• All e-books and audiobooks on The New Life Mission website are free
  • Explore multilingual sermons in global languages
  • Two new revised editions in English have been released
  • Check out our website translated into 27 languages
Search

Sermons

Asɛmpɔ 5 : Bɔne a Wɔpae mu Ka wɔ Kwan pa so

[5-1] Ɛkwan a Yɛfa So Ka Bɔne Kyerɛ Pɛpɛɛpɛ (1 Yohane 1:9)

2021.04.10 96
Ɛkwan a Yɛfa So Ka Bɔne Kyerɛ Pɛpɛɛpɛ(1 Yohane 1:9)
“Sɛ yɛka yɛn bɔne kyerɛ a, ɔyɛ nokwafoɔ ne teneneeni sɛ ɔde yɛn bɔne bɛfiri yɛn, na wate yɛn ho afiri deɛ ɛntene nyinaa ho.”
 
 

MOGYA ASƐMPA NO YƐ ASƐMPA NO MU ƆFA

 
Yɛbɛtumi de mogya asɛmpa no nko ahyɛne Nyankopɔn ahenie no mu?
Daabi. Ɛsɛ sɛ yɛgye asɛmpa a ɛwie pɛ yɛ no nyinaa die (Nsuo ne Honhom asɛmpa no).
 
1 Yohane 1:9 kɔ ma ateneneefoɔ nko. Sɛ ɔdebɔneyɛni a ɔnyɛ nyaa ɔgyeɛ bɔ mmɔden sɛ ɔnam nsɛm a ɛwɔ nsɛmfua yi mu no so bɛpɛta ne bɔne a ɔyɔ no da biara no, na ɔka ne mfomsoɔ kyerɛ a, ɛnyɛ adeɛ a wɔbɛpata ne bɔne. Woahunu deɛ mereka wɔ ha yi no anaa? Saa asɛmfua yi nkɔ mma nnebɔneyɛfoɔ a wɔnwoo wɔn foforɔ no.
Yɛwɔ nnipa pii wɔ wi yi ase a wɔnwoo wɔn foforɔ, nanso wɔfa saa nsɛmfua yi firi Yohane etire 1, na wɔbɔ mpaeɛ sakyera wɔn adwene wɔ anidasoɔ mu sɛ wɔbɛnya bɔne fafirie.
Nanso obi a wɔnwoo no foforɔ no bɛtumi afa bɔneka mpaeɛ so anya nkwagyeɛ afiri ne bɔne nyinaa mu? Yei yɛ ɔfa bi a ɛhia paa a ɛsɛ sɛ yɛdwene ho yie na yɛma ɛmu da hɔ pefee ansa na yɛakɔ yɛn anim.
Ansa na wobɛkenkan 1 Yohane no, ɛsɛ sɛ wodwene ho sɛ ɔsomafoɔ Yohane na ɔyɛ ɔdebɔneyɛni anaa sɛ na ɔyɛ ɔteneneeni. Ma memmisa wo asɛm. Na ɔsomafoɔ Yohane yɛ ɔteneneeni a wɔwoo no foforɔ berɛ a ɔgyee nsuo ne Honhom asɛmpa no diiɛ anaa sɛ na ɔyɛ ɔdebɔneyɛni?
Sɛ woka sɛ na ɔsomafoɔ Yohane yɛ ɔdebɔneyɛni a, ɛnneɛ wɔ twerɛsɛm mu no woayɛ mfomsoɔ wɔ wo gyidie mu. Sɛ na ɔsomafoɔ Yohane yɛ ɔteneneeni a wɔwoo no foforɔ berɛ a ɔgyee Yesu diiɛ no a, ɛnneɛ na emu da hɔ pefee sɛ na ne gyidie yɛ sononko sene wo deɛ. Ɛsɛ sɛ wonya gyidie a na ɔsomafoɔ Yohane wɔ no bi pɛpɛɛpɛ.
Ma memmisa wo asɛm foforɔ. Ɔsomafoɔ Yohane twerɛɛ saa nkrataa no kɔmaa ateneneefoɔ anaa sɛ nnebɔneyɛfoɔ? Na ɔsomafoɔ Yohane retwerɛ nkrataa no akɔma ateneneefoɔ.
Enti sɛ nnebɔneyɛfoɔ a wɔnwoo wɔn foforɔ fa nsɛm a ɛwɔ 1 Yohane 1:8-9 na sɛ wɔde yɛ wɔn ara deɛ a, ɛyɛ mfomsoɔ. Sɛ wopɛ sɛ wobɛyɛ ɔteneneeni a, ka wo bɔne kyerɛ Nyankopɔn na gye nsuo ne Honhom asɛmpa no di. Ɛno na afei Awurade de asɛmpa a apepa wiase bɔne no bɛhohoro wo bɔne nyinaa akorɔ.
Sei ara na ns ɔsomafoɔ Yohane gyidie teɛ. Wɔ 1 Yohane etire 5, ɔkaa sɛ ɔwɔ gyidie wɔ “nsuo, mogya ne Honhom no” mu. Wogye Yesu a ɔnam nsuo, mogya ne Honhom so baeɛ no di anaa? Wogye Yesu a ɔnam asɛnnua no so baeɛ no di anaa sɛ wogye di sɛ ɔnam n’asbuɔ ne mogya ne ne Honhom no so na ɛbaeɛ?
Wobɛtumi ahyɛne Nyankopɔn ahenie no mu wɔ berɛ a wogye mogya asɛmpa no nko die? Sɛ mogya asɛmpa no mu nko na wo gyidie wɔ a, ɛnneɛ asɛmpa no mu ɔfa nko na wonim. Sɛ wogye asɛnnua no so mogya no nko di a, ɛnneɛ ɛnyɛ nwanwa sɛ wohunu wo ho sɛ worebɔ bɔne fafirie mpaeɛ da biara. Ɛyɛ wo sɛ wogye di sɛ ɛnam bɔneka mpaeɛ so kɛkɛ na wɔbɛtumi ahohoro wo bɔne. 
Nanso wo bɔne bɛtumi ahohoro akɔ wɔ berɛ a wogye asɛnnua no so mogya nko ara die na wobɔ mpaeɛ srɛ bɔne a woyɛ no da biara no ho fafirie wɔ adwensakyera mu anaa? Sɛ woyɛ wɔn a wɔte saa no bi a, ɛnneɛ wo bɔne bɛka w’akomam, ɛfiri sɛ obiara nni hɔ a ɔnam gyidie a ɔwɔ wɔ asɛnna no so mogya nko anaa adwensakyerɛ mpaeɛ a ɔbɔ no da biara no so bɛtumi ahohoro ne bɔne. Sɛ woyɛ nnipa a wɔte saa no mu bi a, ɛnneɛ na wonyɛ nhunuu nsuo ne Honhom asɛmpa no, na wo gyidie nwie pɛ yɛ.
Ɔsomafoɔ Yohane yɛ obi a na wɔwwo no foforɔ, ɛfiri sɛ ɔgyee nsuo ne mogya ne Honhom asɛmpa no diiɛ. Nanso wo deɛ mogya asɛmpa no nko na wogye die. Sɛ wo ara wonni nteaseɛ a emu da hɔ fa asɛmpa no ho a, ɛbɛyɛ dɛn na wobɛtumi adi ebinom kan akɔ nkwagyeɛ mu? Wo ara nso wɔnwoo wo foforɔ, nanso wopɛ sɛ wobɔ mmɔden fa bɔneka mpaeɛ so pata wo bɔne. Ɛnyɛ adeɛ yei bɛyɛ adwuma da.
Ɛmfa ho ne sɛdeɛ obi bɛbɔ mpaeɛ dendeenden asakyera n’adwene, ɛnyɛ adeɛ a ne bɔne bɛtumi ahohoro afiri n’akomam. Sɛ ɛtɔ berɛ bi na wonya atenka bi sɛ wo bɔne ahohoro kɔ a, ɛyɛ w’adwene ne tumi a ɛwɔ w’atenka mu no na ɛyɛ wo saa. Sɛ wobɔ mpaeɛ sakyera w’adwene a, wobɛtumi anya ahomeka foforɔ da koro anaa deɛ ɛboro saa. Nanso ɛnyɛ adeɛ a wobɛtumi ade wo ho afiri bɔne mu wɔ saa kwan no so da.
Nnebɔneyɛfoɔ bɔ mpaeɛ sakyera wɔn adwene wɔ anidasoɔ mu sɛ wɔbɛnya nkwa afiri wɔn bɔne mu. Yei nti na wɔdaso ara yɛ nnebɔneyɛfoɔ wɔ berɛ mpo a wɔgyee Yesu diiɛ dadaaa no. Wɔnnim nsuo, mogya, ne Honhom asɛmpa no. Sɛ wogye Yesu di wɔ berɛ a wɔnwoo wo foforɔ a, ɛnneɛ ɛbɛtumi aba sɛ woka wɔn a wɔtee saa no ho. Sɛ worebɔ mmɔden sɛ wobɛsakyera w’adwene da biara abɔ mpaeɛ apata wo bɔne a, ɛno di adanseɛ pefee sɛ wɔnwoo wo foforɔ. Ɛsɛ sɛ wodwene ho yie sɛ wobɛgye nuso ne Honhom asɛmpa no adie sɛdeɛ ɔsomafoɔ Yohane yɔeɛ no, anaa sɛ wode wo gyidie nyinaa bɛhyɛ wo ara w’atenka ne w’adwene mu. Baako yɛ nokorɛ a emu da hɔ pefee, na baako nso nyɛ nokorɛ.
Nokorɛ asɛmpa no sɛdeɛ ɛwɔ Twerɛ Kronkron mu no ne sɛ, wɔbɔɔ Yesu asu, na ɔyii wiase bɔne kɔeɛ prɛko, na ɔnyaa atemmuo maa nnebɔneyɛfoɔ nyinaa wɔ asɛnnua no so. Sɛ obi gye Yesu asubɔ ne ne wuo wɔ asɛnnua no so di a, ɔbɛnya nkwa afiri ne bɔne mu prɛko. Nanso deɛ ɛwɔ hɔ bio ne sɛ, sɛ obi bɔ ne ho mmɔden sɛ ɔnam adwensakyera mpaeɛ so bɛhohoro ne mmarato a, ɔrenya ahofadie mfiri ne bɔne mu. Wodwene sɛ wobɛtumi akae bɔne a woyɔ no da biara no anaa? Bɔne a wo nsakyeraa w’adwene wɔ ho no, Onyankopɔn bɔ ho ban anaa? Adwensakyera mpaeɛ bɛtumi ama yɛn mmuaeɛ wɔ ɔhaw a ɛwɔ bɔne a yɛyɔ no da biara no anaa? Daabi.
 
 

NOKORƐ ADWENSAKYERA NE BOTAEƐ NTI A YƐKA BƆNE KYERƐ

 
Mpɛnpɛnsoɔbɛn na bɔneka ne nnwuma pa bɛtumi akɔ akɔduro?
Ɛwom sɛ ɛsɛ sɛ yɛka yɛn bɔne kyerɛ wɔ yɛn nkwa nna nyinaa, nanso ɛnyɛ adeɛ a sɛ yɛka yɛn mmarato kyerɛ kɛkɛ na yɛyɔnnwuma pa a, yɛbɛtumi anya nkwa
 
Adwensakyera a ɛwɔ Twerɛ Kronkron mu no asekyerɛ ne sɛ, wobɛdane wo ho afiri gyidie a ɛyɛ mfomsoɔ no aba nokorɛ gyidie no mu, na wɔ ateneneefoɔ mu no, ɛkyerɛ sɛ obi bɛhunu mfomsoɔ a wayɔ na ɔbɛsan n’akyi aba asɛmpa no kanea no mu.
Sɛ woyɛ ɔdebɔneyɛni seesei a, ɛsɛ sɛ woka wo bɔne kyerɛ wɔ saa kwan yi so: “Ɔdɔ Nyankopɔn, mayɛ bɔne, na ɛsɛ sɛ wɔde me kɔ amanehunu kurom. Nanso mepɛ sɛ me nya nkwa firi me bɔne mu. Mesrɛ wo gye me firi me bɔne nyinaa mu. Wɔnyɛ nwoo me foforɔ, na menim yie sɛ amanehunu kurom na mɛkorɔ.” Yei ne bɔneka a ɛnam ne kwan so pɛpɛɛpɛ no.
Ɛnneɛ na bɔneka mu deɛ ɛwɔ he na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔawo wɔn foforɔ no ka? “Ɔdɔ Nyankopɔn madi me honam akyi akɔyɛ bɔne. Megye di sɛ Yohane Suboni bɔɔ Yesu asu gyee me firii me bɔne a ɛmpo a mayɔ seesei no mu, wɔ berɛ a anka me na ɛsɛ sɛ mewu ma me bɔne no. Meda Awurade ase sɛ ɔde nsuo ne mogya no agye me nkwa.” Wɔn a yɛawo wɔn foforɔ no bɔneka ne wɔn a wɔnwoo wɔn foforɔ bɔne ka no nyɛ adekorɔ.
Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa nya gyidie a na ɔsomafoɔ Yohane wɔ no bi pɛpɛɛpɛ. Sɛ wobɔ mmɔden sɛ wode wo bɔne bɛhunta bɔneka a ɛyɛ ateneneefoɔ deɛ no ho a, ɛnneɛ worenya nkwa mfiri owuo a ɛyɛ bɔne akatua no mu da.
Ɛsɛ sɛ nnebɔneyɛfoɔ nyinaa a wɔnwoo wɔn foforɔ no gyae bɔneka mpaeɛ a wɔde wɔn ho ahunta ho no, na wɔfiti aseɛ gye nsuo, mogya, ne Honhom nokorɛ asɛmpa no di. Ɛsɛ sɛ wɔnya adesuahunu firi ɔsomafoɔ Yohane gyidie no mu, na wɔnam ɛno so anya nkwagyeɛ.
Nnebɔneyɛfoɔ ntumi nhunu sɛdeɛ wɔn bɔne ho atemmuo bɛyɛ hu. Bɔne a ɛyɛ hu wɔ Nyankopɔn anim ne sɛ wonnye nsuo ne Honhom awo foforɔ asɛmpa no nnie.
Wɔn a wɔgye Yesu die nanso wɔnwoo wɔn foforɔ nyinaa no, ɛsɛ sɛ wɔka wɔn bɔne wɔ Nyankopɔn anim sɛ, “Awurade, meyɛ ɔdebɔneyɛni a wɔbɛto me ato amanehunu kuro a ɛhyehyeɛ no mu,” na wɔgyae sɛ wɔbɛka sɛ, “Awurade, mesrɛ wo hohoro me bɔne.” Sɛ ɔdebɔneyɛni fa asɛmpa a ɛkyerɛ sɛ, Yesu nam n’asubɔ wɔ Yordan ne ne mogya wɔ asɛnnua no so agye no nkwa wɔ n’akomam a, ɔbɛtumi ade ne ho afiri ne bɔne nyinaa mu. Yei ne bɔneka a ɛsɛ sɛ ɔdebɔneyɛni ka sɛdeɛ ɛbɛyɔ na ɔbɛnya nkwa afiri ne bɔne nyinaa mu wɔ Nyankopɔn anim.
Adeɛ a ɛsɛ sɛ ɔdebɔneyɛni yɔ ara ne sɛ ɔbɛka sɛ wɔnwoo no foforɔ, na ɔgye nsuo ne Honhom asɛmpa no di. Ɛno na wɔbɛgye no nkwa prɛko. Ɛnam nsuo ne Honhom asɛmpa no so na wɔwiee nnebɔneyɛfoɔ nkwagyeɛ ho adwuma. “Na nkwagyeɛ nni obiara mu, na nso din foforɔ nni ɔsoro ase a wɔde ama wɔ nnipa mu a ɛsɛ sɛ wɔgye yɛn nkwa wɔ mu.” (Asomafoɔ No Nnwuma 4:12).” Onyankopɔn gyee nnebɔneyɛfoɔ nyinaa nkwa berɛ a ɔmaa Yohane Suboni bɔɔ ne ba no asu na ɔwuiɛ wɔ asɛnnua no so no.
Awurade hohoroo bɔne nyinaa a nnipa de wɔn honam ne wɔn akoma yɔ firi berɛ a wɔwoo wɔn kɔsi da a wɔbɛwuo no kɔeɛ. Ɛsɛ sɛ yɛgye nokorɛ asɛmpa no die nya nkwa. Ɛno nko ne ɔkwan a yɛbɛtumi afa so ade yɛn ho wɔ yɛn bɔne nyinaa mu anya ahoteɛ wɔ nokorɛm. Yɛbɛtumi abɛyɛ ateneneefoɔ prɛko wɔ berɛ a yɛgye nsuo ne Honhom nokorɛ asɛmpa no die.
Wɔbɔɔ Yesu asu, ɔyii wiase bɔne kɔeɛ, ɔde ne nkwa tuaa ɛho ka wɔ asɛnnua no so, na ɔnyanee da ɛtɔ mmiɛnsa no, na seseei deɛ, ɔte Nyankopɔn nsa nifa. Yei ne nokorɛ a ɛsombo sene ade nyinaa no.
Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa pae mu ka sɛ. “Awurade, mentumi sɛ bɔne nko na mɛyɔ akɔsi da a mɛwuo. Wɔwoo me sɛ ɔdebɔneyɛni firi me na yam, na ɛsiane bɔne a mayɔ nyinaa nti, ɛsɛ sɛ wɔto me to amanehunu kuro gya a ɛhyehyeɛ no mu. Ne saa nti no, mepɛ sɛ megye Yesu di a ɔnam nsuo, mogya, ne Honhom no so baeɛ, na ɔbɛyɛɛ m’agyenkwa no.”
Sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ Mateo etire 3 no, Yesu yii waise bɔne nyinaa kɔeɛ berɛ a wɔbɔɔ no asu wɔ Yordan asubɔntene mu no, na bɔne a yɛbɛyɔ akɔsi da a yɛbɛwuo no nso ka ho bi. “Mobɛhunu nokorɛ no, na nokorɛ no ayɛ mo adehyeɛ” (Yohane 8:32).
Sɛ bɔne a na ɛwɔ hɔ dada no nko na Yesu gyee yɛn nkwa firii mu, ɛnna ɔka kyerɛɛ yɛ sɛ yɛnhwɛ kwan a yɛn ara yɛbɛfa so ayi yɛn bɔne ho haw a, anka yɛbɛdi abooboo ɛberɛ nyinaa. Nanso Yesu de n’asubɔ ne ne mogya no ama yɛade yɛn ho wɔ yɛn bɔne nyinaa mu. Ɛdeɛbɛn bio na ɛsɛ sɛ wodwendwene ho? Sɛ yɛgye Yesu asubɔ ne ne mogya wɔ asɛnnua no so di, na sɛ yɛda Awurade ase a, Honhom no tena yɛn akomam.
Wogye Yesu di anaa? Wogye di sɛ Honhom no te wo mu? Wɔde wo bɔne nyinaa guu Yesu so berɛ a ɔde n’asubɔ yii wiase bɔne kɔeɛ no. Ɛno akyi no, wɔbuu no yɛn bɔne ho atɛn wɔ asɛnnua no so, na ɔmaa yɛdee yɛn ho firii daa atemmuo mu. Yei ne nokorɛ asɛmpa no.
 
 
ƆTENENEENI BƆNEKA
 
Ɛdeɛn ne ɔteneneeni nokorɛ bɔneka no?
Sɛ wɔbɛka sɛ wɔyɔ bɔne da biara, nanso wɔbɛnya gyidie wɔ nokorɛ no mu sɛ, Yesu hohoroo bɔne a wɔyɛ no da biara kɔeɛ bɛyɛ mfirinhyia 2000 a atwam no.
 
Yohane 1:9 ka sɛ, “Sɛ yɛka yɛn bɔne kyerɛ a, ɔyɛ nokwafoɔ ne teneneeni sɛ ɔde yɛn bɔne bɛfiri yɛn, na wate yɛn ho afiri deɛ ɛntene nyinaa ho.”  Yei asekyerɛ ne sɛ, onipa a ɔbɛyɛ n’adwene sɛ ɔbɛgye nuso ne Honhom asɛmpa no adie no, ɛsɛ sɛ ɔka ne bɔne sɛ, “Awurade, mentumi nyɔ biribiara sɛ bɔne nko na mɛyɔ me nkwa nna nyinaa, nanso menim sɛ mentumi mfa bɔne fafirie mpaeɛ so nnya nkwa mfiri me bɔne nyinaa mu. Megye di sɛ bɔne akatua ne owuo, na biribiara nni hɔ sɛ Yesu asubɔ ne ne wuo no nko na ɛbɛtumi ahohoro me bɔne nyinaa. Mepae mu ka sɛ mayɔ bɔne nnɛ, nanso megye di sɛ bɔne a mayɔ no nnɛ no, Yesu ahohoro kɔ dada wɔ Yordan bɛyɛ mfirinhyia 2000 a atwam no.” Sɛ ɔbɔ mpaeɛ wɔ saa kwan yi so a, bɔne ho haw a ɛwɔ n’ahonim mu no bɛpepa prɛko.
Wɔn a wɔawo wɔn foforɔ dada no, ɛsɛ sɛ wɔn bɔne nko na wɔka kyerɛ. Deɛ ɛsɛ sɛ wɔyɔ ara ne sɛ wɔbɛka wɔ gyidie mu sɛ Yesu ahohoro bɔne biara a wɔbɛyɔ no. Ɛsiane sɛ wɔbɔɔ Yesu asu na owu maa nnebɔneyɛfoɔ wɔ mfirinhyia 2000 ne akyire nti no, ɛmfa ho ne sɛdeɛ wɔn mmerɛyɛ teɛ, wahohoro wɔn bɔne nyinaa kɔ.
Nsɛmfua a yɛkenkanee nnɛ no yɛ deɛ ɛyɛ paa ma ɔteneneeni. Nanso sɛ ɔdeɔbɔneyɛni fa saa nyiyimu yi, na sɛ ɔfa no wɔ mfomsoɔ kwan so yɛ deɛ ɔpɛ a, ɔbɛkɔ amanehunu kurom. Nanso ɛyɛ nsɛmfua no mu deɛ wɔtaa yɛ mu mfomsoɔ paa wɔ Twerɛ Kronkron no mu. Wɔ mfirinhyia bebree mu no, ɛde sakasaka ne nteaseɛ mu akyinyyeɛ aba akristofoɔ mu.
Yɛwɔ asɛnka bi sɛ, ɔyaresafoɔ a ɔmmɔ ne ho mmɔden wɔ ne dwumadie mu no bɛtumi akum ayarefoɔ. Sɛ ɔyaresafoɔ a ɔmmɔ ne ho mmɔden wɔ ne dwumadie mu no kɔyɛ deɛ ɛboro kyɛne soɔ a, ɛbɛwie aseɛ no na wakumkum n’ayarefoɔ.
Ɛyɛ asetena mu mmara a ɛda hɔ sɛ, ɛsɛ sɛ wɔma obi adesua mu nteteyɛ yie na ɔnya suahunu a ɔde bɛdi ne dwumadie yie. Saa ara nso na ɛteɛ wɔ gyidie wiase mu. Wɔn a wɔkyerɛkyerɛ Nyankopɔn asɛm no, ɛsɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ nokorɛ no mu sɛdeɛ wɔatwerɛ no pɛpɛɛpɛ ma ɛmu da hɔ pefee, na wɔn a wɔsua firi wɔn kyɛn no nso, ɛsɛ sɛ wɔnya gyidie wɔ nsɛm a wɔkyerɛkyerɛ wɔn no mu.
Sɛ asɛnkafoɔ ma wɔn akyidifoɔ nkyerɛkyerɛ a ɛnyɛ anaa sɛ sɛ gyidifoɔ sua Twerɛ Kronkron no wɔ mfomsoɔ mu a, ɛbɛwie aseɛ no ɛde atemmuo ne amanehunu kuro na ɛbɛbrɛ wɔn baanu no nyinaa. Wɔn a wɔawo wɔn foforɔ no nko na wɔbɛtumi akyerɛkyerɛ Twerɛ Kronkron no yie. Nnuro a ɛyɛ mpo no sɛ wɔde ma wɔ mfomsoɔ kwan so a, ɛbɛtumi akum ayarefoɔ. Na saa ara nso na ɛteɛ wɔ Nyankopɔn asɛm adesua ne nkyerɛkyerɛ mu. Ɛhia paa sɛdeɛ ogya hia wɔ yɛn abrabɔ mu no. Na sɛdeɛ sɛ wɔde ogya hyɛ nkwadaa nsam a, ɛde amaneɛ bɛba no, sɛ Onyankopɔn asɛm kɔdi nnipa a wɔnfata nsam a, ɛbɛtumi de amaneɛ a ɛyɛ hu aba.
Ɛsɛ sɛ yɛtumi hun nsonoeɛ a ɛwɔ ateneneefoɔ bɔneka ne nnebɔneyɛfoɔ bɔneka mu no. 1 Yohane 1:9 yɛ ɔteneneeni deɛ. Sɛ onipa a ɔtene de gyidie ka ne bɔne wɔ Nyankopɔn anim a, ɔde ne ho firi ne nyinaa mu, ɛfiri sɛ Yesu adi kan ahohoroo bɔne nyinaa kɔ bɛyɛ mfirinhyia 2000 a atwam no.
Ɛyɛ mfomsoɔ sɛ nnebɔneyɛfoɔ bɛgye adie sɛ, wɔhohoro wɔn bɔne nyinaa berɛ biara a wɔbɛbɔ mpaeɛ asrɛ bɔne fafirie no. Sɛ wɔnwoo obi foforɔ a, ne bɔne a ɔbɛka akyerɛ kɛkɛ no bɛtumi ahohoro ne bɔne akɔ anaa?
Onyankopɔn tene. Ɔsomaa ne dɔba koro baa wiase, na ɔmaa no faa n’asubɔ so yii wiase bɔne kɔeɛ, na ɔgyee wɔ a wɔgye ne nsuo asubɔ ne ne mogya wɔ asɛnnua no so die no nkwa. Enti sɛ ɔteneneeni ka ne bɔne kyerɛ a, Onyankopɔn ka kyerɛ no sɛ,Yesu ayi ne bɔne kɔ dada bɛyɛ mfirinhyia 2000 a atwam no. Ɛkyerɛ sɛ onipa a ɔte saa no ka wɔ gyidie mu sɛ, ɔnni bɔne biara wɔ n’akomam wɔ berɛ a ɛmpo ne honam kɔ so ara yɛ bɔne no.