnye nni sɛ Yesu nam nsuo ne mogya ne Honhom so na ɛbaeɛ. Nnipa kakraa bi na ɛgye die sɛ Yesu ne Ahene mu hene, ne Anyame mu Nyame ampa. Nnipa pii no ara adwene yɛ wɔn kɛserenee, na wɔka sɛ, ‘ɛnti Yesu yɛ Nyankopɔn ba ampa anaa sɛ ɔyɛ onipa ba?’ Na nnipa dodoɔ no ara a Nyamesɛm adesuafoɔ ne asɔfoɔ ka ho bie no gye di sɛ, Yesu yɛ onipa na ɔnyɛ Nyankopɔn a ɔyɛ Agyenkwa ne nokorɛ Nyankopɔn no.
Nanso Onyankopɔn kaa sɛ obiara a ɔbɛgye Yesu adi sɛ Yesu yɛ Ahene mu hene ne nokorɛ Nyankopɔn, ne agyenkwa no, wɔbɛwo no foforɔ. Wɔn wɔdɔ Nyankopɔn no dɔ Yesu, na wɔn a wɔgye Nyankopɔn die wɔ nokorɛm no, wɔgye Yesu nso di saa ara.
Nnipa ntumi nni wiase so nkonim, agye sɛ wɔawo wɔn foforɔ. Ɛno nti, ɔsomafoɔ Yohane kasa kyerɛ yɛn fa nokorɛ Kristoni a ɔdi wiase so nkonim no ho. Deɛ nti a agyidifoɔ nokwafoɔ no di wiase so nkonim ne sɛ, wɔgye nsuo ne mogya ne Honhom no di. Tumi a yɛde di wiase so nkonim no mfiri onipa pɛ, mmɔdenmmɔ anaa sɛ atenka mu.
“Sɛ mede nnipa ne abɔfoɔ tɛkyerɛma mekasa, na menni dɔ a, na mete sɛ yaawa a ɛregyegyeɛ anaa akasaa a ɛrewosoɔ. Na sɛ mewɔ adiyie asɛnka, na menim ahuntasɛm nyinaa, ne nimdeɛ nyinaa, na mewɔ gyidie nyinaa ma metutu mmepɔ, na menni dɔ a, mensɛ hwee. Na sɛ mepore m’ahodeɛ nyinaa mema ahiafoɔ, na mede me nipadua mema sɛ wɔnhye, na menni dɔ a, merennya ho mfasoɔ” (I Korintofoɔ 13:1-3).
‘Ɔdɔ’ a wɔka ho asɛm wɔ ha yi no kyerɛ sɛ, Yesu nam nsuo, mogya, ne Honhom no so na ɛbaeɛ. Wɔ Twerɛ Kronkron mu no, mmerɛ nyinaa Kasafua ‘ɔdɔ’ kyerɛ sɛ ‘nokorɛ dɔ no’ (2 Tesalonikafoɔ 2:10). Deɛ ɛteɛ ne sɛ, Onyankopɔn dɔ nam ne dɔba no so na ɛdaa adie (1 Yohane 4:9).
 

Deɛ Ɔgye Nsuo Ne Mogya Die No Nko Na Ɔbɛtumi Adi Wiase So Nkonim

Whan na ɔbɛtumi adi wiase so nkonim?
Wɔn a wɔgye nkwagyeɛ a ɛfiri Yesu asubɔ, ne mogya, ne Honhom no die no
 
1 Yohane 5:5-6 ka sɛ, “Hwan ne deɛ ɔdi wiase so nkonim sɛ deɛ ɔgye di sɛ Yesu ne Nyankopɔn ba? Oyi ne deɛ ɔnam nsuo ne mogya so baeɛ, Yesu Kristo no.”
Menuanom Akristofoɔ, deɛ ɔtumi di wiase, ɔbonsam ne wiase so nkonim no ne Yesu Kristo. Wɔn a wɔgye ne nsuo, mogya, ne Honhom no asɛm die no nso bɛtumi adi wiase so nkonim. Ɔkwan bɛn so na Yesu dii wiase so nkonim? Ɛnam nsuo, mogya, ne Honhom nkwagyeɛ no so.
Wɔ Twerɛ Kronkron mu no, ‘nsuo’ kyerɛ ‘Yesu asubɔ’ (1 Petro 3:21). Yesu baa wiase wɔ honam mu. Ɔbaa sɛ ɔrebɛgye nnebɔneyɛfoɔ a wɔwɔ wiase no. Wɔbɔɔ no asu sɛ ɔbɛyi nnebɔneyɛfoɔ bɔne nyinaa akorɔ, na wawu asɛnnua no so apata ama saa bɔne no.
Asɛnnua no so mogya kyerɛ yɛn nokorɛ no sɛ, ɔbaa wiase wɔ onipa honam mu. Ɔbaeɛ wɔ bɔne honam suban mu, na wɔde nsuo bɔɔ no asu. Wɔ nsɛm foforɔ mu no, Yesu nam baanu a ɛyɛ nsuo ne mogya so na ɛbaeɛ. Ɛno nti, ɔde baanu a ɛyɛ ne nsuo asubɔ ne ne wuo mu mogya no na ɛyii wiase bɔne nyinaa kɔeɛ.
Ɛyɛɛ dɛn na ɔbonsam bɛdii wiase soɔ? Ɔbonsam na ɛyɛ maa nnipa annye Nyankopɔn asɛm no annie, na ɔduaa asoɔden aba wɔ wɔn akomam. Ɔbonsam bɔ ne ho mmɔden biara sɛ ɔbɛdane nnipa ayɛ wɔn ne nkoa wɔ berɛ a ɔdaadaa wɔn sɛdeɛ ɛbɛyɔ na wɔnni Nyankopɔn asɛm soɔ.
Nanso, Yesu baa wiase, na ɔde n’asubɔ ne n’asɛnnua no so mogya yii wɔn bɔne nyinaa kɔeɛ. Ɔdii ɔbonsam so nkonim, na ɔyii bɔne a ɛwɔ wiase nyinaa kɔeɛ.
Yei siiɛ, ɛfiri sɛ Yesu Kristo yɛ nnebɔneyɛfoɔ nyinaa Agyenkwa. Ɔbɛyɛɛ yɛn Agyenkwa, ɛfiri sɛ ɔnam nsuo ne mogya so na ɛbaeɛ.
 
 

Yesu Nam Ne Nkwagyeɛ Asubɔ No So Na Ɔyii Wiase Bɔne Nyinaa Kɔeɛ

 
Yesu redi wiase so nkonim no kyerɛ deɛn?
Ɛkyerɛ sɛ ɔyii wiase bɔne nyinaa kɔeɛ
 
Ɛnam sɛ wɔbɔɔ Yesu asu sɛ ɔnyi wiase bɔne nyinaa, na ɔwuiɛ de pepaa ne nyinaa nti, ɔtumi gyee yɛn firii yɛn bɔne nyinaa mu. Ɛnam sɛ Yohane Suboni a ɔyɛ nnipa nyinaa ananmusini no bɔɔ Yesu asu wɔ Yordan asubɔntene mu nti, wiase bɔne nyinaa kɔguu no so. Yesu de ne nkwa maeɛ wɔ asɛnnua no so de tuaa bɔne ka. Ɔde ne wuo ne ne wusɔreɛ no adi ɔbonsam tumi so nkonim. Yesu de ne wuo no tuaa yɛn bɔne nyinaa ka.
 
 

Yesu Nam Ne Nsuo Asubɔ Ne N’asɛnnua No So Mogya Na Ɛbaa Wiase

 
Ɔkwan bɛn so na ɔdii ɔbonsam tumi so nkonim?
Ɔnam n’asubɔ, mogya, ne Honhom no so.
 
Ɔsomafoɔ Yohane kaa sɛ nkwagyeɛ nnyina nsuo no nko mu, na mmom ɛgyina nsuo ne mogya no so. Ɛnneɛ Yesu ayi yɛn bɔne nyinaa kɔ afebɔɔ yi deɛ, nnebɔneyɛfoɔ nyinaa a wɔbɛgye no adie ne wɔn a wɔdi nokorɛ wɔ n’asɛm mu no bɛnya nkwa afiri bɔne mu.
Berɛ a Yesu baa wiase no, ɛnyɛ yɛn bɔne nko na ɔyi kɔeɛ, na mmom ɔhwiee ne mogya gui wɔ asɛnnua no so de tuaa bɔne nyinaa ka. Ɔde ne wuo no tuaa yɛn bɔne nyinaa ka. Na Nyankopɔn mmara a ɛka sɛ ‘Bɔne akatua ne owuo’ (Romanfoɔ 6:23) no hyɛɛ ma.
Sɛ Yesu ka sɛ wadi wiase so nkonim a, ɛdeɛn na ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ? Gyidie a ɛtumi di wiase so nkonim no yɛ gyidie a ɛwɔ nkwagyeɛ asɛmpa no mu, deɛ Yesu nam nsuo ne mogya so de maa yɛn no. Ɔbaa honam mu, na ɔdii ne nkwagyeɛ a ɛyɛ n’asubɔ ne ne wuo wɔ asɛnnua no soɔ no ho adanseɛ.
Yesu dii wiase so nkonim, a ɛyɛ ɔbonsam no. Asuafoɔ a na wɔwɔ asafo a ɛdi kan mu no gyinaa pintinn wɔ berɛ a mpo na wɔrekumkum wɔn no, na wɔannyae wɔn gyidie mu amma Roman ahenie kɛseɛ ne nsɔhwɛ ahodoɔ a ɛwɔ wiase yi mu no da.
Deɛ nti na yei te saa no nam gyidie a wɔnyaa sɛ, Yesu nam nsuo (Wɔbɔɔ no asu sɛ ɔbɛyi yɛn bɔne nyinaa akorɔ) ne ne mogya a ɔhwie guiɛ wɔ asɛnnua no soɔ (ɔde ne wuo tuaa yɛn bɔne nyinaa ka) na ɛbaeɛ.
Yesu baa Honhom mu (ɔbaa onipa honam mu), na ɔde n’asubɔ ne n’asɛnnua no so mogya yii wiase bɔne nyinaa kɔeɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɔ na yɛn a wɔbɛgye yɛn nkwa no bɛtumi adi wiase so nkonim.
 
Ɛno Na Afei Ne Nsɛsoɔ Gye Mo Nkwa, Ɛne Asubɔ A Ɛnam Yesu Kristo Wusɔreɛ So <1 Petro 3:21> 

Ɛdeɛn na ɛyɛ nkwagyeɛ nsɛsoɔ?
Yesu Asubɔ
 
Wɔaka wɔ 1 Petro 3:21, “Ɛno na afei ne nsɛsoɔ gye mo nso nkwa; ɛne asubɔ a ɛnyɛ honam ho fi yi, na mmom ɛyɛ ahonim pa ho adebisa a Yesu Kristo wusɔreɛ nti yɛnam so yɛ Nyankopɔn deɛ.” Ɔsomafoɔ Petro dii adanseɛ sɛ, Yesu yɛ Agyenkwa no, na ɔnam nsuo ne mogya so na ɛbaeɛ.
Ɛno nti, ɛsɛ sɛ yɛgye Yesu a ɔnam nsuo ne mogya so baeɛ no die. Ɛsɛ sɛ yɛhunu sɛ, nsuo a ɛyɛ Yesu asubɔ no yɛ nkwagyeɛ nsɛsoɔ. Ɔsomafoɔ Petro ka kyerɛ yɛn sɛ, ‘nsuo’ asubɔ, ‘mogya’ no, ne ‘Honhom’ no yɛ nnoɔma a ɛhia paa wɔ nkwagyeɛ mu.
Yesu asuafoɔ no nyinaa nam Yesu asubɔ no so na wɔgyee asɛnnua no so mogya diiɛ. Sɛ yɛgye Yesu mogya no nko ara di a, ɛnneɛ na gyidie no mu fa na yɛkura. Gyidie a ɛnwie pɛ yɛ na ɛnni mu no, ɛnkyɛ koraa na ayera. Nanso wɔn a wɔgye nsuo ne Honhom asɛmpa no die no gyidie bɛkɔ so ara anyini wɔ nna a ɛdi wɔn anim no.
Mogya asɛmpa no nne da so ara rekɔ n’anim wɔ nnɛ mmerɛ yi mu. Adɛn nti na akɔba saa? Ɛfiri sɛ nnipa nnim nokorɛ asɛm a ɛyɛ nsuo ne Honhom no. Ɛno nti wɔntumi nwo wɔn foforɔ.
Mmerɛ bi baeɛ a na nsɔre a na ɛwɔ atɔeɛ fam wɔ amanɔne no ahwe ase wɔ gyidie a ɛfiri nim a wɔnnim nti no mu. Na ɛrekame ayɛ sɛ wɔredi yie mmerɛ kakraa bi mu, nanso ɔbonsam nkoa bɔɔ wɔn ho mmɔden danee wɔn gyidie ma no bɛyɛɛ gyidie hunu.
Gyidie hunu ne sɛ, wobɛnya gyidie sɛ, sɛ obi twerɛ asɛnnua ahyɛnsodeɛ wɔ krataa so anaa sɛ ɔde dua yɛ mfoni a ɛte saa no a, ɔbonsam bɛdwane. Afei nso sɛ obi de n’ano ka ne gyidie a ɔwɔ wɔ Yesu mogya no mu a, ɔbɛtumi apam ɔbonsam ama no adwane. Ɛnam gyidie a ɛtete saa yi so na ɔbonsam adadaa nnipa sɛ, Yesu mogya no nko na ɛsɛ sɛ wɔgye die. Ɔbonsam yɛ ne ho te sɛ deɛ osuro Yesu mogya no, na ɔka sɛ, adeɛ pɔtee a Yesu yɔ maa nnebɔneyɛfoɔ ne sɛ, ɔbɛhwie ne mogya aguo wɔ asɛnnua no so.
Nanso Petro ne asomafoɔ a na wɔka ne ho no dii adanseɛ faa nokorɛ asɛmpa a ɛyɛ Yesu asubɔ ne ne mogya a ɔhwie wɔ asɛnnua no soɔ no ho. Nanso nnɛ mmerɛ yi mu no, ɛdeɛn na Akristofoɔ di ho adanseɛ? Yesu mogya ho adanseɛ nko ara na wɔdie.
Ɛsɛ sɛ yɛgye nsɛm a wɔatwerɛ wɔ Twerɛ Kronkron mu no di, na yɛnya gyidie wɔ nkwagyeɛ a ɛfiri Honhom no, Yesu asubɔ ne ne mogya no. Sɛ yɛbu yɛn ani gu Yesu asubɔ no so na yɛdi ne wuo a ɔwuiɛ wɔ asɛnnua no so nko ho adanseɛ a, nkwagyeɛ ntumi nwie pɛ yɛ da.
 

‘Adansesɛm’ A Ɛfa Onyankopɔn Nsuo Nkwagyeɛ Ho No

Ɛdeɛn na ɛdi adanseɛ sɛ Onyankopɔn agye yɛn nkwa?
Nsuo, mogya, ne Honhom no

Wɔ Yohane 5:8, Awurade ka sɛ, “Na baasa na ɛdi adanseɛ wɔ asase yi so.” Deɛ ɛdi kan no yɛ Honhom no, deɛ ɛtɔ mmienu yɛ nsuo a ɛyɛ Yesu asubɔ, na deɛ ɛtɔ so mmiensa yɛ ne mogya a ɔhwiee wɔ asɛnnua no so no. Nnoɔma mmiensa yi nyinaa yɛ baako. Yesu baa wiase sɛ ɔbɛgye yɛn afiri saa bɔne yi nyinaa mu. Ɔno nko ara na ɔde mmiensa a ɛyɛ n’asubɔ, ne mogya, ne Honhom no yɔɔ yei.
‘Na baasa na ɛdi adanseε.’ Yɛwɔ nnoɔma mmiensa a ɛdi adanseɛ sɛ Nyankopɔn agye yɛn nkwa. Saa nnoɔma mmiensa yi a ɛdi adanseɛ no yɛ nsuo a ɛyɛ Yesu asubɔ, ne mogya, ne Honhom no. Nnoɔma mmiensa yi ne adeɛ a Yesu yɔeɛ wɔ asase yi so maa yɛn.
Sɛ anka yɛyi saa nnoɔma mmiensa yi mu biako mpo firi mu a, nkwagyeɛ ntumi nwie pɛ yɛ da. Yɛwɔ nnoɔma mmiensa a ɛdi adanseɛ wɔ asase so: Honhom no, nsuo no, ne mogya no.
Yesu Kristo a ɔbaa yɛn nkyɛn wɔ honam mu no, ɔyɛ Nyankopɔn, Honhom no, ne ɔba no. Ɔbaa wiase yi mu ha sɛ Honhom no wɔ honam mu, na wɔbɔɔ no asu wɔ nsuo mu sɛ ɔbɛyi wiase bɔne nyinaa akorɔ. Ɔtuaa yɛn bɔne nyinaa ho ka. Ɛyɛ nkwagyeɛ asɛmpa a ɛwie pɛ yɛ a ɛnam nsuo, mogya, ne Honhom no so.
Sɛ yɛyi yei mu baako mpo firi mu a, ɛte sɛ deɛ yɛmpɛ sɛ yɛbɛgye Nyankopɔn nkwagyeɛ a agye yɛn afiri yɛn bɔne nyinaa mu no. Sɛ anka yɛyɛ y’adwene sɛ yɛne nnɛ mmerɛ yi mu agyidifoɔ a wɔwɔ hɔ no reyɛ adwenkorɔ a, anka yɛbɛka sɛ, ‘Na baanu na ɛdi adanseɛ wɔ asase yi so: mogya no ne Honhom no.’
Nanso ɔsomafoɔ Yohane kaa sɛ, nnoɔma mmiensa na ɛdi adanseɛ: Yesu asubɔ nsuo, asɛnnua no so mogya, ne Honhom no. Ɔsomafoɔ Yohane kyerɛkyerɛɛ n’adanseɛ no mu maa emu daa hɔ yie paa.
Gyidie a ɛtumi gye ɔdebɔneyɛni nkwa yɛ gyidie a ɛwɔ Honhom no, nsuo, ne mogya no mu. Gyidie bɛn na ɛma obi tumi di wiase so nkonim? Na ɛhe fa koraa na yɛbɛhunu gyidie a ɛte saa no? Ɛwɔ yɛn kyɛn ha wɔ Twerɛ Kronkron no mu. Ɛne sɛ wobɛgye Yesu a ɔnam nsuo, mogya, ne Honhom no so baeɛ no adie. Nya gyidie wɔ ne nyinaa mu, na woanya nkwagyeɛ ne daa nkwa.
 
Sɛ Yesu asubɔ nni hɔ a nkwagyeɛ bɛtumi awie pɛ yɛ anaa?
Daabi
 
Berɛ bi a atwam korɔ no, ansa na merennya awo foforɔ no, me nso na meyɛ Okristoni a ɔgye Yesu mogya wɔ asɛnnua no so ne Honhom no nko ara die. Menyaa gyidie sɛ, ɔsianee baa sɛ Honhom, na ɔwui wɔ asɛnnua no so sɛ ɔbɛgye me afiri me bɔne nyinaa mu. Nnoɔma mmienu yi mu nko na megye diiɛ, na menyaa gyidie wɔ me mu ntɛm so sɛ mɛka asɛmpa a ɛte saa no akyerɛ nnipa nyinaa.
Meyɛɛ m’adwene sɛ mɛsua nyamesɛm, na mayɛ ɔsɛmpakani kɛseɛ a ɔkɔ amanaman mu kɔka asɛmpa no sɛdeɛ ɛbɛyɔ na mɛyɛ adwuma de me nkwa ato hɔ ama akra a ayera sɛdeɛ Yesu nso yɔeɛ no. Mede m’adwene susuu nnoɔma akɛseɛ pii.
Nanso ɛnam sɛ megyee nnoɔma mmienu yi mu nko diiɛ nti, na bɔne wɔ m’akomam daa. Afei deɛ ɛkɔbaeɛ ne sɛ, na mentumi nni wiase so nkonim. Mannya ahofadie amfiri bɔne mu. Sɛ na megye mogya no ne Honhom no nko di a, na bɔne da so ara wɔ m’akomam.
Deɛ nti a na bɔne da so wɔ m’akomam wɔ berɛ a na magye Yesu adie ne sɛ, na mennim nsuo a ɛyɛ Yesu asubɔ no. Ahofadie a na mepɛ sɛ menya no anwie pɛ yɛ da kɔsi sɛ, menyaa gyidie wɔ nkwagyeɛ a ɛfiri nsuo a ɛyɛ Yesu asubɔ, mogya no, ne Honhom no mu.
Ɛnyɛ adeɛ a metumi dii bɔne a ɛwɔ honam mu no so nkonim, ɛfiri sɛ na mennim deɛ Yesu asubɔ kyerɛ. Nanso seesei mpo no, nnipa pii na agye Yesu adie, nanso wɔyɛ bɔne wɔ honam mu. Wɔwɔ bɔne wɔ wɔn akomam, na wɔbɔ mmɔden biara sɛ wɔbɛkanyan akane dɔ a na wɔwɔ ma Yesu no.
Wɔntumi nkayan ɔdɔ ne ahosɛpɛ a akane no na ɛwɔ wɔn mu no, ɛfiri sɛ wɔmfaa nsuo ne Honhom no nhohoroo wɔn bɔne nyinaa. Wɔntumi nhunu sɛ wɔde wɔn bɔne nyinaa guu Yesu so berɛ a wɔbɔɔ no asu no, na sɛ wɔhwe ase a, wɔntumi mma wɔn gyidie so bio.
Mepɛ sɛ mema mo nyinaa hunu yei mu yie. Sɛ yɛgye Yesu di a, yɛbɛtumi atena ase wɔ gyidie mu, na yɛadi wiase so nkonim. Ɛmfa ho ne yɛn mmerɛyɛ, ɛmfa ho ne mpɛn dodoɔ a yɛayɛ bɔne wɔ wiase yi mu, sɛ yɛgye Yesu a ɔyɛ yɛn Agyenkwa, a ɔnam n’asubɔ ne ne mogya a ɔhwie guiɛ no so ama yɛade yɛn ho afirii bɔne nyinaa mu no di a, yɛbɛtumi agyina sɛ nkonimdifoɔ.
Nanso sɛ yɛgye Yesu di na yɛyi nsuo no firi mu a, yɛrennya nkwagyeɛ a ɛwie pɛ yɛ no da. Ɔsomafoɔ Yohane aka akyerɛ yɛn sɛ, gyidie a ɛtumi di wiase so nkonim no ne gyidie a ɛwɔ Yesu mu, deɛ ɔnam n’asubɔ nsuo, ne mogya ne Honhom no so baeɛ no.
Onyankopɔn somaa ne dɔba sɛ ɔmmɛgye wɔn a wɔgye n’asubɔ ne ne mogya die no nkwa. Yesu nam n’asubɔ no so na ɔyii wiase bɔne nyinaa kɔeɛ. Yesu a ɔyɛ Nyankopɔn dɔba korɔ no, baa wiase wɔ Honhom no mu (onipa honam mu). Afei, ɔhwiee ne mogya guiɛ wɔ asɛnnua no so tuaa bɔne nyinaa ka. Ɛno kyerɛ sɛ, Yesu agye nnipa nyinaa afiri bɔne mu.
Sɛ Yesu asubɔ ne asɛnnua no so mogya nni hɔ a, anka nokorɛ nkwagyeɛ biara nso nni hɔ. Sɛ yɛkwati biako mpo firi nnoɔma mmiensa yi mu a, yɛntumi nya nokorɛ nkwagyeɛ no. Sɛ nsuo, mogya ne Honhom no nni hɔ a, yɛntumi nnya nokorɛ nkwagyeɛ no da. Ɛnti ɛsɛ sɛ yɛgye nsuo, mogya, ne Honhom no die. Hunu yei, na wobɛnya nokorɛ gyidie no.
 

Mereka Akyerɛ Wo Sɛ, Sɛ Wonni Nsuo, Mogya Ne Honhom Adanseɛ No A, Ɛnyɛ Nokorɛ Nkwagyeɛ.

Nnoɔma mmiensa bɛn na ɛhia paa a ɛdi yɛn nkwagyeɛ ho adanseɛ?
Nsuo no, mogya no, ne Honhom no
 
Ebia obi bɛtumi adwene asɛmmisa a ɛwɔ soro ha yi wɔ saa kwan yi so sɛ, “Yesu yɛ m’agyenkwa. Megye asɛnnua no so mogya no di, na mepɛ sɛ mewu wɔ Nyankopɔn din mu. Ɛwom sɛ bɔne wɔ m’akomam deɛ, nanso megye Yesu di. Masakyera m’adwene wɔ ahwɛyie mu, na mabɔ me ho mmɔden sɛ mɛyɔ adwuma pa, atɛntenenee, ne adɔeɛ daa nyinaa. Mede me nkwa ne m’ahonyadeɛ mama wo. Mayɛ m’adwene mpo sɛ menware da. Ɛyɛ dɛn na Nyankopɔn nnim me? Yesu wui wɔ asɛnnua no so maa me. Yɛn Nyankopɔn Kronkron no baa asase yi so sɛ onipa, na owui wɔ asɛnnua no so maa yɛn. Megyee wo dii, mebɔɔ afɔdeɛ maa wo, na meyɔɔ adwumaden wɔ nokorɛm maa wo. Ɛwom sɛ memfata, na bɔne da so wɔ m’akomam deɛ, nanso yei bɛma Yesu de me akɔ amanehunu kuro anaa? Daabi, ɔrenyɛ saa.”
Nnipa pii na ɛwɔ hɔ a wɔdwene wɔ saa kwan yi so. Wɔnnye nni sɛ wɔbɔɔ Yesu asu sɛ ɔbɛyi wiase bɔne nyinaa akorɔ. Sɛ Akristofoɔ a wɔte saa no, a wɔgye Yesu die nanso bɔne da so wɔ wɔn akomam no wu a, ɛhe na wɔbɛkorɔ? Wɔkɔ amanehunu kuro. Wɔyɛ nnebɔneyɛfoɔ kɛkɛ!
Wɔn a wɔdwene sɛdeɛ ɛsɔ wɔn ani, na wɔfa no sɛ saa ara nso na Onyankopɔn bɛdwene ama wɔn no, bɛkɔ amanehunu kuro. Afei nso ebinom ka sɛ, ɛsiane sɛ Yesu yii wiase bɔne nyinaa kɔeɛ na ɔwu wɔ asɛnnua no so nti, bɔne biara nni wiase. Nanso yeinom ka mogya ne Honhom no nko ho asɛm. Yei nyɛ gyidie a ɛde nnipa bɛkɔ nkwagyeɛ a ɛwie pɛ yɛ mu.
Ɛsɛ sɛ yɛgye di sɛ, Yesu nam n’asubɔ no so na ɔyii wiase bɔne nyinaa kɔeɛ, wɔbuu no atɛn, na ɔwui wɔ asɛnnua no so maa yɛn, na ɔwu wieeɛ no, ɔnyane firii owuo mu da ɛtɔ so mmiensa no.
Sɛ Gyidie a ɛte saa no nni hɔ a, nkwagyeɛ ntumi nwie pɛ yɛ da. Wɔbɔɔ Yesu Kristo asu, ɔwui wɔ asɛnnua no so, na ɔnyanee. Yesu nam nsuo, mogya, ne Honhom no so na ɛbaeɛ. Ɔyii wiase bɔne nyinaa kɔeɛ.
Yɛwɔ nnoɔma mmiensa a ɛhia paa na ɛdi yɛn nkwagyeɛ ho adanseɛ wɔ asase yi so. Ɛno ne Honhom no, mogya, ne nsuo no.
Deɛ ɛdi kan no, Honhom Kronkron di adanseɛ sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn, na ɔbaa asase yi so wɔ onipa honam mu.
Deɛ ɛtɔ so mmienu no yɛ ‘nsuo no’ adanseɛ. Nsuo no yɛ Yesu asubɔ a Yohane bɔɔ no wɔ Yordan mu no, na ɛnam ɛno so na wɔde yɛn bɔne nyinaa guu Yesu so. Wɔde yɛn bɔne nyinaa guu Yesu so berɛ a wɔbɔɔ no asu no (Mateo 3:15).
Adanseɛ a ɛtɔ so mmiensa no yɛ ‘mogya’ no, a ɛgyina hɔ ma Yesu atemmuo a ɔgye too ne ho so ma yɛn bɔne nyinaa no. Yesu wui, na ɔgyee n’agya atemmuo maa yɛn, na ɔnyanee nnansa maa yɛn nkwa foforɔ.
Nyame Agya soma Honhom no ma no kɔ wɔn a wɔgye Yesu asubɔ ne ne mogya die no akomam sɛ, ɛnni yɛn nkwagyeɛ ho adanseɛ.
Wɔn a yɛawo wɔn foforɔ no wɔ Asɛm no, ɛno na wɔde di wiase so nkonim. Wɔn a wɔanya nkwagyeɛ no bɛdi ɔbonsam so nkonim, adiyifoɔ atorofoɔ, akwansidie, anaa amaneɛ biara a ɛhyɛ wɔn so mmerɛ nyinaa no so nim. Deɛ nti a yɛwɔ saa tumi ne sɛ, yɛwɔ adanseɛ mmiensa wɔ yɛn akomam: Yesu nsuo no, ne mogya, ne Honhom no.

Ɛkwan bɛn so na yɛdi wiase ne ɔbonsam so nkonim?
Sɛ yɛgye adanseɛ baasa no di a
 
Yɛbɛtumi adi ɔbonsam ne wiase so nkonim, ɛfiri sɛ yɛgye Honhom no, nsuo no, ne mogya no di. Wɔn a wɔgye Yesu asubɔ ne ne mogya die no tumi di adiyifoɔ atorofoɔ ne nnadaa nyinaa so nkonim. Tumi a yɛwɔ wɔ gyidie a ɛte saa mu no gyina nsuo no, mogya, ne Honhom no so. Wogye yei di anaa?
Sɛ wonni gyidie wɔ nkwangyeɛ a ɛfiri Yesu asubɔ, ne mogya, ne gyidie a ɛkyerɛ sɛ Yesu yɛ Nyankopɔn ba ne yɛn Agyenkwa no a, wontumi nnya awo foforɔ da, na wontumi nni wiase so nkonim da. Gyidie a ɛte saa no wɔ w’akomam anaa?
Wowɔ Honhom no ne nsuo no wɔ w’akomam anaa? Wogye di sɛ wɔde wo bɔne nyinaa guu Yesu so? Wowɔ asɛnnua no so mogya wɔ w’akomam anaa?
Sɛ wowɔ Yesu asubɔ ne ne mogya wɔ w’akomam a, wobɛdi wiase so nkonim. Sɛ wogye di sɛ Yesu wui wɔ asɛnnua no so maa wo, na ɔyii atemmuo maa wo a, wobɛdi wiase so nkonim.
Ɔsomafoɔ Yohane dii wiase so nkonim, ɛfiri sɛ na ɔwɔ nnoɔma baasa yi a ɛhia paa no nyinaa wɔ n’akomam. Ɔkaa nkwagyeɛ ho asɛm nso kyerɛɛ annuanom a na wɔwɔ gyidie no mu no. Ɔdii adanseɛ sɛ, “Yei ne kwan a wo nso wobɛtumi afa so adi wiase so nkonim. Yesu nam Honhom, nsuo, ne mogya so na ɛbaeɛ. Sɛdeɛ ɔdii wiase so nkonim no, saa ara na agyidifoɔ nokowafoɔ no nso bɛtumi adi wiase so nkonim. Yei nko ne ɛkwan a nokwarefoɔ no bɛtumi afa so adi wiase so nkonim.”
Wɔ 1 Yohane 5:8, wɔaka sɛ, “Na baasa na ɛdi adanseɛ wɔ asase so: Honhom ne nsuo ne mogya, na baasa yi bom yɛ baako.” Beberee no ara da so ka Yesu mogya ne Honhom no nko ara ho asɛm, na wɔyi Yesu asubɔ nsuo no firi mu. Sɛ wɔyi ‘nsuo’ no firi mu a, ɔbonsam adaadaa wɔn. Ɛsɛ sɛ wɔfiri wɔn nnaadaa no mu, na wɔsakyera wɔn adwene. Ɛsɛ sɛ wɔgye nsuo a ɛyɛ Yesu asubɔ awo foforɔ no die.
Sɛ obi annye Yesu asubɔ ne ne mogya no anni a, ɔntumi nni wiase so nkonim. Mereka akyerɛ mo bio sɛ, obiara nni hɔ! Ɛsɛ sɛ yɛde Yesu nsuo ne mogya a ɛno ne yɛn akodeɛ a tumi wɔ mu no di ako. N’asɛm yɛ Honhom no nkrantɛ, Kanea no.
Yɛwɔ nnipa pii wɔ hɔ a wɔnnye Yesu asubɔ a ɔnam so hohoroo yɛn bɔne nyinaa no nnie. Yɛwɔ nnipa pii wɔ hɔ a nnoɔma baanu no nko ara na wɔda so gye die. Ɛno nti sɛ Yesu ka kyerɛ wɔn sɛ, “Monsɔre nhyerɛn” a, wɔntumi nhyerɛn koraa. Bɔne da so wɔ wɔn akomam. Ɛwom sɛ wɔagye Yesu adi deɛ, nanso wɔkɔ amanehunu kuro.
 

Ɛsɛ Sɛ Yεdi Yesu Asubɔ Ne Mogya Asɛmpa No Ho Adanseɛ, Na Nnipa Atie, Anya gyidie, Anya nkwa.

N’asubɔ mu gyidie yɛ nhyɛsoɔ bi kɛkɛ anaa?
Daabi, ɛnyɛ nhyɛsoɔ, ɛyɛ nokorɛ no.
 
Sɛ yɛdi asɛmpa no ho adanseɛ a, ɛsɛ sɛ yɛkyerɛkyerɛ mu yie. Yesu nam Honhom no so na ɛbaeɛ, n’asubɔ (a ɛyii yɛn bɔne nyinaa kɔeɛ), ne mogya (a ɛtuaa yɛn bɔne nyinaa ka no) na ɛbaeɛ. Ɛsɛ sɛ yɛgye baasa yi nyinaa di.
Sɛ yɛanyɛ saa a, ɛnneɛ ɛnyɛ asɛmpa no na yɛka, na mmom ɛyɛ onyamesom bi kɛkɛ. Akristofoɔ pii no ara bu nnɛ mmerɛ yi Kristosom no sɛ, ɛyɛ ɔsom ahodoɔ a ɛwɔ wiase yi mu bie no mu baako, nanso ɛnyɛ saa na Kristosom teɛ. Kristosom yɛ nkwagyeɛ mu gyidie a ne fapem a wɔtoo yɛ no gyina nokorɛ no so, gyidie a ɛma wowhehwɛ Nyankopɔn anim kwan no. Ɛntumi nyɛ onyamesom.
Onyamesom yɛ biribi a onipa de ɔno ara ne pɛ ayɔ, na gyidie nso ne sɛ, wobɛhwɛ Nyankopɔn nkwagyeɛ a ɔde ama yɛn no kwan. Yei ne nsonoeɛ a ɛwɔ baanu no ntam. Sɛ wopo nokorɛ yi a, ɛnneɛ wobɛfa no sɛ Kristosom yɛ onyamesom ahodoɔ no mu baako, na woaka asɛmpa no wɔ nnwuma pa ne nnipa tenenee kwan so.
Yesu Kristo amba wiase sɛ ɔrebɛsi onyamesom bi a wɔfrɛ no Kristosom. Adɛn nti wogye di sɛ ɛyɛ onyamesom? Sɛ anka ne nyinaa yɛ adekorɔ no ara a, ɛnneɛ adɛn na wonnye Budasom ndie mmom? Wodwene sɛ mafom sɛ mekaa yei anaa?
Ebinom agye Yesu adi wɔ onyamesom kwan so, na awieeɛ no wɔka sɛ, “Nsonoeɛ bɛn na ɛwɔ mu? Ɔsoro, Nɛrvana, Paradise.... ne nyinaa yɛ adekorɔ no ara, ɛyɛ wɔn din nko na asesa. Nanso ɛyɛ dɛn ara a, faako hɔ na yɛn nyinaa bɛkorɔ.”
Menuanom Akristofoɔ, ɛsɛ sɛ yɛgyina pintinn wɔ nokorɛ asɛmpa no mu. Ɛsɛ sɛ ‘yɛsɔre na yɛhyerɛn.’ Ɛsɛ sɛ yɛtumi ka nokorɛ asɛmpa no wɔ berɛ a yɛntwetwɛn yɛn nan ase koraa.
Sɛ obi ka sɛ, “ɛno nko ntumi nyɛ kwan a wɔfa so kɔ soro a,” ɛsɛ sɛ woka kyerɛ no sɛ, “Aane, ɛno nko ara ne ɔkwan no. Sɛ wogye di sɛ, Yesu nam nsuo, mogya ne Honhom no so na ɛbaeɛ a, na wobɛtumi akɔ soro.” Ɛsɛ sɛ wohyerɛn wɔ ahoɔden so, na ama afoforɔ nso anya ɔpɛ sɛ wɔbɛtie nkwagyeɛ asɛm no, na wɔawo wɔn foforɔ, anya ɔsoro akɔ.
 

Nya Gyidie A Ɛtene No: Wɔn A Wɔntumi Nnɔ Yesu, Na Wɔnnim Yesu Asubɔ Ne Ne Mogya Nkwagyeɛ No Bɛyera.

Whan na sɛ mpo wagye Yesu adi a, ɔbɛyera no?
Wɔn a wɔnnye Yesu asubɔ ndie no
 
Sɛ obi ka sɛ ɔgye Yesu di sɛdeɛ ɔpɛ biara a, ɛte sɛ deɛ ɔnni dɔ ma Yesu, ɛno yɛ kwan tia a obi fa so bɛyɛ Nyamesom mu Okristoni.
Nsuo mu hyɛn bi a na ɛretwa ɛpo a wɔfrɛ no Pasifik mim kɔhyɛɛ ɛpo ase, na wɔn mu kumaa bi na wɔnyaa biribi gyinaa so wɔ ɛpo no so. Na wɔsomaa atorɛnkyɛm mu aboafoɔ SOS ahyɛn sɛ, wɔmmɛyɛ wɔn mmoa. Nanso ɛpo no so mmonkyimmɔnka amma kwan sɛ wɔbɛtumi aba wɔn kyɛn. Ɛno na wiem hyɛn bi baa hɔ bɛtoo ahoma guu ɛpo no so. Sɛ obi de ahoma no kyekyeree ne nsa na sɛ wamfa ankyekyere ne ho a, ɛte sɛ obi a ɔnni dɔ ma Yesu, deɛ ɔgye Nyankopɔn die sɛdeɛ ɔno ara ne pɛ teɛ no. Onipa a ɔte saa no nni banbɔ, nanso ɔka sɛ, “Megye di. Gye me nkwa. Megye di, ɛno nti m’adwene yɛ me sɛ, manya nkwa.”
Obi a ɔnte nokorɛ a ɛwɔ Yesu asubɔ ne ne mogya ase no gye di sε, sε wasɔ ahoma no mu kɛkɛ no nko ara deɛ, ɔbɛnya nkwa.
Nanso berɛ a na wɔretwe no aba soro no, ne nsa a na afemfam ahoma no ho no yɛɛ mmerɛ. Na afei ɔde ɔno ara n’ahoɔden na ɛkuraa mu. Ɛnam sɛ ɛfiri ɛpo so rekɔ asase no so ntam wareɛ nti, ɛbɛyɛ den ama no sɛ ɔbɛsɔ ahoma no mu akɔduru awieeɛ. Na sɛ n’ahoɔden sa a, ɔgyaa ahoma no mu siane kɔtɔ ɛpo no mu bio.
Sɛ obi nni dɔ ma Yesu a, saa ara pɛpɛɛpɛ na ɛteɛ. Ebia nnipa pii bɛka sɛ, wɔgye Nyankopɔn ne Yesu di, na wɔgye Yesu a ɔnam Honhom no so baeɛ no di. Nanso nokorɛ no mu fa na wɔgye die. Wɔntumi nnye nni, na wɔntumi ntena asɛmpa a ɛyɛ pɛ no mu, ɛno nti wɔhyɛ wɔn ho so ka no mpɛn pii sɛ, wɔgye no di.
Sɛ wobɛgye adie anaa nso sɛ wobɛbɔ mmɔden agye adie no nyɛ adekorɔ. Wɔtaa ka sɛ wɔbɛdi Yesu akyi akɔsi awieeɛ, nanso nna a edi akyire no, wɔbɛto wɔn atwene baabi ɛnam bɔne a ɛwɔ wɔn akomam no nti. Wɔdɔ Yesu deɛ, nanso wɔnnim sɛ ɔnam asubɔ, mogya, ne Honhom no so na ɛbaeɛ.
Fa nokorɛ asɛmpa ahoma a ɛyɛ nsuo ne mogya asɛmpa no kyekyere wo kra. Sɛ Yesu to nkwangyeɛ ahoma no to fam a, wɔn a wɔde nsuo, mogya ne Honhom no kyekyeree wɔn honam nyinaa no bɛnya nkwa.
Ewiem hyɛn mu aboafoɔ no team wɔ akasamu sɛ, “Mesrɛ mo, montie me yie. Sɛ meto ahoma no ba fam a, fa kyekyere wo koko ne w’ammɔturom. Na wo deɛ gyina deɛ wowɔ no ara. Hwɛ na woamfa wo nsa mmienu ansɔ ahoma no mu. Wo deɛ fa kyekyere wo koko na home. Ɛno na wobɛnya nkwa.”
Onipa a ɔdi kan no dii akwankyerɛ no so, na ɔde ahoma no kyekyere ne ho, na ɔnyaa nkwa. Nanso deɛ ɔdi hɔ no kaa sɛ, “Wo deɛ mɛnha wo ho koraa. Mewɔ ahoɔden. Mayɛ adwuma wɔ apɔmuden asuɛeɛ abɛduru sɛsɛɛ. Hwɛ! Wonhunu m’abatiri anaa? Mɛtumi akura ahoma no mu akwansini beberee.” Ɛno na afei ɔde ne nsa mmienu sɔɔ ahoma no mu berɛ a na weretwe no aba soro no.
Wɔtwee nnipa baanu no nyinaa baa soro mfitiaseɛ no. Nanso na nsonoeɛ a ɛwɔ mu ne sɛ, deɛ ɔdii akwankyerɛ no so no de ahoma no kyekyeree ne bo, na wɔyii no asomdwoeɛ mu a biribiara anyɛ no. Ne werɛ mpo firii ne ho berɛ a na wɔrepagya no akɔ soro no, nanso sɛdeɛ ɛteɛ biara, wɔyii no baa soro.
Deɛ na ɔyɛ ahantan wɔ ɔno ara n’ahoɔden mu no antumi amfa ne nsa mmienu ankura ahoma no mu ankɔsi awieeɛ, na ɔgyaa mu berɛ a na n’ahoɔden asa no. Ɔwuiɛ, ɛfiri sɛ wantie akwankyerɛ a wɔde maa no sɛ ɔnni soɔ no.
Sɛ obi pɛ sɛ ɔnya nkwagyeɛ a ɛwie pɛ yɛ no a, ɛsɛ sɛ ɔgye nkwagyeɛ a ɛfiri Yesu nsuo a ɛyɛ n’asubɔ ne ne mogya a agye akra nyinaa afiri wɔn bɔne mu no die. Nkwagyeɛ yɛ wɔn a wɔde wɔn akoma nyinaa agye Nyankopɔn asɛm no adie no dea: “Mede m’asubɔ a Yohane bɔɔ me no ne me mogya a mehwie guiɛ wɔ asɛnnua no so no agye wo nkwa.”
Wɔn a wɔgye mogya no nko die no ka sɛ, “Wo deɛ mɛnha wo ho koraa, megye di. Me nna a aka wɔ m’anim kɔsi awieeɛ nyinaa no, mɛda Awurade ase ɛnam Yesu mogya no nti. Mɛdi Yesu akyi akɔsi awieeɛ, na gyidie a mewɔ wɔ mogya no nko mu no bɛtumi ama mɛdi wiase ne bɔne so nkonim wɔ me nna a aka nyinaa.”
Nanso yei nko ntumi. Wɔn a Nyankopɔn fa wɔn yɛ ne deɛ no ne wɔn a wɔgye adanseɛ mmiensa no nyinaa die: Sɛ Yesu nam Honhom no so baeɛ, na wɔbɔɔ no asu (Yesu de n’asubɔ wɔ Yordan asubɔntene mu no na ɔyii wiase bɔne nyinaa kɔeɛ), na ɔwui wɔ asɛnnua no so tuaa bɔne nyinaa ka, na ɔnyanee nnansa firii owuo mu.
Honhom no ba wɔn a wɔgye adanseɛ baasa no nyinaa die no so. “Aane, meyɛ w’agyenkwa. Mede nsuo ne mogya no agye wo nkwa. Mene wo Nyankopɔn.”
Wɔn a wɔnnye baasa no nnie no, Onyankopɔn se, “Daabi, wonnyaa nkwagyeɛ.” N’asuafoɔ no nyinaa gyee baasa no diiɛ. Yesu se, n’asubɔ yɛ asubɔ nsɛsoɔ a ɛgye yɛn nkwa, na ne mogya no yɛ atemmuo no.
 

Ɔsomafoɔ Paulo Ne Petro Nso Dii Yesu Asubɔ Ne Ne Mogya Ho Adanseɛ

Ɛdeɛn na Yesu asuafoɔ no dii ho adanseɛ?
Yesu asubɔ ne ne mogya no
 
Ɔsomafoɔ Paulo kaa Yesu asubɔ ho asɛm anaa? Momma yɛnhwɛ mprɛ dodoɔ a ɔkaa Yesu asubɔ ho asɛm. Ɔkaa wɔ Romanfoɔ 6:3, “Anaasɛ monnim sɛ yɛn mu dodoɔ a wɔbɔɔ yɛn asu kɔɔ Kristo Yesu mu no, wɔbɔɔ yɛn asu kɔɔ ne wuo mu?” Na wɔ 6:5, “Na sɛ yɛne wɔn a wɔne ne wuo nsɛsoɔ abom koro a, na yɛne wɔn a wɔne ne sɔreɛ nsɛsoɔ nso abom koro.”
Afei nso, ɔkaa wɔ Galatifoɔ 3:27, “Ɛfiri sɛ, mo mu dodoɔ a wɔabɔ mo asu kɔ Kristo mu no moahyɛ Kristo.” Yesu asuafoɔ no dii ‘nsuo’ a ɛyɛ Yesu asubɔ ho adanseɛ. “Ɛno na afei ne nsɛsoɔ gye mo nso nkwa, ɛne asubɔ” (Petro 3:21).
 
 

Awurade Nkwagyeɛ No Nam Yesu Asubɔ Ne Ne Mogya So Na Ɛbaeɛ


Hwan na Onyankopɔn frɛ no ɔteneneeni?
Wɔn a wɔnni bɔne biara wɔ wɔn akoma mu no
 
Nkwayeɛ a Yesu de maa onipa no nam nsuo a ɛyɛ Yesu asubɔ ne ne mogya wɔ asɛnnua no so. Wɔ saa nkwagyeɛ yi mu no, yɛbɛtumi asɔre ahyerɛn. Wɔ kwan bɛn so? Sɛ yɛdi nnoɔma mmiensa yi ho adanseɛ a.
“Sɔre, hyerɛn, na wo hann reba, na Awurade animuonyam apue wo so” (Yesaia 60:1). Onyankopɔn ahyerɛn ne hann wɔ yɛn so, na ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ, yɛn nso yɛnhyerɛn. Ɛsɛ sɛ yɛdi saa ahyɛdeɛ no so.
Yɛde yɛn ahoɔden nyinaa aka asɛmpa no. Nanso nnipa pii no ara ntie. Gye Yesu di na wɔbɛgye wo nkwa. Wobɛba abɛyɛ ɔteneneeni. Sɛ bɔne da so wɔ w’akomam a, ɛnneɛ wommɛyɛɛ ɔteneneeni. Wonyɛ nnii bɔne a ɛwɔ wiase yi mu no so nkonim.
Sɛ woannye Yesu nsuo (Yesu asubɔ) anni a, wontumi nyi bɔne nyinaa mfiri w’akoma mu da. Sɛ woannye Yesu mogya no anni a, wontumi ndwane atemmuo. Sɛ woannye Yesu a ɔnam Honhom no so baeɛ no anni a, wontumi nnya nkwagyeɛ. Wontumi mmɛyɛ ɔteneneeni gye sɛ wogye saa adanseɛ baasa yi nyinaa di.
Tenenee a ɛnwie pɛ yɛ no de yɛn kɔ ‘deɛ nnipa pii no frɛ no tenenee’ no mu. Sɛ obi ka sɛ, bɔne da so wɔ ne ho, nanso ɔbu ne ho sɛ ɔyɛ ɔteneneeni a, ɛnneɛ onipa a ɔte saa no nni Yesu mu. Nnɛ mmerɛ yi mu no, nnipa beberee bɔ wɔn ho mmɔden sɛ wɔbɛkura deɛ ‘nnipa pii frɛ no tenenee’ no. Na wɔatwerɛ nwoma beberee a ɛho nni mfasoɔ biara wɔ yei ho.
Onyankopɔn bɛfrɛ obi sɛ ɔnyɛ ɔdebɔneyεni wɔ berɛ bɔne da so wɔ n’akomam anaa? Ɔrenyɛ saa. Ɔfrɛ biribi sɛdeɛ ɔhu no pɛpɛɛpɛ no. Ɔyɛ ade nyinaa so tumfoɔ, nanso ɔntumi nni atorɔ. Nnipa pii nte nokorɛ nkyerɛaseɛ a ɛwɔ tenenee mu. Yɛfrɛ biribi sɛ ‘afi’ berɛ ɛho afi. Yɛnka sɛ ‘tenenee’ wɔ berɛ a bɔne wɔ ho.
Ebia na bɔne wɔ w’akomam, nanso w’adwene yɛ wo sɛ Yesu bɛfrɛ wo ɔteneneeni, nanso ɛyɛ mfomsoɔ.
Yesu frɛ yɛn ateneneefoɔ wɔ berɛ a yɛgye no die sɛ, ɔno ne deɛ ɔnam Honhom no, nsuo no (Sɛ ɔyii yɛn bɔne nyinaa kɔeɛ berɛ a wɔbɔɔ no asu no) ne mogya no (ɔbaa honam mu bɛwu maa yɛn) na ɛbaeɛ.
Menuanom Akristofoɔ, ‘deɛ nnipa pii no frɛ no tenenee’ ne nsuo ne Honhom asɛmpa no nni twaka biara. Deɛ nnipa pii frɛ no tenenee, anaa nso sɛ ‘wɔbɛfrɛ wo ɔteneneeni’ no, yɛ gyidie bi a ɛhyɛ wo ketee sɛ gye tum, na onipa na ɛyɔeɛ. Onyankopɔn bɛfrɛ wo ɔteneneeni wɔ berɛ a bɔne wɔ w’akomam anaa? Onyankopɔn mfrɛ obi a bɔne wɔ n’akomam sɛ ɔyɛ ɔteneneeni wɔ berɛ a ɔwɔ bɔne wɔ n’akomam, ɛmfa ho ne sɛdeɛ onipa no de n’ahoɔden nyinaa agye adie. Ɛnyɛ adeɛ a Yesu bɛtumi adi atorɔ da.
Nanso wo da so ara dwene sɛ, sɛ bɔne bi wɔ obi akomam mpo a, ɔbɛfrɛ no ɔteneneeni anaa? Nnipa na wɔbɛdwene saa na ɛnyɛ Onyankopɔn. Onyankopɔn kyiri atorɔ. Sɛ wogye mogya ne Honhom no nko di a, ɔbɛfrɛ wo ɔteneneeni anaa? Daabida.
Yɛwɔ onipa bi wɔ hɔ a Nyankopɔn frɛ no ɔteneneeni. Ɛyɛ wɔn a wɔnni bɔne biara wɔ wɔn akomam no. Onyankopɔn ani wɔ wɔn a wɔgye nnoɔma mmiensa no nyinaa die no so: Sɛ Yesu yɛ Nyankopɔn, ɔbaa wiase honam mu, na wɔbɔɔ no asu wɔ Yordan ho, na ɔhwiee ne mogya gui wɔ asɛnnua no so de pepaa yɛn bɔne nyinaa.
Ɛyɛ wɔn a wɔgye nkwagyeɛ asɛmpa no die no nko na Nyankopɔn gye wɔn tum sɛ wɔyɛ ateneneefoɔ. Wɔn na wɔkura gyidie a mfomsoɔ biara nni mu no. Wɔgye deɛ ɔbɛyɛ maa yɛn no nyinaa di. Wɔgye di sɛ Yesu baeɛ, na wɔbɔɔ no asu maa no yii wiase bɔne nyinaa kɔeɛ, na ɔyii atemmuo maa yɛn wɔ ne wuo a ɔwuiɛ wɔ asɛnnua no so no, na ɔnyane firii owuo mu.
Onyankopɔn firi ne dɔ mu na ɔyɔɔ yei nyinaa. Yesu firi soro baa fam, na ɔkaa sɛ, “Mo a moayɛ adwuma abrɛ na wɔasoa mo nnesoa nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma moahome” (Mateo 11:28). Ɔyɔɔ yei berɛ a ɔyii yɛn bɔne nyinaa kɔeɛ no.
Wɔn a wɔgye Yesu mogya no nko die no, ɛnyɛ adeɛ a Onyankopɔn gye wɔn tum. Wɔn a wɔgye mogya no nko die no da so ara wɔ bɔne wɔ wɔn akomam. Whan na Yesu hunu no sɛ wanya nkwagyeɛ?
Yesu asubɔ mu gyidie, ne mogya, ne nokorɛ a ɛwɔ hɔ sɛ, ɔyɛ Nyankopɔn no, yɛ nnoɔma a ɛhia paa ma yɛn nkwagyeɛ. “Meyii wo bɔne nyinaa kɔeɛ berɛ a mebaa wiase maa Yohane Suboni bɔɔ me asu no. Medii adanseɛ sɛ wɔde wo bɔne nyinaa a ɛwɔ wiase no guu me so. Metuaa wo bɔne ho ka wɔ asɛnnua no so. Sei ara na megyee wo nkwa.”
Wɔn wɔgye baasa no nyinaa die no, Yesu ka kyerɛ wɔn sɛ, “Aane, moanya nkwa. Moyɛ ateneneefoɔ ne Nyankopɔn mma.” Wo nso sɛ wobɛgye Yesu asubɔ, ne mogya, ne Honhom no adi a, wobɛtumi anya nkwa. Wɔn wɔgye mogya no ne Honhom no nko ara die no da so wɔ bɔne wɔ wɔn akomam.
Wɔ Nyankopɔn Ahenie mu no, nokorɛ baako pɛ na ɛwɔ hɔ. Atɛntenenee, nokorɛdie, ɔdɔ, ne ahummɔborɔ na ɛwɔ hɔ. Atorɔ biara nni hɔ. Atorɔ ne nnaadaa ne nnɛɛdɛeɛ nni Nyankopɔn Ahenie no mu. 

Whan na ɔyɛ deɛ ɛntene no?
Deɛ ɔnnye Yesu asubɔ nnie no
 
“Ɛda no, nnipa pii bɛka akyerɛ me sɛ, Awurade, Awurade, yɛmfaa wo din nhyɛɛ nkɔm, na yɛmfaa wo din nyɔɔ ahoɔdenneɛ pii anaa?” (Mateo 7:22).
Onyankopɔn nnye nnipa nnwuma a ɛte saa no ntum sɛ, ɛno na ɛbɛma wɔn kwan ama wɔahyɛne n’ahenie no mu. “Ɛno na mɛpaem maka makyerɛ wɔn sɛ: Menhunuu mo da, momfiri me so nkɔ, mo a moyɛ deɛ ɛntene!’” (Mateo 7:23).
“Mede ɛdan mmienu bɔɔ afɔdeɛ maa wo. Mpo mede me nkwa maa wo. Woanhu me anaa? Manyi wo amma kɔsi da a mehomee deɛ a ɛtwa toɔ koraa no. Woanhu me anaa?
“Enti wowɔ bɔne wɔ w’akomam anaa?
“Aane, Awurade. Mewɔ ketewaa bi”
“Ɛnneɛ firi me so kɔ! Ɔdebɔneyɛni biara nni hɔ a wɔma no kwan ma no ba ha.”
“Nanso mede gyidie wuiɛ wɔ wo din mu maa wo, Awurade!”
“Ɛdeɛn na wopɛ sɛ wokyerɛ sɛ wowuiɛ wɔ me din mu? W’asoɔden nti na wowuiɛ. Wogyee m’asubɔ ne me mogya no tuum anaa? Medii adanseɛ wɔ w’akomam sɛ woyɛ me ba anaa? Woannye m’asubɔ no anni, na manni adanseɛ biara sɛ woyɛ me ba, nanso na wokura wo gyidie mu dendeenden wui wɔ mu saa ara. Ɛberɛ bɛn na medii adanseɛ maa woɔ? Wo ara na wafa ato wo ho so. Wowɔ ɔdɔ wɔ wo ara wo nkwagyeɛ mu, na wobɔ mmɔden sɛ wobɛyɔ wo ara wo nkwagyeɛ ho adwuma.” Woate aseɛ anaa? Seesei deɛ, si wo kwan so na kɔ.” 
Yesu ka kyerɛɛ yɛn sɛ, yɛnsɔre na yɛnhyerɛn. Ɛbɛtumi aba sɛ wɔn a wɔanya nkwagyeɛ no bɛbɔ hu wɔ nnɛ da yi Akristofoɔ ne adiyifoɔ atorofoɔ beberee no anim, na ɛno nti ebia na wɔantumi anhyerɛn wɔ ahoɔden so. Nanso ogyansrama ketewa bi bɛtumi afiri aseɛ asɔ abɛyɛ ogya keseɛ. Sɛ obi gyina wɔ akokoduro kwan so di nokorɛ no ho adanseɛ a, wiase nyinaa bɛhyerɛn.
Wɔ Yesaia 60:1-2, ɛka sɛ, “Sɔre, hyerɛn, na wo hann reba, na Awurade animuonyam apue wo so. Na hwɛ, esum bɛkata asase so, na esum kabii akata aman so; Nanso Awurade bɛpue wo so na n’aninmuonyam abɛda adi wo so.”
Onyankopɔn hyɛ yɛn sɛ, yɛnsɔre na yɛnhyerɛn, ɛfiri sɛ deɛ ɛnyɛ nokorɛ no ho sum akata wiase nyinaa so. Wɔn a wɔgye Yesu die no nko na wɔbɛtumi adɔ no. Wɔn a wɔnnyaa nkwagyeɛ no ntumi nnɔ no da. Ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛtumi adɔ no? Wɔka ɔdɔ ho asɛm, nanso wɔntumi nnɔ no gye sɛ wɔagye nokorɛ no nyinaa adi.
 

Yɛwɔ Nnoɔma Mmiɛnsa A Ɛdi Nnebɔneyɛfoɔ Nkwagyeɛ Ho adanseɛ

Ɛdeɛn na ɛdi nkwagyeɛ a ɛwɔ yɛn akomam no ho adanseɛ?
Yesu asubɔ no
 
“Na baasa na ɛdi adanseɛ, Honhom ne nsuo ne mogya, na baasa yi bom yɛ baako.” Yesu baa wiase, na ɔde nsuo ne Honhom no na ɛyɔɔ adwuma. Ɔyɔɔ yei gyee yɛn nkwa.
“Yɛgye nnipa adanseɛ a, Nyankopɔn adanseɛ so kyɛne no, na Nyankopɔn adanseɛ ne adanseɛ a wadi ne ba ho no. Deɛ ɔgye Nyankopɔn ba no die no wɔ adanseɛ ɔno ara mu. Deɛ ɔnnye Onyankopɔn nnie no ama no adane ɔtorofoɔ, ɛfiri sɛ wannye adanseɛ a Onyankopɔn adi ne ba ho no anni. Na yei ne adanseɛ no, sɛ Onyankopɔn ama yɛn daa nkwa, na nkwa yi wɔ ne ba no mu. Deɛ ɔwɔ ɔba no wɔ nkwa no. Deɛ ɔnni Nyankopɔn ba no, ɔnni nkwa no” (1 Yohane 5:9-12). 
Wɔn a yɛawo wɔn foforɔ no nya nnipa adanseɛ. Wɔhunu yɛn sɛ, yɛyɛ ateneneefoɔ. Sɛ wɔn a yɛawo wɔn foforɔ a wɔanya nkwagyeɛ no ka nokorɛ a ɛfa nkwagyeɛ ho no a, nnipa ntumi nni ho akyingyeɛ. Wɔgye tum. Wɔka sɛ yɛagye adi wɔ ne kwan so pɛpɛɛpɛ, na yɛn gyidie yɛ tee. Sɛ yɛka kyerɛ wɔn kwan a wɔfaa so woo yɛn foforɔ no a, wɔnsɔre ntia nokorɛ asɛmpa a yɛdi ho adanseɛ no. Wɔka sɛ deɛ yɛka no yɛ nokorɛ. Yɛnya nnipa adanseɛ.
Nanso nsɛmfua yi nso ka sɛ, “Nyankopɔn adanseɛ so kyɛne no, na yei ne Nyankopɔn adanseɛ no.” Ɔse Nyankopɔn adanseɛ no yɛ ne ba no. Ɛnte saa anaa? Ɛdeɛn na ɛyɛ ne ba no adanseɛ? Adanseɛ a ɛkyerɛ sɛ Nyankopɔn agye yɛn nkwa ne sɛ, Yesu nam Honhom no ne nsuo nkwagyeɛ no so na ɛbaeɛ. Onyankopɔn di adanseɛ sɛ yei ne kwan a ɔfaa so gyee yɛn nkwa no, na yɛyɛ ne man, ɛfiri sɛ yɛagye adi ntira.
“Deɛ ɔgye Nyankopɔn ba no die no wɔ adanseɛ ɔno ara ne mu. Deɛ ɔnnye Onyankopɔn nnie no ama no adane ɔtorofoɔ, ɛfiri sɛ wannye adanseɛ a Onyankopɔn adi ne ba ho no anni.”
Nsɛmfua yi kyerɛ yɛn pefee wɔn a wɔagye wɔn no. Ɛka sɛ, deɛ ɔgye Nyankopɔn ba no die no wɔ adanseɛ no ɔno ara mu. Wowɔ adanseɛ no wɔ w’akomam anaa? Ɛwɔ wo mu, na ɛwɔ me nso mu. Yesu baa asase yi so maa yɛn. (Ɔnam Honhom no so faa ɔbaabunu Maria so baa honam mu.) Berɛ a ɔnyaa mfeɛ 30 no, wɔbɔɔ no asu sɛ ɔbɛyi yɛn bɔne nyinaa agu ɔno ara ne ho so. Na berɛ a yɛn bɔne wɔ ne ho no, wɔbuu no atɛn wɔ asɛnnua no so. Ɔnyanee da ɛtɔ so mmiɛnsa sɛ ɔbɛma yɛn daa nkwa. Enti Yesu agye yɛn nkwa.
Sɛ Yesu ansɔre amfiri owuo mu a, anka ɛdeɛn na ɛbesie? Anka ɛbɛyɛ dɛn na wadi adanseɛ ama me wɔ damena mu? Ɛno nti na ɔyɛ m’agyenkwa no. Yei ne adeɛ a yɛgye die.
Sɛdeɛ ɔkaeɛ no, ɔde n’asubɔ ne ne mogya no na agye yɛn nkwa. Na ɛnam sɛ yɛgye die nti, wo ne me anya nkwa. Adanseɛ no wɔ me mu, na ɛwɔ wo nso wo mu. Wɔn a wɔagye wɔn nkwa no ntumi mpa ne ‘nsuo’ asubɔ no. Yɛntumi nyi nnoɔma a ɔyɛ de gyee yɛn nkwa no mfiri mu da.
“Na saa na ɛsɛ sɛ yɛhyɛ tenenee nyinaa ma” (Mateo 3:15). Yɛntumi mpa sɛ Yohane Suboni bɔɔ Yesu asu wɔ asubɔntene Yordan mu, na ɔyii wiase bɔne nyinaa kɔeɛ. Wɔn a wɔagye wɔn nkwa no ntumi mpa ‘nsuo’ a ɛyɛ Yesu asubɔ no da.
 

Wɔn A Wɔgye Die, Nanso Wɔnyaa Nkwagyeɛ No, Pa Yesu Asubɔ No Kɔsi Awieeɛ. 

Whan na ɔma Onyankopɔn dane ɔtorofoɔ?
Deɛ ɔnnye Yesu asubɔ nnie no
 
Hwɛ nokorɛ a ɔsomafoɔ Yohane daa no adi berɛ ɔkaa sɛ, “Deɛ ɔnnye Onyankopɔn nnie no ama no adane ɔtorofoɔ.” Sɛ ɔsomafoɔ Yohane te yɛn nkyɛn ha seesei ara a, anka ɛdeɛn na ɔbɛka akyerɛ Akristofoɔ a wɔwɔ yɛn mmerɛ yi mu no? Anka ɔbɛbisa wɔn sɛ, berɛ a wɔbɔɔ Yesu asu no, ɔyii yɛn bɔne nyinaa kɔeɛ anaa sɛ wannyi? 
 Anka Yohane Suboni nso renni asɛmpa no ho adanseɛ sɛ Yesu de n’asubɔ na ɛgyee yɛn nkwa anaa? “Wɔamfa wo bɔne nyinaa angu Yesu atifi berɛ a ɔbaa me nkyɛn maa mebɔɔ no asu no anaa?” Ɛno nti Yohane Suboni dii adanseɛ a emu da hɔ kyerɛɛ yɛn sɛ, wɔbɔɔ Yesu asu sɛ ɔbɛgye yɛ nyinaa nkwa (Yohane 1:29. 1 John 5:4-8).
Wɔn a wɔnnye Onyankopɔn nnie no, anaa nso wɔn a wɔnnye deɛ ɔyɔeɛ nyinaa de gyee yɛn nkwa no ma no dane ɔtorofoɔ. Sɛ yɛka sɛ Yesu yii yɛn bɔne nyinaa kɔeɛ berɛ a wɔbɔɔ no asu no a, wɔka sɛ, “O, ɛmmom paa deɛ, ɛntumi nkɔba sɛ ɔyii yɛn bɔne nyinaa kɔeɛ! Bɔne a ɛwɔ hɔ dada no mmom na ɔyi kɔeɛ, ɛno nti yɛn bɔne a yɛyɔ no da biara no deɛ ɛda so ara wɔ hɔ.”
Ɛno nti wɔsi so ketee sɛ, ɛsɛ sɛ wɔbɔ adwensakyera mpaeɛ ma wɔn bɔne a wɔyɛ no da biara no. Yei ne adeɛ a wɔgye die. Mo nyinaa nso gye di anaa? Wɔn a wɔnnye nnie sɛ, wɔde Yesu asubɔ no ahohoro yɛn bɔne nyinaa no ma Onyankopɔn dane ɔtorofoɔ.
 

Yesu Gyee Yɛn Prɛko Berɛ A Wɔbɔɔ No Asu Na Ɔhwiee Ne Mogya Guiɛ Wɔ Asɛnnua No So No.

Whan na ɔredi atorɔ?
Onipa a ɔnnye Yesu asubɔ nnie no
 
Wɔbɔɔ Yesu asu na ɔyii wiase bɔne nyinaa kɔeɛ prɛko. Onyankopɔn gye wɔn a wɔgye Yesu asubɔ ne ne mogya die no nkwa, nanso ɔpo wɔn a wɔnnye nnie no. Wɔkɔ amanehunu kuro. Enti sɛ yɛbɛnya nkwagyeɛ anaa sɛ yɛnnya nkwagyeɛ no gyina yɛn gyidie so. Yesu agye wiase afiri bɔne nyinaa mu. Wɔn a wɔgye die no wɔ nkwa, na wɔn a wɔnnye nnie no wɔnyɛ nyaa nkwagyeɛ, ɛfiri sɛ wɔama Onyankopɔn adane ɔtorofoɔ.
Ɛnyɛ nnipa ahoɔmmerɛ nti na wɔkɔ amanehunu kuro, na mmom gye a wɔnnye nnie ntira. “Deɛ ɔnnye Onyankopɔn nnie no ama no adane ɔtorofoɔ” (1 Yohane 5:10). Wɔn a wɔnnye nnie sɛ, yɛde wɔn bɔne nyinaa guu Yesu so no, bɔne da so ara wɔ wɔn akomam. Wɔntumi nka sɛ bɔne biara nni wɔn ho.
Berɛ bi mehyiaa ɔsomfoni bi, na mebisaa no sɛ, “Ɔsomfoni, wo bɔne nyinaa kɔeɛ berɛ a wogyee Yesu diiɛ no anaa?
“Aane, ɛkɔeɛ.”
“Ɛnneɛ ɛnam sɛ Yesu yii wiase bɔne nyinaa kɔeɛ na ɔkaa 
sɛ, ‘wɔawie’ nti no, woanya nkwa. Ɛnte saa anaa?”
“Aane, manya nkwa.”
“Ɛnneɛ na bɔne biara nni wo ho.”
“Aane, ebi nni me ho.”
“Sɛ woyɛ bɔne bio a, ɛdeɛn na ɛbɛsie?”
“Yɛyɛ nnipa kɛkɛ, ɛno nti ɛbɛyɛ dɛn na yɛnkɔyɛ bɔne bio? Ɛno nti ɛsɛ sɛ yɛsakyera y’adwene na yɛhohoro yɛn bɔne da biara.”
Saa Ɔsomfoni yi da so wɔ bɔne n’akomam, ɛfiri sɛ ɔnnim nokorɛ no nyinaa a ɛwɔ nkwagyeɛ mu no.
Yeinom mu bi ne wɔn a wɔdi Nyankopɔn ho agorɔ, na wɔma no dane ɔtorofoɔ no. Yesu a ɔyɛ Nyankopɔn no antumi anyi bɔne nyinaa a ɛwɔ wiase no anaa? Yei yɛ adeɛ a ɛhyɛ abufuo paa. Sɛ Yesu antumi anyi bɔne nyinaa ankɔ a, anka ɛbɛyɛ dɛn na wayɛ nkwagyeɛ Nyankopɔn? Adɛn nti na ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛngye no ndi? Wobɛma no adane ɔtorofoɔ anaa? Metu wo fo sɛ nyɔ saa.
Twerɛ Kronkron no kyerɛ yɛn sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛdi ne ho agorɔ. Yei kyerɛ sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛma no dane ɔtorofoɔ, anaa sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛdaadaa noɔ. Ɔnte sɛ yɛn.
Ɔsomafoɔ Yohane kyerɛ yɛn nokorɛ a ɛfa nkwagyeɛ asɛmpa no ho. Nnipa pii mpɛ sɛ wɔbɛgye nnoɔma a Nyankopɔn yɔ maa yɛn, a ɛne sɛ, Yesu nam nsuo, mogya ne Honhom so na ɛbaeɛ no.
Yɛwɔ ekuo mmienu wɔ Akristofoɔ mu. Wɔn a wɔnnye deɛ Twerɛ Kronkron ka no nnie na wɔpaem ka sɛ, “Meyɛ ɔdebɔneyɛni,” ne wɔn a wɔgye deɛ ɔyɔeɛ nyinaa maa wɔn die na wɔpaem ka sɛ, “Meyɛ ɔteneneeni.” Ekuo yi mu deɛ ɛwɔ he na wodwene sɛ ɔka nokorɛ no?
Wɔn a wɔnnye deɛ Onyankopɔn yɔeɛ a ɛyɛ wɔn a wɔnnye adanseɛ a ɛyɛ nsuo, mogya ne Honhom no nnie no na wɔdi atorɔ. Wɔkura gyidie a ɛnyɛ nokorɛ no. Wɔn a wɔnnye nnie no ma Onyankopɔn dane ɔtorofoɔ.
Ɛmma no ndane ɔtorofoɔ. Yesu baa Yordan asubɔntene ho, na (berɛ a wɔbɔɔ no asu no) ɔhyɛɛ tenenee nyinaa ma (ɔyii bɔne nyinaa a ɛwɔ wiase kɔeɛ).
 

Wɔn A Wɔnnye Nnie No Pa Yesu Asubɔ Ne Ne Kronkronyɛ

Ɛdeɛn na Satan ne ɔbonsam pa?
Yesu asubɔ no
 
Deɛ ɔgye Nyankopɔn ba no die no wɔ adanseɛ no ɔno ara mu. Deɛ wɔawo no foforɔ no gye di sɛ, wɔde ne bɔne nyinaa guu Yesu so berɛ a wɔbɔɔ no asu no, na wɔde Yesu nsuo ne ne mogya no na agye no nkwa. Akristofoɔ a wɔawo wɔn foforɔ no gye di sɛ, wɔnam ɔbaabunu Maria so na wɔwoo Yesu baa wiase, na wɔbɔɔ no asu wɔ Yordan mu ansa na ɔwuiɛ wɔ asɛnnua no so, na ɔnyanee firii owuo mu.
Ateneneefoɔ wɔ adanseɛ no wɔ wɔn akomam. Yɛn nkwagyeɛ adanseɛ gyina yɛn gyidie a yɛwɔ wɔ Yesu mu, ɔno na ɔnam nsuo mogya ne Honhom no so baeɛ. Adanseɛ no wɔ wo mu. Metu wo fo sɛ, nya adanseɛ no wɔ wo mu. Mepɛ sɛ meka kyerɛ wo sɛ, Sɛ adanseɛ biara nni hɔ a, ɛnneɛ nkwangyeɛ biara nso nni hɔ. Nkwagyeɛ adanseɛ no wɔ wo mu.
Ɔsomafoɔ Yohane kaa sɛ, “Deɛ ɔgye Nyankopɔn ba no die no wɔ adanseɛ ɔno ara ne mu” (1 Yohane 5:10). Sɛ yɛgye Yesu mogya a ɔhwie guiɛ wɔ asɛnnua no so di a, ɛno ne adanseɛ a ɛwɔ yɛn mu no anaa? Anaa adanseɛ no ne sɛ, yɛbɛgye nsuo no adie na yɛnnye mogya no nnie? Ɛsɛ sɛ wogye baasa no nyinaa di na Nyankopɔn gye wo tum.
Ɛno na Yesu bɛdi wo ho adanseɛ sɛ ‘woanya nkwa.’ Anaa wopɛ sɛ wokyerɛ sɛ, sɛ wogye baasa no mu mmienu di a, wowɔ adanseɛ no anaa? Ɛnneɛ na ɛte sɛ deɛ wogye Nyankopɔn die sɛdeɛ wopɛ wɔ w’akwan mu. Ɛno bɛyɛ te sɛ deɛ ‘woredi wo ara wo ho adanseɛ no.’
Yɛwɔ nnipa pii wɔ hɔ a wɔte saa. Yɛwɔ nnipa pii wɔ wiase yi mu a wɔgye baasa no mu baanu adanseɛ die. Wɔdi adanseɛ sɛ wɔanya nkwagyeɛ, na wɔtwerɛ nwoma a ɛka ho nsɛm. Hwɛ wɔn ho hare a ɛyɛ! Ɛhyɛ abufuo paa. Wɔfrɛ wɔn ho ‘Asɛmpakafoɔ.’ Wɔwɔ atenka sɛ wɔnyɛ ‘asɛmpakafoɔ’ bi kɛkɛ, na mmom wɔyɛ ‘nyamesomfoɔ.’ Wɔnnye ‘nsuo’ no nni, nanso wɔhoahoa wɔn ho wɔ wɔn nkwagyeɛ mu! Nsɛm a wɔka no bɛtumi atɔ aso mu deɛ, nanso wɔnni Nyankopɔn adanseɛ no wɔ wɔn adwenem. Ɛyɛ adwenkyerɛ bi a ɛnni nnyinasoɔ.
Ɛyɛ dɛn na wofrɛ yei nkwagyeɛ? Wɔn a wɔgye Yesu a ɔnam Honhom, nsuo ne mogya so baeɛ no wɔ Nyankopɔn ne nnipa adanseɛ.
Ɔsomafoɔ Paulo kaa sɛ, “Sɛ yɛn asɛmpa no amma mo nkyɛn asɛm nko, na mmom ɛbaa ahoɔden ne Honhom Kronkron ne ɛso duasie beberee mu nso” (1 Tesalonikafoɔ 1:5). Sɛ nnipa gye Yesu mogya no nko di a, ɔbonsam nya anigyeɛ. “O, nkwaseafoɔ, madaadaa mo nyinaa, ha-ha!” Beberee no ara na ɛgye die sɛ, sɛ woyi Yesu ayɛ a, ɔbonsam dwane kɔ. Wɔn adwene yɛ wɔn sɛ, ɔbonsam suro asɛnnua no. Nanso ɛsɛ sɛ wode to w’adwenemu sɛ, ɛyɛ ɔyɛkyerɛ bi kɛkɛ na ɔbonsam yɛ kyerɛ yɛn. Ɛnsɛ sɛ yɛma ɔde yei bu yɛn kwasea.
Sɛ honhommɔne fa obi nnommum a, ɔbɛtumi abɔ dam, na n’ano twa ahuro. Ɛnyɛ adeɛ a ɛyɛ den ma ɔbonsam, ɛfiri sɛ ɔwɔ tumi a ɔtumi ma nnipa yɔ biribiara a ɔpɛ. Deɛ ɔbonsam yɔ ara ne sɛ, ɔbɛfa n’adwene ayɛ adwuma kakraa bi. Onyankopɔn maa ɔbonsam tumi mu ahodoɔ pii, gye sɛ tumi a wɔde kum nnipa nko. Ɔbonsam bɛtumi ama obi ho apopo sɛ ahahan, na ɔtumi ma no team dendeenden, na n’ano twa ahuro.
Sɛ ɛkɔba saa a, agyidifoɔ team dendeenden, “Firi ne mu kɔ wɔ Yesu din mu! Firi kɔ!” Sɛ onipa no ani tete no na n’ani ba ne ho so a, wɔka kyerɛ no sɛ, ɛyɛ tumi a ɛwɔ Yesu mogya mu no na agye no nkwa. Nanso yei nyɛ tumi a ɛwɔ mogya no mu. Ɛyɛ ɔyɛkyerɛ bi na ɔbonsam yɛ kyerɛ yɛn.
Ɔbonsam suro wɔn a wɔgye Yesu die no paa, deɛ ɔde n’asubɔ ahohoro yɛn ho fitaa no, deɛ ɔde ne mogya yii atemmuo maa yɛn no, na ɔnyane firii owuo mu no. Ɔbonsam ntumi ngyina adanseɛ a ɛyɛ Yesu asubɔ ne ne nkwagyeɛ mogya no anim.
Sɛdeɛ monim no, ɛtɔ mmerɛ bi a, Roman asɔfoɔ tu ahonhommɔne. Yɛahunu saa mpɛn pii wɔ senee mu. Wɔ senee mu no, ‘Omen’ a ɔyɛ ɔsɔfoɔ no kura asɛnnua ketewa bi, na ɔwoso asɛnnua no, nanso berɛ biara no owu. Obi a yɛawo no foforɔ no ntumi nni nkuguo a ɛte saa no.
Ogyedini a yɛawo no foforɔ no de akokoɔduro ka Yesu asubɔ ne ne mogya no ho asɛm. Sɛ ɔbonsam bɔ mmɔden sɛ ɔrebɛtetee no a, ɔbisa ɔbonsam sɛ, “Na wonnim sɛ Yesu ayi me bɔne nyinaa kɔ anaa?” Ɛno mu na ɔbonsam dwaneɛ. Ɔbonsam kyiri kɔkɔ sɛ ɔbɛgyina wɔn a wɔawo wɔn foforɔ no nkyɛn. Sɛ obi a wɔawo no foforɔ te adihɔ a, ɔbonsam bɔ mmɔden sɛ ɔbɛdwane afiri hɔ. Wɔaka sɛ wɔn a wɔnnye Nyankopɔn nnie no ama no adane ɔtorofoɔ. Wɔnnye ne ba no adanseɛ a ɛyɛ nsuo ne mogya adanseɛ no nni. 

Ɛdeɛn ne Nyankopɔn ba no adanseɛ?
N’asubɔ, ne mogya ne Honhom no
 
Ɛdeɛn ne Nyankopɔn ba no adanseɛ? Ɛne sɛ ɔnam Honhom no so na ɛbaeɛ, na ɔde nsuo no yii yɛn bɔne nyinaa kɔeɛ. Ɔyii wiase bɔne nyinaa guu ɔno ara ne ho so, na ɔhwie ne mogya wɔ asɛnnua no so maa yɛn. Ɛnyɛ yei ne nsuo, mogya ne Honhom adanseɛ no anaa?
Nnipa di atorɔ wɔ Nyankopɔn anim, ɛfiri sɛ wɔnnye nokorɛ asɛmpa a ɛyɛ nsuo ne mogya no nni, nkwangyeɛ asɛmpa no. Asɛmpa ahodoɔ a aka no nyinaa nyɛ nokorɛ. Wɔn gyidie nyinaa nyɛ nokorɛ. Wɔn gyidie nyɛ nokorɛ na wɔka asɛmpa a ɛte saa no kwa. 
Momma yɛnsane nkɔ 1 Yohane 5. Nyiyimu 11 ka sɛ. “Na yei ne adanseɛ no, sɛ Onyankopɔn ama yɛn daa nkwa, na nkwa yi wɔ ne ba no mu.” Ɛkyerɛ yɛn sɛ, Onyankopɔn ama yɛn daa nkwa, na nkwa no wɔ deɛ ne nsa ka no mu. Afei nso saa nkwa no wɔ ne ba no mu.
Wɔn a wɔanya daa nkwa no yɛ wɔn a wɔnam Yesu asubɔ ne ne mogya no so anya nkwagyeɛ berɛ a wɔgye diiɛ no. Wɔn a wɔgye wɔn nkwa no nya daa nkwa, na wɔtena ase daa daa. Woanya daa nkwa anaa?
Wɔ nkyekyɛmu 12, “Deɛ ɔwɔ ɔba no wɔ nkwa no. Deɛ ɔnni Nyankopɔn ba no, ɔnni nkwa no.” Wɔ nsɛm foforɔ mu no, deɛ ɔgye nnoɔma a Yesu yɔeɛ wɔ asase yi so nyinaa — n’asubɔ, n’asɛnnua no so wuo, ne ne wusɔreɛ no — wɔ daa nkwa. Nanso deɛ ɔyi yei mu baako mpo firi mu no rennya nkwa, na ɔntumi nya ɔgyeɛ.
Nsonoeɛ a ɔsomafoɔ Yohane da no adi wɔ Nyankopɔn mma mu no gyina wɔn gyidie a wɔwɔ wɔ nnoɔma a Yesu yɔeɛ no mu: nsuo no, Honhom no, ne mogya no. Nnoɔma yi ma yɛhunu sɛ Asɛm no wɔ wɔn mu anaa sɛ ɛnni wɔn mu. Gyidie a wɔn a wɔagye wɔn nkwa no wɔ wɔ Yesu nsuo asubɔ, ne mogya, ne Honhom no mu no na ɔde hunu wɔn.
 

Wɔn A Wɔnwoo Wɔn Foforɔ No Nnim Nsonoeɛ A Ɛwɔ Nnwanten Ne Mmirekyie Ntam 

Whan na ɔtumi hunu wɔn a wɔanya nkwagyeɛ ne wɔn wɔnnyaa nkwagyeɛ no?
Onipa a wɔawo no foforɔ no
 
Ɔsomafoɔ Yohane da wɔn a wɔawo wɔn foforɔ no adi pefee kyerɛ yɛn. Saa ara na ɔsomafoɔ Paulo nso yɔeɛ. Ɛbɛyɛ dɛn na Nyankopɔn nkoa bɛtumi ada nsonoeɛ a ɛwɔ nnwanten ne mmirekyie mu? Ɔkwan bɛn so na wɔtumi da nsonoeɛ a ɛwɔ Nyankopɔn nkoa nokwafoɔ ne atorofoɔ no mu no adi? Wɔn a wɔgyee wɔn nkwa berɛ a wɔgyee Yesu nsuo ne ne mogya diiɛ no nya tumi a wɔde hunu.
Sɛ obi yɛ ɔsɔfoɔ o, ɔsɛnpɛkafoɔ o, anaa asɔre panin, na sɛ ɔntumi nhunu wɔn a wɔanya nkwagyeɛ, anaa sɛ ɔntumi nhunu nsonoeɛ a ɛwɔ nnwanten ne mmirekyie mu a, ɛnneɛ na wɔnwoo no foforɔ, na ɔnni nkwa no wɔ ne mu. Nanso wɔn a wɔawo wɔn foforɔ no tumi hunu nsonoeɛ a ɛwɔ mu no yie paa. Wɔn a nkwa nni wɔn mu no ntumi nhunu nsonoeɛ no, na wɔntumi nhunu sɛ ɛyɛ nokorɛ anaa sɛ ɛnyɛ nokorɛ no.
Ɛwom sɛ yɛntumi nhunu nsonoeɛ a ɛwɔ esum mu deɛ, nanso ahahanmono yɛ ahahanmono, na fitaa nso yɛ fitaa. Nanso sɛ wokata w’ani a, wontumi nhunu nsonoeɛ no, na worenya ho nimdeɛ biara.
Nanso wɔn a wɔn ani abue no bɛtumi ahunu nsonoeɛ a ɛyɛ ketewa paa no mpo. Wɔbɛtumi akyerɛ deɛ ɛyɛ ahahanmono ne deɛ ɛyɛ fitaa. Saa ara pɛpɛɛpɛ na yɛwɔ nsonoeɛ wɔ wɔn a wɔawo wɔn foforɔ ne wɔn a wɔnwoo wɔn foforɔ no mu.
Ɛsɛ sɛ yɛka nkwagyeε asɛmpa no, nsuo ne Honhom asɛmpa no. Ɛsɛ sɛ yɛsɔre na yɛhyerɛn. Sɛ yɛboaboa nnipa ano di wɔn ho ahyia sɛ yɛreka asɛmpa no a, yɛmfa nsɛm a ɛfiri nnipa nkyɛn na ɛka. Wɔ Twerɛ Kronkron mu no, 1 Yohane 5 kyerɛ yɛn aseɛ. Ɛsɛ sɛ yɛtu anamɔn baako baako kyerɛkyerɛ mu sɛdeɛ ɛbɛyɔ na sakasaka biara mma.
Asɛm a yɛɛka, a ɛyɛ nsuo ne mogya ne Honhom asɛmpa no, yɛ nkwagyeɛ kanea. Sɛ yɛpɛ sɛ nnipa hunu Yesu nsuo no a, ɛsɛ sɛ yɛhyerɛn wɔ ahoɔden so. Sɛ yɛma nnipa nya Yesu mogya no mu nimdeɛ a, ɛno na ɛkyerɛ sɛ yɛrehyerɛn wɔ ahoɔden so. Ɛsɛ sɛ yɛma emu da hɔ sɛdeɛ ɛbɛyɔ na nnipa a ɛwɔ asase ani nyinaa bɛhunu nokorɛ no.
Sɛ wɔn a wɔawo wɔn foforɔ no ansɔre anhyerɛn a, nnipa pii bɛwuwu wɔ berɛ a wɔnyaa nkwagyeɛ, na ɛnyɛ adeɛ a ɛbɛsɔ Nyankopɔn ani koraa. Ɔbɛfrɛ yɛn nkoa anihafoɔ. Ɛsɛ sɛ yɛka nsuo ne Honhom asɛmpa no na atrɛ akɔ babiara.
Deɛ nti a meka Yesu asubɔ ho asɛm mpɛn pii bio ne sɛ, ɛhia paa ma yɛn nkwagyeɛ. Sɛ yɛne mmɔfra rekasa a, yɛto yɛn bo ase kyerɛkyerɛ nnoɔma ase bio kɔsi sɛ, yɛbɛhunu sɛ deɛ yɛka kyerɛɛ wɔn nyinaa no wɔate aseɛ.
Sɛ yɛrebɔ mmɔden akyerɛ obi a ɔnkɔɔ sukuu da adeɛ a, yɛde kasafua mfitiaseɛ adesua na yɛde bɛdi kan akyerɛkyerɛ noɔ. Afei yɛbɛtumi akyerɛ no kwan a yɛfa so de kasafua ntwerɛeɛ adesua no twerɛ nsɛm. Sɛ ɔtumi de nsɛm yi mu baako baako sisi ani te sɛ ‘asotweɛ’ a, yɛfiri aseɛ kyerɛkyerɛ no deɛ nsɛm yi kyerɛ. Saa ara pɛpɛɛpɛ na ɛsɛ sɛ yɛka Yesu ho asɛm kyerɛ nnipa, na yɛhwɛ hunu sɛ wɔate biribiara ase.
Ɛsɛ sɛ yɛkyerɛkyerɛ Yesu asubɔ mu yie ma emu da hɔ pefee. Ɔnam nsuo, mogya, ne Honhom no so na ɛbaa wiase. Me mpaebɔ ne sɛ wobɛgye Yesu adi sɛ ɔyɛ w’agyenkwa, na woanya nkwagyeɛ.
Nsuo ne Honhom nkwagyeɛ no firi gyidie a ɛwɔ Yesu asubɔ ne n’asɛnnua no so mogya mu na ɛba, ne gyidie a yɛwɔ sɛ, ɔyɛ Nyankopɔn, yɛn Agyenkwa no.