• All e-books and audiobooks on The New Life Mission website are free
  • Explore multilingual sermons in global languages
  • Two new revised editions in English have been released
  • Check out our website translated into 27 languages
Search

Sermons

Asɛmpɔ 3 : Nsuo ne Honhom asɛmpa no

[3-4] Yesu Asubɔ Yɛ Nkwagyeɛ Nsɛsoɔ Ma Nnebɔneyɛfoɔ (1 Petro 3:20-22)

2021.04.10 156
Yesu Asubɔ Yɛ Nkwagyeɛ Nsɛsoɔ Ma Nnebɔneyɛfoɔ(1 Petro 3:20-22)
“Emu na akra kakraa bi a wɔsi baawɔtwe nyaa nkwa nsuo no mu. Ɛno na afei ne nsɛsoɔ gye mo nso nkwa; ɛne asubɔ a ɛnyɛ honam ho fi yi, na mmom ɛyɛ ahonim pa ho adebisa a Yesu Kristo wusɔreɛ nti yɛnam so yɛ Nyankopɔn deɛ. Ɔno na, ɔkɔɔ ɔsoro no, ɔte Nyankopɔn nifa, na abɔfoɔ ne wɔn a wɔwɔ ahoɔden ne tumi mu abrɛ wɔn ho ase ama no.”

Ɛnam ɛdeɛbɛn so na yɛbɛtumi abɛyɛ ateneneefoɔ?
Ɛnam Onyankopɔn adom so
 
Na Onyankopɔn nim yɛn dada ansa na mpo wɔrewo yɛn aba asase yi so. Ɔnim sɛ wɔbɛwo yɛn sɛ nnebɔneyɛfoɔ, na ɔnam Yesu asubɔ a ɛyii wiase bɔne nyinaa kɔeɛ no so agye agyidifoɔ nyinaa nkwa.
Yei nyinaa yɛ Nyankopɔn adom ntira. Sɛdeɛ wɔaka wɔ Nnwom 8:4, “Ɔdasani ne hwan a wokae no?” Wɔn a wagye wɔn afiri wɔn bɔne nyinaa mu no yɛ wɔn a wɔn nsa aka Nyankopɔn adom sononko no. Wɔyɛ ne mma.
Yɛn a yɛgyee Yesu mogya ne Honhom no nko ara diiɛ no, ansa na yɛbɛyɛɛ Nyankopɔn mma no, berɛ a yɛbɛyɛɛ ateneneefoɔ na wɔgyee yɛn nkwa no, na wɔmaa yɛn tumi sɛ yɛnfrɛ no Agya no, na yɛyɛ deɛn? Na yɛyɛ nnebɔneyɛfoɔ, nnebɔneyɛfoɔ a wɔawo yɛn wiase sɛ yɛntena ase mfeɛ 70 anaa 80 berɛ a yɛwɔ apɔmuden.
Ansa na wɔrehohoro yɛn afiri yɛn bɔne nyinaa mu no, ansa na yɛrennya gyidie wɔ Yesu asubɔ ne ne mogya asɛmpa mu no, na yɛyɛ wɔn a wɔntene a na yɛnim yie paa sɛ yɛbɛyera.
Ɔsomafoɔ Paulo kaa sɛ, ɛyɛ Onyankopɔn adom nti na na ɔte sɛ sɛdeɛ ɔteɛ no, ɛyɛ Nyankopɔn adom nkotoo nti na yɛn nso yɛte sɛ sɛdeɛ yɛteɛ yi. Yɛda no ase wɔ n’adom a ɔde ama yɛn no. Ɔbɔadeɛ no baa wiase bɛgyee yɛn nkwa, ɔde yɛn yɛɛ ne mma, ne ne man. Yɛda no ase wɔ n’adom nkwagyeɛ a ɛyɛ nsuo ne Honhom no.
Adɛn nti na ɔmaa yɛn kwan sɛ yɛmmɛyɛ ne mma, ateneneefoɔ no? Yɛn ahoɔfɛ ntira anaa? Anaa sɛ yɛfata ntira? Anaa sɛ yɛyɛ ntira? Momma yɛndwene ho yie na yɛmfa aseda mma deɛ aseda sɛ noɔ.
Deɛ nti a Onyankopɔn bɔɔ yɛn ne sɛ, ɔbɛma yɛayɛ ne man, na wama yɛne no atena ɔsoro Ahenie no mu. Onyankopɔn maa yɛbɛyɛɛ ne man sɛdeɛ ɛbɛyɔ na yɛne no bɛtena ase daapem. Yei ne adekorɔ pɔtee nti a Nyankopɔn de daa nkwa hyiraa yɛn no. Ɛnyɛ sɛ yɛn ahoɔfɛ nti na ɔmaa yɛbɛyɛɛ ne man, anaa sɛ yɛfata ntira, anaa yɛabɔ ɔbra pa akyɛne n’abɔdeɛ a aka no nyinaa ntira. Deɛ nti a ɔyɔɔ yei nyinaa ne sɛ, ɔdɔ yɛn.
“Ɛno na afei ne nsɛsoɔ gye mo nso nkwa, ɛne asubɔ” (1 Petro 3:21). “Emu na akra kakraa bi a wɔsi baawɔtwe nyaa nkwa nsuo no mu” (1 Petro 3:20).
Emu na akra kakraa bi a baako wɔ kuro mu na baanu wɔ abusua mu anya nkwa. Ɛnneɛ na yɛyɔ papa kyɛne wɔn a aka no anaa? Ɛnte saa koraa. Yɛnyɛ sononko nkyɛn obiara saa, nanso yɛnam yɛn gyidie a yɛwɔ wɔ nsuo ne Honhom mu no so anya nkwa.
Ɛyɛ anwanwadeɛ a ɛso kyɛne anwanwandeɛ nyinaa sɛ yɛanya nkwagyeɛ, na ɛyɛ akyɛdeɛ a ɛnnyina biribiara so, ne nhyira a ɛfiri Nyankopɔn nkyɛn sɛ yɛbɛtumi afrɛ no yɛn Agya, yɛn Awurade. Yɛntumi mpa yei da. Ɛbɛyɛ dɛn na anka yɛbɛtumi afrɛ no yɛn Agya ne yɛn Awurade, wɔ berɛ a anka yɛda so yɛ nnebɔneyɛfoɔ?
Sɛ yɛdwendwene nokorɛ a ɛwɔ hɔ sɛ wagye yɛn nkwa a, yɛnim sɛ Nyankopɔn de ne dɔ a ɛnnyina biribiara so no na adɔ yɛn. Yɛntumi nna no ase anaa? Sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn dɔ ne ne nhyira a, anka wɔbɛwo yɛn na yɛawuwu wɔ berɛ yɛabɔ yɛn bra wɔ ahohiahia mu awie no, na yɛakɔ amanehunu kuro. Yɛda Onyankopɔn ase bio mpɛn pii wɔ ne dɔ ne ne nhyira a ama yɛn nso yɛafata sɛ yɛmmɛyɛ ne mma wɔ n’ani so no.
 
 

Nkwagyeɛ A Ɛsombo A Wɔnam Yesu Asubɔ So De Ama Yɛn No


Adɛn nti na nnipa a na wɔwɔ Noa berɛ so no yeraeɛ?
Ɛfiri sɛ wɔannye nsuo (Yesu asubɔ no) anni
 
“Ɛno na afei ne nsɛsoɔ gye mo nso nkwa, ɛne asubɔ.” Wɔatwerɛ wɔ 1 Petro sɛ, akra bɛyɛ baawɔtwe nko na wɔnyaa nkwa nsuo no mu. Nnipa sɛn na na wɔte ase wɔ Noa berɛ so? Ɔkwan biara nni hɔ a yɛde bɛhunu wɔn dodoɔ a na wɔyɛ, nanso momma yɛmfa no sɛ na wɔyɛ ɔpepepe. Noa abusua mu nnipa baawɔtwe pɛ na wɔnyaa nkwa wɔ nnipa ɔpepepe mu.
Sɛ wosese a, saa ara pɛpɛɛpɛ na anka abɛyɛ nnɛ da yi nso. Wɔka sɛ nnipa bɛyɛ ɔpepepeepee 6 na ɛwɔ wiase seesei. Wɔ yɛn mmerɛ yi mu no, nnipa sɛn na agye Yesu adie a yɛahohoro wɔn ho afiri wɔn bɔne nyinaa mu? Sɛ yɛhwɛ kuro kɛseɛ baako mu a, nnipa kakraa bi na yɛbɛhunu wɔn saa.
Wɔ kuro kɛseɛ a mefiri mu a nnipa bɛyɛ 250,000 na ɛte mu no, wɔn mu dodoɔ sɛn na anya ɔgyeɛ afiri wɔn bɔne mu? Ebia 200 anaa? Ɛnneɛ sɛ wosese a, ɛbɛyɛ sɛn? Ɛkyerɛ sɛ, sɛ woyi nnipa apem biara a, wɔn mu baako pɛ na anya nkwagyeɛ.
Wɔakan ahunu sɛ Akristofoɔ bɛyɛ ɔpepe 12 a Catholic asafo no mu nnipa ka ho bie na ɛwɔ Korea man mu. Wɔ yei mu no, emu dodoɔ sɛn na wɔde nsuo ne Honhom no awo wɔn foforɔ? Ɛsɛ sɛ yɛde hyɛ yɛn adwenem sɛ, nnipa a na wɔwɔ asase yi so wɔ Noa berɛ so no, wɔ mu bɛyɛ baawɔtwe pɛ na wɔnyaa nkwagyeɛ. Ɛsɛ sɛ yɛhunu na yɛgye die sɛ, Yesu ahohoro wɔn a wɔgye n’asubɔ a ɛyii wiase bɔne nyinaa kɔeɛ no bɔne nyinaa.
Yɛnni nnipa beberee wɔ hɔ a wɔgye die sɛ, Yesu nam n’asubɔ ne n’asɛnnua no so mogya na agye yɛn nyinaa nkwa. Hwɛ ‘Yesu wusɔreɛ mfoni’ a agye din no. Nnipa dodoɔ sɛn na yɛhunuu wɔn? Wobɛhunu wɔn sɛ wɔfiri Yerusalem aban mu reba, ne Yesu a watrɛ ne nsam sɛ ɔbɛgye wɔn aba ne nkyɛn no. Wo deɛ fa w’adwene sese wɔn mu dodoɔ a na wɔyɛ nyamesɛm suafoɔ, ne asomfo.
Nnɛ no, yɛwɔ nyamesɛm suafoɔ pii wɔ wiase, nanso yɛhunu sɛ wɔn mu kakraa bi na wɔnim sɛ Yesu asubɔ yɛ nokorɛ a ɛhia paa wɔ nkwagyeɛ mu. Nyamesɛm suafoɔ no bi ka sɛ, deɛ nti a wɔbɔɔ Yesu asu ne sɛ, na ɔwɔ ahobreaseɛ, ebinom nso se, wɔbɔɔ no asu sɛdeɛ ɛbɛyɔ na ɔbɛyɛ te sɛ yɛn nnipa.
Nanso wɔatwerɛ wɔ Twerɛ Kronkron no mu sɛ, asuafoɔ no nyinaa a na Petro ne Yohane ka ho bie no, dii Yesu asubɔ ho adanseɛ sɛ, ɛnam ɛno so na wɔde wiase bɔne nyinaa guu no so, na yɛn nso yɛgye di.
Asuafoɔ no dii adanseɛ wɔ Twerɛsɛm no mu sɛ, Yesu asubɔ so na wɔnam so de yɛn bɔne nyinaa guu no so. Ɛyɛ nwanwa sɛ Onyankopɔn adom adanseɛ no nti, sɛ yɛgye di a, yɛbɛtumi anya nkwagyeɛ.
 

‘Ebia’ Biara Nni Yesu Asubɔ Nkwagyeɛ No Mu 

Whan na ɔnya Nyankopɔn dɔ a ɛnni awieeɛ no?
Onipa a ɔgye Yesu asubɔ ne ne mogya die no
 
Nnipa gyidie kyerɛ wɔn sɛ, Yesu mu gyidie kɛkɛ no nko bɛtumi agye yɛn nkwa. Nsɔre ahodoɔ no nyinaa wɔ wɔn gyidie a wɔkura mu dendeenden sɛ ɛno ne nokorɛ no, na ebinom dwene sɛ, Yesu asubɔ no yɛ adeɛ a ɛsɛ sɛ yɛgye die, na yɛgye tum saa ara wɔ Kristosom mu. Nanso ɛnyɛ nokorɛ. Wɔ nwoma mpempem a mekenkaneeɛ no mu no, menhunuu nwoma a ɛfa nkwagyeɛ ho a ɛkyerɛkyerɛ ayonkofa a ɛwɔ nkwagyeɛ a ɛwɔ Yesu asubɔ mu ne ne mogya ne Nyankopɔn nkwagyeɛ mu.
Nnipa bɛyɛ 8 na wɔnyaa nkwagyeɛ Noa berɛ so. Mennim nnipa dodoɔ a wɔanya nkwagyeɛ nnɛ, nanso ebia wɔyɛ kakraa bi. Wɔn a wɔanya nkwagyeɛ no ne wɔn a wɔgye Yesu asubɔ ne ne mogya no die. Berɛ a mekɔɔ nsrahwɛ wɔ asafo ahodoɔ pii mu no, mehunuu no mpɛn pii sɛ wɔn mu kakraa bi na wɔka Yesu asubɔ asɛmpa a ɛyɛ nokorɛ no ho asɛm.
Sɛ yɛannye nkwagyeɛ a ɛfiri Yesu asubɔ ne ne mogya mu no anni a, yɛyɛ nnebɔneyɛfoɔ a yɛnyaa nkwagyeɛ, ɛmfa ho ne nokorɛ a yɛadi wɔ yɛn asɔrekorɔ mu. Yɛbɛtumi adi nokorɛ akɔ asɔre yɛn nkwa nna nyinaa, nanso sɛ yɛdaso ara wɔ bɔne wɔ yɛn akomam a, yɛyɛ nnebɔneyɛfoɔ.
Sɛ yɛakɔ asɔre mfeɛ 50 mpo na sɛ bɔne wɔ yɛn akomam a, gyidie a yɛnyaa wɔ mfeɛ 50 mu no nyinaa nyɛ hwee, na mmom atorɔsɛm. Anka ɛyɛ koraa sɛ wode dakoro bɛnya nokorɛ gyidie no. Wɔ wɔn a wɔgye Yesu die mu no, wɔn a wɔgye deɛ Yesu asubɔ ne ne mogya kyerɛ no die pɛpɛɛpɛ no na wɔbɛtumi ahyɛne Nyankopɔn Ahenie no mu.
Nokorɛ gyidie ne sɛ, wobɛgye adie sɛ, Onyankopɔn ba no baa wiase, na wɔbɔɔ no asu sɛ ɔbɛyi wiase bɔne nyinaa akorɔ. Saa gyidie yi na ɛde yɛn bɛkɔ Nyankopɔn Ahenie no mu. Ɛsɛ sɛ yɛgye di nso sɛ, Yesu hwiee ne mogya guiɛ wɔ asɛnnua no so maa me ne wo. Ɛsɛ sɛ yɛhunu yei, sɛdeɛ ɛbɛyɔ na yɛbɛtumi ada no ase, ahyɛ no animuonyam.
Yɛyɛ deɛn? Yɛyɛ mmaa ne mmarima mma a wɔde Yesu asubɔ ne ne mogya agye yɛn nkwa. Adɛn nti na yɛntumi nna no aseɛ? Wɔbɔɔ Yesu asu wɔ Yordan mu berɛ a na wadi mfeɛ 30, sɛdeɛ ɛbɛyɔ na wɔbɛgye yɛn nkwa. Wɔ saa kwan yi so no, ɔyii yɛn bɔne nyinaa kɔeɛ, na ɔnyaa atemmuo wɔ asɛnnua no so maa yɛn.
Sɛ yɛdwendwene ho a, yɛnni hwee ka sɛ yɛde ahobreaseɛ bɛda no aseɛ. Ɛsɛ sɛ yɛhunu sɛ, deɛ Yesu yɔeɛ nyinaa wɔ wiase yi mu no, ɔyɔ maa yɛn nkwagyeɛ. Deɛ edi kan no, ɔbaa ewi yi ase. Wɔbɔɔ no asu, wɔkum no asɛnnua no so, ɔnyanee firi owuo mu nnansa, na seesei deɛ ɔte Agya no nsa nifa.
Onyankopɔn nkwagyeɛ no yɛ yɛn nyinaa dea a wɔnyi obibiara mfiri mu. Yesu Kristo nkwagyeɛ no yɛ wo ne me dea. Yɛda Onyankopɔn ase wɔ ne dɔ ne ne nhyira.
Yɛnim asɛmpa no nnwom bi a wɔto no sɛ, “♫Asɛm bi wɔ hɔ a ɛyɛ fɛ. ♫Wɔ nnipa pii a ɛwɔ wiase nyinaa mu no, me ne deɛ ɔwɔ ne dɔ ne ne nkwagyeɛ. ♫O hwɛ sɛdeɛ ne dɔ no yɛ nwanwa. ♫Ne dɔ a ɔde dɔ me, ne dɔ a ɔde dɔ me. Asɛm bi wɔ hɔ a ɛyɛ fɛ. ♫Wɔ nnipa pii a ɛwɔ wiase nyinaa mu no, yɛn ne wɔn a wɔanya nkwa, a yɛabɛyɛ ne man. Yɛahyɛ ne dɔ no. ♫O Nyankopɔn dɔ, Nyankopɔn adom. ♫O hwɛ nwanwa a ne dɔ no yɛ! Ne dɔ a ɔwɔ ma me♫”.
Yesu baa asase yi so sɛ, ɔbɛgye wo ne me nkwa, na n’asubɔ nkwagyeɛ nso yɛ yɛn nyinaa dea. Asɛmpa no nyɛ anansesɛm bi kɛkɛ; ɛyɛ nokorɛ a eyi yɛn firi abrabɔ hunu mu kɔ Nyankopɔn Ahenie fɛɛfɛ no mu. Ɛsɛ sɛ wode to w’adwenem sɛ, gyidie no yɛ ayɔnkofa a ɛwɔ wo ne Nyankopɔn ntam.
Ɔbaa wiase mu sɛdeɛ ɛbɛyɔ na ɔbɛgye yɛn nkwa. Wɔbɔɔ no asu, na ɔnyaa atemmuo wɔ asɛnnua no so de hohoroo yɛn bɔne nyinaa.
Nhyira bɛn koraa na ɛsene yei sɛ agyidifoɔ nokwafoɔ no bɛtumi afrɛ Onyankopɔn wɔn Agya! Ɛbɛyɛ dɛn na yɛbɛtumi agye Yesu adi sɛ ɔyɛ yɛn Agyenkwa, na wɔnam yɛn gyidie so agye yɛn afiri bɔne mu? Ɛbɛtumi aba saa ɛsiane ne dɔ a ɛnni awieeɛ a ɔwɔ de ma yɛn no ntira. Ɛnam ne so nti na wɔagye yɛn nkwa, ɔno na ɔdɔɔ yɛn kane.
 
 

Yesu Hohoroo Yɛn Bɔne Nyinaa Prɛko

 
Wɔagye yɛn nkwa prɛko anaa sɛ ɛyɛ kakra nkakra?
Ɛyɛ prɛko
 
“Ɛfiri sɛ Kristo nso hunuu bɔne ho amane prɛko, deɛ ɔtene hunu maa wɔn a wɔntene, sɛ ɔde yɛn bɛkɔ Nyankopɔn nkyɛn” (1 Petro 3:18). Wɔbɔɔ Yesu Kristo asu maa yɛn nkwagyeɛ, na ɔwui prɛko wɔ asɛnnua no so sɛdeɛ ɛbɛyɔ na ɔbɛgye wo ne me a yɛntene no nkwa.
Owui prɛko wɔ asase yi so sɛ ɔbɛyi yɛn afiri Nyankopɔn atemmuo mu. Sɛdeɛ ɛbɛyɔ na yɛbɛtumi ahyɛne Nyankopɔn Ahenie mu atena ase daa nti, ɔbaa ewi yi ase wɔ honam mu, na ɔnam n’asubɔ ne ne wuo, na ne wusɔreɛ no so ahohoro yɛn bɔne nyinaa prɛko.
Wogye di sɛ Yesu Kristo de n’asubɔ ne ne mogya agye yɛn nkwa anaa? Sɛ wonnye n’asubɔ ne ne mogya asɛmpa no nni a, wontumi nya nkwagyeɛ. Ɛnam sɛ yɛwɔ mmerɛyɛ nti no, sɛ yɛannye anni sɛ Yesu de n’asubɔ ne ne mogya no ahohoro yɛn ho prɛko a, yɛnnya awo foforɔ.
Wɔbɔɔ no asu sɛ ɔbɛyi yɛn bɔne nyinaa akorɔ, na wɔbuu no atɛn wɔ asɛnnua no so maa yɛn. Yesu nam n’asubɔ ne ne mogya nkwagyeɛ no so ahohoro nnebɔneyɛfoɔ bɔne nyinaa prɛko.
Sɛ anka ɛsɛ sɛ ɛberɛ biara a yɛbɛyɛ bɔne no yɛbɔ adwensakyera mpaeɛ, na yɛbɔ ɔbra pa, yɛ adɔeɛ, na yɛde nnoɔma beberee bɔ afɔdeɛ ma asafo no nso a, yɛntumi nya nkwagyeɛ da.
Enti, Yesu asubɔ mu gyidie ne n’asɛnnua no so mogya yɛ adeɛ a ɛhia paa ma yɛn nkwagyeɛ. Ɛsɛ sɛ yɛgye nsuo ne mogya no die. Nwuma pa a yɛbɛyɛ ne yɛn bɔne fakyɛ nni twaka biara.
Ɛrenyɛ wo nkwagyeɛ ho adepa biara sɛ wobɛtɔ ntadeɛ a ne boɔ yɛ den ama ahiafoɔ, na wode aduane pa ama asɔfoɔ. Yesu gye wɔn a wɔgye n’asubɔ ne ne mogya die no nko ara nkwa. Sɛ yɛgye di sɛ Onyankopɔn nam Yesu asubɔ ne ne mogya no so agye yɛn prɛko a, yɛbɛnya nkwagyeɛ.
Ebia ebinom bɛdwene sɛ, Onyankopɔn aka saa wɔ n’asɛm mu deɛ, nanso ɛsɛ sɛ wɔfa adwene foforɔ. Wɔbɛtumi adwene sɛdeɛ wɔpɛ, nanso ɛsɛ sɛ yɛgye Nyankopɔn asɛm no die sɛdeɛ wɔatwerɛ no.
Wɔ Hebrifoɔ 10:1-10, wɔatwerɛ sɛ, ɔgyee yɛn nyinaa nkwa prɛko. Ɛyɛ nokorɛ sɛ Nyankopɔn gye wɔn a wɔgye Yesu asubɔ ne mogya die no prɛko. Ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛgye di saa ara. “♫Ɔwuiɛ prɛko, ɔgyee yɛn nkwa prɛko. O annuanom, gye di, na nya nkwagyeɛ. Fa w’adesoa to Yesu asubɔ no ase.♫” Yesu gyee yɛn nkwa firii yɛn asoɔden ne yɛn bɔne nyinaa mu berɛ a wɔbɔɔ no asu na ɔhwiee ne mogya gui prɛko no.
“Deɛ ɔtene hunuu maa wɔn a wɔntene” (1 Petro 3:18). Yesu yɛ Nyankopɔn a bɔne biara nni ne ho, na ɔnyɛɛ bɔne da. Ɔbaa yɛn nkyɛn wɔ honam mu sɛ, ɔbɛgye yɛn afiri bɔne nyinaa mu. Wɔbɔɔ no asu, na ɔyii yɛn bɔne nyinaa kɔeɛ. Ɔgyee yɛn nkwa firii bɔne ne atɛn a ɛntene nyinaa mu.
Nnipa bɔne nyinaa ɛfiri berɛ a wɔwoo wɔn kɔsi da wɔbɛwuo no, wɔde ne nyinaa guu Yesu so berɛ a wɔbɔɔ no asu no, na nnipa nyinaa nyaa nkwa firii atemmuo mu berɛ a ɔhwiee ne mogya guiɛ na ɔwuu wɔ asɛnnua no so no. Wɔbɔɔ no asu maa nnebɔneyɛfoɔ, na ɔwu maa wɔn.
Yei ne n’asubɔ mu nkwagyeɛ no. Yesu gyee yɛn a anka na yɛyɛ nnebɔneyɛfoɔ nyinaa nkwa prɛko. Hwɛ ahoɔmmerɛ a yɛwɔ! Nanso Yesu gyee yɛn firii yɛn bɔne nyinaa mu, ɛfiri yɛn awoɔ berɛ so kɔsi sɛ yɛbwuwuo, na ɔde ne ho maa atemmuo wɔ asɛnnua no so. Yɛn a yɛgye Yesu die no, ɛsɛ sɛ yɛgye di sɛ, ɔde n’asubɔ ne ne mogya no na agye yɛn nkwa prɛko.
Yɛyɛ mmerɛ, nanso Yesu nte saa. Yɛnni nokorɛ, nanso Yesu di nokorɛ. Onyankopɔn gyee yɛn nkwa prɛko. “Na sɛdeɛ Onyankopɔn dɔɔ wiase nie, sɛ ɔde ne ba a ɔwoo no korɔ no maeɛ, na obiara a ɔgye no die no anyera, na wanya daa nkwa” (John 3:16). Onyankopɔn de ne ba koro no maa yɛn. Ɔmaa wɔbɔɔ ne ba no asu sɛdeɛ ɛbɛyɔ na wɔde wiase bɔne nyinaa bɛgu no soɔ, na wagye atemmuo ama nnipa nyinaa.
Nkwagyeɛ anwanwasoɔ bɛn ni! ɔdɔ anwanwansoɔ bɛn ni! Yɛda Onyankopɔn ase wɔ ne dɔ ne ne nkwagyeɛ. Onyankopɔn gye wɔn a wɔgye Yesu asubɔ ne ne mogya die no nkwa; Yesu asubɔ ne ne mogya a ɔhwie guiɛ no, ne nokorɛ a ɛwɔ hɔ sɛ ɔyɛ Nyankopɔn no.
Wɔn a wɔgye Yesu die no bɛtumi anya nkwa wɔ berɛ a wɔgye nokorɛ a ɛwɔ n’asubɔ ne ne mogya mu no die, na wɔbɛnya daa nkwa sɛ ateneneefoɔ. Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa gye die.
Whan na ɔgyee yɛn nkwa? Ɛyɛ Yesu a ɔyɛ Nyankopɔn no na ɔgyee yɛn nkwa. Deɛ nti a yɛanya nkwagyeɛ ne sɛ, yɛgye Nyankopɔn nkwagyeɛ no di, na yei ne nkwagyeɛ mu ɔgyeɛ no.
 

Yesu Yɛ Nkwagyeɛ Mu Wura

Kristo asekyerɛ ne sɛn?
Ɔsɔfoɔ, Ɔhene, ne Odiyifoɔ.
 
Yesu Kristo yɛ Nyankopɔn. Yesu kyerɛ sɛ Agyenkwa no, na Kristo kyerɛ sɛ ‘deɛ wɔasra no.’ Ɛte sɛ deɛ Samuel sraa Saul ngo wɔ Apam Dadaa mu no. Na wɔsra ahemfo ne asɔfoɔ ngo, na sɛ odiyifoɔ bi rebɛhyɛ ne dwumadie ase nso a, na ɛsɛ sɛ wɔsra no ngo.
Yesu baa wiase, na wɔsraa no ngo maa dwumadie mmiɛnsa: ɔsɔfoɔ deɛ, ɔhene, ne odiyifoɔ. Sɛ obi a ɔyɛ ɔsoro Sɔfoɔ no, wɔbɔɔ no asu sɛ ɔbɛyi nnipa bɔne nyinaa akorɔ.
Asoɔmmerɛ a ɔyɛ maa Agya no nti, ɔde ne ho maeɛ sɛ afɔdeɛ wɔ Agya no anim. “Mene kwan no nokorɛ ne nkwa no, obi mma Agya no nkyɛn, gye sɛ ɔnam me so.” Yesu agye yɛn mu dodoɔ a yɛgye die sɛ, ɔnam n’asubɔ no so yii yɛn bɔne nyinaa kɔeɛ, na wɔbɔɔ no asɛnnua mu no nyinaa nkwa.
“Ɛfiri sɛ ɔhonam kra wɔ mogya no mu” (Leviticus 17:11). Wɔbɔɔ Yesu asu wieeɛ no, ɔhwiee ne mogya gui wɔ asɛnnua no so. Ɛkyerɛ sɛ ɔde ne nkwa bɔɔ afɔdeɛ wɔ Nyankopɔn anim de tuaa yɛn bɔne ka, sɛdeɛ ɛbɛyɔ na yɛn a yɛyɛ agyidifoɔ no bɛnya nkwa.
Berɛ a ɔwui wɔ asɛnua no so wieeɛ no, ɔnyanee da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, na ɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ ahonhom a na wɔwɔ efiase no. Wɔn a wɔnnyaa nkwagyeɛ no te sɛ ahonhom mu adeduafoɔ a wɔakyere wɔn ato efiase ɛsiane bɔne nti. Nnipa ɛte saa no na Yesu ka nokorɛ asɛmpa no ho asɛm kyerɛ wɔn, a ɛyɛ nsuo ne Honhom asɛmpa no. Onyankopɔn de nsuo ne Honhom asɛmpa no ama yɛn sɛ ɛngye yɛn nkwa. Obiara a ɔgye die no bɛtumi anya awo foforɔ.
 
 

Yesu Asubɔ Ne Ne Mogya Gye Nnebɔneyɛfoɔ Nkwa


Ɛbɛyɛ dɛn na yɛanya ahonim pa wɔ Nyankopɔn anim?
Sɛ yɛgye Yesu asubɔ ne ne mogya no di a
 
Yesu Kristo yɛ yɛn Agyenkwa, na yɛwɔ adanseɛ bi wɔ 1 Petro 3:21, “Ɛno na afei ne nsɛsoɔ gye mo nso nkwa; ɛne asubɔ a ɛnyɛ honam ho fi yi, na mmom ɛyɛ ahonim pa ho adebisa a Yesu Kristo wusɔreɛ nti yɛnam so yɛ Nyankopɔn deɛ.” Nsuo a ɛyɛ Yesu asubɔ no yɛ adeɛ a ɛhia paa ma nnebɔneyɛfoɔ nkwagyeɛ.
Yesu hohoroo nnebɔneyɛfoɔ bɔne nyinaa kɔeɛ berɛ a ɔnam n’asubɔ so yii bɔne yi nyinaa guu ɔno ara ne ho so no. Wogye Yesu asubɔ no di anaa? Wogye di sɛ wɔnam n’asubɔ no so hohoroo yɛn akomam fitaa firii bɔne nyinaa mu anaa? Wahohoro yɛn akomam fitaa afiri bɔne nyinaa mu, nanso yɛn honam da so ara yɛ bɔne.
Sɛ ‘wɔbɛwo wo foforɔ’ nkyerɛ sɛ onipa nkɔyɛ bɔne bio. Yɛn a wɔawo yɛn foforɔ no nso yɛyɔ bɔne, nanso yɛn akoma da so ara yɛ fitaa ɛnam yɛn gyidie a yɛwɔ wɔ n’asubɔ mu no nti. Ɛno nti nsɛmfua a ɛwɔ soro ha yi no se, “Ɛnyɛ honam mu ho fi yi, na mmom ɛyɛ ahonim pa ho adebisa a Yesu Kristo wusɔreɛ nti yɛnam so yɛ Nyankopɔn deɛ” (1 Petro 3:21).
Ɛnam sɛ Yesu hohoroo me bɔne nyinaa kɔeɛ nti, na ɛnam sɛ Nyankopɔn agye atemmuo ama me yi deɛ, adɛn nti na mengye no ndie? Seesei a menim sɛ Yesu a ɔyɛ Nyankopɔn no nam n’asubɔ ne ne mogya so agye me nkwa yi, ɛbɛyɛ dɛn na mengye no ndie? Wɔgyee yɛn nkwa wɔ Nyankopɔn anim, na afei yɛn ahonim ho ate. Na sɛdeɛ yɛntumi nka sɛ Onyankopɔn nnɔ yɛn no, saa ara nso na yɛntumi nka wɔ Nyankopɔn anim sɛ Yesu anhohoro yɛn bɔne nyinaa anwie.
Sɛ wɔwo yɛn foforɔ wie a, yɛn ahonim nya atenka a emu yɛ den paa, na sɛ yɛfom kɔyɛ bɔne bi a, ɛkyerɛ yɛn ma yɛhunu. Sɛ yɛma ɔhaw kakraa bi koraa ba yɛn ahonim mu a, yɛntumi nde yɛn ho mfiri bɔne mu gye sɛ yɛkae Yesu asubɔ mu tumi no. Ɛno nko ne kwan a yɛbɛtumi afa so anya ahonim pa.
Sɛ yɛn ahonim ha yɛn a, ɛkyerɛ sɛ biribi ankɔ yie. Yesu asubɔ nsuo no hohoroo yɛn bɔne ho fi nyinaa fitaa. Yesu de n’asubɔ no yii yɛn bɔne nyinaa kɔeɛ, na ɔhohoroo yɛn ho wɔ ahoteɛ mu, mpo wɔ yɛn ahonim mu. Sɛ yɛgye yei di ampa a, yɛn ahonim mu bɛtumi ate wɔ nokorɛm. Ɛbɛyɛ dɛn na yɛn ahonim mu atumi ate? Emu te wɔ berɛ a yɛgye Yesu asubɔ ne ne mogya no die. Obiara wɔ bɔne ne ahonim fi firi awoɔ mu, nanso sɛ yɛgye di sɛ, wɔde yɛn bɔne nyinaa guu Yesu so a, yɛbɛtumi apepa saa fi no.
Yei ne wɔn a wɔawo wɔn foforɔ no gyidie. Ɛnyɛ adeɛ ɛba mpofirim sɛdeɛ ɛno ara pɛ, te sɛ biribi a wogye tum wɔ w’ahonim mu no. W’ahonim mu ate anaa? Wobɔɔ ɔbra pa nti na emu teeɛ no anaa? Anaa sɛ wɔde wo bɔne nyinaa guu Yesu soɔ no ntira? Ɛnam yɛn gyidie nko so na yɛbɛtumi anya ahonim a emu teɛ.
Yɛwɔ nsɛm a nkwa wɔ mu, ɛnna yɛwɔ nsɛm nso a nkwa biara nni mu. Ɔkwan nko a yɛbɛtumi afa so abɛyɛ ateneneefoɔ na yɛanya ahonim pa ne sɛ, yɛbɛgye Yesu nkwagyeɛ a awie pɛ yɛ no adie.
Sɔ gyidie a yɛwɔ wɔ n’asubɔ mu no te yɛn ho a, ɛno nkyerɛ sɛ honam ho fi yi no afiri hɔ, na mmom ɛyɛ ahonim pa ho adebisa wɔ Nyankopɔn anim. Ɛno nti na ɔba bɛbɔɔ asu, wuiɛ wɔ asɛnnua no so, na ɔnyane firii owuo mu no, na afei ɔte Nyankopɔn nsa nifa.
Sɛ berɛ no duru a, ɔbɛba wiase bio. “Ɔbɛkwati bɔne ayi ne ho adi ne mprenu soɔ, akyerɛ wɔn a wɔhwɛ no kwan no de wɔn akɔ nkwagyeɛ mu” (Hebrifoɔ 9:28). Yɛgye di sɛ, ɔbɛba abɛfa yɛn a yɛnam n’asubɔ ne mogya no mu gyidie so abɛyɛ ateneneefoɔ, na yɛhwɛ no kwan no akɔ ne nkyɛn.
 

Gyidie Ayaresa Mu Nhwehwɛmu

Sɛ Yesu asubɔ nni hɔ a, yɛbɛtumi anya nkwagyeɛ anaa?
Daabida
 
Yɛyɛɛ ayaresa nhwehwɛmu bi a yɛammɔ yɛn tirim sɛ yɛbɛyɔ wɔ yɛn asafo a ɛwɔ Daejeon no. 
Rev. Park a ɔwɔ Daejeon asafo mu no ka kyerɛɛ awarefoɔ bi sɛ, sɛ yɛanka Yesu asubɔ ho asɛm mpo a, bɔne biara nni wiase. Sɛ na ɔkɔ asɔre na wɔka asɛmpa no a, okunu no taa da mpɛn pii berɛ a wɔkɔ asafo ahodoɔ mu no, ɛfiri sɛ asɔfoɔ no yi nkwagyeɛ a ɛnam Yesu asubɔ so baeɛ no firi asɛmpa no mu, na ɛno hyɛɛ no maa no sakyeraa n’adwene da biara.
Nanso ɔbaa Taejon asafo a ɛwɔ ha yi no, ɔbuee n’ani tie nsɛmpa no yie, ɛfiri sɛ wɔka kyerɛɛ no sɛ, wɔde bɔne nyinaa guu Yesu so. Yei maa emu yɛɛ mmerɛ maa ne yere sɛ ɔbɛdɛfɛdɛfɛ noɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɔ na ɔne ne yere bɛyɛ adwene korɔ.
Dakoro na ɔte asɔre no mu, na ɔtiee Romanfoɔ 8:1, “Ɛnneɛ afei afobuo biara nni hɔ mma wɔn a wɔwɔ Kristo Yesu mu.” Afei ɔkaa wɔ n’adwenem sɛ, ‘Ahaa, ɛnneɛ sɛ obi bɛgye Yesu di a, bɔne biara nni ne ho. Ɛsiane sɛ me nso megye Yesu die nti, bɔne biara nni me ho.’
Ɛno nti, ɔfrɛɛ n’akonta ne ne nnamfonom mmaako mmaako wɔ ahoma torofoɔ so kaa sɛ, “Wo wɔ bɔne wɔ w’akomam anaa? Ɛnneɛ wo gyidie ntene.” Wɔ yei mu no, Rev Park adwene yɛɛ no kɛserenee. Na okunu no nnim biribiara fa Yesu asubɔ ho, nanso ɔdii akyingyeɛ kaa sɛ bɔne biara nni ne ho.
Ɛno na afei ɔhaw kakra firii aseɛ baa awarefoɔ yi ntam. Ɔyere no yɛɛ ne ho sɛ onyamesomni paa, nanso na bɔne da so ara wɔ n’akomam wɔ berɛ a na ne kunu aka akyerɛ no sɛ bɔne nni ne ho no. Na okunu no kɔ asɔre mmerɛ kakraa bi, nanso na bɔne nni ne ho.
Na ɔyere no nim yie sɛ, wɔn baanu no nyinaa da so ara wɔ bɔne wɔ wɔn akomam. Na wɔfirii aseɛ dii ho akyingyeɛ. Okunu no gyinaa so dendeenden sɛ, bɔne nni ne ho ɛfiri sɛ, “Afobuo biara nni hɔ ma wɔn a wɔwɔ Kristo Yesu mu.” Na ɔyere no dii akyingyeɛ sɛ ɔda so ara wɔ bɔne wɔ n’akomam.
Ɛno na dakoro asɛm no yɛɛ ne yere no ahi, ɛno nti ɔyɛɛ n’adwene sɛ, ɔbɛkɔ akɔbisa Rev. Park na wakyerɛkyerɛ no asɛm a ɔkaeɛ sɛ, wɔde yɛn bɔne nyinaa guu Yesu so no mu yie.
Ɛno nti, dakoro a anwummerɛ som baa awieeɛ pɛ no, ɔsomaa okunu no maa no kɔɔ wɔn fie, na ɔtenaa Rev. Park nkyɛn sɛ ɔbɛbisa no asɛm. Ɔkaa sɛ, “Menim sɛ wopɛ sɛ wokyerɛ yɛn biribi, nanso menim yie sɛ ɔfa bi wɔ hɔ a ɛhia paa. Mesrɛ wo, kyerɛ me saa adeɛ no.” Afei ɔkaa nsuo ne Honhom mu awo foforɔ ho asɛm kyerɛɛ no.
Ɔhunuu no prɛko deɛ nti a wɔatwerɛ wɔ Romanfoɔ 8:1, “Ɛnneɛ afei afobuo biara nni hɔ mma wɔn a wɔwɔ Kristo Yesu mu.” ɔgye diiɛ prɛko, na ɔnyaa nkwa. Akyire yi no, ɔhunuu sɛ ɛnam Yesu asubɔ so na wɔde yɛn bɔne nyinaa guu ne so sɛdeɛ ɛbɛyɔ na yɛn a yɛwɔ Kristo mu no wɔmmu yɛn atɛn.
Afei ɔfirii aseɛ tee Asɛm a wɔatwerɛ no ase. Ne nyinaa mu no ɔhunuu sɛ, deɛ ɛhia paa wɔ nkwagyeɛ mu no yɛ Yesu asubɔ, na ɛnam n’asubɔ nkwagyeɛ no so na yɛbɛtumi abɛyɛ ateneneefoɔ.
Nokwasɛm ne sɛ, ne kunu no ankɔ fie, na mmom na ɔte abɔntene hɔ retwɛn no. Ɔtiee ɔbaa no adansedie sɛ wɔapepa ne bɔne, na Obisaa no sɛ, “Wiɛ, seesei deɛ woanya nkwagyeɛ anaa?”
Nanso berɛ a ɔtiee deɛ ne sɔfoɔ no ka kyerɛɛ ne yere no wieeɛ no, n’adwenem yɛɛ no kɛserenee. Na ɔntee Yesu asubɔ asɛmpa no da. Na ɔnim yie sɛ, sɛ Yesu asubɔ nni hɔ mpo no a, bɔne biara nni n’akomam. Ɛno nti wɔbaa fie no, wɔdii akyingyeɛ bio.
Ɛberɛ yi mu deɛ, wɔn gyinabea sesaeɛ. Ɔyere no bisaa okunu no sɛ, ɔnhwehwɛ sɛ ebia bɔne wɔ n’akomam anaa sɛ bɔne nni hɔ. Obisaa no sɛ, ɛbɛyɛ dɛn na bɔne nni ne ho wɔ berɛ a ɔnnye Yesu asubɔ no nnie. Ɔyere no hyɛɛ no ketee sɛ, ɔnhwɛ n’ahonim mu yie. Afei ɔhwehwɛɛ n’ahonim mu yie no, ɔhunuu sɛ, bɔne da so wɔ n’akomam.
Ɛno nti, ɔkɔɔ Rev. Park nkyɛn kɔkaa sɛ, ɔwɔ bɔne wɔ n’akomam. Na ɔbisaa no sɛ, “Sɛ na wɔde wɔn nsa mmienu gu ɔpapo no atifi a, wɔyɔ saa ansa na wɔaku no anaa sɛ wɔku no wie a na wɔyɔ saa?” Na ɔntee nsuo ne Honhom asɛmpa no da. Ɛno nti ɔyɛɛ basaa a na ɔnni anigyeɛ biara.
Yei ne deɛ ɛhia paa wɔ saa honhom mu nhwehwɛmu no. Na ɛsɛ sɛ wɔbɔ Yesu asu, na wɔde wiase bɔne nyinaa gu ne so. Ɛno ansa na ɔbɛtumi awu wɔ asɛnnua no so, ɛfiri sɛ bɔne akatua ne owuo. 
“Na wɔde wɔn nsa mmienu gu bɔne afɔdeɛ no atifi ansa na wɔaku no, anaa sɛ na wɔku no wie a na wɔyɔ saa?” Obisaa no nsɛmmisa yi ɛfiri sɛ na n’adwenem yɛ no kɛserenee fa Yesu asubɔ ne nsagusoɔ ho. Ɛno nti Rev. Park kyerɛkyerɛɛ no Yesu asubɔ nkwagyeɛ no mu yie.
Saa da no ne da a ɛdi kan a okunu no tiee nsuo ne Honhom asεmpa no, na ɔnyaa nkwagyeɛ. Ɔtiee asɛmpa no prɛko, na ɔnyaa ɔgyeɛ.
Ɛno ne nhwehwɛmu a ɛfa Yesu asubɔ a wɔyi firi asɛmpa no mu no. Yɛbɛtumi aka sɛ bɔne nni yɛn ho, nanso sɛ yɛyi Yesu asubɔ no firi mu a, yɛwɔ bɔne wɔ yɛn ahonim mu. Nnipa pii no ara taa ka sɛ, Yesu wuiɛ wɔ asɛnnua no so pepaa yɛn bɔne nyinaa, nanso wɔn a wɔgye Yesu asubɔ ne ne mogya die no nko na wɔbɛtumi aka sɛ wɔnni bɔne biara wɔ Nyankopɔn anim.
Rev. Park maa awarefoɔ yi hunuu sɛ, sɛ yɛyi nkwagyeɛ a ɛwɔ Yesu asubɔ mu no firi mu a, yɛntumi nya ɔgyeɛ mfiri yɛn bɔne nyinaa mu.
 
 

Asubɔ Nsɛsoɔ: Yesu Asubɔ No


Ɛdeɛn ne nkwagyeɛ nsɛsoɔ?
Yesu asubɔ
 
“Ɛno na afei ne nsɛsoɔ gye no nso nkwa, ɛne asubɔ.” Yesu siane baa yɛn wiase yi mu sɛ ɔbɛhohoro yɛn bɔne nyinaa, na wɔama yɛn ahonim a ɛyɛ fitaa sɛ sukyerɛmma. Wɔahohoro yɛn afiri yɛn bɔne nyinaa ho, ɛfiri ɛsɛ Yesu nam n’asubɔ no so yii ne nyinaa de guu ɔno ara ne so.
Yesu mu gyidie na agye yɛn nkwa. Yɛba bɛyɛ Nyankopɔn mma, na yɛkɔ Ɔsoro Ahenie no mu wɔ berɛ a yɛgye Yesu die. Yɛba bɛyɛ ateneneefoɔ wɔ berɛ a yɛgye Yesu die. Yɛyɛ adehyeɛ mu asɔfokuo. Yɛbɛtumi afrɛ Onyankopɔn yɛn Agya. Yɛte wiase yi mu deɛ, nanso yɛyɛ ahemfo.
Wogye di ampa sɛ, Onyankopɔn gye wɔn a wɔgye nsuo ne Honhom nkwangyeɛ no die no nkwa anaa? Sɛ Yesu asubɔ nni hɔ a, yɛn nkwagyeɛ ntumi nwie pɛ yɛ da. Gyidie a Onyankopɔn ne Yesu gye tum sɛ ɛyɛ nokorɛ no ne gyidie a ɛwɔ Yesu asubɔ asɛmpa no mu, n’asɛnnua, ne Honhom no mu, ɛno na agye yɛn nkwa.
Wɔhohoroo yɛn bɔne nyinaa berɛ a Yesu de n’asubɔ yii ne nyinaa kɔeɛ no, na wɔtuaa yɛn bɔne nyinaa ka berɛ a ɔhwiee ne mogya guiɛ wɔ asɛnnua no so no. Yesu Kristo de nsuo ne Honhom no na agye yɛn nkwa. Aane! Yɛgye di!