• All e-books and audiobooks on The New Life Mission website are free
  • Explore multilingual sermons in global languages
  • Two new revised editions in English have been released
  • Check out our website translated into 27 languages
Search

Sermons

Asɛmpɔ 4 : Ɛkwan a Wobɛfa so Ahwɛ Bɔne Woyɛ no Daa no

[4-1] Mpata Mmorosoɔ Asɛmpa No (Yohane 13:1-17)

2021.04.10 150
Mpata Mmorosoɔ Asɛmpa No(Yohane 13:1-17)
“Na Twam afahyɛ no rebɛduro no, na Yesu nim sɛ ne dɔn aduru sɛ ɔrebɛfiri wi yi ase akɔ agya no nkyɛn, na sɛ ɔdɔɔ ɔno ara ne deɛ a wɔwɔ wiase no, ɔdɔɔ wɔn kɔsii aseɛ. Na wɔrebɛdidi no, na ɔbonsam anya de ahyɛ Yuda Iskariot, Simon ba, akomam sɛ ɔnkɔyi no mma, na Yesu nim sɛ Agya no de nnoɔma nyinaa ahyɛ ne nsa, ɛne sɛ ɔfirii Nyankopɔn nkyɛn, na ɔrekɔ Nyankopɔn nkyɛn nti, ɔsɔree firii adidiiɛ, na ɔyii n’atadeɛ guu hɔ, na ɔfaa mpepaho de kyekyeree ne ho so. Na afei ɔhwie nsuo guu dwaresɛn mu, na ɔfirii aseɛ hohoroo asuafo no nan ho, na ɔde mpepaho a ɔde kyekyeree ne ho soɔ no pepaa ho. Ɛnna ɔbɛduruu Simon Petro soɔ; na ɔno deɛ, ɔsee no sɛ: Awurade, wo na wohohoro me nan ho yi? Yesu buaa no sɛ; Deɛ mereyɔ yi, wonnim seesei, na akyire yi na wobɛhunu. Petro see no sɛ: Awurade, ɛnyɛ me nan ho nko, na me nsa ne me tirim nso bi. Yesu see no sɛ: Deɛ wadwareɛ no, ɛnhia no dwareɛ, gye ne nan ho hohorɔ, na ne ho nyinaa afi: na mo ho afi, na ɛnyɛ mo nyinaa. Na ɔnim deɛ ɔbɛyi no ama; yei nti na ɔkaa sɛ: ɛnyɛ mo nyinaa na mo ho afire no. Ɛna ɔwiee wɔn nan ho hohorɔ na ɔfaa n’atadeɛ na ɔtenaa ase bio no, ɔsee wɔn sɛ; Moahunu deɛ mayɔ mo yi? Mo deɛ, mofrɛ me Kyerɛkyerɛfoɔ ne Awurade, na moka nokorɛ, na meyɛ. Afei sɛ me, Awurade ne Kyerɛkyerɛfoɔ no, mahohoro mo nan ho a, na ɛsɛ sɛ mo nso mohohoro mo ho mo ho nan ho. Na mama mo sɛnnahɔ sɛ, sɛdeɛ mayɔ mo no, mo nso monyɔ saa ara. Nokorɛ, nokorɛ mese mo sɛ: Akoa nsene ne wura, na ɔsomfoɔ nsene deɛ ɔsomaa no. Sɛ monim yeinom na moyɔ a, nhyira ne mo.”

Adɛn nti na Yesu hohoroo Petro nan ho wɔ saa da no ansa na Twam afahyɛ no rebɛduro? Ansa na ɔrebɛhohoro Petro nan ho no, Yesu kaa sɛ, “Deɛ mereyɔ yi, wonnim seesei, na akyire yi na wobɛhunu.” Na Petro yɛ obi a na odi mu paa yie wɔ Yesu asuafoɔ no mu. Ɔgye diiɛ sɛ, Yesu yɛ Nyankopɔn ba, na ɔdii adanseɛ sɛ, Yesu ne Kristo no. Yesu hohoroo Petro nan ho no, na ɛwɔ botaeɛ nti a ɔyɔɔ saa. Berɛ a Petro kaa ne gyidie sɛ, Yesu yɛ Kristo no, ɛno kyerɛ sɛ, ɔgyee Yesu diiɛ sɛ ɔno ne Agyenkwa a ɔbɛgye no afiri ne bɔne nyinaa mu.

Adɛn nti na Yesu hohoroo asuafoɔ no na ho ansa na wɔrebɔ no asɛnnuam?
Ɛfiri sɛ na ɔpɛ sɛ wɔte ne nkwagyeɛ a ɛyɛ pε no ase
 
Adɛn nti na ɔhohoroo Petro nan ho? Na Yesu nim sɛ ɛrenkyɛ koraa Petro bɛpa no mprɛnsa, afei nso ɔbɛtoa so ayɔ bɔne daakye.
Sɛ Yesu kɔɔ soro wieeɛ no, Petro nyaa bɔne bi a na aka wɔ n’akomam a, anka ɔntumi ne Yesu nyɛ baako wɔ nkabomu kwan so. Nanso na Yesu nim n’asuafoɔ no nyinaa mmerɛyɛ, na na ɔmpɛ sɛ wɔn bɔne bɛtete ɔno ne wɔn ntam. Ɛno nti, na ɛsɛ sɛ ɔkyerɛkyerɛ wɔn ma wɔhunu sɛ, wadi kan ahohoro wɔn bɔne nyinaa dada. Ɛno ne deɛ nti a Yesu hohoroo n’asuafoɔ no na ho no. Ansa na Yesu rebɛwu agya wɔn hɔ akorɔ no, ɔyɛɛ n’adwene sɛ, ɔpɛ sɛ asuafoɔ no gyina pintinn wɔ n’asubɔ asɛmpa no mu nso, a ɛno ne wɔn asetena nyinaa mu bɔne fakyɛ a ewie pɛ yɛ no.
Yohane 13 kasa fa nkwagyeɛ a ɛyɛ pɛ a Yesu hyɛɛ ne nyinaa ma maa n’asuafoɔ no ho. Berɛ a ɔrebɛhohoro Petro nan ho no, Yesu kyerɛɛ wɔn n’asubɔ asɛmpa no mu nyansa a ɛnam ɛno so nnipa nyinaa bɛtumi ahohoro wɔn mmarato nyinaa no.
“Monmma ɔbonsam nnaadaa mo daakye. Mayi mo bɔne nyinaa kɔ wɔ Yordan asubɔntene mu, na mɛgye ho atemmuo wɔ asεnnua no so. Ɛno akyi no, mɛnyane afiri owuo mu, na mahyɛ awo foforɔ nkwagyeɛ nyinaa ma ama mo nyinaa. Sɛdeɛ ɛbɛyɔ na mɛkyerɛkyerɛ mo ama moahunu sɛ, mpo mahohoro mo daakye bɔne, na makyerɛ mo bɔne fakyɛ asɛmpa no nti, merehohoro mo nan ho ansa na wɔaku me asɛnnua no so. Yei ne ahintasɛm a ɛwɔ awo foforɔ asɛmpa no mu no. Ɛsɛ sɛ mo nyinaa mogye die.”
Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa te deɛ nti a Yesu hohoroo asuafoɔ no nan ho no ase, na yɛhunu deɛ nti a ɔkaa sɛ, “Deɛ mereyɔ yi, wonnim seesei, na akyire yi na wobɛhunu.” Ɛno ansa na yɛbɛtumi agye awo foforɔ asɛmpa no ne yɛn ara awo foforɔ no adie.
 

Ɔkaa Wɔ Yohane 13:12 
 
Ɛdeɛn ne mfomsoɔ?
Ɛyɛ bɔne a yɛyɔ no da biara ɛnam yɛn mmerɛyɛ nti
 
Ansa na Yesu rebɛwu wɔ asɛnnua no so ne n’asuafoɔ no adi Twam Afahyɛ no, ɔmaa wɔgyee bɔne fakyɛ asɛmpa no diiɛ sɛ, ɛyɛ nokorɛ berɛ a ɔde ɔno ara ne nsa hohoroo wɔn nan ho no.
“Na Yesu nim sɛ Agya no de nnoɔma nyinaa ahyɛ ne nsa, ɛne sɛ ɔfiri Nyankopɔn nkyɛn, na ɔrekɔ Nyankopɔn nkyɛn nti, ɔsɔre firi adidiiɛ, na ɔyii n’atadeɛ guu hɔ, na ɔfaa mpepaho de kyekyeree ne ho so. Na afei ɔhwiee nsuo guu dwaresɛn mu, na ɔfirii aseɛ hohoroo asuafoɔ no nan ho, na ɔde mpepaho a ɔde kyekyeree ne ho soɔ no pepaa ho. Ɛnna ɔbɛduruu Simon Petro soɔ: na ɔno deɛ, ɔsee no sɛ; Awurade, wo na wohohoro me nan ho yi? Yesu bua see no sɛ; Deɛ mereyɔ yi, wonnim seesei, na akyire yi na wobɛhunu.” (Yohane 13:3-7).
Ɔkyerɛɛ n’asuafoɔ no asubɔ asɛmpa no, ne bɔne ho mpata a ɛnam ne nsuo asubɔ so baeɛ no.
Wɔ saa berɛ no mu no, ɛnam nokorɛ a na ɔdi ma Yesu nti, Petro antumi ante aseɛ deɛ nti a Yesu a ɔyɛ Awurade no, bɛhohoro ne nan ho. Petro tee deɛ Yesu yɔeɛ no ase wieeɛ no, akyire yi no ɛkwan a ɔgyee Yesu diiɛ no sesaeɛ. Na Yesu pɛ sɛ ɔkyerɛ n’asuafoɔ no bɔne fakyɛ ne n’asubɔ asɛmpa no.
Na Yesu di ho yea sɛ ebia ɛnam Petro daakye bɔne nti na wantumi amma ne nkyɛn bio, a ɛyɛ bɔne a ɔbɛyɔ daakye no. Yesu hohoroo wɔn nan ho sɛdeɛ ɛbɛyɔ na ɔbonsam ntumi nyi asuafoɔ no gyidie mfiri hɔ. Akyire yi no, Petro tee deɛ nti a ɔyɔɔ saa no ase.
Yesu siesiee kwan no sɛdeɛ ɛbɛyɔ na obiara a ɔbɛgye ne nsuo asubɔ ne ne mogya adie no bɛnya daa nkwagyeɛ afiri wɔn bɔne nyinaa mu.
Wɔ Yohane 13, wɔatwerɛ nsɛm a Yesu kaeɛ berɛ a na ɔrehohoro n’asuafoɔ no nan ho no. Ɛyɛ nsɛm bi a ɛhia paa, na wɔn a wɔawo wɔn foforɔ no nko na wɔbɛtumi ate aseɛ.
Deɛ nti a Yesu hohoroo n’asuafoɔ no nan ho wɔ Twam afahyɛ da no akyi ne sɛ, ɔbɛboa wɔn ama wɔahunu sɛ, wadi kan ahohoro wɔn nkwa nna mu bɔne nyinaa kɔ dada. Yesu kaa sɛ, “Deɛ nti a merehohoro wo nan ho yi, seesei wonnim, nanso akyire yi na wobɛhunu.” Saa nsɛm yi a ɔka kyerɛɛ Petro no kura daapem nkwagyeɛ mu nokorɛ nsɛm a ɛwɔ Yesu mu no.
Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa hunu na yɛgye Yesu asubɔ a ahohoro yɛn bɔne ne yɛn mmarato nyinaa korɔ no die. Yesu asubɔ wɔ Yordan mu no yɛ bɔne a wɔnam nsagusoɔ so de gu bɔne afɔdeɛ no soɔ asɛmpa no. Ɛsɛ sɛ yɛgye nsɛm a Yesu kaeɛ no nyinaa die. Ɔnam n’asubɔ no so yii wiase bɔne nyinaa kɔeɛ, na ɔwiee bɔne fakyɛ ho adwuma berɛ a wɔbuu no atɛn na wɔkum no wɔ asɛnnua no so no. Wɔbɔɔ Yesu asu sɛ ɔbɛyi wiase bɔne nyinaa akorɔ.
 
 

Yɛn Asetena Nyinaa Mu Mfomsoɔ Fakyɛ No, Wɔde Yesu Asubɔ Ne Ne Mogya Na Ɛhyɛɛ Ma


Efidie bɛn na ɔbonsam sum tia ɔteneneeni?
Ɔbonsam bɔ mmɔden sɛ ɔbɛdaadaa ɔteneneeni sɛdeɛ ɛbɛyɔ na ɔbɛyɛ wɔn nnebɔneyɛfoɔ bio.
 
Na Yesu nim yie sɛ ne wuo, ne wusɔreɛ, ne ne soro korɔ akyi no, ɔbonsam ne n’asomfo a wɔka gyidie a ɛnyɛ nokorɛ no ho asɛm bɛba, na wɔbɛbɔ mmɔden sɛ wɔbɛdaadaa asuafoɔ no. Yɛtumi hunu wɔ Petro adanseɛ a ɔdiiɛ sɛ, “Wo ne Kristo, Nyankopɔn teasefoɔ no ba no” sɛ, ɔgyee Yesu diiɛ. Nanso na Yesu pɛ sɛ ɔkae Petro bio, na ɔde bɔne fakyɛ asɛmpa no hyɛ n’adwenem. Asɛmpa no yɛ Yesu asubɔ a ɔnam so yii wiase bɔne nyinaa kɔeɛ no. Na ɔpɛ sɛ ɔkyerɛkyerɛ Petro bio, asuafoɔ no, ne mpo wɔn a wɔbɛba akyire no nyinaa. “Deɛ mereyɔ yi, wonnim seesei, na akyire yi na wobεhunu.”
Berɛ biara a Yesu asuafoɔ no bɛyɛ bɔne no, ɔbonsam sɔ wɔn hwɛ, na ɔbu wɔn atɛn ka sɛ, “Hwɛ! Sɛ Wodaso yɛ bɔne a, ɛybɛyɛ dɛn na woaka sɛ bɔne nni wo ho?” Sɛdeɛ ɛbɛyɔ na ɔbɛbɔ yare bɔne a ɛte saa no ho ban nti, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, gyidie a wɔwɔ wɔ n’asubɔ mu no ahohoro wɔn asetena mu bɔne nyinaa — deε atwam, daa, ne daakye.
“Mo nyinaa nim yie sɛ wɔbɔɔ me asu! Deɛ nti a wɔbɔɔ me asu wɔ Yordan ho ne sɛ, mɛhohoro moasetena mu bɔne nyinaa ne bɔne a nnipa dii kan yɔeɛ no. Afei woate deɛ nti a wɔbɔɔ me asu ne deɛ nti a mewuiɛ wɔ asɛnnua so no ase anaa?” Yesu hohoroo asuafoɔ no nan ho sɛdeɛ ɛbɛyɔ na ɔbɛma wɔn ahunu sɛ, ɔnam n’asubɔ no so ayi wɔn bɔne a wɔyɛ no daa nyinaa no kɔ, na ɔbɛyi atemmuo afiri hɔ ama wɔn wɔ asɛnnua no so.
Seesei deɛ, wo ne me anya nkwagyeɛ afiri yɛn bɔne nyinaa mu ɛnam yɛn gyidie a yɛwɔ wɔ Yesu asubɔ ne ne mogya asɛmpa no mu no, deɛ ɛtumi ma yɛnya bɔne fakyɛ no. Wɔbɔɔ Yesu asu, na wɔbɔɔ no asɛnnuam maa yɛn. Ɔnam n’asubɔ ne ne mogya no so ahohoro wɔn bɔne nyinaa. Obiara a ɔnim na ɔgye bɔne fakyɛ asɛmpa no die, na ɔgye nokorɛ no die no, nya ɔgyeɛ firi ne bɔne nyinaa mu.
Ɛnneɛ, ɛdeɛn na ɛsɛ sɛ wɔn a yɛawo wɔn foforɔ no yɔ saa berɛ yi a wɔn anya nkwagyeɛ yi? Ɛsɛ sɛ wɔgye wɔn bɔne tum daa biara, na wɔgye nkwagyeɛ a ɛnam Yesu asubɔ ne ne mogya soɔ, ne bɔne nyinaa mpata asɛmpa no die. Bɔne fakyɛ asɛmpa no ne adeɛ ɛsɛ sɛ yɛde hyɛ yɛn adwenem paa yie.
Wokɔyɛɛ bɔne kɛkɛ no kyerɛ sɛ wobɛsane abɛyɛ ɔdebɔneyɛni bio anaa? Seesei a yɛnim sɛ Yesu ayi yɛn bɔne nyinaa korɔ yi, ɛybɛyɛ dɛn na yɛbɛsane abɛyɛ nnebɔneyɛfoɔ bio? Yesu asubɔ ne n’asɛnnua no so mogya yɛ bɔne ho mpata asɛmpa ma yɛn nyinaa. Obiara a ɔbɛgye asɛmpa a na ɛwɔ hɔ dada no adie no, wɔbɛtumi awo no foforɔ a wɔnyi wɔn mu biara mfiri mu.
 
 

Ɔteneneeni Ntumi Mmɛyɛ Ɔdebɔneyεni Bio Da


Adɛn nti na ɔteneneeni ntumi mmɛyɛ ɔdebɔneyɛni bio?
Ɛfiri sɛ Yesu apata wɔn nkwa nna mu bɔne nyinaa dada
 
Sɛ woagye bɔne fakyɛ asɛmpa a ɛyɛ nsuo ne Honhom asɛmpa no adi, nanso wonya atenka sɛ, woyɛ ɔdebɔneyɛni ɛnam wo mfomsoɔ a woyɛ no da biara no nti a, ɛnneɛ ɛsɛ sɛ wokɔ Yordan, bea a wɔbɔɔ Yesu asu maa no yii wiase bɔne nyinaa kɔeɛ no. Sɛ wobɛyɛ ɔdebɔneyɛni bio wɔ berɛ a woanya bɔne fakyɛ a, ɛnneɛ ɛsɛ sɛ anka wɔbɔ Yesu asu bio. Ɛsɛ sɛ wonya gyidie wɔ wo bɔne fakyɛ wɔ Yesu asubɔ asɛmpa no mu. Ɛsɛ sɛ wode to w’adwenem sɛ, Yesu nam n’asubɔ no so yii bɔne nyinaa kɔeɛ prɛko. Ɛsɛ sɛ wonya gyidie a ɛnhinhim da wɔ Yesu Kristo a ɔyɛ w’agyenkwa no mu.
Wobɛgye Yesu adie sɛ ɔyɛ w’agyenkwa no kyerɛ sɛ, wogye n’asubɔ a ɛyii wo nkwa nna mu bɔne nyinaa kɔeɛ no di. Sɛ wogye Yesu asubɔ, ne wuo, ne ne wusɔreɛ no di ampa a, worensane mmɛyɛ ɔdebɔneyɛni bio da, ɛmfa ho ne bɔne pɔtee a woayɛ. Ɛnam gyidie so na yɛgyee wo firii w’asetena mu bɔne nyinaa.
Yesu hohoroo yɛn daakye bɔne nyinaa nso kaa ho bi, mpo bɔne a ɛnam yɛn mmerɛyɛ nti yɛyɔ no. Ɛnam sɛ Yesu pɛ sɛ ɔkyerɛ n’asuafoɔ no n’asubɔ ho hia a ɛhia nti, ɔde nsuo hohoroo asuafoɔ no nan ho yɛɛ ahyɛnsodeɛ a ɛkyerɛ bɔne fakyɛ asɛmpa a ɛyɛ n’asubɔ no. Wɔbɔɔ Yesu asu, wɔbɔɔ no asɛnnuam, ɔnyane firii owuo mu, na wɔfaa no kɔɔ soro sɛ ɔbɛhyɛ Nyankopɔn bɔhyɛ a ɛyɛ bɔne mpata mmorosoɔ no nyinaa ma ama bɔne a ɛwɔ wiase nyinaa, sɛdeɛ ɛbɛyɔ na ɔbɛgye nnipa nyinaa nkwa. Ɛno nti n’asuafoɔ no tumi kaa bɔne mpata ho asɛmpa a ɛyɛ Yesu asubɔ, n’asɛnnua, ne ne wusɔreɛ kɔsii sɛ wɔn asetena mu nna baa awieeɛ.
 

Petro Honam Mmerɛyɛ

Adɛn nti na Petro Pa Yesu?
Ɛfiri sɛ na ɔyɛ mmerɛ
 
Twerɛ Kronkron no kyerɛ yɛn sɛ, berɛ a Petro ne ɔsɔfo panin Kaiafa nko ara dii ahyia, na wɔdii no twirɛ sɛ ɔyɛ Yesu akyidifoɔ no mu bi no, Petro pa ne mprɛnsa soɔ kaa sɛ, “Mennim onipa no.” Afei ɔdidii nse, na ɔkaa ntam mprɛnsa.
Momma yɛnkenkan nsɛmfua no mfiri Mateo 26:69. “Na Petro deɛ ɔte adihɔ. Na abaawa bi baa ne nkyɛn sɛ: Na wo nso wo ne Yesu Galileani no na ɛnam! Na ɔsanee wɔn nyinaa anim sɛ: Mennim deɛ woreka yi. Na ɔfirii adi kɔɔ ntwonoo mu no, abaawa foforɔ bi nso hunuu no, na ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔwɔ hɔ no sɛ: Na oyi nso ne Yesu Nasareni no na ɛnam! Na ɔkaa ntam sanee bio sɛ: Mennim onipa no. Na ɛyɛɛ kakra no, wɔn a wɔgyina hɔ no ba bɛka kyerɛɛ Petro sɛ: Ampa ara, wo nso woka wɔn ho, wo kasa yi wo adi! Ɛnna ɔfitii aseɛ didii nse keka ntam sɛ: Mennim onipa no! Na amonom hɔ ara na akokɔ bɔneeɛ. Na Petro kaee asɛm a Yesu ka kyrɛɛ no sɛ: Akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa. Na ɔfirii adi kɔsuu pii” (Mateo 26:69-75).
Petro gyee Yesu dii yie, na ɔdii n’akyi wɔ nokorɛm. Ɔgye diiɛ sɛ, Yesu yɛ n’agyenkwa ne ‘odiyifoɔ a ɔbɛba no.’ Nanso berɛ a wɔde Yesu kɔɔ Pilato aban mu no, ɛyɛɛ huhuhuhu maa no sɛ ɔbɛda ayɔnkofa a ɛwɔ ɔno ne Yesu ntam no adi akyerɛ mpanimfoɔ no, na ɔpaa Yesu didii nse wɔ wɔn anim.
Na Petro nnim sɛ ɔbɛpa Yesu, nanso na Yesu nim yie sɛ ɔbɛyɔ saa. Na Yesu nim Petro mmerɛyɛ yie. Ɛno nti, Yesu hohoroo Petro nan ho, na ɔkurukyire nkwagyeɛ asɛmpa no wɔ n’adwenem, sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ Yohane 13, “Wobɛyɔ bɔne daakye, nanso mpo mahohoro wo daakye bɔne nyinaa kɔ dada.”
Ɛyɛ ampa sɛ Petro pa Yesu berɛ a na n’abrabɔ ayɛ huhuhuhu no, nanso na ɛyɛ ne honam mmerɛyɛ nti na ɛmaa no yɔɔ saa. Ɛno nti sɛdeɛ ɛbɛyɔ na ɔbɛgye n’asuafoɔ no afiri wɔn daakye amumuyɔ nyinaa mu no nti, ɔdii kan hohoroo ne nan ho kane ansa.
“Mɛpata mo daakye bɔne nyinaa nso. Ɛsɛ sɛ wɔbɔ me asɛnnuam, ɛfiri sɛ wɔbɔɔ me asu sɛ mɛyi mo bɔne nyinaa akorɔ, na mɛtua ɛho ka nyinaa na mayɛ mo nyinaa mo nokorɛ Agyenkwa no. Mene wo Nyankopɔn, w’agyenkwa no. Mɛtua wo bɔne nyinaa ka, na menam m’asubɔ ne me mogya so bɛyɛ mo dwanhwɛfoɔ. Meyɛ wo nkwagyeɛ mu dwanhwɛfoɔ.
Sɛdeɛ ɛbɛyɔ na ɔbɛdua nokorɛ yi ama no atintim wɔ wɔn akomam nti, Yesu hohoroo wɔn nan ho wɔ Twam afahyɛ no akyi. Yei ne asɛmpa no mu nokorɛ no.
Ɛnam sɛ yɛn honam yɛ mmerɛ nti, sɛ mpo wɔawo yɛn foforɔ a, yɛbɛyɔ bɔne bio. Ɛwom sɛ ɛnsɛ sɛ yɛyɛ bɔne, nanso sɛ yɛkɔ amaneɛ mu sɛdeɛ ɛtoo Petro no a, yɛyɔ bɔne wɔ berɛ a yɛanyɛ yɛn adwene mpo sɛ yɛbɛyɔ bɔne. Yɛte wiase yi mu nko ara deɛ, ɛyɛ dɛn ara a honam no bɛkɔ so ara ayɛ bɔne, nanso Yesu de n’asubɔ ne ne mogya apepa saa bɔne yi nyinaa.
Yɛmpa sɛ Yesu yɛ yɛn Agyenkwa, nanso sɛ yɛte honam mu a, yɛkɔ so yɛ bɔne tia Nyankopɔn pɛ. Ɛnam sɛ wɔwoo yɛn honam mu nti na yɛyɔ saa.
Na Yesu nim yie sɛ yɛbɛyɔ bɔne berɛ a yɛte ase wɔ honam yi mu no, ɛno nti ɔnam n’asubɔ ne ne mogya no so tuaa yɛn bɔne nyinaa ka bɛyɛɛ yɛn Agyenkwa. Wayi wɔn a wɔgye ne nkwagyeɛ ne ne wusɔreɛ die no bɔne nyinaa kɔ.
Ɛno nti na asɛmpa nan no de Yesu asubɔ a Yohane bɔɔ no no hyɛ wɔn asɛnka aseɛ no. Botaeɛ a na ɛwɔ Yesu nipadua asetena mu ne sɛ, ɔbɛhyɛ awo foforɔ asɛmpa a ɛyɛ nkwagyeɛ asɛmpa no nyinaa ma. 

Yɛkɔ so ara yɛ bɔne wɔ honam mu kɔsi da bɛn?
Yɛyɔ bɔne yɛn nkwa nna nyinaa mu kɔsi da a yɛbɛwuo
 
Berɛ a Petro pa Yesu na ɛnyɛ baako pɛ, anaa ne mprɛnu soɔ, na mmom mprɛnsa ansa na akokɔ bɔneeɛ no, hwɛ sɛdeɛ ɛbɛbubu n’akoma! Hwɛ aniwuo a ɔbɛnya wɔ saa berɛ no! Sɛ wohwɛ a, aniwuo mu atenka bɛn na ɔbɛnya? Wadi nseɛ wɔ Yesu anim sɛ ɔrempa no da. Ɔyɛɛ bɔne ɛnam ne honam mmerɛyɛ ntira, nanso amanneɛ bɛn na ɔbɛnya berɛ a ɔmaa ne mmerɛyɛ dii ne so nim no, berɛ ɔpaa Yesu a ɛnyɛ prɛko pɛ, na mmom mprɛnsa no? Awerɛhoɔ bɛn na ɔnyaeɛ berɛ a Yesu de ayamhyehyeɛ ne ahumɔborɔ hwɛɛ no bio no?
Nanso na Yesu nim yeinom nyinaa ne deɛ ɛkeka ho. Ɛno nti ɔkaa sɛ, “Menim sɛ mobɛkɔ so ara ayɛ bɔne mpɛn pii bio. Nanso mede m’asubɔ no ayi saa bɔne no nyinaa kɔ dada, anyɛ saa a, wo bɔne bɛma woasunti, na ɛbɛma woabɛyɛ ɔdebɔneyɛni bio, anyɛ saa a, ebia na woantumi amma me nkyɛn bio. Mebɛyɛɛ moagyenkwa a ɔdi mu berɛ a wɔbɔɔ me asu, na menyaa atemmuo maa wo bɔne nyinaa no. Meyɛ wo Nyankopɔn, wo dwanhwɛfoɔ no. Gye wo bɔne fakyɛ asɛmpa no di. Mɛtɔ akɔ so ara adɔ wo mpo sɛ woyɛ bɔne wɔ honam mu a. Mahohoro w’amumuyɔ nyinaa kɔ dada. Bɔne fakyɛ asɛmpa no tim hɔ daa. Me dɔ a mede dɔ woɔ no nso yɛ daa.”
Yesu ka kyerɛɛ Petro ne asuafoɔ no sɛ, “Sɛ manhohoro wo nan ho a, wonni m’afa.” Adekodeɛ nti a ɔkaa sɛ asɛmpa yi wɔ Yohane 13 ne sɛ, na ɛhia sɛ wɔde nsuo ne Honhom no wo nnipa foforɔ. Wogye yei di anaa?
Wɔ nkyekyɛmu 9, “Simon Petro see no sɛ: Awurade, ɛnyɛ me nan ho nko, na me nsa ne me tirim nso bi. Yesu see no sɛ: Deɛ wadwareɛ no, ɛnhia no adwareɛ, gye ne nan ho hohorɔ, na ne ho nyinaa afi.”
Adɔfonom, wobɛyɔ bɔne wɔ honam mu daakye anaa sɛ worenyɔ? Ɛyɛ dɛn ara a wobɛyɔ. Nanso Yesu kaa sɛ, wahohoro yɛn daakye bɔne dada, yɛn honam mu bɔne nyinaa a ɔnam n’asubɔ ne ne mogya so hohoroeɛ no, na ɔkaa nokorɛ asɛmpa no ansa na wɔrebɔ no asɛnnuam.
Ɛnam sɛ yɛte ase wɔ honam mmerɛyɛ mu nti, yɛntumi nyɔ biribiara gye bɔne. Yesu de n’asubɔ no hohoroo wiase bɔne nyinaa kɔeɛ. Ɛnyɛ yɛn tiri ne yɛn nipadua nko na ɔhohorooeɛ, na mmom yɛn nan ho nso, a ɛyɛ yɛn daakye bɔne no. Yei ne awo foforɔ asɛmpa a ɛyɛ Yesu asubɔ no.
Wɔbɔɔ Yesu asu wieeɛ no, Yohane Suboni dii adanseɛ sɛ, “Hwɛ Nyankopɔn adwammaa a ɔyi wiase bɔne korɔ no nie!” (Yohane 1:29). Ɛsɛ sɛ yɛgye die sɛ, wɔhohoroo bɔne a ɛwɔ wiase nyinaa berɛ wɔnam Yesu asubɔ so de ne nyinaa guu no so no.
Wɔ berɛ a yɛte bɔne wiase yi mu deɛ, yɛntumi gye bɔne nko na yɛbɛyɔ. Ɛyɛ nokorɛ turodoo. Sɛ yɛn honam mmerɛyɛ ma ne ho mmereso a, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ, Yesu nam bɔne fakyɛ asɛmpa no so ahohoro wiase bɔne nyinaa kɔ, na ɔde ne mogya no tuaa ɛho ka. Ɛsɛ sɛ yɛfiri yɛn akomam de aseda ma no. Momma yɛmfa gyidie nka sɛ, Yesu yɛ yɛn Agyenkwa ne Nyankopɔn. Monyi Awurade ayɛ.
Obiara a ɔwɔ wiase yi mu no ntumi nyɛ biribiara sɛ ɔde ne honam bɛyɔ bɔne. Nnipa de wɔn honam yɔ bɔne toa so saa ara, na wɔwuwu wɔ wɔn nkwa nna mu bɔne mu.
 

Adwemmɔne A Ɛwɔ Nnipa Akomam 

Ɛdeɛn na ɛgu onipa ho fi?
Bɔne ahodoɔ pii ne adwemmɔne
 
Yesu kaa wɔ Mateo 15:19-20, “Na akoma mu na adwemmɔne, awudisɛm, ayerefasɛm, adwamansɛm, awifosɛm, adansekurumu ne abususɛm fire. Yeinom ne nnoɔma a ɛgu onipa ho fi na wɔde nsa a wɔanhohorɔ didi a, ɛngu onipa ho fi.” Ɛnam sɛ bɔne ahodoɔ pii na ɛwɔ nnipa akoma mu nti, ne ho nte.
 

Ɛsɛ Sɛ Onipa Hunu Ɔno Ara Ne Bɔne Su
 
Ɛdeɛn na ɛwɔ onipa  biara akomam?
Bɔne ahodoɔ dummienu no (Marko 7:21-23)
 
Ɛsɛ sɛ yɛtumi ka sɛ, “Aane bɔne ahodoɔ dummienu no wɔ nnipa akomam. Mewɔ ne nyinaa wɔ m’akomam. Mewɔ saa bɔne ahodoɔ dummienu a Twerɛ Kronkron ka ho asɛm no wɔ m’akomam.” Ansa na wɔde nsuo ne Honhom no bɛwo yɛn foforɔ no, ɛsɛ sɛ yɛgye tum sɛ na bɔne wɔ yɛn akomam firi mfitiaseɛ no, nanso yɛntaa nyɔ saa. Yɛn mu dodoɔ no ara nnye yɛn bɔne ntum, na yɛka sɛ, “Mennyaa saa adwemmɔne no wɔ m’akomam da, manhunu deɛ ɛyɔeɛ a mekɔtɔɔ mu.”
Nanso ɛdeɛn na Yesu ka faa nnipa ho? Ɔkaa no pefee sɛ, deɛ ɛfiri onipa akoma mu ba no na ɛgu ne ho fi. Ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ, nnipa wɔ adwemmɔne wɔ wɔn akomam. Wodwene ho sɛn? Woyɛ onipa pa anaa sɛ onipa bɔne? Wonnim sɛ obiara wɔ adwemmɔne anaa? Aane, obiara adwene yɛ bɔne.
Mfie kakraa bi a atwam korɔ no, ɛdan kora kɛseɛ bi a na ɛwɔ Seoul dwiri bɛguu fam mpofirim. Abusuafoɔ a wɔhweree wɔn adehyeɛ no dii abooboo pii, nanso nnipa pii nso kɔɔ hɔ sɛ, wɔrekɔhwɛ wɔn ani so adeɛ agye wɔn ani wɔ deɛ asie no ho.
Ebinom dwenee sɛ, “Nnipa sɛn na wɔwuwuiɛ? 200 anaa? Daabi, ɛno deɛ ɛyɛ ketewaa bi. 300 anaa? Ebia? Ɛyɛ deɛ, nanso deɛ anka ɛbɛma no ayɛ anigyeɛ paa ne aniwa fɛ ne sɛ, anka ayere so koraa no, ɛsɛ sɛ nnipa a wɔwuwuiɛ no yɛ bɛyɛ apem...” Nnipa akoma bɛtumi ayɛ bɔne a ɛte saa no. Hwɛ sɛ wɔn amfa anidie amma awufoɔ no! Hwɛ amaneɛ a abusuafoɔ no nyaeɛ! Ebinom sikasɛm sɛee koraa.
Bɛhwɛadefoɔ no mu bi nni ahumɔborɔ koraa. “Sɛ ɛkɔbaa sɛ nnipa a wɔwuwuiɛ no dɔɔso a, anka ɛbɛyɛ anigyesɛm paa! Anwanwasɛm bɛn ni? Na sɛ biribi a ɛte saa si wɔ agoprama a nnipa ayɛ mu ma so a, anka yɛbɛhu no sɛn? Nnipa mpempem na anka ɛbɛbu agu wɔn soɔ, ɛnte saa anaa? Oh, Aane! Anka ɛbɛyɛ anigyesɛm asene yei!” Ebia saa ara pɛpɛɛpɛ na ebinom dweneeɛ. Yɛbɛtumi ate biribi a ɛte saa pɛpɛɛpɛ wɔ yɛn aso mu wɔ lɔre akwanhyia mu. Bɛhwɛadefoɔ a wɔn kɔn dɔ sɛ, wɔbɛhunu nnoɔma bɔne no hunu sɛ akwanhyia no nyɛ adeɛ bi a emu yɛ den a, wɔyɛ basaa.
Yɛn nyinaa nim sɛdeɛ ɛtɔ berɛ bi a yɛdi abɔnefosɛm. Aane, ɛwom sɛ yɛnka adwemmɔne a ɛwɔ y’adwene mu no mma nnipa nte. Mpo yɛbɛtumi aka y’ano atum akyerɛ yɛn dɔ ne mmɔborɔhunu wɔ berɛ a yɛda so ara rehwɛ deɛ asie no, nanso wɔ yɛn akomam no, yɛpɛ sɛ anka biribi a ɛso sene yei mmom no sie. Yɛpɛ sɛ yɛhunu akwanhyia a ɛtete saa na ɛyɛ hu no, bea a nnipa mpempem wuwuo, sɛ ɛnkɔ ntia yɛn pɛ nko ara deɛ a. Yei ne kwan a nnipa akoma yɛ adwuma. Sei ara na na yɛn mu pii teɛ ansa na wɔrewo yɛn foforɔ.
 

Awudisɛm Wɔ Obiara Akomam

Adɛn nti na yɛyɔ bɔne?
Ɛfiri sɛ yɛwɔ adwemmɔne wɔ yɛn akomam
 
Onyankopɔn ka kyerɛ yɛn sɛ, awudisɛm wɔ onipa biara akomam. Nanso beberee no ara a wɔnnye nnie no bɛka sɛ, “Adɛn nti na woka saa? Menni awudisɛm adwene biara wɔ m’akomam! Adɛn mpo koraa nti na wodwene saa ma me sɛ mete saa!” Wɔnnye ntum sɛ wɔwɔ awudisɛm wɔ wɔn akomam. Wɔdwene sɛ ɛsono nnebɔneyɛfoɔ a wɔte saa no asefoɔ ne wɔn asefoɔ.
“Saa owudini a wɔkaa ne ho asɛm wɔ kasɛɛbɔ mu mmerɛ bi no, akorɔmfoɔ a wɔkum na wɔhye nnipa wɔ wɔn tenaberɛ no, wɔn na wɔwɔ awudisɛm wɔ wɔn akomam! Ɛsono bea a wɔn asefoɔ a wɔwoo wɔn no ni firie. Mentumi nyɛ sɛ wɔn da! Wɔyɛ abɔnefoɔ! Awudifoɔ!” Abufuo hyɛ wɔn ma ɛnam awudifoɔ no nti, na wɔteam ka sɛ, “Wɔn a wɔn asefoɔ yɛ nnebɔneyɛfoɔ no, ɛsɛ sɛ wɔpepa wɔn nyinaa firi asase ani! Ɛsɛ sɛ wɔbu wɔn kumfɔ!”
Nanso awerɛhosɛm a ɛwɔ mu ne sɛ, awudie adwene wɔ nnipa a abufuo ahyɛ wɔn ma yi nso akomam. Onyankopɔn ka kyerɛ yɛn sɛ, awudisɛm wɔ obiara akomam. Ɛsɛ sɛ yɛgye Nyankopɔn asɛm no tum. Ɔno na ɔhunu mpo deɛ ahinta wɔ yɛn adwenem. Ɛne sɛ, ɛsɛ sɛ yɛgye tum sɛ, “Meyɛ ɔdebɔneyɛni a awudisɛm wɔ m’akomam.”
Aane, Onyankopɔn ka kyerɛɛ yɛn sɛ, adwemmɔne ne awudisɛm wɔ onipa biara akomam. Momma yɛngye Nyankopɔn asɛm no ntum. Sɛdeɛ nnebɔneyɛfoɔ adɔɔso wɔ awoɔ ntoatoasoɔ mu nti no, nnoɔma a egu ahodoɔ a onipa ayɔ sɛ ɔde bɛbɔ ne ho ban no adane mfidie a wɔde di awuo. Yei nyinaa yɛ awudisɛm a ɛwɔ yɛn akomam no ntira. Wobɛtumi adi awu wɔ abufuo anaa ehu mu nso. Ɛnyɛ deɛ mepɛ sɛ mekyerɛ ne sɛ yɛn mu biara bɛkum onipa, na mmom yɛdwene ho wɔ yɛn akomam.
Wɔde bɔne a ɛwɔ yɛn akomam no woo yɛn. Ebinom wɔ hɔ a nokwasɛm ne sɛ, wɔtumi kum, nanso ɛnyɛ sɛ wɔwoo wɔn sɛ awudifoɔ ntira, na mmom yɛn nyinaa nso bɛtumi ayɛ awudifoɔ. Onyankopɔn ka kyerɛ yɛn sɛ, yɛwɔ adwemmɔne ne awudisɛm wɔ yɛn akomam. Ɛyɛ nokorɛ no. Yɛn mu biara nni hɔ a ɔnte saa.
Eno nti kwan pa a ɛsɛ sɛ yɛfa soɔ ne sɛ, yɛbɛgye Nyankopɔn asɛm no atum na yɛdi soɔ. Yɛyɔ bɔne wɔ wiase yi mu ɛfiri sɛ yɛwɔ adwemmɔne wɔ yɛn akomam.
 

Adwamansɛm Wɔ Yɛn Akomam
 
Onyankopɔn aka sɛ adwamansɛm wɔ obiara akomam. Wo ne no yɛ adwene anaa? Wogye tum sɛ adwamansɛm wɔ w’akomam? Aane, adwamansɛm wɔ onipa biara akomam. 
Ɛno nti na tutuu ne adwamansɛm ahodoɔ a ɛwɔ hɔ no redi yie wɔ yɛn asetena mu. Ɛyɛ kwan a wɔfa so nya sika wɔ ntɛm so wɔ nnipa abakɔsɛm mu nyinaa. Yɛwɔ dwadie mu nnwuma bi wɔ hɔ a ɛnam asetena mu nhyɛsoɔ nti ɛtumi gu, nanso saa ɔbra bɔne dwadie yi nni amanneɛ a ɛte saa no koraa, ɛfiri sɛ adwamansɛm wɔ obiara akomam.
 

Aba A Nnebɔneyɛfoɔ Soɔ Yɛ Bɔne 

Ɛdeɛn na wɔde toto onipa ho?
Dua a ɛso aba bɔne nko ara
 
Sɛdeɛ aprɛ dua so aprɛ no, na paya dua so paya, na ankaa dua so ankaa, na dua biara so n’aba sɛdeɛ ɛteɛ no, yɛn a wɔde bɔne 12 awo yɛn wɔ yɛn akomam no, yɛntumi nso aba biara sɛ bɔne aba nko ara na yɛbɛsoɔ.
Yesu se, deɛ ɛfiri onipa akoma mu ba no, ɛno na egu ne ho fi. Wo ne no yɛ adwene anaa? Yɛne Yesu bɛyɛ adwene wɔ ne nsɛm a ɔkaeɛ no mu aka sɛ, “Aane, yɛyɛ nnebɔneyɛfoɔ asefoɔ, abɔnefoɔ. Aane, woaka no yie, Awurade.” Aane, ɛsɛ sɛ yɛgye yɛn bɔne tum. Ɛsɛ sɛ yɛgye nokorɛ no tum wɔ Nyankopɔn anim.
Sɛdeɛ Yesu Kristo yɛɛ asoɔmmerɛ maa Nyankopɔn pɛ no, ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛgye Nyankopɔn Asɛm no na yɛyɛ asoɔmmerɛ ma no. Ɛno nko ara ne ɔkwan a wɔnam nsuo ne Honhom no so bɛtumi agye yɛn nkwa afiri yɛn bɔne nyinaa mu. Yei nyinaa yɛ akyɛdeɛ a ɛfiri Onyankopɔn hɔ.
Wɔde berɛ nkyekyɛmu nnan a ɛyɛ fɛ na ahyira me man. Sɛ berɛ no kɔ nkan a, nnuaba ahodoɔ pii na ɛso aba. Saa ara pɛpɛɛpɛ na bɔne dummienu a ɛwɔ yɛn akomam no kura yɛn, na ɛde yɛn kɔ bɔne mu mmerɛ nyinaa. Nnɛ no ɛbɛtumi aba sɛ ɛyɛ awudisɛm na asɔ yɛn akoma mu dendeenden, ɔkyena nso ɛbɛtumi ayɛ adwamansɛm.
Afei da a ɛtoa so no adwemmɔne, afei adwamansɛm, nsisie, adansekurumu.... ne deɛ ɛkeka ho. Yɛkɔ so ara yɛ bɔne afe mu no nyinaa, bosome biara, da biara, dɔnwhere biara. Da koro koraa mpo nni hɔ a ɛbɛsene korɔ wɔ berɛ a yɛnyɛ bɔne bi. Yɛka ntam daa sɛ yɛnkɔyɛ bɔne, nanso yɛntumi, ɛfiri sɛ sei ara na wɔwoo yɛn.
Woahunu aprɛ dua a ɛmpɛ sɛ ɛso aprɛ ɛnam sɛ ɛmpɛ sɛ ɛsoɔ ntira? “Mempɛ sɛ meso aprɛ!” Mpo sɛ ɛyɛ n’adwene sɛ ɛrenso aprɛ a, ɛbɛyɛ dɛn na ɛrenso aprɛ? Nhwiren no bɛpue osutɔberɛ mu, na aprɛ no nyini so aba bere wɔ ahuhuro berɛ mu. Na duaba no bɛduru mpɛnpɛnsoɔ a wɔbɛtumi ayi bi adie wɔ ɔpɛ berɛ mu.
Ɛgyina sɛdeɛ abɔdeɛ de ama yɛn no so, na saa ara na ɛsɛ sɛ nnebɔneyɛfoɔ abrabɔ di abɔdeɛ mmara yi so pɛpɛɛpɛ. Nnebɔneyɛfoɔ ntumi, gye bɔne aba nko na wɔbɛsoɔ. 
 
 

Yesu Asubɔ Ne N’asɛnnua No Yɛ Yɛn Bɔne Ho Mpata


Yesu mpata asekyerɛ ne sɛn?
Ɛyɛ bɔne akatua a ɛnam Yesu asubɔ (nsagusoɔ) ne asɛnnua no so mogya no
 
Momma yɛnkenkan nsɛmfua bi mfiri Twerɛ Kronkron no mu, na yɛnhwɛ kwan a nnebɔneyɛfoɔ asefoɔ bɛtumi afa so apata wɔn bɔne wɔ Nyankopɔn anim, na wɔatena ase wɔ anigyeɛ mu. Yei ne bɔne mpata asɛmpa no. 
Wɔ Leviticus 4, wɔaka sɛ, “Na sɛ asase no so nkurɔfoɔ no mu bi biara fom yɔ nnoɔma a Awurade ahyɛ sɛ wɔnnyɔ no mu adeɛ biako, na ɔdi so, na sɛ wɔma no hunu ne bɔne a wayɛ a, ɛnneɛ, ne bɔne a wayɛ no nti, ɔmfa n’ayɛyɛdeɛ, abirekyibereɛ a ɔdi mu mmra mmɛma; na ɔmfa ne nsa nto bɔne ho afɔdeɛ no atifi, na ɔnkum bɔne ho afɔdeɛ no deɛ wɔkum ɔhyeɛ afɔdeɛ hɔ. Na ɔsɔfoɔ no mfa ne nsateaa nka mogya no bi nkeka ɔhyeɛ afɔrebukyia no mmɛn ho, na ɔnhwie ne mogya nyinaa ngu ɔhyeɛ afɔrebukyia no ase. Na ɔnyi ɛho sradeɛ sɛdeɛ wɔyi asomdwoeɛ afɔdeɛ deɛ no, na ɔsɔfoɔ no nhye no ɔhyeɛ afɔrebukyia no so, na ɛnyi hwa hwanhwam mma Awurade, na ɔsɔfoɔ no mpata mma no, na wɔde bɛkyɛ no” (Leviticus 4:27-31).
Wɔ Apam Dadaa nna no mu no, kwan bɛn so na na nnipa fa so pata wɔn bɔne? Na wɔde wɔn nsa mmienu gu bɔne afɔdeɛ no atifi kane ansa na wɔde wɔn bɔne agu ne so.
Wɔatwerɛ wɔ Leviticus. “Kasa kyerɛ Israelfoɔ na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ mo mu nipa bi de ayɛyɛdeɛ rebrɛ Awurade a, afieboa a ɔfiri anantwie ne nnwan mu na momfa nyɛ mo ayɛyɛdeɛ mmra. Sɛ n’ayɛyɛdeɛ no yɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛfiri anantwie mu a, ɔmfa onini a ɔdi mu mmra, nhyiaeɛ ntomadan no ano na ɔmfa no mmra, na wasɔ Awurade ani. Na ɔmfa ne nsa nto ɔhyeɛ afɔdeɛ no atifi, na ɛnsɔ ani mma no na ɛmpata mma no” (Leviticus 1:2-4).
Sɛ na obi a ɔwɔ saa berɛ no mu no hunu bɔne a ɛwɔ n’akomam no a, ɛsɛ sɛ ɔsiesie bɔne ho afɔdeɛ a ɔde bɛpata ne bɔne. Na ɛsɛ sɛ ‘ɔde ne nsa mmienu to afɔdeɛ no atifi’ sɛdeɛ ɛbɛyɔ na ɔde ne bɔne a wayɛ nyinaa bɛgu ne soɔ. Na afɔrebukyia a wɔde bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no wɔ ntomadan kronkron no mu. Na ɛte sɛ adaka, na ɛyɛ kɛseɛ kakra kyɛne ɛpono a wɔka asɛmpa wɔ soɔ no, afei nso na ɛwɔ mmɛn nnan. Israel man no nyinaa de wɔn bɔne guu bɔne afɔdeɛ no atifi, na wɔhyee ne nam wɔ ɔhyeɛ afɔrebukyia no so de pataa wɔn bɔne.
Onyankopɔn kaa wɔ Leviticus sɛ sei na wɔnyɛ, “Ɔmfa bɔne afɔdeɛ a ɛfiri ɔno ara ne pɛ mu mmra nhyiaeɛ ntomadan no ano wɔ Awurade anim.” Wɔn bɔne nyinaa kɔguu bɔne afɔdeɛ no so berɛ a wɔde wɔn nsa mmienu guu ne so, afei ɔdebɔneyɛni no twaa ayɛyɛdeɛ no mene, na ɔde mogya no bi yɛɛ ɔhyeɛ afɔrebukyia no mmɛn ho.
Ɛno akyi no, wɔhohoroo bɔne afɔdeɛ no ayamuadeɛ no nyinaa firii hɔ, na wɔtwitwaa no asiniasini hyee no ɔhyeɛ afɔrebukyia no so. Afei wɔde bɔne afɔdeɛ no nam hwa hwahwam no maa Nyankopɔn de pataa wɔn bɔne. Yei ne ɔkwan a wɔfaa so pataa wɔn bɔne a na wɔyɛ no da biara no. 
Onyankopɔn maa kwan bio sɛ wɔmmɔ mpata afɔdeɛ mma wɔn mfirinhyia bɔne. Nsonoeɛ wɔ ɛno ne mpata afɔdeɛ a na wɔbɔ no daa biara no mu. Wɔ yei mu no deɛ, Ɔsɔfo Panin no nko na ɔde ne nsa mmienu guu bɔne afɔdeɛ no so maa Israel man mu no nyinaa, na ɔde ne nsateaa kaa mogya no bi petee mpata adwa no anim mprɛ nson. Afei nso, ne nsa mmienu a na ɔde to ɔpapo no atifi no, ɔyɔɔ wɔ ɔman Israel anim bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛtɔ so du no, daa mfirinhyia (Leviticus 16:5-27).

Whan na ɔgyina hɔ ma bɔne afɔdeɛ a ɛwɔ Apam Dadaa mu no?
Yesu Kristo
 
Afei momma yɛnhwɛ sɛdeɛ afɔrebɔ nyehyɛeɛ no sesaeɛ wɔ Apam Dadaa no mu, ne kwan a Nyankopɔn daa ahyɛdeɛ a ɛnsesa da no agyina adi wɔ mfie pii mu no.
Adɛn nti na na ɛsɛ sɛ Yesu wu wɔ asɛnnua no so? Bɔne bɛn na ɔyɔeɛ a Nyankopɔn maa ne ba no kwan maa no wuiɛ wɔ asɛnnua no so? Whan na ɔhyɛɛ no ketee sɛ ɔnwu wɔ asɛnnua no so? Berɛ a nnebɔneyɛfoɔ a wɔwɔ wiase nyinaa, a ɛyɛ wo ne me ahwe ase wɔ bɔne mu no, Yesu baa wiase sɛ ɔrebɛgye yɛn nkwa.
Yohane Suboni bɔɔ no asu wɔ Yordan asubɔntene mu, na ɔyii yɛn asotwe wɔ asɛnnua no so de maa adasa mma ɛnam yɛn bɔne nti. Sɛdeɛ wɔfaa so bɔɔ Yesu asu, ne kwan a ɔhwiee ne mogya guiɛ wɔ asɛnnua no so, ne mpata afɔdeɛ a ɛwɔ Apam Dadaa no mu, nsa mmienu a wɔde gu bɔne afɔdeɛ no atifi, ne ne mogya a wɔhwie guo no yɛ adekorɔ.
Yei ne kwan a na wɔfa so bɔ afɔdeɛ wɔ Apam Dadaa no mu. Ɔdebɔneyɛni de ne nsa mmienu guu bɔne afɔdeɛ no atifi, na ɔkaa ne bɔne sɛ, “Awurade, mayɛ bɔne. Madi awu, na masɛe awadeɛ.” Afei ne bɔne kɔguu bɔne afɔdeɛ no so.
Sɛdeɛ na ɔdebɔneyɛni twa bɔne afɔdeɛ no mene na ɔde bɔɔ afɔdeɛ wɔ Nyankopɔn anim no, saa ara nso na wɔde Yesu bɔɔ afɔdeɛ pataa yɛn bɔne nyinaa. Wɔbɔɔ Yesu asu na ɔhwiee ne mogya guiɛ wɔ asɛnnua no so sɛ ɔbɛgye yɛn nkwa apata ama yɛn bɔne nyinaa.
Nokwasɛmnie, Yesu wui ɛnam yɛn nti. Sɛ yɛdwene ho a, saa mmoa no a na wɔnni dɛm a wɔde bɔ bɔne afɔdeɛ ma ɔman no, na ɛkyerɛ deɛn? Na saa mmoa no nso nim adeɛ a ɛyɛ bɔne anaa? Na ɛsɛ sɛ wɔdi mu.
Sɛdeɛ na mmoa a ɛte saa no nni dɛm biara no, saa ara pɛpɛɛpɛ na na Yesu nso bɔne biara nni ne ho. Ɔyɛ Nyankopɔn Kronkron no, Nyankopɔn ba no, na wanyɛ bɔne da. Ɛno nti, ɔnam n’asubɔ no so yii yɛn bɔne nyinaa kɔeɛ wɔ Yordan asubɔntene mu berɛ a na wadi mfeɛ 30.
Yesu wui wɔ asɛnnua no so ɛnam bɔne a ɔyi firii yɛn ho kɔeɛ no nti. Na ɛyɛ ne nkwagyeɛ ho dwumadie a ɛhohoroo adasa mma bɔne nyinaa.
 

Mpata Asɛmpa No Mfitiaseɛ

Adɛn nti na Yohane Suboni bɔɔ Yesu asu wɔ Yordan?
Sɛ ɔbɛhyɛ tenenee nyinaa ma
 
Wɔatwerɛ wɔ Mateo 3, “Ɛnna Yesu firii Galilea baa Yordan ho Yohane nkyɛn sɛ ɔmmɔ no asu. Na ɔno deɛ, ɔsii no kwan ka sɛ: Me mmom a ɛhia me sɛ wobɔ me asu no na woreba me nkyɛn yi? Na Yesu bua see no sɛ: Seesei deɛ, ma ho kwan na saa na ɛsɛ sɛ yɛhyɛ tenenee nyinaa ma. Ɛnna ɔmaa ho kwan” (Mateo 3:13-15).
Ɛsɛ sɛ yɛhunu na yɛte deɛ nti a wɔbɔɔ Yesu asu wɔ berɛ a na wadi mfeɛ 30 no ase. Wɔbɔɔ no asu sɛ ɔbɛpata nnipa nyinaa bɔne na wahyɛ Nyankopɔn tenenee nyinaa ma. Sɛdeɛ ɛbɛyɔ na ɔbɛgye nnipa nyinaa afiri wɔn bɔne mu nti, Yesu Kristo, deɛ ɔdi mu no, Yohane Suboni bɔɔ no asu.
Saa na Yesu yii wiase bɔne nyinaa kɔeɛ, na ɔde ne ho bɔɔ afɔdeɛ sɛ ɔbɛpata bɔne ama nnipa nyinaa. Sɛdeɛ ɛbɛyɔ na yɛbɛnya nkwagyeɛ nti, ɛsɛ sɛ yɛhunu nokorɛ no nyinaa na yɛgye die. Ɛgyina yɛn so sɛ yɛbɛgye ne nkwagyeɛ no adie na yɛanya nkwa.
Ɛdeɛn na Yesu asubɔ kyerɛ? Ɛte sɛ nsagusoɔ a na ɛwɔ Apam Dadaa mu no pɛpɛɛpɛ. Wɔ Apam Dadaa mu no, wɔde ɔman no bɔne nyinaa guu bɔne afɔdeɛ no atifi berɛ a Ɔsɔfo Panin no de ne nsa mmienu guu ne so no. Saa ara pɛpɛɛpɛ na wɔ Apam Foforɔ mu no nso, Yesu yii wiase bɔne nyinaa kɔeɛ berɛ a ɔde ne ho maeɛ sɛ bɔne afɔdeɛ maa Yohane Suboni bɔɔ no asu no.
Na Yohane Suboni sene nnipa nyinaa, ɔyɛ nnipa nyinaa ananmusini a Nyankopɔn yii noɔ. Ɛnam sɛ ɔyɛ nnipa nyinaa ananmusini ne nnipa nyinaa Sɔfo Panin no nti, ɔde ne nsa guu Yesu so, na ɔde wiase bɔne nyinaa guu no so. ‘Asubɔ’ kyerɛ sɛ, ‘fa gu so, wɔbɛsie, wɔbɛhohorɔ.’
Wonim deɛ nti a Yesu baa wiase maa Yohane Suboni bɔɔ no asu no anaa? Wogye Yesu di berɛ a wote n’asubɔ no ase anaa? Yesu asubɔ no na ɛyii yɛn bɔne nyinaa kɔeɛ, bɔne a yɛn nnebɔneyɛfoɔ asefoɔ yɔ no. Yohane Suboni bɔɔ no asu sɛdeɛ ɛbɛyɔ na ɛbɛhyɛ bɔne ho mpata asɛmpa no ma ama yɛn bɔne nyinaa.
Wɔ Mateo 3:13-17, ɛhyɛ aseɛ sɛ, ‘Ɛnna,’ na ɛkyerɛ berɛ a wɔbɔɔ Yesu asu no, berɛ a wɔde wiase bɔne nyinaa go no so no.
‘Ɛnna,’ Yesu yii nnipa bɔne nyinaa kɔeɛ, wuiɛ wɔ asɛnnua no so mfeɛ mmiɛnsa akyi, na ɔnyane firi owuo mu da ɛtɔ so mmiensa no. Sɛdeɛ ɛbɛyɔ na ɔbɛhohoro wiase bɔne nyinaa akorɔ nti, wɔbɔɔ no asu prɛko, na owui wɔ asɛnnua no so prɛko maa yɛn nyinaa. Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔnya nkwagyeɛ firi wɔn bɔne mu wɔ Nyankopɔn anim no, ɔyii wiase bɔne nyinaa kɔeɛ, na ɔgyee wɔn nyinaa nkwa prɛko.
Adɛn nti na na ɛsɛ sɛ wɔbɔ Yesu asu? Adɛn nti na na ɛsɛ sɛ ɔhyɛ nkasɛɛ kyɛ na wɔbu no atɛn wɔ Pilato adihɔ sɛ owudini? Adɛn nti na na ɛsɛ sɛ wɔku no wɔ asɛnnua no so na ɔhwie ne mogya guo? Deɛ nti a ɔyɔɔ yeinom nyinaa ne sɛ, ɔnam n’asubɔ no so yii wiase bɔne nyinaa, wo ne me bɔne. Yɛn bɔne nti, na ɛsɛ sɛ ɔwu wɔ asɛnnua no so.
Ɛsɛ sɛ yɛgye nkwagyesɛm a Nyankopɔn de agye yɛn nkwa no die, na yɛde nnaseɛ ma noɔ. Sɛ Yesu asubɔ nni hɔ a, anka nkwagyeɛ biara nso nni hɔ ma yɛn.
Berɛ a Yohane bɔɔ Yesu asu sɛ ɔbɛyi wiase bɔne nyinaa akorɔ no, ɔyii wiase bɔne nyinaa kɔeɛ, na ɔgyee yɛn a yɛgye ne nkwagyeɛ asεmpa no die nyinaa nkwa. Yɛwɔ ebinom wɔ hɔ a wɔdwene sɛ, “Yesu yii bɔne a na ɛwɔ hɔ dada no nko ara na ɛkɔeɛ, wanyɔ saa anaa?” Nanso wɔayɛ mfomsoɔ.
Wɔatwerɛ wɔ Twerɛ Kronkron no mu pefee sɛ, Yesu yii wiase bɔne nyinaa kɔeɛ prɛko berɛ a wɔbɔɔ no asu no. Yɛn bɔne nyinaa, ne bɔne a na ɛwɔ hɔ firi mfitiaseɛ no, wahohoro kɔ. Yesu kaa wɔ Mateo 3:15, “Na saa na ɛsɛ sɛ yɛhyɛ tenenee nyinaa ma.” Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ tenenee nyinaa ma kyerɛ sɛ, bɔne nyinaa a wɔnyi bi mfiri mu no, wayi ne nyinaa afiri yɛn ho kɔ.
Yesu ahohoro yɛn nkwa nna mu bɔne nyinaa anaa? Aane, ɔyɔeɛ. Momma yɛnhwɛ adanseɛ no wɔ Leviticus nwoma no mu kane. Ɛkyerɛ yɛn deɛ na ɛfa Ɔsɔfo Panin ne afɔdeɛ a wɔbɔ no mpata da no ho.
 

Mpata Afɔdeɛ A Na Wɔbɔ Ma Isrealfoɔ Afirinhyia Bɔne Nyinaa No

Israelfoɔ no tumi nyaa ahoteɛ prɛko wɔ afɔdeɛ a na wɔbɔ no asase yi so no anaa?
Daabida
 
“Na Aaron mfa bɔne ho afɔdeɛ nantwinini a ɛyɛ ne deɛ no mmra, na ɔmfa mpata mma ɔno ara ne ho ne ne fie. Na ɔmfa ɔpapo mmienu no mmɛgyina Awurade anim, ahyiaeɛ ntomadan no ano. Na Aaron ntwe mpapo mmienu no so ntonto, Awurade ntonto biako ne Asasel tonto biako. Na Aaron mfa ɔpapo a Awurade tonto bɔɔ no no mmra mmɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ. Na ɔpapo a Asasel tonto bɔɔ no no, ɔmfa no animono nnyina Awurade anim mfa mpata mma no na wɔnkɔgya no nkɔ serɛ so mma Asasel” (Leviticus 16:6-10). Wɔ yei mu no, Aaron faa ɔpapo mmienu wɔ nhyiaeɛ ntomadan no ano sɛ ɔbɛpata bɔne a Israelfoɔ ayɛ no afirinhyia no.
“Na Aaron ntwe mpapo mmienu no so tonto, Awurade tonto biako ne Asasel tonto biako.”
Na ɛsɛ sɛ wɔnya aboa a wɔde bɔ afɔdeɛ ma deɛ mmara no kyerɛ wɔn wɔ bɔne a wɔyɛ no da biara no ho mpata sɛdeɛ ɛbɛyɔ na wɔde ɔdebɔneyɛni bɔne nyinaa bɛgu soɔ. Nanso wɔ Israelfoɔ no afirinhyia bɔne no mu deɛ, Ɔsɔfo Panin a na ɔgyina hɔ ma ɔman no na ɔde afirinhyia bɔne no nyinaa guu bɔne afɔdeɛ no so wɔ bosome a ɛtɔ so nson no da ɛtɔ so du.
Wɔ Leviticus 16:29-31, wɔatwerɛ sɛ, “Na yei nyɛ mo daa ahyɛdeɛ: Bosome a ɛtɔ so nson no da ɛtɔ so du no, mommrɛ mo kra ase, kuroni oo, ɔhɔhoɔ a ɔbɛsoɛ mo mu oo, monyɔ adwuma biara. Na da no na wɔpata ma mo de dwira mo, na mo ho ate afiri mo bɔne nyinaa mu, Awurade anim. Ɛnyɛ mo ɔhome mu homeda na mommrɛ mo kra ase: ɛyɛ daa ahyɛdeɛ” (Leviticus 16:29-31).
Wɔ Apam Dadaa mu no, ɔman Israel de bɔne afɔdeɛ bɛmaeɛ de pataa wɔn bɔne, na wɔde wɔn bɔne guu n’atifi kaa sɛ, “Awurade, mayɛ sɛɛ ne sɛɛ bɔne yi. Mesrɛ wo, fa firi me.” Ɛno akyi no, ɔtwaa bɔne afɔdeɛ no mene de mogya no maa ɔsɔfoɔ no, na ɔkɔɔ ne fie nyaa gyidie sɛ, wade ne ho afiri ne bɔne nyinaa mu. Saa na bɔne afɔdeɛ no wu maa ɔdebɔneyɛni no wɔ berɛ a bɔne no gu n’atifi no. Wɔkum bɔne afɔdeɛ no mmom maa ɔdebɔneyɛni no. Wɔ Apam Dadaa mu no, na bɔne afɔdeɛ no bɛtumi ayɛ ɔpapo, odwenini, nantwinini, anaa mmoa a wɔn ho teɛ a Nyankopɔn adɛ wɔn nso no mu bi.
Onyankopɔn, wɔ n’ahummɔborɔ a ɛnni awieɛ mu no, maa kwan maa wɔde aboa nkwa bɔɔ afɔdeɛ maa ɔdebɔneyɛni no mmom, sɛdeɛ ɛbɛyɔ na ɔnwu wɔ ne bɔne mu.
Wɔ saa kwan yi so wɔ Apam Dadaa mu no, nnebɔneyɛfoɔ tumi de mpata afɔdeɛ no pataa wɔn bɔne nyinaa. Wɔde ɔdebɔneyɛni mfomsoɔ guu bɔne afɔdeɛ no so berɛ a wɔde wɔn nsa mmienu guu no so no, na wɔde ne mogya no maa ɔsɔfoɔ no de pepaa ɔdebɔneyɛni no bɔne nyinaa.
Nanso, na ɛnyɛ adeɛ a wɔbɛtumi apata wɔn bɔne a wɔyɔ no da biara no. Ne saa nti, Onyankopɔn maa Ɔsɔfo Panin no kwan sɛ ɔmpata ɔman no bɔne a wɔyɛɛ wɔ afe mu no nyinaa, wɔ bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛtɔ so du no mma Israel man mu no nyinaa.
Ɛnneɛ Ɔsɔfo Panin no dwumadie ne sɛn wɔ mpata da no? Deɛ edi ka no, Aaron a ɔyɛ Ɔsɔfo Panin no de ne nsa mmienu guu bɔne afɔdeɛ no so, na ɔkaa ɔman no bɔne, “Awurade, Israel man ayɔ bɔne a ɛte saa ne deɛ ɛte saa, awudie,awaresɛeɛ, adwamansɛm, aniberebereɛ, adansekurumu, abususɛm.…”
Afei, ɔtwaa bɔne afɔdeɛ no mene, na ɔde ne nsateaa kaa mogya no bi, na ɔpetee mogya no mprɛ nson wɔ mpata adwa no so a ɛwɔ asɔredan Kronkron mu no. Wɔ Twerɛ Kronkron mu no, aba a ɛyɛ 7 yɛ deɛ obiara afa no sɛ ɛwie pɛ yɛ).
Na ɛyɛ Ɔsɔfo Panin no dwumadie sɛ, ɔde ɔman no afirinhyia bɔne no bɛgu bɔne afɔdeɛ no atifi ama wɔn, na wɔde bɔne afɔdeɛ no bɔɔ afɔdeɛ wɔ ɔman no nyinaa anim.
Ɛsiane sɛ Nyankopɔn yɛ atɛnteneneeni nti, sɛdeɛ ɛbɛyɔ na ɔbɛgye ɔman no afiri wɔn bɔne mu no, ɔmaa bɔne afɔdeɛ no wu maa ɔman no. Na ɛnam sɛ Nyankopɔn yɛ ahumɔborɔ nokwafoɔ nti, ɔmaa ɔman no kwan sɛ wɔnfa bɔne afɔdeɛ no nkwa nsi wɔn ananmu. Afei Ɔsɔfo Panin no de mogya no petee mpata adwa no so wɔ apueɛ fam, na ɔpata maa ɔman no bɔne a wɔyɔeɛ wɔ afe a atwam korɔ no mu, wɔ mpata da a ɛyɛ bosome a ɛtɔ nson no da ɛtɔso du no. 

Whan ne afɔdeɛ adwammaa wɔ Apam Dadaa mu no?
Yesu a ɔdi mu no
 
Na ɛsɛ sɛ Ɔsɔfo Panin no de ɔpapo mmienu bɛbɔ afɔdeɛ wɔ mpata da no ma ɔman Israel. Wɔn mu baako din de Asasel a asekyerɛ ne sɛ ‘yi firi hɔ.’ Wɔ saa kwan yi so pɛpɛɛpɛ no, na Asasel a ɔwɔ Apam Dadaa mu no yɛ Yesu Kristo. “Na sɛdeɛ Nyankopɔn dɔɔ wiase nie, sɛ ɔde ne ba a ɔwoo no korɔ no maeɛ, na obiara a ɔgye no die no anyera, na wanya daa nkwa” (Yohane 3:16).
Onyankopɔn de ne ba no maa yɛn sɛ afɔdeɛ adwammaa no. Ɛnam sɛ ɔyɛ afɔdeɛ adwammaa a wɔde no ama adasa mma nti, Yohane Suboni bɔɔ no asu, na ɔbɛyɛɛ yɛn Agyenkwa, wiase nyinaa Mesaia no. Yesu asekyerɛ ne sɛ ‘Agyenkwa no’ na Kristo kyerɛ sɛ ‘ɔhene a wɔasra no,’ ɛno nti Yesu Kristo kyerɛ sɛ ‘Nyankopɔn ba a ɔbɛgye yɛn nyinaa nkwa no.’
Sɛdeɛ na wɔpata ma ɔman no afirinhyia bɔne wɔ mpata da wɔ Apam Dadaa mu no, Yesu Kristo nso, bɛyɛ mfeɛ 2000 abɛsene korɔ mu no, ɔbaa wiase bɛbɔɔ asu, na ɔhwiee ne mogya wuiɛ wɔ asɛnnua no so sɛ ɔbɛwie mpata asɛmpa no ama yɛn bɔne nyinaa.
Mpɛnpɛnsoɔ yi no, momma yɛnkenkan nsɛmfua bi wɔ Leviticus. “Na Aaron mfa ne nsa mmienu ngu ɔpapo animono no atifi, na ɔnka Israelfoɔ no mfomsoɔ nyinaa ne wɔn mmarato nyinaa sɛdeɛ wɔn bɔne teɛ no ngu no so, na ɔmfa ngu ɔpapo no atifi, na ɔmma ɔbarima bi a ɔwɔ hɔ nkɔgya no nkɔ ɛserɛ so, na ɔpapo no nsoa wɔn mfomsoɔ nyinaa mfa nkɔ asase fo so, na ɔnkɔgya ɔpapo no ɛserɛ so” (Leviticus 16:21-22).
Wɔatwerɛ sɛ, Israelfoɔ bɔne nyinaa wɔde guu ɔpapo no atifi sɛdeɛ wɔaka wɔ Leviticus 1 no. ‘Wɔn mmarato nyinaa’ kyerɛ sɛ bɔne nyinaa a wɔyɔeɛ wɔ wɔn akomam ne wɔn honam mu. Na wɔde‘wɔn mmarato nyinaa’ guu ayɛyɛdeɛ no atifi berɛ a Ɔsɔfo Panin no de ne nsa mmienu guu ne so no.
 

Wɔ Nyankopɔn Mmara Mu Nu, Ɛsɛ Sɛ Yɛnya Nimdeɛ A Ɛyɛ Nokorɛ Fa Yɛn Bɔne Nyinaa Ho 

Adɛn nti na Nyankopɔn maa yɛn mmara no?
Sɛ ɛbɛma yɛahunu bɔne yie
 
Mmarasɛm 613 na ɛwɔ Nyankopɔn mmara no mu. Nokwasɛmnie, sɛ yɛdwene ho a, yɛyɔ deɛ wahyɛ yɛn sɛ ɛnsɛ sɛ yɛyɔ no, na yɛnyɔ deɛ wahyɛ yɛn sɛ ɛnni kwan sɛ yɛyɔ no.
Enti yɛyɛ nnebɔneyɛfoɔ. Wɔatwerɛ wɔ Twerɛ Kronkron no mu sɛ, Onyankopɔn de mmara no maa yɛn sɛdeɛ ɛbɛyɔ na yɛbɛhunu yɛn bɔne yie (Romans 3:20). Yei kyerɛ sɛ, ɔde ne mmara mu nsɛm no maa yɛn sɛ ɛbɛkyerɛ yɛn sɛ, yɛyɛ nnebɔneyɛfoɔɔ. Wɔamfa mmara no amma yɛn ɛnam sɛ yɛbɛtumi adi so ntira, na mmom sɛ yɛbɛhunu bɔne yie.
Wɔamfa mmara no amma yɛn sɛ yɛnni so. Wontumi nhwɛ kwan sɛ ɔkraman bɛbɔ ne bra sɛ onipa dasani. Sa ara pɛpɛɛpɛ na yɛn nso yɛntumi nni Nyankopɔn mmara no so, na mmom yɛnam mmara no so hunu yɛn bɔne yie.
Onyankopɔn de maa yɛn, ɛfiri sɛ bɔne ahyɛ yɛn ma, nanso yɛnhunu. “Moyɛ awudifoɔ, adwamammɔfoɔ, nnebɔneyɛfoɔ,” Onyankopɔn nam mmara nsɛm no so na ɔka yei kyerɛ yɛn. Ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ, mma yɛnni awu, nanso ɛtɔ berɛ bi a, yɛde yɛn honam di awu wɔ yɛn akomam.
Nanso, ɛnam sɛ wɔatwerɛ wɔ Nyankopɔn mmara no mu sɛ ɛnsɛ sɛ yɛdi awu nti, yɛnnim sɛ yɛyɛ awudifoɔ, na yɛka sɛ, “Ah, mayɛ mfomsoɔ. Meyɛ ɔdebɔneyɛni, ɛfiri sɛ mayɔ deɛ ɛnsɛ sɛ anka meyɔ. Mayɛ bɔne.”
Sɛdeɛ ɛbɛyɔ na ɔbɛgye Israel man no afiri wɔn bɔne nyinaa mu no, Onyankopɔn maa Aaron kwan wɔ Apam Dadaa no mu sɛ, ɔmfa mpata afɔdeɛ mmɔ afɔdeɛ, na ɛyɛ Aaron na ɔpata maa ɔman no prɛko daa afirinhyia.
Wɔ Apam Dadaa mu no, na wɔde afɔdeɛ mmienu na ɛpata bɔne wɔ Mpata Da no. Wɔde baako bɔɔ afɔdeɛ Nyankopɔn anim, na baako nso wɔmaa ɔbarima bi a ɔwɔ hɔ kɔgyaa no kwan maa no kɔɔ ɛserɛ so berɛ a wɔnam nsagusoɔ so de wɔn mfirinhyia bɔne nyinaa agu ne soɔ no. Ɔsɔfo Panin no de ne nsa too ɔpapo animono no atifi, na ɔkaa Israelfoɔ bɔne, “Awurade, ɔman no adi awu, wɔabɔ adwaman, wɔabɔ korɔno, wɔasom anyame foforɔ... yɛayɛ bɔne w’anim.”
Palestina asase yɛ anwea parada ne ɛserɛ. Wɔgyaa Asasel a wɔde no bɔɔ afɔdeɛ no ma no kɔɔ ɛserɛ so kwan a ɛnni awieeɛ no, na ɔwui. Sɛ wɔgya no kwan ma no kɔ a, Israel man no hwɛ no saa ara kɔsi sɛ ɔbɛyera akɔ akyirikyiri, na wɔgye diiɛ sɛ Asasel de wɔn bɔne kɔ. Ɔman no nyaa asomdwoeɛ wɔ wɔn adwenem, na Asasel wuiɛ wɔ serɛ so maa ɔman no afirinhyia bɔne.
Wɔ saa kwan yi so no, Onyankopɔn nam Yesu Kristo a ɔyɛ Nyankopɔn adwammaa no so pataa yɛn bɔne nyinaa. Wɔnam Yesu asubɔ ne ne mogya no so hohoroo yɛn bɔne nyinaa kɔeɛ.
Yesu yɛ Nyankopɔn ne yɛn Agyenkwa. Ɔyɛ Nyankopɔn ba a ɔbaa sɛ, ɔrebɛgye adasa mma afiri bɔne mu. Ɔyɛ ɔbɔadeɛ a ɔbɔɔ yɛn wɔ ne suban so, na ɔsianee baa wiase sɛ ɔrebɛgye yɛn afiri bɔne mu.
Ɛnyɛ bɔne a yɛyɔ no da biara wɔ honam mu nko na wɔde guu Yesu so, na mmom bɔne a yɛbɛyɔ daakye ne bɔne a yɛyɔ wɔ y’adwenem ne yɛn honam mu no nso ka ho bi. Saa na na ɛsɛ sɛ Yohane Suboni bɔ Yesu asu na wahyɛ Nyankopɔn tenenee nyinaa ma, bɔne mpata a ewie pɛ yɛ ma wiase bɔne nyinaa no.
Mfeɛ mmiɛnsa a na edi Yesu anim ansa na wɔrebɔ no asɛnnua mu no, berɛ a ɔhyɛɛ ne bɛdwam dwumadie ase no, ɔyii wiase bɔne nyinaa kɔeɛ berɛ a Yohane Suboni bɔɔ no asu wɔ asubɔntene Yordan mu no. Nnipa nkwagyeɛ ne yɛn bɔne ho mpata firii aseɛ berɛ a wɔbɔɔ no asu no.
Wɔ asubɔntene Yordan mu no, bea a nsuo no mu dɔ duru n’ase no, Yohane Suboni de ne nsa guu Yesu atifi, na ɔde no nuu nsuo no mu. Saa asubɔ yi ne nsagusoɔ a na ɛwɔ Apam Dadaa mu no yɛ adekorɔ no ara a ɛyɛ bɔne nyinaa a wɔde gu soɔ no.
Sɛ wɔde wo bɛhyɛ nsuo mu no kyerɛ sɛ owuo, na nsuo no mu firie kyerɛ owusɔreɛ. Saa na Yohane bɔɔ Yesu asu no, Yesu daa ne dwumadie adi, na ɔhyɛɛ ne dwumadie nkyekyɛmu mmiɛnsa no nyinaa ma: yɛn bɔne a ɔbɛyi akorɔ, ne wuo, ne ne wusɔreɛ.
Sɛ yɛdi nsɛm a Yesu de agye yɛn nkwa afiri bɔne mu no so a na yɛbɛtumi anya nkwagyeɛ. Onyankopɔn yɛɛ n’adwene sɛ ɔnam Yesu so bɛgye yɛn nkwa, na apam a ɔyɔeɛ wɔ Apam Dadaa mu no nyinaa hyɛɛ ma. Ɛnam nneyɔeɛ yei so na Yesu de yɛn bɔne a ɛwɔ n’atifi no nantee kɔɔ asɛnnua no so.
 
Adwuma bɛn na aka a ɛwɔ hɔ ma yɛn wɔ berɛ a Yesu ayi yɛn bɔne nyinaa korɔ yi?
Deɛ ɛsɛ sɛ yɛyɔ nyinaa ne sɛ, yɛbɛnya gyidie wɔ Nyankopɔ asɛm no mu
 
Wɔ Yohane 1:29, wɔatwerɛ sɛ, “Adeɛ kyeeɛ no, Yohane hunuu Yesu sɛ ɔreba ne nkyɛn, na ɔse: Hwɛ Nyankopɔn adwammaa a ɔyi wiase bɔne korɔ no nie!” Yohane Suboni dii adanseɛ sɛ, “Hwɛ Nyankopɔn adwammaa a ɔyi wiase bɔne korɔ no nie.” Wɔde adasa mma bɔne nyinaa guu Yesu so berɛ a wɔbɔɔ no asu wɔ Yordan mu no. Gye di! Ɛno mu na wobɛnya nhyira wɔ wo bɔne nyinaa ho mpata.
Ɛsɛ yɛnya gyidie wɔ Nyankopɔn Asɛm no mu. Ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene ne yɛn asobrakyeɛ to nkyɛn na yɛyɛ asoɔmmerɛ ma Nyankopɔn asɛm a wɔatwerɛ no. Ɛsɛ sɛ yɛgye nokorɛ no di kɛkɛ sɛ, Yesu yii wiase bɔne nyinaa kɔeɛ.
Sɛ yɛka sɛ Yesu yii wiase bɔne nyinaa kɔeɛ, anaa sɛ yɛka sɛ, Yesu pataa yɛn bɔne hyɛɛ tenenee nyinaa ma a, ɛyɛ adekorɔ no ara. ‘Nsagusoɔ’ ne ‘asubɔ’ no kyerɛ adekorɔ no ara.
Ɛmfa ho ne sɛdeɛ yɛbɛka no, sɛ ‘ne nyinaa,’ ‘adeɛ nyinaa,’ anaa sɛ ‘ade mu no nyinaa,’ n’asekyerɛ yɛ adekorɔ no ara. Nsagusoɔ a na ɛwɔ Apam Dadaa mu no ne deɛ ɛwɔ Apam Foforɔ mu no yɛ adekorɔ no ara, na mmom nsonoeɛ a ɛwɔ mu ne sɛ, wɔde kasafua ‘asubɔ’ na wɔde dii dwuma.
Ɛba bɛsi nokorɛ no so sɛ, wɔbɔɔ Yesu asu, na wɔbuu no atɛn wɔ asɛnnua no so pataa yɛn bɔne nyinaa. Yɛgye asɛmpa yi a na ɛwɔ hɔ mfitiaseɛ no di a, yɛbɛnya nkwa.
Sɛ Twerɛ Kronkron no ka sɛ Yesu yii ‘wiase bɔne nyinaa kɔeɛ a’ (Yohane 1:29), wiase bɔne no kyerɛ sɛn? Ɛkyerɛ sɛ bɔne nyinaa: adwemmɔne, akorɔnsɛm, adwamansɛm, aniberebereɛ, awudisɛm, abususɛm, ahantan ne nkwaseasɛm a ɛwɔ yɛn adwenem nyinaa a wɔde awo yɛn no. Mfomsoɔ a yɛyɔ wɔ yɛn honam mu ne yɛn akomam no nso ka ho bi.
“Na bɔne akatua ne owuo, na Nyankopɔn adom akyɛdeɛ ne daa nkwa, yɛn Awurade Kristo Yesu mu” (Romanfoɔ 6:23). “Na mogya angu a, bɔne fakyɛ nni hɔ” (Hebrifoɔ 9:22). Sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ nkyekyɛmu a ɛwɔ ha yi no, ɛsɛ sɛ wɔtua bɔne nyinaa ka. Yesu Kristo nso, sɛdeɛ ɛbɛyɔ na ɔbɛgye adasa mma afiri wɔn bɔne nyinaa mu no, de ɔno ara ne nkwa bɔɔ afɔdeɛ, na ɔtuaa bɔne nyinaa ho ka maa yɛn prɛko.
Enti, sɛ yɛde yɛn ho firi bɔne mu a, deɛ ɛsɛ sɛ yɛyɔ ara ne sɛ, yɛbɛgye asɛmpa a na ɛwɔ hɔ firi mfitiaseɛ no —Yesu asubɔ ne ne mogya, ne ne Nyame a ɔyɛ no adie.
 
 
Ɔkyena Bɔne Ho Mpata

Ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn bɔne ho afɔdeɛ bio anaa?
Daabida
 
Ɔkyena bɔne ne ɔkyena akyi bɔne, ne bɔne a yɛyɔ kɔsi da a yɛbɛwuo nso ka “wiase bɔne” no ho. Nnipa bɔne a ɛfiri awoɔ berɛ so kɔsi owuo mu nso ka “wiase bɔne” no ho, na wɔde wiase bɔne nyinaa guu Yesu so berɛ a wɔbɔɔ no asu a akyingyegyeɛ biara nni mu. Bɔne a yɛbɛyɔ kɔsi da yɛbɛwuo no, wayi afiri yɛn ho kɔ dada.
Ɛsɛ sɛ yɛgye asɛmpa a na ɛwɔ hɔ dada firi mfitiaseɛ no die, Nyankopɔn asɛm a wɔatwerɛ no, na yɛdi nokorɛ no so nya nkwa. Ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene to baabi na yɛnya ɔgyeɛ firi yɛn bɔne mu. Ebia wobɛbisa sɛ, “ɛyɛɛ dɛn na ɔtumi yii bɔne a yɛnyɔeɛ no?” Ɛno na me nso mepɛ sɛ mebisa wo sɛ, “ɛno nti ɛsɛ sɛ Yesu siane ba wiase bio berɛ biara a yɛbɛyɔ bɔne, na ɔhwie ne mogya gu mpɛn pii bio anaa?”
Wɔ awo foforɔ asɛmpa mu no, yɛwɔ bɔne mpata ho mmara. “Na mogya angu a, bɔne fakyɛ nni hɔ” (Hebrifoɔ 9:22). Sɛ na obi pɛ sɛ ɔnya ɔgyeɛ firi ne bɔne mu wɔ Apam Dadaa berɛ no mu a, ɛsɛ sɛ ɔde ne nsa mmienu gu bɔne afɔdeɛ no so, na bɔne afɔdeɛ no wo ma ne bɔne.
Wɔ saa kwan yi so pɛpɛɛpɛ na Nyankopɔn ba no baa wiase sɛ ɔbɛgye adasa mma nkwa. Wɔbɔɔ no asu maa no yii yɛn bɔne nyinaa kɔeɛ, ɔhwiee ne mogya guiɛ wɔ asɛnnua no so de tuaa yɛn bɔne ka, na ɔwui wɔ asɛnnua no so kaa sɛ, “Wɔawie.” Ɔnyanee firii owuo mu nnansa, na afei ɔte Nyankopɔn nsa nifa. Saa na wabayɛ yɛn Agyenkwa daa.
Sɛdeɛ ɛbɛyɔ na yɛbɛde yɛn ho afiri yɛn bɔne nyinaa mu no, ɛsɛ sɛ yɛto deɛ yɛde ahyɛ y’adwene mu ne nyamesom nkyerɛkyerɛ a ɛkyerɛ yɛn sɛ, ɛsɛ sɛ yɛbɔ adwensakyera mpaeɛ da biara nya nkwagyeɛ no twene. Sɛdeɛ ɛbɛyɔ na wɔbɛpepa nnipa bɔne nyinaa no, na ɛsɛ sɛ wɔde afɔdeɛ a mmara no ahyɛ ato hɔ no bɛma prɛko. Onyankopɔn a ɔwɔ Soro no nam Yesu asubɔ no so de wiase bɔne nyinaa guu ɔno ara ne ba no so, ɔmaa wɔbɔɔ no asɛnnuam mma yɛn. Ɔde ne wusɔreɛ no awie yɛn nkwagyeɛ.
“Na ɔno deɛ, yɛn mmarato nti na wɔpiraa no, yɛn amumuyɔ nti na wɔdwerɛɛ no. Ampa, yɛn nyarewa no, ɔno na wafa, na yɛn ayayadeɛ nso, wasoa. Na yɛn deɛ, yɛbu no sɛ deɛ wɔahwe no, deɛ Onyankopɔn aka no de no ahyɛ amaneɛ mu ... Na Awurade maa yɛn amumuyɔ kɔhwee ne so.” Wɔ Yesaia 53, wɔaka sɛ, nnipa mmarato ne amumuyɔ nyinaa a ɛwɔ wiase no, wɔde guu Yesu Kristo so.
Wɔ Apam Foforɔ no mu, wɔ Efesofoɔ 1:4, wɔatwerɛ sɛ, “Sɛdeɛ ɔyii yɛn wɔ ne mu ansa na wɔhyɛɛ wiase aseɛ.” Yei kyerɛ yɛn sɛ, ɔyii yɛn wɔ ne mu ansa na ɔbɔɔ wiase. Ansa na mpo ɔrebɔ wiase no, Onyankopɔn yii yɛn wɔ Kristo mu. Ebia na yɛwɔ adwene foforɔ bi wɔ yɛn tirim dada, nanso seesei deɛ ɛsɛ yɛgye die na yɛyɛ setie ma Nyankopɔn Asɛm no, nsuo ne mogya ne Honhom asɛm no.
Onyankopɔn ka kyerɛɛ yɛn sɛ, n’adwammaa, Yesu Kristo yii wiase bɔne nyinaa kɔeɛ, na ɔpata maa adasa mma nyinaa. Wɔ Hebrifoɔ 10, wɔatwerɛ sɛ, “Na ɛnam sɛ mmara no kura nnepa a ɛbɛba no sunsum na ɛnyɛ nnoɔma no suban ankasa nti, ɛntumi mfa afɔdeɛ korɔ no ara a wɔbobɔ no afe afe nyɛ wɔn a wɔba no pɛ da” (Hebrifoɔ 10:1).
Wɔ yei mu no, ɛka sɛ afɔdeɛ korɔ no ara a wɔbɔ no afe afe no ntumi nyɛ wɔn pɛ da. Mmara no kura nnepa a ɛbɛba no sunsum, na ɛnyɛ nnoɔma no suban ankasa. Yesu Kristo, Mesaia a na ɔrebɛba wiase no, nam n’asubɔ ne ne wuo a ɔde pataa yɛn bɔne no, yɛɛ yɛn pɛ ma no kɔ so saa ara (Sɛdeɛ wɔpata maa Israelfoɔ afirinhyia bɔne prɛko no) berɛ a wɔbɔɔ no asu na wɔbɔɔ no asɛnnuam pataa yɛn bɔne nyinaa no.
Enti, Yesu kaa wɔ Hebrifoɔ 10, “Ɛno na mekaa sɛ: Hwɛ, maba sɛ merebɛyɔ deɛ wopɛ. Ɔyi deɛ edi kan no hɔ, na ɔde deɛ ɛtɔ so mmienu no asi hɔ. Saa ɔpɛ no mu na wɔnam Yesu Kristo honam a ɔde bɛmaeɛ no soɔ ate yɛn ho prɛko. Na ɔsɔfoɔ biara gyina hɔ daa resom, na ɔtaa bɔ afɔdeɛ korɔ no ara a ɛntumi nyi bɔne da. Na ɔno deɛ, ɔnya bɔɔ bɔne ho afɔdeɛ biako no, ɔkɔtenaa Nyankopɔn nifa ma no kɔ so ara. Na deɛ aka ne sɛ ɔtwɛn kɔduru sɛ wɔde n’atamfo bɛyɛ ne nan ase ntiasoɔ. Na ɔde afɔreɛ korɔ a ɔbɔeɛ no ayɛ wɔn wɔte wɔn ho no pɛ ma no kɔ so saa ara. Na Honhom Kronkron nso di yɛn adanseɛ. Ɛfiri sɛ akane no, ɔkaa sɛ: Yei ne apam a nna no akyi me ne wɔn bɛpam no, Awurade na ɔseɛ. Mede me mmara bɛhyɛ wɔn akoma mu, na matwerɛ wɔ wɔn adwenem, na wɔn bɔne ne wɔn mmarato nso merenkae bio. Na deɛ yeinom fakyɛ wɔ no, bɔne ho afɔrebɔ nni hɔ bio” (Hebrifo) 10:9-18).
Yɛgye di sɛ Yesu nam n’asubɔ ne n’asɛnnua no so mogya no agye yɛn afiri bɔne nyinaa a ɛwɔ wiase yi mu.
 
 
Nsuo Ne Honhom Awo Foforɔ Nkwagyeɛ A Wɔakurukyire Wɔ Yɛn akomam Ne Yɛn Adwenem No 

Yɛnkɔyɛ bɔne bio no nti na yɛyɛ ateneneefoɔ no anaa?
Daabi. Yɛyɛ ateneneefoɔ ɛfiri sɛ, Yesu yii yɛn bɔne nyinaa kɔeɛ, na yɛgye no di ntira.
 
Mo nyinaa moagye ne nkwagyeɛ a ewie pɛ yɛ no adi anaa? —Amen— Wode gyidie di Nyankopɔn Asɛm a ɛkyerɛ yɛn sɛ wɔbɔɔ Yesu asu, na ɔhwiee ne mogya guiɛ wɔ asɛnnua no so de gyee yɛn nkwa no so anaa? Ɛsɛ sɛ yɛnya gyidie wɔ n’asɛm no mu ma wɔwo yɛn foforɔ. Sɛ yɛgye di sɛ, Yesu Kristo nam bɔne fakyɛ asɛmpa no so ahohoro yɛn bɔne nyinaa ne wiase bɔne nyinaa a, yɛbɛtumi anya nkwa.
Sɛ yɛdi Nyankopɔn mmara no so a, yɛntumi mmɛyɛ pɛ da, nanso yɛnam gyidie a yɛwɔ wɔ ne dwumadie mu no bɛtumi ayɛ pɛ. Yesu nam n’asubɔ a wɔbɔɔ no wɔ Yordan mu no ayi wiase bɔne nyinaa kɔ, na ɔnyaa atemmuo mu amaneɛ, na wɔtwee n’aso maa yɛn bɔne wɔ asɛnnua no so. Sɛ yɛde yɛn akoma gye asɛmpa no di a, yɛbɛtumi anya ɔgyeɛ afiri yɛn bɔne nyinaa mu, na yɛbɛba abɛyɛ ateneneefoɔ. Wogye yei di anaa?
Yesu asubɔ, n’asɛnnua mu borɔ, ne ne wusɔreɛ yɛ bɔne fakyɛ a ɔde maa adasa mma, ne Nyankopɔn nkwagyeɛ mmara a ɛgyina hɔ ma Nyankopɔn dɔ a ɛnni awieɛ na ɛnyɛ nyiyimu no. Onyankopɔn dɔ yɛn sɛdeɛ yɛteɛ biara, na ɔyɛ nokwafoɔ, ɛno nti ɔdii kan yɛɛ yɛn ateneneefoɔ. Ɔyɛɛ yɛn ateneneefoɔ berɛ a ɔnam Yesu asubɔ no so de yɛn bɔne nyinaa guu no so no.
Sɛdeɛ ɛbɛyɔ na ɔbɛhohoro yɛn bɔne nti, ɔsomaa ne ba korɔ Yesu baa wiase yi mu maa yɛn. Ɔmaa Yesu kwan sɛ ɔmfa n’asubɔ no so nyi wiase bɔne nyinaa, na ɔde atemmuo guu ne ba no so maa yɛn bɔne. Ɔnam nsuo ne mogya asɛmpa no so a ɛyɛ ne dɔ a ɛboro yɛn nteaseɛ soɔ no de yɛn bɔne nyinaa guu no so.
Wɔatwerɛ wɔ Hebrifoɔ 10:16, “Mede me mmara bɛhyɛ wɔn akomam, na matwerɛ wɔ wɔn adwenem.”
Wɔ yɛn akomam no, yɛyɛ nnebɔneyɛfoɔ wɔ Onyankopɔn anim anaa sɛ yɛnyɛ ateneneefoɔ? Sɛ yɛwɔ gyidie wɔ Nyankopɔn Asɛm no mu a, yɛba bɛyɛ ateneneefoɔ. Yesu Kristo yii yɛn bɔne nyinaa kɔeɛ, na wɔbuu no ɛho atɛn. Yesu Kristo yɛ yɛn Agyenkwa. Ebia wobɛdwene sɛ, “yɛyɔ bɔne da biara yi deɛ, ɛbɛyɛ dɛn na yɛbɛyɛ ateneneefoɔ? Yɛyɛ nnebɔneyɛfoɔ ankasa.” Nanso sɛ yɛgye Nyankopɔn asɛm no di sɛdeɛ Yesu yɛɛ setie maa Agya no a, yɛbɛyɛ ateneneefoɔ.
Ewom saa, sɛdeɛ medii kan kaeɛ no, sɛ na yɛwɔ bɔne wɔ yɛn akomam ansa na wɔrewo yɛn foforɔ. Nanso berɛ a yɛde yɛn akoma gyee bɔne fakyɛ asɛmpa no di wieeɛ no, yɛnyaa ɔgyeɛ firii yɛn bɔne nyinaa mu. Berɛ a na yɛnnim asɛmpa no, na yɛyɛ nnebɔneyɛfoɔ. Nanso yɛbɛyɛɛ ateneneefoɔ berɛ a yɛfiri aseɛ gyee Yesu nkwagyeɛ diiɛ, na yɛbɛyɛɛ Nyankopɔn mma a wɔtene. Yei ne gyidie a ɛma wobɛyɛ ɔteneneeni a ɔsomafoɔ Paulo kaa ho asɛm no. Gyidie a yɛwɔ wɔ bɔne fakyɛ asɛmpa mu no na ama yɛabɛyɛ ateneneefoɔ.
Ɔsomafoɔ Paulo, anaa Abraham, anaa yɛn agyanom mu biara nni hɔ a wɔnam wɔn nnwuma so bɛyɛɛ ateneneefoɔ, na mmom ɛnam gyidie a ɛwɔ Nyankopɔn Asɛm no mu, ne ne nhyira nsɛm a ɛyɛ bɔne fakyɛ no so.
Wɔ Hebrifoɔ 10:18, “Na deɛ yeinom fakyɛ wɔ no, bɔne ho afɔrebɔ nni hɔ bio.” Sɛdeɛ wɔatwerɛ no, Nyankopɔn gyee yɛn nkwa sɛdeɛ ɛbɛyɔ na yɛnwu wɔ yɛn bɔne mu. Wogye yei di anaa? —Amen.— 
Wɔ Filipifoɔ 2, “Momma adwene a ɛwɔ Kristo Yesu mu no ara ntena mo mu bi, ɔno na ɔwɔ Nyankopɔn tebeam deɛ, nanso wammu no mfasodeɛ sɛ ɔne Nyankopɔn sɛ, na mmom ɔtoo ne ho mpan faa akoa tebea too ne ho so danee nnipa nsɛso, na sɛdeɛ ɔyɔɔ n’adeɛ faeɛ no, wɔhunuu no sɛ onipa, ɔbrɛɛ ne ho ase yɛɛ setie de kɔsii owuo mu, asɛnnua ho wuo mu mpo. Ɛno nti na Onyankopɔn nso ama no so kɛse, na wadom no din a ɛboro din nyinaa soɔ, sɛ Yesu din mu na ɔsorofoɔ ne asase sofoɔ ne asase asefoɔ nkotodwe nyinaa nkotoɔ, na tɛkyerɛma nyinaa mpaem nka sɛ Yesu Kristo ne Awurade mma agya Nyankopɔn animuonyam” (Filipifoɔ 2:5-11).
Yesu Kristo a ɔyɛ n’animuonyam no haran ne ne su nsɛsoɔ no (Hebrifoɔ 1:3), anhwehwɛ animuonyam amma ɔno ara ne ho. Na mmom, ɔfaa akoa tebea too ne ho so, na ɔbaa wɔ nnipa nsɛsoɔ mu. Ɔbrɛɛ ne ho ase yɛɛ setie de kɔsii owuo mu sɛ ɔbɛgye yɛn nkwa.
Ɛno nti, yɛyi Yesu ayɛ, “ɔyɛ yɛn Nyankopɔn, Agyenkwa, ne Ɔhene.” Deɛ nti a yɛhyɛ Nyankopɔn animuonyam na yɛyi Yesu ayɛ ne sɛ, Yesu yɛɛ setie maa Agya no pɛ de kɔsi awieeɛ. Sɛ wanyɛ setie a, anka yɛntumi nhyɛ Nyankopɔn animuonyam sɛdeɛ yɛyɔ no seesei no. Nanso ɛnam sɛ Nyankopɔn ba no yɛɛ setie maa Agya no pɛ de kɔsi owuo mu nti, abɔdeɛ nyinaa ne aman nyinaa a ɛwɔ asase yi so hyɛ no animuonyam, na wɔbɛyɔ saa daa.
Yesu bɛyɛɛ Nyankopɔn adwammaa a ɔyii wiase bɔne nyinaa kɔeɛ, na wɔatwerɛ sɛ ɔnam n’asubɔ no so na ɔyi kɔeɛ. Seesei no, mfirinhyia 2000 na abɛsene korɔ berɛ a ɔyii wiase bɔne nyinaa kɔeɛ. Wo ne me atena wiase firi berɛ a wɔwoo yɛn, na yɛn bɔne nyinaa nso ka wiase bɔne no ho.
 
Sɛ yɛkɔyɛ bɔne ɔkyena a, yɛbɛba abɛyɛ nnebɔneyɛfoɔ anaa?
Daabi, ɛfiri sɛ Yesu yii yɛn bɔne a atwam, daa ne daakye deɛ nyinaa kɔeɛ.
 
Sɛ yɛka bɔne a ɛwɔ hɔ dada no ne yɛn mmarato a yɛyɔ wɔ yɛn nkwa nna nyinaa no bom a, yɛayɛ bɔne firi berɛ a wɔwoo yɛn no bɛsi seesei anaa? —Aane yɛayɔ.— 
Yesu nim sɛ yɛbɛyɔ bɔne firi berɛ a wɔwoo yɛn kɔsi da a yɛbɛwuo, ɛno nti, ɔyii yɛn bɔne nyinaa kɔeɛ dada. Seesei deɛ woahunu sɛdeɛ ɛteɛ no anaa? Sɛ anka yɛretena ase aduru mfeɛ 70 a, anka yɛn bɔne nyinaa bɛyɛ lɔre a ɛboro ɔha ma. Nanso Yesu nam n’asubɔ no so yii yɛn bɔne nyinaa kɔeɛ prɛko, na ɔde yɛn bɔne nyinaa kaa ne ho kɔɔ asɛnnua no so.
Sɛ Yesu yii bɔne a ɛwɔ hɔ dada no nko ara na ɛkɔeɛ a, anka yɛn nyinaa bɛwuwu akɔ amanehunu kuro. Mpo sɛ yɛannya atenka biara sɛ ɔyii yɛn bɔne nyinaa kɔeɛ a, ɛntumi nsesa nokorɛ a ɛwɔ hɔ sɛ Yesu ayi yɛn bɔne nyinaa kɔ.
Bɔne dodoɔ sɛn na yɛbɛtumi ayɔ wɔ wiiase? Bɔne a yɛyɔ nyinaa ka wiase bɔne no ho.
Berɛ a Yesu ka kyerɛɛ Yohane sɛ ɔmmɔ no asu no, saa ara pɛpɛɛpɛ na na ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ. Yesu dii ɔno ara ne ho adanseɛ sɛ wayi wiase bɔne nyinaa kɔ. Onyankopɔn somaa n’akoa dii Yesu anim, na ɔmaa no bɔɔ Yesu asu. Berɛ a Yohane a ɔyɛ nnipa ananmusini no bɔɔ Yesu asu wɔ berɛ a Yesu brɛɛ ne tiri ase wɔ n’anim maa no bɔɔ no asu no, Yesu yii adasa mma bɔne nyinaa kɔeɛ.
Yɛn bɔne nyinaa a ɛfiri mfeɛ 20 kɔsi 30, 30 kɔsi 40 ne deɛ ɛkeka ho nyinaa, ne mpo yɛn mma bɔne nso ka wiase bɔne a Yesu nam n’asubɔ so yi kɔeɛ no ho.
Whan na ɔbɛtumi aka sɛ bɔne da so ara wɔ wiase. Yesu yii wiase bɔne nyinaa kɔeɛ, na sɛ yɛde yɛn akoma gye di a, yɛn nyinaa bɛnya nkwa a annye annie sunsum biara nni mu fa deɛ Yesu bɛyɔeɛ de pataa yɛn bɔne: N’subɔ ne ne mogya dehyeɛ a ɔhwie guiɛ no.
Nnipa beberee bɔ amanehunu bra a emu yɛ den a wɔde wɔn ara adwene ammunkam ho no, na wɔka wɔn asetena mu nsɛm te sɛ deɛ ɛno ne adeɛ a ɛhia paa no. Nanso yɛwɔ pii wɔ hɔ a wɔabɔ ɔbra den wɔ amaneɛ mu. Nnipa pii atena ase ahohiahia mu. Menso mabɔ saa ɔbra no bi pɛn ansa na wɔrewo me foforɔ. Ɛbɛyɛ dɛn na worente aseɛ anaa sɛ wonnye bɔne fakyɛ asɛmpa a ɛyɛ Yesu asubɔ ne ne mogya no ntum?
 

Wɔawie Nnebɔneyɛfoɔ Nkwagyeɛ 

Adɛn nti na Yesu hohoroo Petro nan ho?
Ɛfiri sɛ ɔpɛ sɛ Petro nya gyidie a ɛmu yɛ den sɛ, ɔnam n’asubɔ no so ahohoro ne daakye bɔne nyinaa dada
 
Momma yɛnkenkan Yohane 19. “Na ɔso n’asɛnnua firii adi kɔduruu baabi a wɔfrɛ hɔ Nitireso a Hebri mu wɔfrɛ no Golgota. Ɛhɔ na wɔbɔɔ no asɛnnua mu a nnipa baanu ka ne ho n’afanu, na Yesu wɔ ntam. Na Pilato twerɛ ɛho asɛm nso, na ɔde fam asɛnnua no atifi, na ɛka sɛ: YESU, NAZERENI, YUDAFOƆ HENE. Saa atwerɛ yi na Yudafoɔ no mu pii kenkaneeɛ, ɛfiri sɛ faako a wɔbɔɔ Yesu asɛnnua mu no hɔ bɛn kuro no, na wɔatwerɛ no Hebri ne Roma ne Hela kasa mu” (Yohane 19:17-20).
Adɔfonom, Yesu Kristo yii wiase bɔne nyinaa kɔeɛ, na wɔbuu no kumfɔ wɔ Pilato abɛn mu. Afei momma yɛn nyinaa yɛnhwɛ sɛdeɛ na ɛteɛ.
Ɛfiri nkyekyɛmu 28, “Yei akyiri a Yesu hunuu sɛ wɔanya awie nnoɔma nyinaa no, sɛdeɛ ɛbɛyɔ na Twerɛsɛm no aba mu nti,” Yesu yii yɛn bɔne nyinaa kɔeɛ de hyɛɛ Twerɛsɛm no nyinaa ma. “Ɔkaa sɛ: ɔsukɔm de me. Nso na nsa kekakeka adeɛ bi ma si hɔ, na wɔde nsa no bi yɛɛ sapɔ ma, na wɔde tuaa sommɛ ano de kaa n’ano. Ɛnna Yesu gyee nsa kekakeka no, ɔkaa sɛ: Wɔawie! Na ɔbɔɔ ne tiri ase de ne honhom mae” (Yohane 19:28-30). 
Yesu kaa sɛ, “Wɔawie!” Ɛnna ɔwui wɔ asɛnnua no so. Nnasa akyi no, ɔnyanee firii owuo mu, na ɔkɔɔ Soro.
Yesu asubɔ a Yohane de bɔɔ no no, ne n’asɛnnua no so wuo wɔ ayɔnkofa bi a ɛhia paa. Ɔbaako ntumi nkɔ nnya ɔbaako. Ɛno nti momma yɛnyi Yesu ayɛ sɛ ɔde ne bɔne fakyɛ asɛmpa no agye yɛn nkwa.
Adasa mma honam di deɛ ɔhonam pɛ no akyi mmerɛ nyinaa, ɛno nti, yɛntumi nyɔ biribiara sɛ bɔne nko ara na yɛde yɛn honam bɛyɔ. Yesu de n’asubɔ ne ne mogya maa yɛn sɛdeɛ ɛbɛyɔ na ɔbɛgye yɛn afiri bɔne a yɛde yɛn honam yɔ no nyinaa mu. Ɔde n’asɛmpa no agye yɛn afiri bɔne a yɛde yɛn honam yɔ no nyinaa mu.
Wɔn a wɔanya bɔne fakyɛ no nam Yesu a wɔwoo no Bethlehem, a wɔbɔɔ no asu Yordan, a ɔwuiɛ wɔ asɛnnua no so, na ɔnyaneeɛ da a ɛtɔ so mmiɛnsa firi owuo mu no so gyidie bɛtumi ahyɛne Ɔsoro Ahenie no mu berɛ biara.
Wɔ Yohane nwoma etire a ɛtwa toɔ no, Yesu kɔɔ Galilea berɛ a ɔnyaneeɛ firii owuo mu no. Ɔkɔɔ Petro nkyɛn kɔka kyerɛɛ Petro sɛ, “Simon, Yohane ba, wodɔ me?” na Petro buaa no sɛ, “Aane, Awurade, wonim sɛ medɔ wo.” Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛne me nnwammaa.”
Petro hunuu ne nyinaa, Yesu asubɔ ne ne mogya asɛmpa bɔne fakyɛ no. Afei a Petro gyee asubɔ ne mogya asɛmpa a ɛmaa no bɔne fakyɛ wɔ ne bɔne nyinaa mu diiɛ, na ɔhunuu deɛ nti a na ɛsɛ sɛ Yesu hohoro ne nan ho no, ne gyidie a na ɔwɔ wɔ Yesu mu no bɛyɛɛ dendeenden.
Momma yɛnkenkan Yohane 21:15 no bio. “Ɛnna wɔdidi wieeɛ no, Yesu see Simon Petro sɛ: Simon, Yona ba, wodɔ me sene yeinom? Ɔsee no sɛ: Aane, Awurade, wonim sɛ medɔ wo. Ɔsee no sɛ: Yɛne me nnwammaa!” Yesu bɛtumi de ne nnwammaa ahyɛ Petro nsa, ɛfiri sɛ Petro yɛ ne suani a ɔnyaa nkwagyeɛ a ewie pɛ yɛ, ɛfiri sɛ Petro bɛyɛɛ onipa teneneeni ne Nyankopɔn akoa a ɔyɛ pɛ.
Sɛ anka Petro bɛyɛɛ ɔdebɔneyɛni bio ɛnam ne bɔne a ɔyɔ da biara no nti a, anka Yesu renka nkyerɛ no sɛ ɔnka bɔne mpata ho asɛmpa no, ɛfiri sɛ ɔno ne asomafoɔ a aka no ntumi nyɔ biribiara sɛ bɔne nko ara na wɔbɛyɔ wɔ wɔn honam mu da biara. Nanso Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, wɔnka asɛmpa a ayi wɔn bɔne nyinaa korɔ no, ɛfiri sɛ wɔgyee Yesu asubɔ ne ne mogya a ɔhwie guiɛ wɔ asɛnnua no so a ɛyɛ bɔne ho mpata asɛmpa no diiɛ.
 
 
Awurade, Wonim Sɛ Medɔ Wo 

Sɛ woyɛ bɔne a, wobɛba abɛyɛ ɔdebɔneyɛni bio anaa?
Daabi. Yesu ayi me daakye bɔne nyinaa kɔ dada wɔ Yordan
 
Momma yɛndwene mfa nsɛm a Yesu ka kyerɛɛ Petro no ho. “Simon, Yona ba, wodɔ me sene yeinom!” “Aane, Awurade, wonnim sɛ medɔ wo.” Ne dɔ a ɔde n’ano paem kaeɛ no yɛ nokorɛ, ɛfiri gyidie a ɔnyaa wɔ bɔne nyinaa mpata asɛmpa no mu.
Sɛ Yesu anka bɔne fakyɛ asɛmpa no ankyerɛ Petro ne asuafoɔ a aka no berɛ a na ɔrehohoro wɔn nan ho no a, anka wɔntumi mpaem nka ɔdɔ a na wɔwɔ wɔ saa kwan no so.
Na mmom berɛ a Yesu baa wɔn nkyɛn bɛbisaa wɔn sɛ, “Mo dɔ me sene yeinom anaa?” no, anka Petro bɛka sɛ, “Awurade, meyɛ onipa a menwie pɛ yɛ. Meyɛ ɔdebɔneyɛni a mentumi nnɔ wo nsene yeinom. Mesrɛ wo, gya me hɔ na kɔ wo baabi.” Anka Petro bɛdwane de ne ho akɔhunta.
Nanso momma yɛndene mfa Petro mmuaeɛ no ho. Ɔnyaa bɔne fakyɛ asɛmpa no mu nhyira, Yesu asubɔ ne ne mogya a agye adasa mma nyinaa nkwa no.
Enti Petro tumi kaa sɛ, “Aane, Awurade, wonim sɛ medɔ wo.” Ɔdɔ yi a ɔde n’ano paem kaeɛ no firi Yesu bɔne fakyɛ asɛmpa no mu. Petro gyee nokorɛ bɔne fakyɛ asɛmpa no diiɛ, deɛ ɛnam soɔ maa Yesu yii wiase bɔne nyinaa kɔeɛ no. Daakye bɔne nso a ɛda hɔ ma nnipa sɛ wɔbɛyɔ ɛnam wɔn mmerɛyɛ ne deɛ wɔntumi nyɔ nyinaa nso ka ho bi.
Petro gyee bɔne fakyɛ asεmpa no diiε, na εnam sε ɔgye diiε sε Yesu yε Nyankopɔn adwammaa no nti, ɔbuaa Awurade wɔ ntεm so a wantwetwεn ne nan ase koraa. Yesu nkwagyeε firi bɔne fakyɛ asεmpa no mu, saa na wagye Petro afiri bɔne a ɔbεyɔ da biara no mu nso. Petro gyee nkwagyeε a εnam bɔne fakyɛ asεmpa a wɔde pataa wiase bɔne nyinaa no diiε.
Wo nso wote sε Petro anaa? Wobεtumi agye Yesu adi na woadɔ deε ɔnam n’asubɔ ne ne mogya no so de bɔne fakyɛ asεmpa no yii wo bɔne nyinaa kɔeε no anaa? Ɔkwan foforɔ biara nni hɔ bio.
Sε Yesu yii bɔne a atwam ne nnε da yi bɔne nko ara na εkɔeε, εnna ɔgyaa daakye bɔne no hɔ maa yεn a, anka yεntumi nyi no ayε sεdeε yεyɔ no seesei no. Deε εka ho bio nso ne sε, anka yεbεkɔ amanehunu kuro a akyingyeε biara nni mu. Enti εsε sε yεn nyinaa fa to yεn ho so sε, bɔne fakyɛ asεmpa no mu gyidie na agye yεn nkwa.
Ɛyɛ dɛn ara a honam no bɛpɛ sɛ ɛbɛyɔ bɔne, ɛno nti yɛyɔ bɔne mpɛn pii. Enti ɛsɛ sɛ yɛpaem ka sɛ, bɔne mpata mmorosoɔ asɛmpa no mu gyidie a Yesu de maa yɛn no, ne n’asubɔ, ne ne mogya asɛmpa no na agye yɛn nkwa.
Sɛ yɛannye bɔne mpata asɛmpa no a ɛyɛ Yesu asubɔ ne ne mogya no anni a, anka ogyidini biara nni hɔ a ɔbɛtumi anya ɔgyeɛ afiri n’asetena mu bɔne nyinaa. Deɛ ɛka ho bio ne sɛ, sɛ anka wɔgye yɛn firi yɛn bɔne mu ɛnam sɛ yɛde yɛn ano paem kaeɛ na yɛsakyera yɛn adwene berɛ biara no nti a, ɛnneɛ anka yɛbɛyɛ akwadworɔ sɛ yɛbɛtena ase sɛ ateneneefoɔ, anka bɔne bɛka yɛn akomam daa.
Sɛ ɛte saa a, anka yɛbɛsane abɛyɛ nnebɔneyɛfoɔ a yɛntumi nnɔ Yesu anaa sɛ yɛbɛbɛn no mpo. Afei, anka yɛntumi nnye Yesu nkwagyeɛ nni, na yɛntumi ndi n’akyi nkɔsi awieeɛ wɔ yɛn asetena mu.
Yesu maa yɛn bɔne fakyɛ asɛmpa no, na ɔgyee wɔn a wɔgye diiɛ no nkwa. Na wabɛyɛ yɛn Agyenkwa a ɔyɛ pɛ, na ɔhohoroo yɛn mmarato a yɛyɔ da biara no, sɛdeɛ ɛbɛyɔ na yɛbɛtumi adɔ no wɔ nokorɛm.
Yɛn a yɛyɛ agyidifoɔ no ntumi nyɔ biribi, na mmom sɛ yɛbɛdɔ Yesu asubɔ ne ne mogya asɛmpa a ɛyɛ yɛn bɔne fakyɛ no. Agyidifoɔ nyinaa bɛtumi adɔ Yesu daa, na yɛayɛ ne nkwagyeɛ dɔ a ɛnam bɔne fakyɛ asɛmpa a Yesu de ama yɛn no nkoa.
Ɔdɔfoɔ! Sɛ anka Yesu gyaa bɔne ketewa bi mpo hɔ a, anka wontumi nnye Yesu nni, anaa nso anka wontumi mpo mmɛyɛ bɔne fakyɛ asɛpa no danseni. Anka wontumi nyɔ adwuma sɛ Nyankopɔn akoa.
Nanso sɛ wogye bɔne fakyɛ asɛmpa no di a, wobɛtumi anya ɔgyeɛ afiri wo bɔne nyinaa mu. Ɔma wo kwan sɛ nya nkwa firi wo bɔne nyinaa mu berɛ a wohunu nokorɛ bɔne fakyɛ asɛmpa a wɔatwerɛ wɔ Yesu Asɛm mu no.
 

“Wodɔ Me Sene Yeinom?”

Ɛdeɛn na ama yɛadɔ Yesu sene adeɛ nyinaa?
Ne dɔ a ɔde dɔ yɛn a ɛnam n’asubɔ a ahohoro yɛn bɔne nyinaa ne yɛn daakye bɔne nyinaa korɔ no.
 
Onyankopɔn de ne nnwammaa hyɛ wɔn a wɔagye bɔne fakyɛ asɛmpa no adie no nsa. Yesu bisaa no mprɛnsa, “Simon, Yona ba, wodɔ me sene yeinom?” Na Petro buaa no berɛ biara sɛ, “Aane, Awurade, wonim sɛ medɔ wo.” Afei momma yɛndwene Petro mmuaeɛ no ho. Yɛtumi hunu sɛ na yei nyɛ adeɛ bi a ɛfiri ɔno ara ne pɛ mu na ɔkaeɛ, na mmom ne gyidie a ɔwɔ wɔ bɔne fakyɛ asɛmpa no mu no.
Sɛ yɛdɔ obi na sɛ saa dɔ no firi yɛn ara yɛn pɛ mu a, ɛtumi brɛɛ ase wɔ berɛ a yɛayɛ mmerɛ no. Nanso sɛ saa dɔ no gyina Nyankopɔn dɔ mu ahoɔden no so a, ɛnneɛ ɛbɛtena hɔ daa. Nyankopɔn dɔ, a ɛne yɛn bɔne ho mpata mmorosoɔ no, Yesu asubɔ nsuo ne ne Honhom nkwagyeɛ no, saa ara pɛpɛɛpɛ na ɛteɛ.
Ɛsɛ sɛ yɛn gyidie a yɛwɔ wɔ bɔne fakyɛ asɛmpa mu no yɛ fapem ma yɛn dɔ ne yɛn nnwuma a yɛbɛyɔ ama Awurade. Sɛ yɛde yɛn ara yɛn pɛ nko na ɛdɔ no a, yɛbɛsunti ɔkyena, na awieeɛ no yɛbɛtane yɛn ho ɛnam yɛn amumuyɔ nti. Nanso Yesu hohoroo yɛn bɔne nyinaa kɔeɛ: deɛ ɛwɔ hɔ dada, yɛn bɔne a yɛyɔ daa nyinaa, nnɛ ne ɔkyena bɔne, ne bɔne a yɛbɛyɔ wɔ yɛn asetena nyinaa mu no. Wanyi emu biako mpo amfiri ne nkwagyeɛ mu.
Yei nyinaa yɛ nokorɛ. Sɛ yɛn dɔ ne yɛn gyidie gyina yɛn ara yɛn pɛ ne deɛ yɛde yɛn adwene asusuo so a, yɛbɛdi nkuguo wɔn yɛn gyidie mu. Nanso ɛnam sɛ yɛn dɔ ne yɛn gyidie gyina bɔne fakyɛ asɛmpa a Yesu de ama yɛn no so nti, yɛyɛ Nyankopɔn mma dada, ateneneefoɔ no. Ɛnam sɛ yɛgye nsuo ne Honhom nkwagyeɛ no die nti, bɔne biara nni yεn ho.
Ɛnam sɛ yɛn nkwagyeɛ a ɛbaeɛ no mfiri yɛn anim a yɛde kari Nyamesom pa, na mmom ɛfiri Nyankopɔn dɔ ne ne nokorɛ nkwagyeɛ mu mmara wɔ yɛn bɔne fakyɛ mu no nti, yɛyɛ ateneneefoɔ, ɛmfa ho ne sɛdeɛ yɛnwie pɛ yɛ anaa mmerɛyɛ a yɛwɔ wɔ asetena mu. Yɛbɛhyɛne Nyankopɔn Ahenie no mu, na yɛayi no ayɛ wɔ mmerɛsantene mu. Wogye yei di anaa?
1 Yohane 4:10 ka sɛ, “Yei mu na ɔdɔ no wɔ, ɛnyɛ sɛ yɛn na yɛdɔɔ Onyankopɔn, na mmom ɔno na ɔdɔɔ yɛn na ɔsomaa ne ba sɛ ɔmmɛyɛ yɛn bɔne ho mpata.” Yesu de nsuo ne Honhom no na ɛgye yɛn nkwa, ɛno nti ɛsɛ sɛ yɛnya gyidie wɔ bɔne fakyɛ asɛmpa no mu, Yesu asubɔ ne ne mogya no.
Sɛ Onyankopɔn amfa bɔne fakyɛ asɛmpa no annye yɛn nkwa a, anka yɛntumi nya nkwa, ɛmfa ho ne gyeɛ a yɛbɛgye no adie. Nanso Yesu hohoroo bɔne nyinaa a yɛyɔ wɔ yɛn akomam ne yɛn honam mu no.
Sɛdeɛ ɛbɛyɔ na yɛbɛba abɛyɛ ateneneefoɔ nti, ɛsɛ sɛ y’adwene si pi wɔ yɛn nkwagyeɛ a ɛnam gyidie a yɛwɔ wɔ nsuo ne Honhom nsɛm no mu, mpata asɛmpa no. Wiase bɔne fakyɛ asɛmpa no nyinaa yɛ deɛ ɛfa Yesu asubɔ ne ne mogya ho. Nokorɛ gyidie nyinaa wɔ fakyɛ asɛmpa no mu, nkwangyeɛ mu nokorɛ fapem no, ne ɛkwan a yɛfa so hyɛne Nyankopɔn Ahenie no mu.
 

Ɛsɛ Sɛ Yɛto Gyidie A Ɛfiri Yɛn Ara Yɛn Pɛ Mu No Twene
 
Ɛhe na nokorɛ gyidie firi ba?
Ɛfiri Awurade dɔ mu na ɛba, ɔno na wadi kan ahohoro yɛn daakye bɔne nyinaa
 
Gyidie anaa ɔdɔ a ɛfiri obi pɛ mu no nyɛ nokorɛ dɔ anaa nokorɛ gyidie. Yɛwɔ nnipa pii wɔ wiase a mfitiaseɛ no, wɔde ɔpɛ a ɛyɛ gyee Yesu diiɛ, nanso akyire yi no, wɔantumi ankura wɔn gyidie mu εnam bɔne ho abooboo a na ɛwɔ wɔn akomam no nti.
Nanso ɛsɛ sɛ yɛhunu sɛ, Yesu ahohoro wiase bɔne nyinaa. Ɛnyɛ amumuyɔ a ɛnhia no nko, na mmom bɔne akɛseɛ a yɛyɔ ɛnam nimdeɛ a yɛnnie nti no nso ka ho bi.
Wɔ Yohane 13 no, sɛdeɛ ɛbɛyɔ na ɔbɛkyerɛ n’asuafoɔ no na wɔbɛgye ne nkwagyeɛ no atum, ne dwuma a ɛtumi die wɔ mmerɛsantene mu no nti, Yesu kaa n’asuafoɔ no bom ansa na wɔrebɔ no asɛnnuam. Berɛ a na ɔne n’asuafoɔ no redidie no, ɔsɔre hohoroo wɔn nan ho de kurukyire nokorɛ nkwagyeɛ mmorosoɔ no wɔ wɔn akomam. Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa hunu na yɛgye bɔne fakyɛ asɛmpa a Yesu kyerɛɛ n’asuafoɔ no wɔ wɔn nan ho hohorɔ no die.
Nanso Petro ampene koraa sɛ Yesu bɛhohoro ne nan ho. “Meremma wo nhohoroo me nan ho da!” Na yei yɛ nneyɔeɛ a ɛfiri obi pɛ mu. Nanso Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Deɛ mereyɔ yi, wonnim seesei, na akyire yi na wobɛhunu.”
Seesei no, yɛbɛtumi de nsuo ne Honhom asɛmpa no ate nsɛm a ɛwɔ Twerɛ Kronkron mu no ase yie aboro yɛn nteaseɛ so. Nsuo ne Honhom asɛmpa no, ne bɔne fakyɛ a ɛma ɔdebɔneyɛni bɛyɛ ɔteneneeni berɛ a ɔde n’akoma nyinaa gye die no, yɛ nokorɛ asɛmpa no.
Petro ne asuafoɔ a aka no kɔɔ ɛpo so sɛ wɔrekɔyi nam, sɛdeɛ na wɔyɛ kane no ansa na wɔrebɛhyia Yesu no. Ɛnna Yesu yii ne ho kyerɛeɛ na ɔfrɛɛ wɔn. Yesu siesiee anɔpa aduane maa wɔn, na berɛ a wɔredidie no, Petro hunuu nsɛm a Yesu dii kan ka kyrɛɛ noɔ no ase. “Deɛ mereyɔ yi, wonnim seesei, na akyire yi na wobɛhunu.” Afei ɔhunuu deɛ na Yesu pɛ sɛ ɔkyerɛ berɛ a ɔdii kan hohoroo ne nan ho no.
“Awurade ahohoro me bɔne nyinaa. Bɔne a meyɔ ɛnam me mmerɛyɛ nti, ne bɔne a mɛyɔ daakye nso.” Petro gyaee gyidie a na ɛfiri ɔno ara ne pɛ ne n’adwene mu no mae, na ɔfirii aseɛ gyinaa pintinn wɔ Yesu asubɔ ne ne mogya no mu, bɔne fakyɛ asɛmpa no.
Wɔdidii anɔpa wieeɛ no, Yesu bisaa Petro, “Wo dɔ me sene yeinom?” Seesei a wanya gyidie mu ahoɔden wɔ Yesu dɔ mu yi deɛ, Petro kaa sɛ, “Aane, Awurade, wonim sɛ medɔ wo.” Ɔtumi paem kaa nokorɛ mu gyidie a ɔwɔ wɔ Yesu asubɔ ne ne mogya no mu, bɔne fakyɛ asɛmpa no.
 

Ɛfiri Hɔ Rekorɔ No, Ɔbɛyɛɛ Nyankopɔn Akoa Nokwafoɔ
 
Wɔ saa adesuahunu yi akyiri no, Petro ne asuafoɔ a aka no kaa asɛmpa no kɔsi sɛ wɔwuwuiɛ. Paulo mpo a na ɔnni ahummɔborɔ na okumkum akristofoɔ no dii asɛmpa no ho adanseɛ wɔ berɛ a na emu ayɛ den wɔ Romanfoɔ ahenie kɛseɛ a na ɛdi aman nyinaa soɔ no mu.
 
Ɛkwan bɛn na wobɛtumi abɛyɛ Nyankopɔn akoa nokwafoɔ?
Sɛ megye ne daapem bɔne mpata afɔdeɛ a ɔde maa me no di a

Wɔ Yesu asuafoɔ mu no, Yudas kɔtɔn Yesu, na ɔsɛnee ne ho. Ɛyɛ ɔsomafoɔ Paulo na ɔfaa ne diberɛ. Asomafoɔ no yii Matias kaa wɔn ho, nanso na ɛyɛ Paulo na Onyankopɔn ayi no, ɛno nti Paulo bɛyɛɛ Yesu somani, na ɔne asomafoɔ no kaa bɔne fakyɛ asɛmpa no.
Asuafoɔ no mu pii wuwuu animono kwan so. Mpo wɔ berɛ a na wɔde owuo hunahuna wɔn no, wɔanto wɔn gyidie antwene, na wɔkaa asɛmpa a na ɛwɔ hɔ dada no.
Ɛbɛtumi aba sɛ sei na wɔkaa asɛmpa no, “Yesu Kristo de n’asubɔ ne ne mogya ahohoro wo honam mu bɔne nyinaa kɔ, a ɛyɛ bɔne fakyɛ asɛmpa no. Yesu nam n’asubɔ no so yii wo bɔne nyinaa kɔeɛ wɔ Yordan mu, na ɔfaa atemmuo wɔ asɛnnua no so maa wo. Gye Yesu asubɔ asɛmpa no di, na nya nkwa.”
Wɔtiee asɛmpa a na ɛwɔ hɔ dada no, na wɔgye diiɛ no, maa nnipa pii no ara nyaa nkwagyeɛ ampa. Ɛyɛ tumi mu gyidie a ɛwɔ Yesu asubɔ ne ne mogya ne Honhom asɛmpa no mu.
Asuafoɔ no kaa nsuo ne Honhom asɛmpa no sɛ, “Yesu yɛ Nyankopɔn ne Agyenkwa no.” Ɛnam sɛ wɔdii nsuo ne Honhom asɛmpa no ho adanseɛ nti na me ne wo mmienu bɛtumi atie Yesu asubɔ ne ne mogya asɛmpa no sɛ yɛn nkwagyeɛ, na yɛanya nkwa afiri yɛn bɔne mu. Ɛnam sɛ Nyankopɔn dɔ nni ahyɛaseɛ ne awieeɛ nti, yɛn nyinaa abɛyɛ ateneneefoɔ.
Mo nyinaa mogye di anaa? Ɛnam sɛ ɔdɔ a Yesu dɔ yɛn no emu dɔ nti, ɔmaa yɛn nsuo ne Honhom asɛmpa no a ɛyɛ bɔne fakyɛ, na yɛabɛyɛ Yesu asuafoɔ a wɔtene. Sɛdeɛ ɛbɛyɔ na ɔbɛkyerɛ nokorɛ bɔne fakyɛ asɛmpa no nti, Yesu hohoroo asuafoɔ no nan ho.
Yesu hohoroo asuafoɔ no nan ho de kyerɛɛ wɔn ne yɛn sɛ, bɔne nyinaa a ɛwɔ wiase ne bɔne a yɛyɔ wɔ yɛn asetena mu no, ɔhohoro ne nyinaa kɔeɛ berɛ a wɔbɔɔ no asu na ɔhwiee ne mogya wɔ asɛnnua no so no. Yɛda Yesu ase wɔ ne dɔ ne ne fakyɛ asɛmpa no.
Yesu kyerɛɛ yɛn nnoɔma mmienu berɛ a ɔhohoroo asuafoɔ no nan ho no. Deɛ edi kan no, na ɛsɛ sɛ ɛkyerɛ wɔn sɛdeɛ ɔkaeɛ no, “Deɛ mereyɔ yi, wonnim seesei, na ekyire yi na wobɛhunu,” ɛkyerɛ sɛ yɛn bɔne nyinaa no, wɔde bɔne fakyɛ asɛmpa a ɛyɛYesu asubɔ ne ne mogya no ahohoro ne nyinaa kɔ.
Nkyerɛkyerɛ a ɛtɔ so mmienu ne sɛ, sɛdeɛ Yesu brɛɛ ne ho ase sɛ ɔbɛgye nnebɔneyɛfoɔ nkwa na wayɛ wɔn ateneneefoɔ no, yɛn a wawo yɛn foforɔ no nso, ɛsɛ sɛ yɛsom afoforɔ wɔ berɛ a yɛka bɔne fakyɛ asɛmpa no. Ɛyɛ adeɛ a ɛtene ma yɛn sɛ, yɛn a yɛdii kan baeɛ no bɛsom wɔn a wɔbaa ekyire no.
Botaeɛ mmienu nti a Yesu hohoroo asuafoɔ no nan ho wɔ Twam afahyɛ da no, emu da hɔ pefee, na ɛda so ara wɔ n’asafo mu.
Osuani ntumi nsene ne kyerɛkyerɛni da. Enti yɛka asɛmpa no kyerɛ wiase, na yɛsom no te sɛ deɛ yɛresom Yesu no. Yɛn a wagye yɛn nkwa dada no, ɛsɛ sɛ yɛsom wɔn a wɔbɛba yɛn akyi no. Sɛdeɛ ɛbɛyɔ na ɔbɛkyerɛkyerɛ yei no, Yesu hohoroo asuafoɔ no nan ho. Deɛ ɛka ho bio ne sɛ, berɛ a ɔhohoroo Petro nan ho no, ɔkyerɛɛ yɛn sɛ, ɔyɛ Agyenkwa a ɔyɛ pɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɔ na ɔbonsam nnaadaa yɛn bio.
Mo nyinaa bɛtumi anya nkwa berɛ a mogye bɔne fakyɛ asɛmpa no a ɛyɛ nsuo ne Honhom no die. Yesu de n’asubɔ ne n’asɛnnua mu borɔ, ne ne wusɔreɛ no ahohoro yɛn bɔne nyinaa. Wɔn a wɔgye n’asɛmpa no die no nko ara na wɔbɛtumi anya nkwa afiri wiase bɔne nyinaa mu daa.
 

Nya Gyidie Wɔ Asɛmpa A Ahohoro Yɛn Bɔne A Yɛyɔ No Da Biara No
 
Yɛbɛtumi atwa ɔbonsam nnɛɛdɛeɛ afiri hɔ, berɛ a yɛgye bɔne fakyɛ asɛmpa a ɛyɛ nsuo ne Honhom asɛmpa no die. Ɛyɛ mmerɛ ma ɔbonsam sɛ ɔbɛdaadaa nnipa, na ɔkɔ so ara bɔ nhwerɛma gu wɔn aso mu. Yɛnim sɛ nnipa honam kɔ so ara yɔ bɔne wɔ wiase yi mu, ɛno nti ɛbɛyɛ dɛn na bɔne nni wɔn ho. Nnipa nyinaa yɛ nnebɔneyɛfoɔ.
Nanso yɛnnim muaeɛ no. “Menim sɛ Yesu ayi bɔne nyinaa a yɛde yɛn honam yɔ no, ɛno nti ɛbɛyɛ dɛn na ogyidini anya bɔne bi wɔ ne ho? Yesu tuaa bɔne nyinaa ka wieeɛ, ɛno nti ɛka bɛn na aka bio a ɛsɛ sɛ yɛtua?”
Sɛ yɛannye nsuo ne mogya asɛmpa no anni a, ɔbonsam anomu nsɛm bɛyɛ yɛn nyansasɛm. Nanso sɛ yɛwɔ asɛmpa no wɔ yɛn nkyɛn a, yɛbɛtumi anya gyidie a ɛnhinhim da wɔ Nyankopɔn nokorɛ Asɛm no mu. 
Ɛsɛ sɛ yɛnya gyidie wɔ nsuo ne mogya awo foforɔ asɛmpa no mu. Nokorɛ gyidie ne sɛ, wobɛgye Yesu asubɔ ne n’asɛnnua no so mogya ne ne wusɔreɛ adie.
Woahunu ntomadan kronkron no mfoni tebea no sɛdeɛ na ɛteɛ no pɛn anaa? Ɛyɛ ntomadan ketewa bi. Wɔakyɛ dan no mu ɔfa mmienu, ɔfa a ɛwɔ akyire no yɛ kronkronbea, na ɔfa a ɛwɔ emu no nso yɛ kronkron mu kronkron asɔredan a emu na mpata adwa no wɔ.
Nnyinasoɔ 60 na na egyinagyina tenabea kronkron no adihɔ, na na kronkronbea no wɔ ntaaboɔ 48. Ɛsɛ sɛ yɛnya mfoni fa tenabea kronkron no ho wɔ yɛn adwenem, sɛdeɛ ɛbɛyɔ na yɛbɛte Nyankopɔn nsɛm no ase yie. 
 

Ɛdeɛn Na Wɔde Yɔɔ Ntomadan No Ano Pono A Na Ɛwɔ Adihɔ No 

Ɛdeɛn na wɔde yɔɔ ntomadan no ano pono a na ɛwɔ adihɔ no?
Nkataano a wɔde bibire, asaawa a ɛbere dum, koogyan ne asaawa fitaa a wɔafira
 
Ntomadan no pono ano a na ɛwɔ adihɔ no, wɔakyerɛkyerɛ sɛdeɛ na ɛteɛ wɔ Exodus 27:16, “Na adihɔ no ano pono no nkataano nyɛ basafa aduonu: Wɔmfa bibire ne asaawa a ɛberɛ dum ne koogyan ne asaawa fitaa a wɔafira a ɛyɛ nkyeremu; na n’adum nnan ne ne nnyinasoɔ nnan.” Nnoɔma a wɔde yɔɔ ntomadan no ano nkataano no yɛ bibire, asaawa a ɛbere dum, ne koogyan ne asaawa fitaa a wɔafira na ɛnwonooeɛ. Wɔde nnoɔma ahodoɔ pii na ɛnwonooeɛ, na na ɛyɛ fɛ yie.
Onyankopɔn hyɛɛ Mose sɛ ɔmfa bibire, asaawa a ɛberɛ dum, ne koogyan nwono pono no ano sɛdeɛ ɛbɛyɔ na obiara bɛhunu pono no ano hwehwɛ a ɔmmrɛ. Ɛpono no ano a wɔde bibire, asaawa a ɛbere dum, ne koogyan nwonooeɛ no, wɔde tuatua nnyinasoɔ nnan no ano.
Saa nnoɔma nnan yi nyinaa kyerɛ Onyankopɔn nkwagyeɛ mfoni a ɔnam so bɛgye wɔn a wɔagye ne ba no adie no nkwa, a ɛnam n’asubɔ ne ne mogya ne ne Nyamesu a ɔyɛ no so nkwa.
Nnoɔma a wɔde yɔɔ Ntomadan kronkron no mu biara wɔ deɛ ɛkyerɛ, na egyina hɔ ma Nyankopɔn Asɛm ne n’agyina a ɔnam Yesu so bɛgye nnipa nkwa no.
Seesei no, nnoɔma nsonoeɛ ahodoɔ sɛn na wɔde yɔɔ ntomadan kronkron no ano pono a na ɛwɔ ɛdihɔ no? Nnoɔma nsonoeɛ nnan na wɔde yɔeɛ; bibire, asaawa a ɛberɛ dum, koogyan ne asaawa fitaa a wɔafira. Saa nnoɔma nnan yi hia paa, na ɛbɛtumi aboa yɛn na yɛahyɛ yɛn gyidie mu den wɔ awo foforɔ asɛmpa no mu. Sɛ ɛnhia a, anka wɔantwerɛ nsɛm a ɛfa yei ho no wɔ Twerɛ Kronkron mu ankɔ nkan saa.
Nnoɔma a wɔde yɔɔ ntomadan kronkron no ano pono wɔ ɛdihɔ no kyerɛ nnoɔma a ɛhia paa wɔ yɛn nkwagyeɛ mu. Enti Onyankopɔn daa nnoɔma a ɛte saa yi no adi kyerɛɛ Mose, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, ɔnyɔ no sɛdeɛ ɔkyerɛɛ no pɛpɛɛpɛ.
 

Ɛdeɛn Na Bibire, Asaawa A Ɛbere Dum, Koogyan, Ne Asaawa Fitaa A Wɔafira No Kyerɛ Wɔ Nyankopɔn Asɛmpa No Mu?

Nnoɔma nyinaa a wɔde yɔɔ ntomadan no gyina hɔ ma deɛn?
Yesu nkwagyeɛ a ɛnam n’asubɔ ne ne mogya soɔ no
 
Wɔ ntomadan kronkron mu no, bibire, asaawa a ɛberɛ dum, koogyan ne asaawa fitaa a wɔafira, na wɔde yɔɔ ntwamutam a na ɛsɛne kronkronbea ne kronkron mu kronkron bea no ntam. Nnoɔma a ɛte saa no ara na wɔde yɔɔ Ɔsɔfo Panin a na ɔtumi kɔ kronkron mu kronkron hɔ da koro mfirinhyia no ntadeɛ.
Bibire gyina hɔ ma Yesu asubɔ. Wɔ Petro 3:21, wɔaka sɛ, “Ɛno na afei ne nsɛsoɔ gye mo nso nkwa, ɛne asubɔ.” Petro kyerɛɛ yɛn wɔ nyiyimu yi sɛ, Yesu asubɔ a ɔnam so yii wiase bɔne nyinaa kɔeɛ no yɛ nokorɛ, na ɛyɛ nkwagyeɛ mpata asubɔ nsɛsoɔ. Enti bibire a ɛyɛ Yesu asubɔ no, yɛ adeɛ a ɛhia paa wɔ nkwagye Asɛm no mu. 
Koogyan gyina hɔ ma Yesu mogya, na asaawa a ɛbere dum gyina hɔ ma ne nyamesu —Yesu diberɛ sɛ ɔyɛ Ɔhene ne Nyankopɔn. Nnoɔma ahodoɔ mmiɛnsa no hia paa ma yɛn gyidie wɔ Yesu mu ne yɛn nkwagyeɛ.
Ataadeɛ a na edi mu na ɛyɛ fɛ a na Ɔsɔfo Panin hyɛ no, na wɔfrɛ no asɔfotadeɛ, na asɔfotadeɛ no nyinaa nso yɛ bibire. Ɔsɔfo Panin no hyɛɛ abɔtire wɔ ne ti a na wɔakurukyire sika amapa traatraa wɔ so sɛ, ‘KRONKRON MA AWURADE!’ Sika mapa traatraa no, wɔde bibire homa kyekyere de fam abotire no ho.
 

Nokorɛ A Bibire No Gyina Hɔ Ma

Bibire no gyina hɔ ma deɛn?
Yesu asubɔ
 
Mehwɛɛ bibire asekyerɛ wɔ Twerɛ Kronkron no mu. Ɛdeɛn na Twerɛ Kronkron no ka fa bibire no ho? Ɛsɛ sɛ yɛte bibire a na ɛka asaawa a ɛbere dum ne koogyan ho no ase.
Bibire gyina hɔ ma ‘nsuo no,’ a ɛyɛ Yesu asubɔ no. Yohane Suboni bɔɔ Yesu asu sɛ ɔbɛyi wise bɔne nyinaa akorɔ (Mateo 3:15).
Sɛ Yesu amfa n’asubɔ no so anyi wiase bɔne nyinaa ankɔ a, anka yɛntumi nya ahoteɛ wɔ Nyankopɔn anim. Enti na ɛsɛ sɛ Yesu Kristo ba wiase ma Yohane bɔ no asu wɔ Yordan asubɔntene mu, sɛdeɛ ɛbɛyɔ na ɔbɛyi wiase bɔne nyinaa akorɔ.
Deɛ nti a na ɛsɛ sɛ bibire ba ntomadan no ano pono wɔ adihɔ ne sɛ, sɛ anka Yesu asubɔ nni hɔ a, yɛntumi nya ahoteɛ.
Koogyan gyina hɔ ma ne mogya a ɛyɛ Yesu wuo no. Asaawa a ɛbere dum no gyina hɔ ma Yesu Nyameyɛ mayɛ, a ɛyɛ Yesu diberɛ sɛ, “Ahotɔ tumfoɔ koro no, ahene mu hene ne awuranom mu Awurade” (1 Timoteo 6:15).
Nokorɛ a ɛwɔ mmu ne sɛ, koogyan no gyina hɔ ma Kristo mogya, ɛno na ɔhwie guiɛ wɔ asɛnnua no so tuaa adasa mma bɔne nyinaa ka. Yesu ba wiase honam mu sɛ ɔnam n’asubɔ no so de adasa mma bɔne nyinaa bɛto he ho so, na ɔtuaa bɔne nyinaa ka berɛ a ɔde ne ho bɔɔ afɔdeɛ wɔ asɛnnua no so no. Yesu asubɔ ne ne mogya yɛ bɔne fakyɛ nokorɛ asɛmpa a wɔnam nnoɔma a wɔde yɔɔ ntomadan kronkron wɔ Apam Dadaa mu no so hyɛɛ ho nkɔm no. 
Ntomadan no adum no, wɔde okuo nnua na ɛyɔeɛ, na ne nnyinasoɔ no yɛ kɔbere, na wɔde dwɛtɛ nkatasoɔ kataa kɔbere nnyinasoɔ no so.
Wɔbuu nnebɔneyɛfoɔ nyinaa bɔne ho atɛn, ɛfiri sɛ bɔne akatua ne owuo. Ansa na obi bɛnya Nyankopɔn hɔ nhyira, anya nkwa foforɔ no, na ɛsɛ sɛ onipa no bɔ ne bɔne ho afɔdeɛ wɔ Apam Dadaa no mu.
Nanso Yesu asubɔ a ɛwɔ Apam Foforɔ no mu a ɛgyina hɔ ma bibire a na ɛwɔ ntomadan mu no, ayi yɛn bɔne nyinaa kɔ. Yesu yii yɛn bɔne nyinaa kɔɔ asɛnnua no so, ɔhwiee ne mogya guiɛ, na wɔbuu no atɛn, na ɔyɔɔ saa no, wagye yɛn a yɛwɔ gyidie wɔ bɔne fakyɛ asɛmpa no mu no nkwa. Ɔyɛ Ahene mu hene ne Nyankopɔn Kronkron no.
Adɔfonom Akristofoɔ, Yesu asubɔ yɛ Yesu nkwagyeɛ, ɔno na ɔgyee yɛn nkwa berɛ a ɔyii yɛn bɔne kɔeɛ no. Yesu a ɔyɛ Nyankopɔn no sianee baa wiase wɔ honam mu (asaawa a ɛbere dum); Wɔbɔɔ no asu sɛ ɔbɛyi wiase bɔne nyinaa (bibire no); Wɔbɔɔ no asɛnnuam, na ɔhwie ne mogya de gyee atemmuo maa yɛn (koogyan no). Yesu asubɔ a akyingyeɛ biara nni mu no kyerɛ yɛn sɛ, wabɛyɛ adasa mma nyinaa nokorɛ Agyenkwa.
Yɛtumi hunu yei wɔ nnoɔma a wɔde yɔɔ ntomadan kronkron pono no.
Sɛ wɔde bibire, asaawa a ɛbere dum, ne koogyan a wɔayɔ no fitaa a wɔafira no bɛsiesie apono no kyerɛ yɛn Nyankopɔn nokorɛ nkwagyeɛ no pefee. Asaawa fitaa a wɔafira no asekyerɛ ne sɛ, wɔanyi obiara amfiri mu, na mmom ɔgyee yɛn nyinaa nkwa. Ɛyɛ adeɛ a na ɛhia paa ma mpata nkwagyeɛ no.
Yɛbɛtumi ahunu afiri nnoɔma a wɔde yɔɔ ntomadan no pono no sɛ, Yesu Kristo annye nnebɔneyɛfoɔ nkwa biarabiara wɔ berɛ a wɔanyɛ nhyehyɛeɛ. Ɔno a ɔyɛɛ setie maa Nyankopɔn tirimbɔ no, wɔbɔɔ no asu, wɔkum no, na ɔnyanee firii owuo mu sɛ ɔbɛhyɛ adasa mma nkwagyeɛ nyinaa ma. Yesu de bibire, asaawa ɛbere dum, ne koogyan a ɛyɛ bɔne fakyɛ nnoɔma no, agye wɔn a wɔgye ne nkwagyeɛ die no nyinaa nkwa.
 

Yaawa Kuduo A Na Ɛwɔ Apam Dadaa Mu No Yɛ Asubɔ A Ɛwɔ Apam Foforɔ Mu No Sunsum

Adɛn nti na asɔfoɔ no hohoroo wɔn nan ne wɔn nsa ho ansa na wɔrehyɛne Kronkronbea hɔ?
Ɛfiri sɛ, ɛsɛ sɛ wɔgyina Nyankopɔn anim wɔ bera a bɔne biara nni wɔn ho
 
Wɔde yaawa na ɛyɔɔ kuduo no nso. Yaawa gyina hɔ ma atemmuo a Yesu nyaa ho amanehunu maa yɛn no. Nsuo dwaresɛn no gyina hɔ ma asɛmpa no mu nsɛm a ɛkyerɛ yɛn sɛ, wɔhohoroo yɛn amumuyɔ nyinaa kɔeɛ.
Ɛkyerɛ yɛn kwan a na wɔfa so hohoro bɔne a yɛyɔ no da biara no. Nnipa bɔne a wɔyɔ no daa nyinaa no nam gyidie a wɔwɔ wɔ Yesu asubɔ nsɛm no mu na wɔbɛtumi ahohorɔ.
Ɔhyeɛ afɔrebukyia no gyina hɔ ma atemmuo. Yesu asubɔ a ɛyɛ bibire no yɛ bɔne mpata asɛmpa no a ɛkyerɛ Yesu asubɔ a Yohane de bɔɔ no no (Mateo 3:15, 1 Yohane 5:5-10). Ɛyɛ adanseɛ mu asɛm ma nkwagyeɛ asɛmpa a ɛnam mpata soɔ no.
Wɔ Yohane 5, wɔatwerɛ sɛ, “Na nkonim a ɛdi wiase soɔ ne yɛn gyidie. Na baasa na ɛdi adanseɛ, Honhom ne nsuo ne mogya, na baasa yi bom yɛ baako.” Afei nso ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ, deɛ ɔgye ɔba no die no wɔ nsuo ne mogya ne Honhom no adanseɛ wɔ ɔno ara ne mu.
Onyankopɔn nam mpata asɛmpa no mu gyidie so ma yɛn kwan ma yɛbɛyɛ ahotefoɔ, na yɛhyɛne ntomadan kronkron no mu. Enti seesei no, yɛbɛtumi atena ase wɔ gyidie mu, na yɛadi Nyankopɔn nsɛm no so, na wahyira yɛn, na yɛabɔ yɛn bra sɛ ateneneefoɔ. Sɛ yɛbɛyɛ Nyankopɔn man kyerɛ sɛ, yɛnam mpata asɛmpa no mu gyidie so bɛnya nkwagyeɛ, na yɛtena ntomadan kronkron no mu.
Nnipa pii ka wɔ nnɛ mmerɛ yi mu sɛ, ɛyɛ ma yɛn sɛ yɛbɛgye adie wɔ berɛ a yɛndwene deɛ bibire, asaawa a ɛbere dum ne koogyan a na ɛwɔ ntomadan no ano pono no kyerɛ yɛn. Sɛ obi gye Yesu di wɔ berɛ a ɔnnim nnoɔma a ɛte saa yi no a, ne gyidie ntumi nyɛ nokorɛ, na bɔne da so ara wɔ n’akomam, ɛfiri sɛ nokorɛ awo foforɔ a ɛnam mpata asɛmpa a ɛyɛ nsuo ne mogya ne Honhom no, ɔnnye nni.
Sɛ wɔka kyerɛ obi sɛ ɔnyɛ nhwehwɛmu mfa obi a ɔnnim whee ho, na sɛ ɛnam sɛ ɔpɛ sɛ ɔsɔ deɛ ɔretie no no ani nti ɔka sɛ, “Aane, megye onipa yi di. Ɛwom sɛ Menhyia no pɛn deɛ, nanso megye no di saa ara a.” Wodwene sɛ deɛ ɔretie no no ani bɛsɔ deɛ ɔkaeɛ no anaa? Ebia anka mo mu binom bɛyɔ saa wɔ nnipa nkutahodie mu deɛ, nanso yei nyɛ gyidie a Onyankopɔn rehwehwɛ afiri yɛn nkyɛn.
Onyankopɔn pɛ sɛ yɛgye bɔne fakyɛ asɛmpa no di, Yesu nkwagyeɛ a ɛnam bibire (Yesu asubɔ), ne asaawa a ɛbere dum (Yesu Nyame su), ne koogyan (Yesu mogya). Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa hunu ansa na yɛanya gyidie wɔ Yesu mu, ne kwan a ɔfaa so gyee yɛn firii bɔne nyinaa mu.
Sɛ yɛgye Yesu di a, ɛsɛ sɛ yɛhunu kwan a ɔfaa so de nsuo (Yesu asubɔ), ne ne mogya (ne wuo), ne Honhom no (sɛ Yesu yɛ Nyankopɔn) gyee yɛn nkwa firii yɛn bɔne nyinaa mu no.
Sɛ yɛnya nteaseɛ wɔ nokorɛ mu a, yɛbɛtumi anya nokorɛ gyidie ne gyidie a ewie pɛ yɛ no mu adesuahunu. Sɛ yɛanhunu nokorɛ yi a, yɛn gyidie ntumi nwie pɛ yɛ da. Nokorɛ gyidie no firi nteaseε a yɛwɔ wɔ Yesu nkwagyeɛ adanseɛ, bɔne fakyɛ asɛmpa no, ne sɛ, Yesu yɛ adasa mma nyinaa nokorɛ Agyenkwa no mu.
Ɛnneɛ ɛdeɛn na gyidie a ɛdi Yesu ho agorɔ no teɛ? Momma yɛnhwɛ.
 

Gyidie A Ɛdi Yesu Ho Agorɔ

Ɛdeɛn na ɛhia paa ma gyidie?
Nimdeɛa ɛyɛ pɛpɛɛpɛ fa Yesu asubɔ ho no
 
Ɛsɛ sɛ wohunu sɛ, sɛ wogye Yesu di sɛdeɛ wopɛ biara a, woredi ne ho agorɔ. Sɛ wodwene sɛ, “Ɛyɛ den ma me sɛ mɛgye adie, nanso ɛnam sɛ ɔyɛ Onyankopɔn ne Nyankopɔn ba yi deɛ, ɛsɛ sɛ megye no di wɔ kwan biara so saa ara a,” ɛnneɛ na woredi Yesu ho agorɔ. Sɛ wopɛ sɛ wonya awo foforɔ ampa a, ɛsɛ sɛ wogye Yesu asubɔ ne ne mogya no die, mpata asɛmpa no.
Sɛ wogye Yesu di wɔ berɛ a wonnim mpata asɛmpa no a, ɛnneɛ sɛ anka woannye no anni mpo a anka ɛyɛ. Sɛ woka Yesu mogya asɛmpa no nko ara a, ɛno deɛ na woreyɔ adwuma hunu wɔ berɛ wonnim nokorɛ no.
Ɛnyɛ adeɛ a Yesu pɛ sɛ obiara bɛkyini wɔ mmɔtene so aka asɛmpa no sɛ, wɔngye no ndi biarabiara, anaa sɛ yɛnya ne mu gyidie wɔ berɛ a botaeɛ biara nni mu. Ɔpɛ sɛ yɛfa mpata asɛmpa no so gye no die.
Sɛ yɛbɛgye Yesu di a, ɛsɛ sɛ yɛgye tum sɛ, mpata asɛmpa no yɛ Yesu asubɔ ne ne mogya. Sɛ yɛbɛgye Yesu di a, ɛsɛ sɛ yɛfa n’asɛm no so te mpata asɛmpa no ase, ne ɛkwan a ɔkyerɛɛ yɛn pefee sɛ ɔfaa so hohoroo yɛn bɔne no.
Afei nso ɛsɛ sɛ yɛhunu deɛ bibire, koogyan ne asaawa a ɛbere dum a na ɛwɔ ntomadan no ano pono no kyerɛ. Ɛno mu na yɛbɛtumi anya gyidie a ɛtena hɔ daa.
 

Sɛ Yɛannye Antum Anhunu sɛ, Yesu Na ɛgyina Hɔ Ma Bibire, Asaawa A Ɛbere Dum, Ne Koogyan No A, Yɛntumi Nya Awo Foforɔ Da

Ɛdeɛn na asɔfoɔ no yɔeɛ ansa na wɔrehyɛne kronkron bea hɔ?
Wɔde nsuo a na ɛwɔ yaawa kuduo mu no hohoroo wɔn nan ne wɔn nsa ho
 
Yɛn Awurade Yesu agye yɛn nkwa. Sɛ yɛhwɛ kwan a ɔfaa so gyee yɛn pɛ no a, yɛnni hwee ka sɛ yɛde ayɛyie bɛma Awurade. Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ ntomadan kronkron no. Ɔnam bibire, asaawa a ɛbere dum, ne koogyan a ɛwɔ ntomadan kronkron mu no de bɔne fakyɛ asɛmpa no mu nsɛm ama yɛn, na ɔde yeinom na agye yɛn nkwa. Yɛda Awurade ase, na yɛyi ne din ayɛ.
Nnebɔneyɛfoɔ ntumi nhyɛne kronkronbea hɔ wɔ berɛ a wɔmfa atemmuo a ɛyɛ hu mu. Ɛbɛyɛ dɛn na obi bɛtumi ahyɛne kronkronbea hɔ wɔ berɛ a wɔmmu ne bɔne ho atɛn? Yei ntumi mma saa da. Sɛ onipa a ɔte saa no hyɛne bea a yɛahyɛ no sɛ mma no nhyɛne hɔ no a, wɔbɛku no ɛdɔn mu hɔ ara. Ɛbɛyɛ atemmuo a emu yɛ den paa. Ɔdebɔneyɛni biara nni hɔ a ɔbɛtumi ahyɛne kronkron bea hɔ a ɔbɛtumi atena aseɛ.
Yɛn Awurade nam kokoam asɛm a ahinta wɔ ntomadan kronkron ano pono no na agye yɛn nkwa. Ɔde bibire, asaawa a ɛbere dum, ne koogyan, ne asaawa fitaa a wɔafira no na agye yɛn nkwa. Ɔnam saa nnoɔma yi so kaa ne nkwagyeɛ mu ahintasɛm kyerɛɛ yɛn.
Wagye me ne wo wɔ saa kwan yi so anaa? Sɛ yɛannye ne nsɛm a ɛyɛ bibire, asaawa a ɛbere dum, ne koogyan no anni a, ɛnneɛ nkwagyeɛ a ɛnam mpata asɛmpa no so biara nni hɔ. Ɛnyɛ adeɛ bibire gyina hɔ ma Nyankopɔn, ɛngyina hɔ mma biribiara sɛ Yesu asubɔ. Ɛyɛ Yesu asubɔ na ɛyii wiase bɔne nyinaa kɔeɛ.
Obi bɛtumi ahyɛne mu akɔ akyirikyiri akɔduru bea a ɔhyeɛ afɔrebukyia no wɔ wɔ berɛ ɔnnyee bibire no nniiɛ. Nanso ɔntumi nhyɛne kronkron bea hɔ a Nyankopɔn teɛ no.
Enti ansa na yɛbɛtumi ahyɛne ntomadan kronkron no ano pono no mu no, ɛsɛ sɛ yɛgye bibire (Yesu asubɔ), asaawa a ɛbere dum (sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn ne Nyankopɔn ba), ne koogyan (ne mogya a ɔhwie guiɛ wɔ asɛnnua no so) no die. Yei nko ara na sɛ yɛgye di a, Nyankopɔn bɛgye yɛn atum, na wɔama yɛn kwan ama yɛafa ntwamutam a ɛwɔ kronkron mu kronkron bea hɔ no so ahyɛne mu.
Ebinom kɔ ntomadan no adihɔ abɔntene so, na wɔdwene sɛ wɔahyɛne mu. Nanso yei nyɛ nkwagyeɛ. Ɛhe na ɛsɛ sɛ yɛkɔ kɔduru ansa na yɛanya nkwa? Ɛsɛ sɛ yɛtumi hyɛne kronkron mu kronkron bea hɔ.
Sɛdeɛ ɛbɛyɔ na yɛbɛtumi ahyɛne Kronkron mu Kronkron bea hɔ no, ɛsɛ sɛ yɛtra dwaresɛn kuduo no. Dwaresɛn kuduo no gyina hɔ ma Yesu asubɔ, na ɛsɛ sɛ yɛde Yesu asubɔ hohoro yɛn bɔne a yɛyɔ no da biara no, na yɛbɛyɛ ahoteefoɔ a wɔbɛtumi ahyɛne kronkron bea hɔ.
Wɔ Apam Dadaa mu no, na ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ no hohoro wɔn ho ansa na wɔahyɛne mu, na wɔ Apam Foforɔ mu no, Yesu hohoroo n’asuafoɔ no nan ho de gyinaa hɔ maa wɔn nkwa nna nyinaa mu mmarato ho hohorɔ.
Onyankopɔn mmara no se, “Na bɔne akatua ne owuo, na Nyankopɔn adom akyɛdeɛ ne daa nkwa, yɛn Awurade Kristo Yesu mu” (Romanfoɔ 6:23). Onyankopɔn bu onipa bɔne ho atɛn a ɔnyi bi mfiri mu, nanso ɔde ne nyinaa guu ne ba no so maa yɛn. Yei ne Onyankopɔn dɔ, ne nkwagyeɛ no. Yɛnya nokorɛ nkwagyeɛ berɛ a yɛgye mpata asɛmpa a ɛno mu na Yesu asubɔ, ne mogya, ne ne wusɔreɛ wɔ no die.
 

Sɛdeɛ Ɛbɛyɔ Na Wɔbɛwo Obi Foforɔ No, Ɛnsɛ Sɛ Obi Si Twerɛ Kronkron Mu Nokorɛ A Ɛyɛ Bɔne Fakyɛ Asɛmpa No Atwetweɛ

Ɛdeɛn nko na aka a ɛsɛ sɛ yɛyɔ?
Ɛne sɛ yɛbɛgye asɛmpa no adie, Nyankopɔn nsɛm a wɔatwerɛ no

Mensi ebinom atwetweɛ da. Sɛ obi ka biribi ho asɛm kyerɛ me, na sɛ menni ho nimdeɛ a, mebisa no wɔ obuo kwan so sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ mu ama me. Nanso sɛ mebisa wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia no deɛ ɛfa ntomadan kronkron no asekyerɛ ho a, obiara nni hɔ a ɔtumi kyerɛ me aseɛ.
Afei ɛdeɛn na mɛtumi ayɔ? Ɛsɛ sɛ mesane kɔ Twerɛ Kronkron no mu. Wɔ Twerɛ Kronkron mu no, ɛhe na wɔka ntomadan kronkron no ho asɛm? Wɔakyerɛkyerɛ mu yie wɔ Exodus nwoma mu. Sɛ obi kenkan nwoma yi yie a, ɔnam Nyankopɔn nsɛm a wɔatwerɛ no so bɛte aseɛ yie.
Adɔfonom, wontumi nya nkwa nnye Yesu nni wɔ berɛ a wonyɛ ahwɛyie wɔ wo gyidie mu. Ɛnyɛ adeɛ sɛ wokɔ asɔre berɛ biara a wobɛtumi anya awo foforɔ. Yɛnim deɛ Yesu ka kyerɛɛ Nikodemo. “Yesu buaa sɛ: Nokorɛ, nokorɛ mese wo sɛ: Wɔamfiri nsuo ne Honhom mu anwo obi a, ɔrentumi nhyɛne Nyankopɔn ahenie mu. Yesu buaa sɛ woyɛ Israel kyerkyerɛfoɔ na wonnim yeinom?” (Yohane 3:5, 10).
Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔgye Yesu die nyinaa gye bibire (wɔde wiase bɔne nyinaa guu Yesu so berɛ a wɔbɔɔ no asu no), koogyan (Yesu wuo a ɔwu maa yɛn bɔne no), ne asaawa a ɛbere dum (Yesu yɛ yɛn Agyenkwa, Onyankopɔn, ne Nyankopɔn ba).
Ɛsɛ sɛ yɛgye die sɛ, Yesu yɛ nnebɔneyɛfoɔ a wɔwɔ wiase nyinaa Agyenkwa. Sɛ yɛnni saa gyidie yi a, obi ntumi nya awo foforɔ, na obi ntumi nhyɛne kronkron bea hɔ wɔ Nyankopɔn Ahenie no mu. Ɛnyɛ adeɛ a sɛ obi yi yei firi mu a ɔbɛtumi mpo atena ase wɔ nokorɛm wɔ wiase yi mu.
Anka ɛrenyɛ mmerɛ sɛ obi bɛgye Yesu adi kɛkɛ na yɛawo no foforɔ anaa? —Aane.— “♫Wagye wo nkwa. Wagye me nkwa. Wagye yɛn nyinaa nkwa.♫” Hwɛ ne fɛ a ɛyɛ! Nanso yɛwɔ nnipa pii a wɔgye Yesu die wɔ berɛ a ‘wɔnwoo wɔn foforɔ’ wɔ nokorɛm.
Ɛsɛ sɛ yɛhunu nokorɛ a ɛwɔ Twerɛ Kronkron mu no, na yɛnya Yesu mu gyidie nso ka ho. Ɛsɛ sɛ yɛte bɔne fakyɛ asɛmpa, ne bibire, asaawa a ɛbere dum, ne koogyan a ɛwɔ Twerɛ Kronkron mu no ase, sɛdeɛ ɛbɛyɔ na yɛbɛtumi ahyɛne ntomadan kronkron no mu, na yɛne Nyankopɔn tena wɔ gyidie mu. Wɔ gyidie ntomadan mu no, yɛbɛtumi atena ase wɔ anigyeɛ mu akɔsi berɛ a Yesu bɛba bio abɛfa yɛn akɔ n’ahenie mu. Ɛhia ma yɛn paa sɛ yɛbɛgye Yesu adie wɔ kwan pa a ɛtene so.
 

Asɛmpa A Na Ɛwɔ Hɔ Dada Firi Mfitiaseɛ No De Bibire Ma Ahoteɛ

Ɛdeɛn na ɛka Yesu Asɛnnua no ho a ɛhia paa ma yɛn nkwagyeɛ?
Yesu asubɔ
 
Nnipa dwene sɛ, wɔbɛtumi atena ase wɔ pɛ yɛ mu wɔ berɛ a wɔnyɛ mfomsoɔ. Nanso wɔ berɛ a wɔrebɔ wɔn ho mmɔden dendeenden sɛ wɔbɛyɔ papa no, mprɛ dodoɔ no ara na wɔbɛhunu wɔn mmerɛyɛ. Onipa dasani nwie pɛ yɛ koraa, ɛno nti ɛntumi mma sɛ wɔnkɔyɛ bɔne da. Nanso ɛnam sɛ Yesu de bibire, asaawa a ɛbere dum, ne koogyan bɔne fakyɛ asɛmpa no agye yɛn nkwa nti, yɛbɛtumi anya ahoteɛ ahyɛne Nyankopɔn kronkron bea hɔ.
Sɛ Onyankopɔn amfa bibire, asaawa a ɛbere dum, ne koogyan no annye yɛn nkwa a, ɛnyɛ adeɛ a yɛbɛtumi ahyɛne kronkron bea hɔ da. Adɛn nti na ɛte saa? Sɛ wɔn a wɔtena ase wɔ pɛ yɛ mu wɔ ɔhonam mu no nko na wɔbɛtumi ahyɛne kronkron bea hɔ a, anka obiara nni hɔ a ɔfata sɛ ɔkɔ hɔ. Sɛ obi gye Yesu di na wɔanhunu nokorɛ asɛmpa no a, bɔne beberee mmom na ɔde ka deɛ ɛwɔ n’akomam no ho.
Yesu de nkwagyeɛ a wato ne bo ase ahyehyɛ ato hɔ no na agye yɛn nkwa; bibire, asaawa a ɛbere dum, koogyan, ne asaawa fitaa a wɔafira nkwagyeɛ no. Ɔhohoroo yɛn bɔne nyinaa kɔeɛ. Wogye yei di anaa? —Aane.— Wowɔ nokorɛ bɔne fakyɛ asɛmpa no wɔ wo mu a wodi ho adanseɛ anaa? —Aane.— 
Sɛ wodi asɛmpa no ho adanseɛ nko ara a, na wobɛtumi de sika amapa traatraa a ɛka sɛ ‘KRONKRON MA AWURADE’ no bɛfam wo moma so, na wobɛba abɛka ‘ahene asɔfokuo no ho’ (1 Petro 2:9). Ɛno nko mu ansa na wobɛtumi agyina nnipa anim aka akyerɛ wɔn sɛ, woyɛ Onyankopɔn akoa a woreyɔ adwuma sɛ ahene mu sɔfokuo.
Abotire a wɔyɔ maa Ɔsɔfo Panin no wɔ sika amapa traatraa, na wɔde fam bibire ahoma no ho. Adɛn nti na ɛyɛ bibire? Ɛfiri sɛ, Yesu de bɔne fakyɛ asɛmpa no na agye yɛn nkwa, ɔyii yɛn bɔne nyinaa kɔeɛ, na ɔnam n’asubɔ no so yɛɛ yɛn ateneneefoɔ a yɛnsane mmɛyɛ nnebɔneyɛfoɔ bio. Apam Foforɔ no mu asubɔ ne nsagusoɔ a ɛwɔ Apam Dadaa mu no yɛ adekorɔ.
Ɛmfa ho ne sɛdeɛ yɛbɛhwehwɛ Yesu akyiri kwan na yɛagye no adie wɔ nokorɛm, yɛntumi nya traatraa no a wɔakurukyire soɔ ‘KRONKRON MA AWURADE’ no da, wɔ berɛ a yɛnhunu ahintasɛm a ɛwɔ bibire, asaawa a ɛbere dum, ne koogyan no mu.
Ɔkwan bɛn so na yɛbɛyɛɛ ateneneefoɔ? Wɔatwerɛ wɔ Mateo 3:15, “Na saa na ɛsɛ sɛ yɛhyɛ tenenee nyinaa ma.” Wɔbɔɔ Yesu asu, na ɔgyee yɛn firii wiase bɔne nyinaa mu. Ɔnam n’asubɔ no so na ɔyii yɛn bɔne nyinaa kɔeɛ, na yɛn a yɛyɛ agyidifoɔ no abɛyɛ ateneneefoɔ.
Sɛ ɛnyɛ Yesu asubɔ a, anka ɛbɛyɛ dɛn na yɛbɛtumi aka sɛ yɛyɛ ateneneefoɔ? Mpo sɛ yɛgye Yesu di, na yɛdwendwene ne wuo a ɔwuiɛ wɔ asɛnnua no so, na sɛ yɛsu dendeenden a, nisuo nyinaa a ɛwɔ wiase no ntumi nhohoroo yɛn bɔne. Daabida. Ɛmfa ho ne mprɛ dodoɔ a yɛsuiɛ na yɛsakyera yɛn adwene, yɛn bɔne bɛka yɛn mu.
‘KRONKRON MA AWURADE.’ Ɛnam sɛ ɔde n’asubɔ ne ne mogya yii yɛn bɔne nyinaa kɔeɛ nti, Awurade maa kwan maa nnebɔneyɛfoɔ bɔne nyinaa kɔguu no so, na ɛnam sɛ wɔatwerɛ nkwagyeɛ asɛm no wɔ Twerɛ Kronkron mu no nti, yɛnam yɛn gyidie so abɛyɛ ateneneefoɔ, mpo wɔ yɛn amumuyɔ ne yɛn mmerɛyɛ nyinaa mu no.
Enti seesei deɛ, yɛbɛtumi agyina Nyankopɔn anim. Seesei deɛ yɛbɛtumi atena ase sɛ ateneneefoɔ aka asɛmpa no akyerɛ wiase. “♪Manya nkwa. Wanya nkwa. Yɛn nyinaa anya nkwa.♪” Wagye yɛn nkwa sɛdeɛ Nyankopɔn tirimbɔ ahumɔborɔ no teɛ.
Sɛ bɔne fakyɛ asɛmpa no nni w’akomam a, nkwagyeɛ biara nni hɔ, ɛmfa ho ne mmɔdenmmɔ a wobɛbɔ. Ɛte sɛ Koreani bi nnwom a ɔto faa obi a ɔntumi nnɔ deɛ ɔdɔ no ho no. “♫Oh m’akoma bɔ birimbirim berɛ biara a mahu noɔ wɔ berɛ a mennim deɛ nti ɛte saa, wɔ berɛ biara mɛba ne nkyɛn no. Mete sɛ obi a ɔntumi nnɔ deɛ ɔdɔ no no.♫” M’akoma bɔ birimbirim, nanso ne deɛ nte saa. Medɔ a mede dɔ no no, mennya mu bi. Awerɛhosɛm ne sɛ, akristofoɔ pii da so ara te sɛ obi a ɔntumi nnɔ Nyankopɔn a ɔdɔɔ no no.
Ɛyɛ a nnipa dwene sɛ nkwagyeɛ bɛtumi aba wɔ kwan ahodoɔ pii so ama ebinom. Wɔbisa sɛ, “Adɛn nti na ɛnam n’asubɔ asɛmpa no nko ara so na ɛba?” Nanso sɛ n’asubɔ asɛmpa no nni hɔ a, ɛntumi nyɛ nkwagyeɛ a edi mu. Ɛno nko ne ɔkwan a yɛbɛtumi afa so abɛyɛ ateneneefoɔ wɔ Nyankopɔn anim, ɛfiri sɛ ɛno nko ne kwan a yɛbɛtumi anya ahoteɛ afiri yɛn bɔne nyinaa mu.
 

Ɛdeɛn Ne Bibire Nkwagyeɛ A Yesu De Ama Yɛn No?
 
Ɛdeɛn na ayɛ yɛn ateneneefoɔ?
Bibire, asaawa a ɛbere dum, ne koogyan asɛmpa no
 
Nkwagyeɛ a ɛnam bibire, asaawa a ɛbere dum, ne koogyan so no yɛ Onyankopɔn akyɛdeɛ a ɔde ama adasa mma nyinaa. Saa akyɛdeɛ yi ma yɛn kwan ma yɛtumi hyɛne ntomadan kronkron no mu, na yɛtena ase wɔ asomdwoeɛ mu. Ayɛ yɛn ateneneefoɔ, ama yɛn nkwa a yɛtumi tena asafo no mu, na wɔde Twerɛ Kronkron no nam asafo no so tete yɛn.
Berɛ biara a yɛbɛkɔ Nyankopɔn anim akɔbɔ mpaeɛ no, asɛmpa no de ne dɔ hyira yɛn. Ɛno nti na nkwagyeɛ som bo ma yɛn no. Yesu ka kyerɛɛ yɛn sɛ, yɛnsi yɛn gyidie dan wɔ ɔbotan so. Ɔbotan no yɛ n’asubɔ asɛmpa no. Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa wɔgye yɛn nkwa na yɛtena ase wɔ nkwagyeɛ mu, na yɛkɔ Ɔsoro Ahenie mu, nya daa nkwa, na yɛbɛyɛ Onyankopɔn mma.
Adɔfonom, ɛnam mpata asɛmpa no nti, yɛnam yɛn gyidie so tumi hyɛne ntomadan kronkron no mu. Ɛnam yɛn bɔne nyinaa ho hohorɔ (Yesu asubɔ) ne n’asɛnnua no so atemmuo no nti, yɛn gyidie a yɛwɔ wɔ Yesu asubɔ asɛmpa mu no ama yɛanya nkwa.
Mpata mmorosoɔ a apata yɛn bɔne nyinaa, a ɛyɛ Yesu asubɔ ne ne mogya no yɛ asɛmpa a ahohoro yɛn bɔne nyinaa. Wogye yei di anaa? Nokorɛ asɛmpa no yɛ ɔsorosoro mpata asɛmpa a ahohoro yɛn bɔne nyinaa.
Yɛn gyidie a yɛwɔ wɔ mpata asɛmpa mu no na wɔnam so awo yɛn foforɔ. Yesu ama yɛn mpata asɛmpa no, ɛno na ahohoro yɛn bɔne a da nyinaa yɛyɔ no, ne bɔne a yɛbɛyɔ daakye no nso. Monyi Awurade ayɛ. Halleluyah!
Nsuo ne Honhom asɛmpa no (nsuo ne mogya asɛmpa no), yɛ nokorɛ asɛmpa a Yesu Kristo wiee ɛho adwuma kaa ho asɛm no. Wɔatwerɛ nwoma yi sɛ ɛbada kokoam mu asɛm a ahinta wɔ Yesu asɛmpa a ɛyɛ nsuo ne Honhom asɛmpa no adi akyerɛ.
Ɛnam sɛ nnipa pii agye Yesu adi wɔ berɛ a wɔnnim nokorɛ no nti, seesei no, wɔhoahoa wɔn ho sɛ wɔyɛ wɔn a wɔgye die sɛ adeɛ biara a wɔatwerɛ wɔ Twerɛsɛm mu no yɛ nokorɛ, na wɔyɛ wɔn a wɔwɔ diberɛ ahodoɔ wɔ asafo no mu wɔ Kristosom nyamesɛm adesua mu (deɛ wɔfrɛ no nyansapɛ nyamesɛm adesua no). Ne tiawa mu no, wɔtena ase wɔ nnaadaa gyidie a ɛntene ne sakasaka mu. Enti ɛsɛ sɛ yɛsane kɔ yɛn akyi, na yɛgye nokorɛ asɛmpa no die. Ɛnkaa akyi koraa.
Mɛkɔ m’anim ayɛ nkyerɛkyerɛ a emu dɔ wɔ me nwoma a ɛtɔ so mmienu no mu ama wɔn a wɔwɔ asɛmmisa fa nsuo ne Honhom awo foforɔ asɛmpa no ho no.