(Romanfoɔ 8:28-30)“Na yɛnim sɛ wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn no, ade nyinaa di boa wɔn ma no wie wɔn yie, wɔn a wɔnam ne tirimbɔ no so afrɛ wɔn no. Na wɔn a ɔhunuu wɔn sieeɛ no, wayi wɔn ato hɔ nso, sɛ wɔnsɛ ne ba no suban, na wayɛ animuonyam pii mu abakan. Na wɔn a ɔyii wɔn too hɔ no, wabu wɔn bem nso, na wɔn a ɔbu wɔn bem no, wahyɛ wɔn animuonyam nso.”
Ɛyɛ nokorɛ sɛ Nyankopɔn yii yɛn mu binom?
Daabi. Ɔyii yɛn nyinaa wɔ Yesu Kristo mu.
Nyamesɛm adesua nkyerɛkyerɛ a ɛfa wɔn a wɔyii wɔn too hɔ ne Nyame nyiyimu ho a ɛyɛ nyamesɛm mfitiasesɛm adesua a ɛyɛ Kristosom nkyerɛkyerɛ no ama nnipa bebree a wɔpɛ sɛ wɔgye Yesu die no ntumi nte Nyanklopɔn asɛm no ase. Saa nkyerɛkyerɛ yi a ɛyɛ mfomsoɔ nkyerɛkyerɛ no de sakasaka pii aba .
Adeɛ a nyamesɛm adesua a ɛnyɛ nokorɛ no ka fa wɔn a wɔyii wɔn too hɔ ne sɛ, Onyankopɔn yii wɔn a ɔdɔ wɔn no, na ɔbu wɔn a ɔmpɛ wɔn no fɔ. Yei kyerɛ sɛ, wɔn a wɔyii wɔn no, wɔde nsuo ne Honhom no awo wɔn foforɔ na wɔgye wɔn kɔ soro, nanso wɔn a wɔanyi wɔn no, ɛyɛ wɔn hyɛberɛ sɛ wɔbɛkɔ amanehunu kurom.
Sɛ ɛyɛ nokorɛ sɛ Onyankopɔn yii yɛn mu binom a, anka yɛntumi na mmom sɛ yɛbɛdi abooboo wɔ asɛmmisa yi ho sɛ, “Wɔyii me maa nkwagyeɛ anaa?” Sɛ wɔanyi yɛn a, anka ɛbɛyɛ adehunu sɛ yɛbɛgye Yesu adie. Saa nkyerɛkyerɛ yi akɔyɛ dadwene ama nnipa pii sɛ, Onyankopɔn de gyidie ankasa na ɛyii wɔn anaa sɛ ɛnte saa.
Sɛ yɛgye yei di a, ɛbɛyɛ dɛn na yɛbɛde yɛn ho wɔ adwene ntanta ne gyidie a ɛsɛ sɛ yɛnya wɔ Nyankopɔn nko ara mu no? Ɛbɛyɛ dɛn na yɛbɛtumi agyina so aka sɛ Onyankopɔn yii yɛn wɔ nokorɛm? Anka ɔbɛyɛ wɔn a wɔayi wɔn no nko Nyankopɔn wɔ berɛ mpo a ɔkaa sɛ, “Onyankopɔn yɛ Yudafoɔ nko dea? Ɔnyɛ amanaman mufoɔ no nso dea bi? Ampa, amanaman mufoɔ dea nso” (Romanfoɔ 3:29).
Ɛsiane sɛ nnipa pii nte wɔn a wɔyii wɔn too hɔ ne Nyankopɔn nyiyimu no ase nti, wɔsuro sɛ wɔbɛsɛe wɔn wɔ berɛ a mpo wɔgye Yesu die no.
Efesofoɔ 1:3-5 ka sɛ, “Nhyira nka Onyankopɔn, yɛn Awurade Yesu Kristo n’agya a ɔde honhom mu nhyira nyinaa ahyira yɛn soro hɔnom Kristo mu, sɛdeɛ ɔyii yɛn wɔ ne mu ansa na wɔhyɛɛ wiase aseɛ, sɛ yɛnyɛ ahotefoɔ ne nnipa a wɔn ho nni asɛm n’anim, na ɔyii yɛn too hɔ sɛ ɔnam Yesu Kristto so bɛfa yɛn abayɛ mu, sɛdeɛ ne pɛ anisɔ teɛ.”
Enti ɛsɛ sɛ yɛyɛ nhwehwɛmu fa nyamesɛm adesua mu adwenkkerɛ a ɛfa wɔn a wɔyii wɔn too hɔ ne Nyame nyiyimu ho no. Ɛsɛ sɛ yɛdi kan te deɛ Twerɛ Kronkron no ka fa wɔn a wɔyii wɔn too hɔ ne wɔn a Nyankopɔn yi wɔn no ase, na yɛhyɛ yɛn ho den wɔ yɛn gyidie mu wɔ nkwagyeɛ a ɛnam nsuo ne Honhom no so no.
Ɛdeɛn na Romanfoɔ nwoma no ka kyerɛ yɛn? Nyamesɛm adesuafoɔ bi akɔyɛ nkyerɛkyerɛ a ɛnni nnyinasoɔ fa “nyiyimu a ɛnnyina biribiara so no.” Ɛnneɛ nyamesɛm adesua yɛ Onyankopɔn anaa? Nyamesɛm adesua ankasa nyɛ Nyankopɔn.
Ansa na mpo ɔrehyɛ wiase adebɔ ase no, Onyankopɔn yii nnipa nyinaa wɔ Yesu Kristo mu, na ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛgye yɛn nyinaa wɔ berɛ a ɔyɛ yɛn ateneneefoɔ. Ɔdɔ a Yesu de dɔ yɛn no nnyina biribiara so. Hwɛ na woanyɛ no Onyankopɔn a ɔhwɛ nnipa anim. Wɔn a wɔnnye nnie no wɔ gyidie wɔ wɔn ara adwene mu, nanso agyidifoɔ de wɔn gyidie nnyinasoɔ hyɛ Nyankopɔn twerɛ nsɛm no mu.
NYAME NYIYIMU WƆ APAM DADAA NO MU
Nkyerɛkyerɛ a ɛfa nyiyimu a ɛnnyina biribiara so no yɛ nokorɛ anaa?
Daabi. Yɛn Awurade nyɛ Onyankopɔn a ɔhwɛ nnipa anim. Onyankopɔn yii nnebɔneyɛfoɔ nyinaa wɔ Yesu mu, ɛnyɛ wɔn mu ketewaa bi kɛkɛ na ɔyii wɔn.
Wɔ Genesis 25:21-26, yɛkenkan faa Isak mmabanin a ɛyɛ Esau ne Yakob ho no. Onyankopɔn yii Yakob berɛ a na Isak mmabanin baanu no wɔ wɔn na yam.
Wɔn a wɔnte Nyankopɔn asɛm no ase no faa yei de yɛ nkyerɛkyerɛ a ɛfa nyiyimu a ɛnnyina biribiara so no nnyinasoɔ. Yei te sɛ deɛ yɛde nyame bi a ɔkyerɛ deɛ obi hyɛberɛ bɛyɛ no afra Kristosom mu.
Sɛ yɛgye di sɛ Onyankopɔn yi yɛ sɛdeɛ “nyiyimu a ɛnnyina biribiara so” teɛ, na ɛnyɛ Yesu Kristo mu a, ɛnneɛ ɛte sɛ deɛ yɛresom ahoni ne nyame bi a ɔkyerɛ deɛ obi hyɛberɛ bɛyɛ no. Onyankopɔn nyɛ nyame bi a ɔkyerɛ deɛ obi hyɛberɛ bɛyɛ. Sɛ anka yɛregye nyame a ɔkyerɛ deɛ obi hyɛberɛ bɛyɛ no adi a, anka yɛbɛpa Onyankopɔn botaeɛ a ɔwɔ de ma yɛn no, na yɛbɛhwe ase wɔ Ɔbonsam efidisum mu.
Sɛ onipa anyɛ setie amma Onyankopɔn pɛ a, ɛnneɛ ɔte sɛ mmoa a wɔyera no. Ɛsiane sɛ yɛn agyidifoɔ nyɛ mmoa nti, ɛsɛ sɛ yɛba bɛyɛ agyidifoɔ nokwafoɔ a wɔkenkan na wɔgye nokorɛ a wɔatwerɛ wɔ Twerɛ Kronkron mu no die. Sɛ obi anni kan annwene nokorɛ a wɔatwerɛ wɔ Twerɛkronkron mu no ho a, ɛte sɛ deɛ ɔde ne ho ama Ɔbonsam no.
Sɛdeɛ ɛbɛyɔ na yɛbɛnya nokorɛ gyidie no, ɛsɛ sɛ yɛdi kan dwene nokorɛ a wɔatwerɛ wɔ Twerɛ Kronkron mu no ho, na yɛdi wɔn a wɔawo wɔn foforɔ wɔ Kristo mu no akyi.
Kalvin nyamesɛm adesua nkyerɛkyerɛ no hyɛ no ketee sɛ ɔgyeɛ yɛ nnipa ketewaa bi dea. Yei asekyerɛ ne sɛ, yɛwɔ nnipa bi wɔ hɔ a Onyankopɔn dɔ ne Awurade nkwagyeɛ no, wɔnka ho bi. Yei bɛtumi ayɛ nokorɛ?
Twerɛ Kronkron no ka sɛ, “Onyankopɔn pɛ sɛ wɔgye nnipa nyinaa nkwa” (1 Timothy 2:4). Sɛ nkwagyeɛ mu nhyira no yɛ nnipa kumaa bi dea a, anka agyidifoɔ pii bɛgyae wɔn gyidie a wɔwɔ wɔ Yesu mu no. Whan koraa na ɔbɛpɛ sɛ ɔbɛgye Nyankopɔn a ɔhwɛ nnipa anim no adie?
Ɛsɛ sɛ yɛnya gyidie mu ahotosoɔ sɛ, yɛn Nyankopɔn nyɛ obi a ɔhwɛ nnipa anim. Ɔyɛ Nokorɛ, Ɔdɔ, ne Atɛntenenee Nyankopɔn. Ɛsɛ sɛ yɛgye Yesu nsuo ne Honhom awo foforɔ asɛmpa no di, na yɛnya nkwa firi yɛn bɔne nyinaa mu. Yesu yɛ wɔn a wɔde nsuo ne Honhom no awo wɔn foforɔ no Nyankopɔn.
Deɛ Kalvin nyamesɛm adesua kyerɛ ne sɛ, sɛ yɛwɔ nnipa du wɔ hɔ a, Onyankopɔn bɛgye wɔn mu bi nkwa, na ɔbɛgyae wɔn a aka no sɛ wɔbɛhyeɛ wɔ ogya amanehunu kurom. Yei nyɛ nokorɛ.
Nyansa biara nni mu sɛ yɛbɛka sɛ, Onyankopɔn dɔ ebinom na ɔto ebinom twene. Momma yɛmfa no sɛ Nyankopɔn wɔ yɛn nkyɛn nnɛ da yi. Sɛ ɔyɛ n’adwene sɛ ɔbɛgye wɔn wɔte nifa soɔ no na sɛ ɔyɛ n’adwene sɛ ɔde wɔn a wɔte bɛkum soɔ no nyinaa bɛkɔ amanehunu kurom a, anka yɛbɛbu no sɛ Nyankopɔn?
Anka wɔn a wɔtoo wɔn tweneeɛ no remma wɔn nne so wɔ atuateɛ mu? Anka abɔdeɛ nyinaa bɛma wɔn nne so asu sɛ, “Adɛn nti na Onyankopɔn bu atɛn a ɛntene saa?” Nyiyimu a ɛnnyina biribiara soɔ no nyɛ nokorɛ, ɛfiri sɛ Onyankopɔn yii nnipa nyinaa wɔ Kristo Yesu mu.
Ɛno nti obiara a Nyankopɔn afrɛ no wɔ Kristo mu no wayi no. Ɛnneɛ na whan na Onyankopɔn frɛ no ba ne nkyɛn? Ɔfrɛ nnebɔneyɛfoɔ, ɛnyɛ ateneneefoɔ. Onyankopɔn mfrɛ wɔn a wɔbu wɔn ho sɛ wɔyɛ ateneneefoɔ no.
Onyankopɔn nhyira mu ɔgyeɛ no yɛ nnebɔneyɛfoɔ ne wɔn a wabu wɔn atɛn ahyɛ amanehunu kurom no dea. Nyiyimu asekyerɛ ne sɛ, Onyankopɔn frɛ nnebɔneyɛfoɔ sɛdeɛ ɛbɛyɔ na ɔbɛyɛ wɔn ateneneefoɔ.
ONYANKOPƆN TENE
Onyankopɔn dɔ nnipa kumaa bi a wɔyi wɔn no nko anaa?
Daabi, Awurade nhwɛnnipa anim. Onyankopɔn tene.
Onyankopɔn tene. Ɔnyɛ Nyankopɔn a ɔdɔ wɔn a wɔyi wɔn a ɛnnyina biribiara so no nko. Ɔfrɛ nnebɔneyɛfoɔ wɔ Kristo din mu. Sɛ ɛnyɛ nkwagyeɛ a ɛnam Yesu Kristo ɔgyeɛ ne bɔne fafirie so a, anka ɛbɛyɛ dɛn na yɛbɛhunu Onyankopɔn dɔ ne ne nkwagyeɛ? Hwɛ na woanyɛ no Nyankopɔn a ɔntene.
Sɛ wokenkan Efesofoɔ 1:3-5 no a, bɔ mmɔden sɛ wobɛhunu adekodeɛ a ayera wɔ mu no. “Nhyira nka Onyankopɔn, yɛn Awurade Yesu Kristo n’agya a ɔde honhom mu nhyira nyinaa ahyira yɛn soro hɔnom Kristo mu, sɛdeɛ ɔyii yɛn wɔ ne mu ansa na wɔhyɛɛ wiase aseɛ, sɛ yɛnyɛ ahotefoɔ ne nnipa a wɔn ho nni asɛm n’anim, na ɔyii yɛn too hɔ sɛ ɔnam Yesu Kristo so bɛfa yɛn abayɛ mu, sɛdeɛ ne pɛ anisɔ teɛ.” Ɛdeɛn na ayera wɔ nsɛm yi mu? Asɛm a ayera no yɛ “Kristo Yesu mu.”
Nyiyimu a ɛnnyina biribiara so wɔ Kalvin som mu no ne nsɛm a ɛwɔ Twerɛ Kronkron mu no bɔ abira. Twerɛ Kronkron no ka sɛ, “Sɛdeɛ ɔyii yɛn wɔ ne mu ansa na wɔhyɛɛ wiase aseɛ.”
Onyankopɔn yii nnipa nyinaa wɔ Kristo mu sɛ ɔde nsuo ne Honhom no bɛwo wɔn foforɔ. Wɔn a wɔwoo wɔn sɛ nnebɔneyɛfoɔ a wɔntumi nyɛ ho biribiara no bɛtumi anya nkwagyeɛ afiri bɔne mu abɛyɛ Onyankopɔn mma. Ɔde nnipa nyinaa kaa wɔn a wɔbɛgye wɔn nkwa no ho, na ɔyii wɔn wɔ Kristo Yesu mu.
Ɛsiane sɛ naymesɛm adesuafoɔ bebree gye nyiyimu a ɛnnyina biribiara soɔ die na wɔgyina so ka sɛ nnipa kumaa bi nko na wɔayi wɔn no nti, ama nnipa bebree de wɔn ho akɔhyɛ sakasaka nkyerɛkyerɛ a ɛntɔ asom. Nyamesɛm adesuafoɔ atorofoɔ yi ka sɛ, Onyankopɔn nam nyiyimu a ɛnnyina biribiara soɔ no so na ɔyi ebinom na ɔto ebinom twene, nanso ne nsɛm no mu nokorɛ ne sɛ, Onyankopɔn yii nnebɔneyɛfoɔ nyinaa wɔ Yesu mu. Nnipa pii ahwe ase wɔ nkyerɛkyerɛ a ɛnyɛ nokorɛ no mu ɛsiane wɔn gyidie hunu no nti.
Nanso sɛ yɛhunu sɛ Onyankopɔn yɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛgye nnipa nyinaa nkwa wɔ Yesu mu, na afei nso bɔne fafirie wɔ hɔ ma obiara a ɔgye Yesu die a, yɛbɛtumi anya nkwa afiri yɛn bɔne nyinaa mu, abɛyɛ Nyankopoɔn mma, ateneneefoɔ, anya daa nkwa, na yɛbɛnya gyidie mu ahotosoɔ sɛ Onyankopɔn tene.
NYAME NYIYIMU A ƐFA YAKOB NE ESAU NSƐM HO NO
Whan na Onyankopɔn yii noɔ? Wɔn a wɔayi wɔn no nko anaa?
Daabi. Onyankopɔn yii nnipa nyinaa wɔ Kristo mu. Ɛno nti obiara a ɔgye Kristo die, na ɛnam Yesu asubɔno so bɔne biaraa nni nɔ ho no wayi no.
Wɔ Genesis 25:19-28 no, na Essau ne Yakob rede apereapereɛ wɔ wɔn na Rebeka yam. Onyankopɔn kaa wɔ Genesis 25:23 no, “Na Awurade ka kyerɛɛ no sɛ: Aman mmienu na ɛwɔ wo yam, na nkurɔfoɔ ahodoɔ mmienu na ɛbɛtete wɔn ho mu afiri wo yafunu mu. Na ɔman no biako bɛdi biako so, na ɔpanin no asom akumaa no.”
Nnebɔneyɛfoɔ dane nsɛm yi ma no bɛyɛ nyamesɛm adesua nkyerɛkyerɛ a ɛfa wɔn a wɔyii wɔn too hɔ ne wɔn a wayi wɔn no, na ama nnipa pii a wɔgye Yesu die no adwene yɛ wɔn sakasaka sɛ ebia wɔyii wɔn anaa sɛ wɔannyi wɔn. Sɛ wɔfa no sɛ wayi wɔn a, wɔdwene sɛ wɔanya nkwa, na wɔnnya mu anigyeɛ biara sɛ wɔde nsuo ne Honhom no bɛwo foforɔ no mu.
Nkyerɛkyerɛ a ɛfa nyiyimu a ɛnnyina biribiara so no adane nnipa pii a wɔgye Yesu die no afiri nkwagyeɛ ho, na abu wɔn fɔ kɔ amanehunu kurom. Afei nso ama Onyankopɔn adane obi a ɔntene.
Ɛsiane sɛ naymesɛm adesuafoɔ pii no ara ma nkyerɛkyerɛ a ɛnyɛ nokorɛ a ɛfiri wɔn ara adwene mu nti, nnipa bebree a wɔgye Yesu die no nni gyidie mu ahotosoɔ, na akɔyɛ wɔn dadwene sɛ ebia wɔyii wɔn, anaa nso sɛ wɔn nkwagyeɛ no wɔyii too hɔ.
Wɔ Yakob ne Esau mu no, whan na Onyankopɔn yii noɔ? Ɔyii Yakob wɔ Kristo Yesu mu. Wɔ Romanfoɔ 9:10-11, ɛka sɛ Onyankopɔn frɛɛ Yakob na ɛnyɛ ne nua no wɔ berɛ mpo a nnipa baako na ɛnyinsɛnee wɔn, a na wɔnyɛ nwoo wɔn, na wɔnyɛɛ papa anaa bɔne no.
Na Onyankopɔn botaeɛ ne sɛ ɔbɛyi Yakob, ɛnyɛ ne nnwuma so ntira, na mmom ɛsiane ne nyiyimu ntira. Twerɛ Kronkron no nso ka kyerɛ yɛn sɛ, Yesu baeɛ no ɔbɛfrɛɛ nnebɔneyɛfoɔ, ɛnyɛ wɔn a wɔbɔɔ abrabɔ tenenee no.
Nnipa nyinaa a wɔyɛ Adam asefoɔ no, wɔwoo wɔn sɛ nnebɔneyɛfoɔ. Dawid kaa sɛ na ɔyɛ ɔdebɔneyɛni firi berɛ a na ɔwɔ ne na yam no, na wɔwoo no amumuyɔ mu. “Hwɛ, wɔwoo me amumuyɔ mu, na bɔne mu na me na nyinsɛnee me” (Nwom 51:5).
Wɔwoo onipa sɛ ɔdebɔneyɛni ɛsiane n’agyanom bɔne nti. Enti obiara a wɔbɛwo no ato asase yi so no, ɔbɛba abɛyɛ ɔdebɔneyɛni wɔ berɛ a ɔnnim, na ɔyɔ n’adeɛ nyinaa sɛ ɔdebɔneyɛni, na ɔso bɔne aba.
Abɔfra mpo a ɔnyɛ nyɛɛ bɔne no yɛ ɔdebɔneyɛni dada, ɛfiri sɛ wɔde bɔne aba na awo noɔ. Ɔwɔ adwemmɔne, awaresɛeɛ, adwamansɛm ne awudie wɔ n’akoma mu. Wɔde n’agyanom bɔne na awo noɔ. Nnipa nyinaa yɛ nnebɔneyɛfoɔ ansa na mpo wɔrewo wɔn.
Deɛ nti Onyankopɔn yɔɔ yɛn sɛ mmerɛyɛfoɔ no ne deɛ edidi soɔ yi. Onipa yɛ Onyankopɔn abɔdeɛ, nanso na Awurade wɔ nhyehyɛeɛ sɛ ɔbɛyɔ yɛn ne mma wɔ berɛ a ɔgye yɛn nkwa firi bɔne mu. Ɛno nti na ɔmaa Adam kwan maa no yɛɛ bɔne no.
Ɛsiane sɛ nnipa bɛyɛɛ nnebɔneyɛfoɔ wɔ saa kwan no so nti, Onyankopɔn somaa Yesu baa wi yi ase, na ɔmaa ne ba a ɔwoo no korɔ no faa n’asubɔ no so yii nnipa bɔne nyinaa kɔeɛ.
Na Nyankopɔn botaeɛ ne sɛ ɔbɛfa Yesu asubɔ ne ne mogya wɔ asɛnnua no so agye nnipa nyinaa, na afei nso ɔma wɔn tumi sɛ wɔmmɛyɛ Nyankopɔn mma wɔ berɛ a wɔgye Yesu die. Ɔmaa Adam kwan ma no yɛɛ bɔne wɔ ne bɔhyɛ mu sɛ, ɔbɛhohoro bɔne nyinaa akɔ wɔ Kristo mu.
Nnebɔneyɛfoɔ a wɔgye atorɔ nkyerɛkyerɛ die no ka sɛ, “Hwɛ Yakob ne Essau. Ɔyii baako ɛna ɔtoo baako no twenee a ɛnnyina biribiara so.” Onyankopɔn anyi yɛn wɔ berɛ a ɛnnyina biribiara so, na mmom ɔyii yɛn wɔ Kristo Yesu mu. Deɛ ɛsɛ sɛ yɛyɔ ara ne sɛ yɛbɛhwɛ nsɛm a wɔatwerɛ wɔ Twerɛ Kronkron mu no. Romanfoɔ 9:10-12 ka sɛ, “Na ɛnyɛ yei nko, na Rebɛka nso ne ɔbaakofoɔ a ɔne yɛn agya Isak no nyinsɛneeɛ, na ɔnnya nwoo mma no, na wɔnnya nyɛɛ papa anaa bɔne no, deɛ ɛbɛyɔ na Onyankopɔn tirim a ɔbɔɔ no nyiyimu soɔ no atena hɔ, na amfiri nnwuma mu, na mmom ɛnam ne frɛ no nti, wɔsee no sɛ: Ɔpanin no bɛsom akumaa no.”
Onyankopɔn yii Yakob wɔ Yesu mu. Na Yakob yɛ nnebɔneyɛfoɔ nsɛsoɔ a wɔnsɛ mfata a wɔnni anigyeɛ biara wɔ wɔn ara tenenee mu. Efesofoɔ 1:4 no ka sɛ Onyankopɔn yii yɛn wɔ ne mu.
Whan na Onyankopɔn frɛɛ no? Ɔfrɛɛ Yakob, ɛfiri sɛ na ɔnim sɛ ɔyɛ ɔdebɔneyɛni, na ɔntene wɔ Nyankopɔn anim, na ɔde ne ho too Nyankopɔn so. Ɔfrɛɛ Yakob wɔ ɔno ara ne ba Yesu mu, na ɔde nsuo ne mogya asɛmpa no gyee no maa no bɛyɛɛ ne ba. Ɛno nti Onyankopɔn frɛɛ Yakob, na ɔde nkwagyeɛ hyiraa no.
Ɔfrɛɛ nnebɔneyɛfoɔ sɛ ɔnam Yesu nkwagyeɛ no so bɛyɛ wɔn ateneneefoɔ. Yei ne Nyankopɔn tirimbɔ.
ATORƆ NKYERƐKYERƐ A ƐFA NYIYIMU A ƐNNYINA BIRIBIARA SO NO
Addɛn nti Nyankopɛn dɔɔ Yakob?
Ɛfiri sɛ na Yakob nim ne ho sɛ ɔntene.
Ɛnkyɛree biara na mekenkan nwoma bi a ɛfa nyiyimu a ɛnnyina biribiara so no. Aberanteɛ bi soo daeɛ. Aberewa bi daa ne ho adi wɔ daeɛ no mu kyerɛɛ aberanteɛ no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmmra borɔno bi so, na ɔkɔeɛ. Afei aberewa no ka kyerɛɛ no sɛ Onyankopɔn ayi no.
Ɔbisaa aberewa no sɛ, ɛyɛɛ dɛn na Onyankopɔn iyi noɔ wɔ berɛ mpo a ɔnnye Nyankopɔn nnie? Ɔka kyerɛɛ no sɛ ɛwom sɛ ɔnni gyidie, nanso Onyankopɔn ayi no a ɛnnyina biribiara so.
Ɛnyɛ adeɛ a yei yɛ nokorɛ. Ɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn bɛhwɛ ebinom anim abu wɔn fɔ sɛ wɔnkɔ amanehunu kurom, na ɔyi ebinom ma nkwagyeɛ? Onyankopɔn yii obiara wɔ Yesu mu.
Nyamesɛm adesua nkyerɛkyerɛ a ɛfa nyiyimu ho a ɛyi Yesu firi mu no yɛ atorɔ. Ɛnyɛ nokorɛ. Nanso nyamesɛm adesuafoɔ pii ka sɛ Nyankopɔn yii yɛn mu binom nko. Ɛnyɛ adeɛ a ɛyɛ nokorɛ. Onyankopɔn pɛ sɛ ɔgye obiara nkwa wɔ Yesu mu. Ɛyɛ wɔn a wɔnnye nsuo ne Honhom mu nkwagyeɛ nnie no nko na wɔrennya nkwa.
Onyankopɔn nam ne ba Yesu so yii nnipa nyinaa too hɔ maa nkwagyeɛ, na ɔbɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ yɛn ne mma ansa na mpo ɔrehyɛ wiase adebɔ ase. Ɔbɔɔ ne tirim sɛ ɔnam Yesu Kristo nkwagyeɛ so bɛgye nnipa nkwa afiri wiase bɔne nyinaa mu. Yei ne nokorɛ no sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ Twerɛ Kronkron mu no.
Ateneneefoɔ a wɔwoo wɔn foforɔ wɔ Kristo mu no na wɔyɛ wɔn a wɔayi wɔn. Nanso nyamesɛm adesuafoɔ ka sɛ, Nyankopɔn yii yɛn mu binom nko. Mfatoho a ɛyɛ wɔka no bi ne sɛ, Budafoɔ asɔfoɔ no nka wɔn a Onyankopɔn yii wɔn no ho. Nanso Onyankopɔn yii wɔn nso wɔ Kristo mu..
Sɛ Onyankopɔn amfa Yesu so ɛna ɔyii ebinom wɔ berɛ a ɛnnyina biribiara so a, anka ɛho nhia sɛ yɛbɛka asɛmpa no. Sɛ Onyankopɔn bɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛyi ebinom wɔ berɛ a ɔmfa Yesu so a, anka ɛho nhia sɛ nnebɔneyɛfoɔ bɛgye Yesu adie. Ɛnneɛ ɛbɛyɛ dɛn na anka ne dɔ nsɛm, nokorɛ, ne ɔgyeɛ bɛhyɛ ma?
Anka ɛho bɛhia mpo sɛ Nyankopɔn nkoa bɛka asɛmpa no wɔ wi yi ase? Nyansa bɛn na ɛwom sɛ Onyankopɔn yii wɔn a wɔanya ɔgyeɛ ne wɔn a wɔhyɛ atemmuo ase no dada a ɛnnyina biribiara so wɔ berɛ a ɔmfa Yesu so?
Deɛ ɛnti a Onyankopɔn yii Yakob ne deɛ nti a ɔdɔɔ Yakob na ɔtanee Esau ne sɛ, na ɔnim dada ansa na ɛmpo wɔrebɔ wɔn, sɛ Yakob bɛgye Yesu adi na Esau rennye no nni.
Yɛwɔ nnebɔneyɛfoɔ pii wɔ wiase a wɔgye Yesu die. Wɔn mu binom te sɛ Esau na ebinom nso te sɛ Yakob.
Adɛn nti na Onyankopɔn yii Yakob? Na Yakob yɛ ɔdebɔneyɛni a ɔnim yie sɛ ɔnsɛ mfata. Enti ɔgye tuum sɛ ɔyɛ ɔdebɔneyɛni wɔ Nyankopɔn anim, na ɔsrɛɛ n’adom no. Ɛno ne deɛ ɛnti Onyankopɔn gyee Yakob nkwa no.
Nanso Esau deɛ, ɔde ne ho too ɔno are ne ho so sene Awurade, na wamma Nyankopɔn adom ho kɔm anne no. Ɛno nti Onyankopɔn kaa sɛ, ɔdɔ Yakob na ɔtane Esau. Yei ne asɛm no mu nokorɛ no.
Onyankopɔn yii yɛn nyinaa too hɔ maa nkwagyeɛ wɔ Yesu mu. Deɛ ɛsɛ sɛ nnebɔneyɛfoɔ nyinaa yɔ ne sɛ wɔbɛgye Yesu adie. Ɛno na afei wɔde Nnyankopɔn nokorɛ ne n’atɛntenenee no bɛhyɛ wɔn akomam. Yɛn nnebɔneyɛfoɔ rentumi nyɔ biribiara, na mmom sɛ yɛbɛfa Yesu so de yɛn akoma bɛgye adie anya nkwa. Deɛ ɛsɛ sɛ yɛyɔ ara ne sɛ yɛnam Yesu so bɛgye nkwagyeɛ adie.
ATORƆSƐM A ƐWƆ NKYERƐKYERƐ A ƐFA AHOTEƐ A YƐNYA NO KAKRA NKAKRA NO HO
Ɛyɛ nokorɛ sɛ ɔdebɔneyɛni bɛtumi abɛyɛ ɔteneneeni kakra nkakra?
Daabi. Ɛntumi mma saa da. Onyankopɔn nam ɔgyeɛ a ɛfiri n’asubɔ ne ne wuo wɔ asɛnnua no so no yɛɛ nnebɔneyɛfoɔ ateneneefoɔ a wɔdi mu.
Ɔbonsam de ahoteɛ a yɛnya no kakra nkakra nkyerɛkyerɛ no adaadaaa nnebɔneyɛfoɔ sɛdeɛ ɛbɛyɔ na wɔntumi nya nkwa mfiri wɔn bɔne mu. Ahoteɛ a yɛnya no kakra nkakra no asekyerɛ ne sɛ, sɛ nnebɔneyɛfoɔ bɛgye Yesu di wie a, wɔbɛba abɛyɛ kronkron kakra nkakra.
Sɛdeɛ nkyerɛkyerɛ no teɛ nie. Nnebɔneyɛfoɔ rentumi mmɛyɛ ateneneefoɔ prɛko, na mmom sɛ wɔbɛgye Yesu di a, wɔgye wɔn nkwa firi bɔne a atwam no mu. Bɔne a wɔyɛ no da biara no deɛ, ɛnam bɔneka mpaeɛ so na wɔhohorɔ, na onipa bɛba abɛnya ahoteɛ kakra nkakra.
Deɛ ɛdi saa nkyerɛkyerɛ yi mu ntitiman paa yɛ ahoteɛ a yɛnya no kakra nkakra no. Ɛrekame ayɛ sɛ ɛyɛ ade kɛseɛ bi sɛ obi bɛtumi agye Yesu adie na ɔbɛba abɛyɛ Okristoni a ɔyɛ kronkron kakra nkakra. Saa nkyerɛkyerɛ yi adaadaa Akristofoɔ pii wɔ mfirinhyia bebree mu a ama wɔn atenka bi sɛ wɔwɔ banbɔ. Ɛno nti na yɛwɔ Akristofoɔ pii a wɔyɛ wɔn ho sɛ wɔyɛ ateneneefoɔ sene ebinom wɔ Kristosom mu no.
Wɔdwene sɛ da koro wɔbɛsesa mpofirim, na wɔrenyɛ bɔne bio. Nanso wɔbɔ wɔn bra sɛ nnebɔneyɛfoɔ, na sɛ wɔwu wie a, wɔbɛbu wɔn atɛn sɛ nnebɔneyɛfoɔ wɔ Nyankopɔn anim.
Kenkkan nokorɛ asɛm no wɔ Twerɛ Kronkron no mu. Wɔ Romanfoɔ 8:30 no, “Na wɔn a wɔyii wɔn too hɔ no, wafrɛ wɔn nso, na wɔn a ɔfrɛɛ wɔn no, wabu wɔn bem nso, na wɔn a ɔbuu wɔn bem no, wahyɛ wɔn animuonyam nso.”
Wɔ nyiyimu 29 no, “Na wɔn a ɔhunuu wɔn sieeɛ no, wayi wɔn ato hɔ nso, sɛ wɔnsɛ ne ba no suban, na wayɛ animuonyam pii mu abakan. Sɛ w’ani bɔ yei so mfitiaseɛ no a, ɛrekame ayɛ sɛ yɛwɔ anamɔn bi a yɛfa so bɛyɛ ateneneefoɔ. Nanso Nyankopɔn Asɛm no kyerɛ yɛn sɛ, wɔde tenenee ma yɛn prɛko.
“Wɔn a ɔfrɛɛ wɔn no, wabu wɔn bem nso.” Yesu frɛ nnebɔneyɛfoɔ, na ɔnam n’asubɔ wɔ Yordan ne ne wuo wɔ asɛnnua no so yɛ wɔn ateneneefoɔ.
Enti onipa a ɔgye nkwagyeɛ a ɛwɔ Yesu mu die no, ɔba bɛyɛ Nyankopɔn ba a wahyɛ no animuonyam. Ɛyɛ Nyankopɔn adom sɛ ɔbɛgye nnebɔneyɛfoɔ na ɔnam ne din so hyɛ wɔn animuonyam.
Yei ne deɛ Nyankopɔn ka kyerɛ yɛn. Nanso Akristofoɔ binom ka kyerɛ yɛn sɛ, yɛnhwɛ Romanfoɔ 8:30. “Yɛwɔ anamɔn a yɛfa so nya ahoteɛ. Ɛno nkyerɛ sɛ yɛsesa kakra nkakra anaa?” Yei ne ɛkwan a wɔfa so daadaa ebinom. Wɔka kyerɛ nnipa wɔ daakye kabea mu sɛ ɔdebɔneyɛni bɛba abɛyɛ ɔteneneeni wɔ berɛ pa mu.
Nanso Twerɛ Kronkron no anka ankyerɛ yɛn wɔ daakye kabea mu, na mmom ɛka kyerɛ yɛn wɔ twam kabea a ɛwie pɛ yɛ no mu sɛ, wayɛ yɛn ateneneefoɔ prɛko. Ɛmu da hɔ pefee sɛ yɛwɔ nsonoeɛ a ɛda daakye kabea ne twam kabea a ɛwie p ɛyɛ no ntam.
Ɛsɛ sɛ yɛgye Twerɛ Kronkron no nyinaa di. Deɛ wɔatwerɛ no kyerɛ yɛn sɛ, yɛbɛtumi abɛyɛ Nyankopɔn mma prɛko. Yei yɛ sononko koraa sene nkyerɛkyerɛ a ɛfa ahoteɛ a yɛnya no kakra nkakra ho no.
Nkyerɛkyerɛ a ɛfa ahoteɛ a yɛnya no kakra nkakra no ka sɛ, sɛ yɛbɛgye Yesu di a, bɔne a atwam no nko na wɔde firi yɛn. Yei kyerɛ yɛn sɛ, ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra wɔ nyamesom kwan so na yɛsakyera y’adwene wɔn yɛn bɔne mu da biara sɛdeɛ ɛbɛyɔ na sɛ yɛgyina Nyankopɔn anim a, yɛbɛba abɛyɛ ateneneefoɔ.
Ɛsiane sɛ nnipa pii gye saa nkyerɛkyerɛ yi die nti, sɛ wɔbɛgye Yesu di wie mpo a, wɔda so ara yɛ nnebɔneyɛfoɔ. Ɛno nti na nkyerɛkyerɛ a ɛfa ahoteɛ a yɛnya no kakra nkakra no nyɛ nokorɛ no.
Twerɛ Kronkron no kyerɛ yɛn pefee sɛ, yɛnam gyidie so na yɛba bɛyɛ ateneneefoɔ ne Nyankopɔn mma. Sɛdeɛ mmɔfra ba wiase no, saa ara nso na Nyankopɔn mma nya ahoteɛ wɔ berɛ a wɔhunuiɛ na wɔgyee Yesu nkwagyeɛ diiɛ no. Ahoteɛ a yɛnya no kakra nkakra nkyerɛkyerɛ no firi atorɔ mu na ɛbaeɛ.
ƆGYEƐ A ƐWIE PƐ YƐ A ƐGYE YƐN FIRI YƐN BƆNE NYINAA MU NO
Ɛdeɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɔ ma wɔte yɛn ho wɔpɛ yɛ mu?
Ɛsɛ sɛ yɛgye nsuo ne Honhom mu ɔgyeɛ no di
Romanfoɔ 8:1-2 ka sɛ, “Ɛnneɛ na afei afobuo biara nni hɔ mma wɔn a wɔwɔ Kristo Yesu m. Na Kristo Yesu mu nkwa honhom mmra no agye me afiri bɔne ne owuo mmara no mu.” Yei kyerɛ yɛn sɛ, Onyankopɔn yɛɛ nnebɔneyɛfoɔ nyinaa ateneneefoɔ, na ɔgyee wɔn a wgɔbaa Yesu nkyɛn no firii bɔne ne owuo mmara no mu.
Twerɛ Kronkron no kyerɛ yɛn nkwagyeɛ a ɛwie pɛ yɛ no wɔ Hebrifoɔ 9:12. “Nanso ɛnyɛ mmirekyie ne anantwie mma mogya, na ɔno ara ne mogya so na ɔnam kɔɔ Kronkron mu prɛko kɔnyaa daa ɔgyeɛ.” Yei asekyerɛ ne sɛ, yɛn a yɛgye Yesu die no, yɛanya ɔgyeɛ, na wɔma yɛn kwan ma yɛkɔ soro.
Yɛtee nsuo ne Honhom mu ɔgyeɛ asɛmpa a ɛwɔ Kristo Yesu mu no, yɛgye diiɛ, na wɔde yɛn bɔne nyinaa firii yɛn. Nanso nnebɔneyɛfoɔ a wɔgye die sɛ wɔde wɔn bɔne a atwam no nko na afiri wɔn no, ɛnyɛ adeɛ a wɔbɛtumi anya nkwa wɔ nokorɛm. Sɛdeɛ ɛbɛyɔ na sɛ wɔbɛgye Yesu di wie a, wɔbɛnya ahoteɛ wɔ bɔne a wɔyɔ no nti, wɔnya atenka bi sɛ ɛsɛ sɛ wɔsakyera wɔn adwene da biara.
Wɔn mfomsoɔ gyidie a wɔnyaeɛ no de wɔn bɛkɔ amanehunu kurom. Mfomsoɔ gyidie a wɔwɔ no ma wɔsakyera wɔn adwene da biara sɛdeɛ ɛbɛyɔ na wɔbɛde wɔn ho afiri wɔn amumuyɔ nyinaa mu. Ɛno nyɛ nokorɛ gyidie a ɛgye yɛn nkwa firi amanehunu kurom.
Sɛ wɔgyee Yesu diiɛ, ɛnyaa ɔgyeɛ afiri wɔn bɔne mu prɛko a, anka wɔbɛba abɛyɛ ateneneefoɔ ne Nyankopɔn mma. Nokorɛ nkwagyeɛ ma agyidifoɔ bɛyɛ ateneneefoɔ, na ɛsakyera wɔn ma wɔbɛyɛ Nyankopɔn mma prɛko.
Ɛwom sɛ agydifoɔ anya ɔgyeɛ afiri wiase bɔne nyinaa mu, nanso wɔn honam nsakyera da kɔsi da a wɔbɛwuo. Nanso Nyanyankopɔn tenenee ahyɛ wɔn akomam ma. Ɛnni kwan sɛ yɛyɛ mfomsoɔ sɛ yɛbɛte nokorɛ yi ase.
Twerɛ Kronkron no kyerɛ yɛn sɛ wate yɛn ho, na sɛ yɛgye asɛmpa no di a yɛba bɛyɛ ateneneefoɔ.
Momma yɛnhwɛ Hebrifoɔ 10:9-14, na yɛnhunu nokorɛ asɛmpa no. “Ɛno na ɔkaa sɛ: Hwɛ, maba sɛ merebɛyɔ deɛ wopɛ; Ɔyi deɛ ɛdi kan no hɔ, na ɔde deɛ ɛtɔ so mmienu no asi hɔ. Saa ɔpɛ no mu na wɔnam Yesu Kristo honam a ɔde bɛmaeɛ no soɔ ate yɛn ho prɛko. Na ɔsɔfoɔ biara gyina hɔ daa resom, na ɔtaa bɔ afɔdeɛ korɔ no ara a ɛntumi nyi bɔne da. Na ɔno deɛ, ɔnya bɔɔ afɔdeɛ biako no, ɔkɔtenaa Nyankopɔn nifa ma no kɔ so ara. Na deɛ aka ne sɛ ɔtwɛn kɔduru sɛ wɔde n’atamfo bɛyɛ ne nan ase ntiasoɔ. Na ɔde afɔreɛ korɔ a ɔbɔeɛ no ayɛ wɔn a wɔte wɔn ho no pɛ ma no kɔ so ara.”
“Saa ɔpɛ no mu na wɔnam Yesu Kristo honam a ɔde bɛmaeɛ no soɔ ate yɛn ho prɛko.” Kae na hunu sɛ wɔatwerɛ yei wɔ daa pɛ yɛ kabea no mu, ɛnyɛ daakye kabea mu.
Sɛdeɛ ɛbɛyɔ na onipa bɛnya ahoteɛ wɔ pɛ yɛ mu no, ɛsɛ sɛ ɔgye nsuo ne Honhom mu ɔgyeɛ asɛmpa a Yesu de ama yɛn no di.
YESU DE DAA NKWAGYEƐ MAA YƐN PRƐKO
Adɛn nti na onipa wɔ ho kwan sɛ ɔma n’ani gyeɛ ɛberɛ nyinaa? (1 Tesalonikafoɔ 5:16)
Ɛsiane sɛ Yesu yii ne bɔne nyinaa kɔeɛ nti no, ɔntumi nyɔ biribiara, na mmom sɛ ɔbɛbrɛ ne ho ase wɔ n’anim na ɔbɛda no aseɛ wɔn’adom no mu.
Sɛ yɛgye Yesu ɔgyeɛ a ɛyɛ daa no di a, yɛba bɛyɛ ateneneefoɔ prɛko. Twerɛ Kronkron no ka sɛ, “Momma mo ani nnye daa. Monnyae mpaebɛ da! Monna ase ade nyinaa mu” (1 Tesalonikafoɔ 5:16-18).
Momma mo ani nnye daa. Ɛbɛyɛ dɛn na onipa ani agye berɛ nyinaa? Onipa a ne nsa nka ɔgyeɛ a ɛyɛ daa no na ɔbɛtumi agye n’ani saa ara a ɛtoɔ ntwa da. Ɛsiane sɛ wɔade ne ho wɔ bɔne mu nti no, ɔwɔ nimdeɛ mu banbɔ sɛ Yesu yii ne bɔne nyinaa kɔeɛ wɔ Yordan. Waba abɛyɛ obi a ɔbrɛ ne ho ase wɔ n’anim, na ɔda n’adom no ase, ɛno nti na ɔbɛtumi agye n’ani saa ara a ɔnnyae da no.
“Nhyira ne wɔn a wɔde wɔn mmarato afiri wɔn, na wɔn bɔne so akata” (Romanfoɔ 4:7). Yei nkyerɛ sɛ onipa bɔne so akata wɔ berɛ mpo ɛda so wɔ n’akoma mu. Wɔahohoro n’akoma mu. Yesu hohoroo ne bɔne nyinaa kɔeɛ, na ɔgyee no nkwa prɛko wɔ berɛ nyinaa mu.
Saa ɔgyeɛ yi a ɛyɛ daa no ho asɛm wɔ Apam Foforɔ no mu. Berɛ a wɔbɔɔ Yesu asu no, ɔkaa sɛ, “Seesei deɛ, ma ho kwan, na saa na ɛsɛ sɛ yɛhyɛ tenenee nyinaa ma” (Mateo 3:15).
Sɛdeɛ mmirekyie ne nnwan nam nsagusoɔ so yii onipa bɔne nyinaa kɔeɛ wɔ Apam Dadaa mu no, Yesu yii wiase bɔne nyinaa kɔeɛ, na ɔtee onipa ho wɔ kwan a ɛsɛ na ɛfata soɔ.
Yesu kaa sɛ, “Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ tenenee nyinaa ma.” Wɔbɔɔ Yesu wɔ kwan pa so, na ɔyii adasa mma bɔne nyinaa guu ɔno ara no so, na saa na ɔgyee yɛn nkwa.
Wɔ Mateo 3:15 no, wɔatwerɛ sɛ Yesu yii wiase bɔne nyinaa kɔeɛ. Wɔawie Nyankopɔn atɛntenenee. Ɛnni kwan sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɔ deɛ yɛbɛtumi biara ate saa ɔgyeɛ yi a ɛyɛ daa no ase. Ɛsɛ sɛ yɛfa no sɛ ɛyɛ n’asɛm mu ɔgyeɛ. “Nhyira ne wɔn a wɔde wɔn mmarato afiri wɔn, na wɔn bɔne so akata “ (Nnwom 32:1).
Bɔne a ɛwɔ akoma ne honam mu nyinaa no, Yesu yi kɔeɛ berɛ a Yohane Suboni bɔɔ no asu wɔ Yordan asubɔntene mu no. Wɔbuu no atɛn maa yɛn bɔne a yɛyɔ wɔ wi yi ase a porɔeɛ ne ɔbra bɔne wɔ mu no. Berɛ a ɔyii yɛn bɔne kɔeɛ wieeɛ no, ɔwui wɔ asɛnnua no so.
Obibiara a ɔbɛgye saa bɔne mu nkwagyeɛ yi adie no bɛtumi abɛyɛ ɔteneneeni a ɔdi mu prɛko. Ɛsianse sɛ Yesu te ase daa nti, obiara a ɔgye nkwagyeɛ a ɛwɔ Yesu mu die no bɛkɔ so ara ayɛ ɔteneneeni.
Seesei deɛ yɛbɛtumi agyina Nyankopɔn anim wɔ ahotosoɔ mu aka sɛ, “Wo ho te sɛn, Awurade. Megyee wo dɔba koro Yesu Kristo diiɛ, na me nso meyɛ wo ba. Meda wo ase, Agya. Meda wo ase sɛ wode me ayɛ wo ba. Yei mfiri me nnwuma mu, na mmom ɛnam me gyidie a mewɔ wɔ nsuo ne Honhom awo foforɔ a ɛwɔ Yesu mu no so. Wogyee me nkwa firi bɔne nyinaa a ɛwɔ wiase no. Megye deɛ wokaeɛ no di, “Na saa na ɛsɛ sɛ yɛhyɛ tenenee nyinaa ma” (Mateo 5:15). Ɛnam Yesu asubɔ ne n’asɛnnua no so na maba abɛyɛ wo ba. Ɛno nti m’ani asɔ deɛ wayɔ yi.”
Wode wo bɔne nyinaa agu Yesu so anaa? Ɔyii wo bɔne nyinaa kɔeɛ anaa? Twerɛ Kronkron no kyerɛ yɛn sɛ, aseda nka Yesu asubɔ ne ne wuo wɔ asɛnnua no so, sɛ nnebɔneyɛfoɔ gye no di kɛkɛ a, wɔbɛtumi anya ahoteɛ.
AYƆNKOFA A ƐWƆ YESU ASUBƆ NE ƆGYEƐ MU NO
Ɛdeɛn ne ayɔnkofa a ɛwɔ Yesu asubɔ ne ɔgyeɛ mu no?
Yesu asubɔ yɛ ɔgyeɛ ns[soɔ a wɔnam nsagusoɔ a ɛwɔ Apam Dadaa mu no hyɛɛ ho nkɔm no.
Hwɛ sɛ onipa a ɔbɔ ne bra sɛ ɔdebɔneyɛni wɔ berɛ mpo a ɔgye Yesu die na ɔbɔ mpaeɛ wɔ asafo no mu sɛ, “Ɔdɔ Nyankopɔn, me srɛ wo, fa bɔne a meyɔeɛ wɔ nnawɔtwe a ɛtwam mu no firi me. Fa bɔne a atwam nnansa yi no firi me. Oh Awurade, fa nnɛ bɔne yi firi me. Megye Yesu di.”
Wo deɛ ma yɛmfa no sɛ ɛnam saa mpaeɛ no so wɔde ne bɔne a ɔyɛ no da biara no firii no. Nanso ɛno akyi no, ɔsane kɔ n’asetena abrabɔ mu kɔyɛ bɔne bio. Ɛnneɛ ɔbɛba abɛyɛ ɔdebɔneyɛni bio.
Yesu nam n’asubɔ no so bɛyɛɛ Nyankopɔn adwammaa a ɔyii nnebɔneyɛfoɔ nyinaa bɔne kɔeɛ, na ɔgyee wɔn nkwa berɛ a wɔbɔɔ no asɛnnua mu no. Sɛdeɛ ɛbɛyɔ na wɔbɛnya ɔgyeɛ nti, ɛsɛ sɛ nnebɔneyɛfoɔ gye deɛ ɛdidisoɔ yi di ma wɔgye wɔn nkwa.
Yesu yii bɔne nyinaa kɔeɛ berɛ a Yohane Suboni bɔɔ no asu no, na saa na ɔhyɛɛ Nyankopɔn tenenee nyinaa ma. Ɔhohoroo bɔne a ɛwɔ wiase nyinaa kɔeɛ. Obiara a ɔgye nokorɛ yi die no nya ɔgyeɛ. Sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ Mateo 3:13-17 no, “na saa na” Yohane Suboni bɔɔ Yesu asu, na ɔbɛyɛɛ agyidifoɔ nyinaa Agyenkwa.
Nokorɛ asɛmpa no kyerɛ yɛn sɛ, Yesu yii wiase bɔne nyinaa kɔeɛ prɛko. Nanso atorɔsɛm a ɛwɔ nyamesɛm adesua mu no kyerɛ yɛn sɛ, wɔgye yɛn nkwa da biara. Ɛmu deɛ ɛwɔ he na ɛsɛ sɛ yɛgye die? Wɔgye yɛn prɛko anaa sɛ wɔgye yɛn da biara?
Ɛmu da hɔ pefee sɛ Yesu gyee yɛn prɛko. Nokorɛ gyidie no yɛ gyidie a ɛwɔ nsuo ne Honhom mu ɔgyeɛ prɛko pɛ no mu. Wɔn a wɔgye die sɛ ɛsɛ sɛ wɔgye yɛn da biara no renya ɔgyeɛ da.
Ɛsɛ sɛ wɔhunu sɛ, ɔgyeɛ paa no firi gyidie a wɔbɛnya sɛ, Yesu nam n’asubɔ ne ne wuo wɔ asɛnnua no so agye yɛn prɛko. Deɛ ɛsɛ sɛ yɛyɔ ara ne sɛ, yɛde aseda bɛma Onyankopɔn na yɛbɛgye nokorɛ asɛmpa yi adie.
Nanso wɔn a wɔafom wɔ wɔn gyidie mu no ka sɛ, ɛyɛ bɔne a atwam no nko na wɔgyee yɛn firii mu, na ɛsɛ sɛ wɔgye yɛn firi bɔne ankasa a yɛyɔ no da biara no mu, na afei nso yɛbɛtumi abayɛ ateneneefoɔ “kakra nkakra.” Yei yɛ mfomsoɔ.
Yesu asubɔ ne ne mogya wɔ asɛnnua no so no na ɛwiee bɔne fafirie prɛko. Yei ne nokorɛ no. Ɛnam Yohane Suboni so na wɔde yɛn bɔne guu Yesu so, na ɛsɛ sɛ Yesu wu wɔ asɛnnua no so sɛdeɛ ɛbɛyɔ na wɔbɛgye yɛn nkwa.
Sɛ yɛka sɛ “fa firi me” wɔ berɛ a yɛayɛ bɔne a, ɛne Nyankopɔn atɛntenee bɔ abira. Wɔbɔ bɔne fafirie mpaeɛ, nanso wɔyɔ saa sɛdeɛ ɛbɛyɔ na wɔbɛnya ahotɔ wɔ wɔn ahonim mu. Ɛyɛ ne kwan so sɛ obi bɛyɛ bɔne da biara na ɔbɛkɔ so ara asakyera n’adwene wɔ ne mmarato ho sɛdeɛ ɛbɛyɔ na n’ahonim bɛnya ahotɔ? Ɔkwan baako pɛ nko a yɛbɛfa so anya ɔgyeɛ ne sɛ yɛbɛgye Yesu asubɔ ne ne mogya wɔ asɛnnua no so adie. Ɛsɛ sɛ yɛgye die wɔ yɛn akoma mu. Ɛno nko ne ɔkwan a yɛbɛtumi afa atwe yɛn ho afiri Nyankopɔn atemmuo no ho.
Momma yɛnkɔ so ara nnwene pii mfa ɔgyeɛ a yɛnya firi bɔne mu no ho. Hebrifoɔ 9:22 ka sɛ, “Na ɛreka me ayɛ sɛ ade nyinaa na wɔde mogya tee ho, sɛdeɛ mmara no teɛ, na mogya angu a, fafirie mma.”
Sɛdeɛ Onyankopɔn tenenee mmara teɛ no, ɛsɛ sɛ wɔde mogya dwira bɔne, na sɛ mogya angu a, fafirie mma. Yei yɛ Nyankopɔn atɛntenenee mmara. Sɛ wɔantua bɔne ka a, bɔne fafirie ntumi mma da.
Onyankopɔn mmara tene. Yohane Suboni bɔɔ Yesu asu, na ɔhwiee ne mogya gui wɔ asɛnnua no so sɛ ɔde bɛgye yɛn nnebɔneyɛfoɔ. Ɔnam n’asubɔ no so yii yɛn mfomsoɔ nyinaa kɔeɛ, na ɔhwiee ne mogya gui wɔ asɛnnua no so de tuaa yɛn bɔne nyinaa ka. Ɔtuaa bɔne ka maa yɛn.
Wɔde ɔgyeɛ ma prɛko anaa sɛ
wɔde ma yɛn da biara. Yesu nam n’asubɔn no so yii nnebɔneyɛfoɔ bɔne nyinaa kɔeɛ prɛko.
Wɔ Mateo 3:15, berɛ a wɔbɔɔ Yesu asu wɔ ɛkwan a ɛsɛ fata soɔ no, ɔnam n’asubɔ no so hohoroo bɔne nyinaa kɔeɛ, na ɔwui wɔ asɛnnua no so sɛ ɔbɛgye yɛn afiri wiase bɔne nyinaa mu.
Sɛ yɛsrɛ bɔne fafirie da biara a, ɛte sɛ deɛ yɛresrɛ no sɛ ɔnyi yɛn bɔne nkɔ na ɔnwu saa ara bio. Ɛsɛ sɛ yɛte Nyankopɔn atɛntenenee mmara no ase wɔ nokorɛm. Ɛnni kwan sɛ Yesu wu mprɛ pii bio sɛ ɔbɛgye yɛn afiri bɔne mu.
Onyankopɔn hu no sɛ ɛyɛ aniamɔnho ma wɔn a wɔgye Yesu die no sɛ wɔbɔsrɛ wɔn bɔne a wɔyɛ ankasa no ho fafirie mpɛn pii bio. “Saa aniamɔnhofoɔ ne nkwaseafoɔ yi! Wɔresrɛ Me ba Yesu sɛ wɔmmɔ no asu ne mprenu so, na ɔnwu bio wɔ asɛnnua no so! Wɔgye ɔgyeɛ a ɛwɔ Yesu mu no di, nanso wɔkɔ so ara frɛ wɔn ho sɛ nnebɔneyɛfoɔ. Mede m’atɛntenenee mmara no bɛbu wɔn atɛn, na mede wɔn nyinaa bɛkɔ amanehunu kuro a ɛhyehyeɛ no mu. Wo bɛpɛ sɛ wobɛkum wo ara wo ba a wowoo no korɔ mprɛnu anaa? Woresrɛ me sɛ menkum me ba no bio ɛsiane wo bɔne ankasa a woyɛ no nti. Madi kan akum me ara me ba sɛ mɛgye wo nkwa prɛko afiri wiase bɔne nyinaa mu. Ɛno nti ɛnhyɛ me abufuo wɔ berɛ a wo srɛ me sɛ me mfa wo bɔne a woyɔ ankasa no mfiri wo bio mpɛn pii, wo deɛ gye nsuo ne Honhom mu ɔgyeɛ asɛmpa no di kɛkɛ.”
Yesu ka kyerɛ wɔn a wɔda so ara yɛ nnebɔneyɛfoɔ no sɛ, ɛsɛ sɛ wɔkɔ asafo a wɔka nokorɛ asɛmpa no, na wɔmpo atorɔ gyidi no, na wɔnya ɔgyeɛ wɔ berɛ a wɔde gyidie di deɛ ɛnyɛ nokorɛ no so nkonim.
Seesei ne ɛberɛ a ɛwɔ hɔ ma wo sɛ wobɛnya nkwa wɔ berɛ wogye die wɔ w’akoma mu. Wogye di anaa?
GYIDIE A ƐNNI NOKORƐ NO MU, NA MMOM ƐFIRI NNWUMA MU NO NSUSUANSOƆ
Adɛn nti na Akristofoɔpii no ara ntumi mmɔ wɔn bra wɔ nokorɛm ɛberɛ nyinaa?
Ɛfiri sɛ wɔde wɔn ho to wɔn nnwuma so.
Nnebɔneyɛfo mpo a wɔgye Yesu die nanso wɔnyaa ɔgyeɛ no bɛtumi ahyerɛn afiri mfeɛ 3 so kɔsi 5. Wɔwɔ anigyeɛ kɛseɛ ne atenka a ɛmu yɛ den mfitiaseɛ no, nanso wɔn gyidie ano brɛ ase wɔ ne berɛ mu. Sɛ wonam wo nnwuma so na wogye Yesu di a, ɛrenkyɛ koraa w’anigyeɛ ne w’atenka nso bɛyera.
Onifrafoɔ ntumi nhunu adeɛ. Ɛno nti wɔde wɔn ho to atenka a ɛwɔ wɔn akwaa mu no ne nimdeɛ a wɔwɔ no so. Sɛ wɔhunu sɛ nisuo firi wɔn ani so resiane a, wɔyɛ mfomsoɔ fa no sɛ ɛyɛ sɛnkyerɛnneɛ a ɛkyerɛ bɔne fafirie.
Wɔn a wɔyɛ honhom mu anifrafoɔ no rehwɛ kwan sɛ wɔbɛnya wɔn kane dɔ no wɔ berɛ a wɔkɔ nkayan nhyiamudie ase, nanso ɛnyɛ adeɛ wɔbɛtumi anya wɔn atenka no bio. Ɛnyɛ adeɛ nso a wɔbɛtumi anya bɔne fafirie da. Sɛ mfitiaseɛ no na wɔgye diiɛ pɛpɛɛpɛ a, anka fafirie ne n’adom bɛkɔ so ara ahyerɛn wɔ nna a ɛdi animu no.
Nanso ɛyɛ mfitiaseɛ no nko na fafirie a ɛnyɛ nokorɛ no hyerɛn, na ɛfiri hɔ rekorɔ no, ɛyera ne haran. Ɛnkyɛ koraa anigyeɛ mu atenka haran no yera, ɛfiri sɛ honhom mu ɔnifrani no ampene sɛ ɔbɛtie nokorɛ asɛmpa no wɔ mfitiaseɛ no.
Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ nyaatwomfoɔ fa Twerɛ Kronkron no hyɛ wɔn amɔtorɔm, na wɔwe Awurade mpaeɛ ne Asomafoɔ Gyidie ka no fapem nkyerɛkyerɛ no baba gu wɔn tirim, na wɔbɔ mpaeɛ berɛ nyinaa. Wɔnya abasobɔdeɛ wɔ asafo no mu, na wɔn atenka kɔ soro, nanso wɔn bɔne kɔ so ara taataa so, na deɛ ɛdi akyire koraa no Onyankopɔn bɛpo wɔn. Wɔ nnipa ani so deɛ, wɔde nyamesom atenka nkatanimu fitaa kata wɔn ho, nanso bɔne aporɔ wɔ wɔn adwenem. Yei ne nsusuansoɔ a gyidie a ɛnni nokorɛ mu na mmom ɛwɔ nyamesom a ɛgyina nnwuma so no de ba.
YƐNAM GYIDIE SO NA YƐBƐYƐ ATENENEEFOƆ
Wahyɛ bɔne nyinaa a ɛwɔwiase no ho ɔgyeɛ ma dada anaa?
Aane. Ɛnam Yesu asubɔ ne ne wuo wɔ asɛnnua no so na wɔhyɛɛ no ma.
Momma yɛnkenkan Hebrifoɔ 10:16-18, “Yei ne apam a nna no akyi me ne wɔn bɛpam no, Awurade na ɔseɛ: Mede me mmara bɛhyɛ wɔn akomam, na matwerɛ wɔ wɔn adwenem, na wɔn bɔne ne wɔn mmarato nso merenkae bio. Na deɛ yeinom fafirie wɔ no, bɔne ho afɔrebɔ nni hɔ bio.
Seesei a yɛnam Yesu nsuo asubɔ so ne ne mogya wɔ asɛnnua no so anya ɔgyeɛ yi, ɛnhia bio sɛ yɛpata ma bɔne. Ebia sɛ wote yei mfitiaseɛ no a, ɛbɛkyere w’adwene kakra, nanso ɛne nsɛm a ɛwɔ Twerɛ Kronkron mu no yɛ pɛpɛɛpɛ. Saa nsɛm no yɛ onipa asɛm anaa? Twerɛ Kronkron no yɛ nsania ne susuhoma a yɛde susu adeɛ nyinaa.
“Nna no akyi no, mede me mmara bɛhyɛ wɔn akomam, na matwerɛ wɔ wɔn adwenemm.” Wɔgyee wo wieeɛ no, w’atenka te sɛn? Seesei a w’akoma ade ne ho wɔ bɔne mu yi no, wowɔ ahodwoɔ atenka. Woabɛyɛ ɔteneneeni, na wobɛtumi atena ase wɔ hann no mu.
Awurade kaa wɔ Hebrifoɔ 10:17 no, “Na wɔn bɔne ne wɔn mmarato nso merekae bio.” Ɔka kyerɛ yɛn sɛ, ɔrenkae wɔn a wagye wɔn no bɔne ne wɔn mmarato bio. Adɛn ntira? Ɛfiri sɛ wɔbɔɔ Yesu asu wɔ ɛkwan a ɛsɛ fata soɔ, “na saa na.” Berɛ a ɔyii yɛn bɔne kɔeɛ wieeɛ no, wɔbuu Yesu atɛn maa wɔn a wɔgye no die no.
Seesei a Yesu atua yɛn bɔne nyinaa ho ka yi, ɛbɛtumi aba sɛ yɛbɛkɔ so ara akae bɔne no, nanso ɛnni kwan sɛ yɛdi ho fɔ. Ɛnhia bio sɛ yɛwu ma yɛn bɔne, ɛfiri sɛ Yesu hohoroo yɛn bɔne nyinaa kɔeɛ, na ɔhwiee ne mogya wɔ asɛnnua no so maa yɛn.
Hebrifoɔ 10:18 ka sɛ, “Na deɛ yeinom fafirie wɔ no, bɔne ho afɔrebɔ nni hɔ bio.” Yei kyerɛ sɛ ɔyii wiase bɔne nyinaa kɔeɛ. Afei nso ɛkyerɛ sɛ, ɛnhia sɛ wɔn a wɔwoo wɔn foforɔ wɔ Yesu mu no bɔ bɔne ho afɔdeɛ bio.
“Ao Onyankopɔn. mesrɛ wo, fa firi me. Deɛ ɛnti a megye Yesu die nanso meda so ara te amanehunu mu ne sɛ, menyɛ nyaa ɔgyeɛ. Meyɛ Okristoni, nanso bɔne aporɔ wɔ m’adwene mu.” Ɛho nhia sɛ yɛbɔ mpaeɛ saa.
Nnebɔneyɛfoɔ yɔ bɔne wɔ berɛ a wɔnhu no saa. Wɔnnim adekodeɛ a ɛyɛ bɔne, ɛfiri sɛ wɔnnim Nyankopɔn Nokorɛ Mmara no. Deɛ wɔnim ara ne sɛ ɛnni kwan sɛ wɔyɛ bɔne wɔ wɔn ahonim mu, nanso wɔnnim adekodeɛ a ɛkyerɛ sɛ wɔayɛ bɔne wɔ Nyankopɔn anim. Onyankopɔn da no adi kyerɛ yɛn sɛ, ɛyɛ bɔne sɛ yɛnnye Yesu nnie.
Wɔ Yohane 16:9 no, ɔka adeɛ a ɛkyerɛ sɛ yɛayɛ bɔne wɔ Nyankopɔn anim. “Bɔne ho, ɛfiri sɛ wɔnnye me nni.” Ɛyɛ bɔne wɔ Nyankopɔn anim sɛ yɛnnye no nnie. Yohane 16:10 no ka adekodeɛ a ɛyɛ tenenee. “Ne tenenee ho, ɛfiri sɛ merekɔ Agya no nkyɛn, na monhu me bio.” Deɛ ɛkyerɛ ne sɛ, Yesu agye wiase afiri bɔne nyinaa mu, na saa na ɛnni kwan sɛ ɔde asubɔ a ɛtɔ so mmienu ne ne wuo wɔ aɛnnua no so gye yɛn bio.
Ɔfrɛ wɔn a wɔwɔ gyidie wɔ ɔgyeɛ mu no sɛ ɔbɛte wɔn ho ayɛ wɔn ateneneefoɔ. Ɛnam n’asubɔ ne ne wuo wɔ asɛnnua no so na wɔwiee ɔgyeɛ a ɛwɔ wiase no. Ɔgyeɛ biara nni hɔ bio a ɛhia sɛ wɔde bɛgye nnebɔneyɛfoɔ.
“Na din foforɔ nni ɔsoro ase a wɔde ama wɔ nnipa mu a ɛsɛ sɛ wɔgye yɛn nkwa wɔ mu” (Asomafoɔ no nnwuma 4:17). Yesu sianee baa wiase, Yohane Suboni bɔɔ no asu, na ɔhwiee ne mogya gui wɔ asɛnnua no so sɛ ɔbɔgye nnebɔneyɛfoɔ nyinaa. Gye yei di wɔ w’akoma mu na nya nkwa. Yesu de nsuo ne Honhom no na ate wo ho.
Yesu de nsuo ne Honhom no praa bɔne a ɛwɔ yɛn honam mu no nyinaa kɔeɛ. Wɔde gyidie na ɛgye yɛn nkwa. Sɛ yɛgye nokorɛ yi di, na sɛ yɛnam Yesu Kristo so gye asɛmpa no di a, yɛba bɛyɛ ateneneefoɔ prɛko. Nnoɔma mmienu a ɛyɛ Yesu asubɔ ne ne wuo wɔ asɛnnua no so no, yɛ nokorɛ no mu deɛ ɛhia paa no fapem.
TWERƐ KROKRON MU NYIYIMU A NNEBƆNEYƐFOƆ DE YƐN WƆN NKATABOƆ NO
Yɛbɛtumi anya ɔgyeɛ wɔ berɛ a yɛka yɛn bɔne kyerɛ, anaa sɛ wagyeɛ yɛn dada?
Onyankopɔn de ɔgyeɛ a yɛnya firi bɔne mu no ma yɛn prɛko.
1 Yohane 1:9 ka sɛ, “Sɛ yɛka yɛn bɔne kyerɛ a, ɔyɛ nokwafoɔ ne teneneeni sɛ ɔde yɛn bɔne bɛfiri yɛn, na wate yɛn ho afiri deɛ ɛntene nyinaa ho.”
Anka ɛyɛ sɛ yɛbɛka yɛn bɔne akyerɛ kɛkɛ na wɔde afiri yɛn. Nyamesɛm adesuafoɔ a yei wɔ wɔn adwene mu no nyaa adwene kɛseɛ bi sɛ wɔde nkyerɛkyerɛ foforɔ bɛba. Deɛ wɔsi so agyinaeɛ ka ne sɛ, berɛ biara a obi bɛka ne bɔne akyerɛ no, wɔde bɛfiri no. Anka yei nyɛ anaa? Nanso Yesu anka da sɛ berɛ biara a yɛbɛka yɛn bɔne akyerɛ Nyankopɔn no, wɔde bɛfiri yɛn.
Sɛ yɛka yɛn bɔne kyerɛ kɛkɛ a, yɛbɛtumi anya bɔne fafire anaa sɛ wagye yɛn dada. Ɛmu deɛ ɛwɔ he na wogye die? Wɔn a wɔgye saa atorɔ nkyerɛkyerɛ yi tum no gye di sɛ, berɛ biara a wɔka wɔn bɔne akyerɛ no, wɔde firi wɔn, nanso nokwasɛm ne sɛ, bɔne da so wɔ wɔn akomam, ɛfiri sɛ wɔnnim nokorɛ nsɛm a ɛwɔ ɔgyeɛ mu no. Ɛntɔ asom sɛ berɛ biara a nnebɔneyɛfoɔ a wɔgye Yesu die bɛbɔ mpaeɛ asrɛ bɔne a wɔyɛ no, wɔde firi wɔn.
Ɛno nti no, ɛsɛ sɛ yɛma y’adwene kɔ nsɛm a ɛfa ɔgyeɛ ho, na yɛda nsonoeɛ a ɛwɔ nokorɛ ne atorɔsɛm mu no, ɛmfa ho ne deɛ wɔka kyerɛɛ yɛn.
Nnebɔneyɛfoɔ nte 1 Yohane 1:9 no ase. Wɔyɛ mfomsoɔ dwene sɛ, ɛkasa fa daa bɔne fafirie ho. Momma yɛnkenkan nkyerɛkyerɛ no yie. “Sɛ Yɛka yɛn bɔne kyerɛ a, ɔyɛ nokwafoɔ ne teneneeni sɛ ɔde yɛn bɔne bɛfiri yɛn, na wate yɛn ho afiri deɛ ɛntene nyinaa ho.” Wodwene sɛ ɛyɛ bɔne a atwam no nko na wɔgye yɛn nkwa firi mu, na mmom ɛsɛ sɛ yɛka yɛn bɔne ankasa a yɛyɔ no kyerɛ sɛdeɛ ɛbɛyɔ na ɔbɛyɛ nokwafoɔ ne teneneeni sɛ ɔde bɛfiri yɛn anaa? Yeinom yɛ adwene mu mfomsoɔ a ɛfiri yɛn honam mmerɛyɛ mu.
Sɛ yɛgye Yesu asubɔ ne ne mogya di a, yɛhunu sɛ yei nyɛ nokorɛ. Ɛyɛ Yesu asubɔ ne ne mogya wɔ asɛnnua no so na wɔde hohoroo yɛn bɔne nyinaa kɔeɛ dadaada berɛ bi a atwam no.
Sɛ wobɛgye adie sɛdeɛ Honohom no kyerɛ, anaa sɛ wobɛgye adie sɛdeɛ adwene mu mfomsoɔ teɛ no yɛ nnoɔma mmienu a ɛbɔ abira. Wɔn a wɔgye die sɛdeɛ wɔn adwene kyerɛ wɔn no nya atenka bi sɛ, ɛsɛ sɛ wɔhohoro wɔn bɔne da biara, nanso wɔn a wɔgye ɔgyeɛ a ɛyɛ nsuo ne mogya die no nim sɛ, ɛnam Yesu asubɔ ne ne mogya wɔ asɛnnua no so na wɔgyee wɔn prɛko.
Wɔn a wɔgye die sɛ ɛsɛ sɛ wɔka wɔn bɔne kyerɛ da biara ma wɔgye wɔn foforɔ no, nokorɛ a ɛwɔ mu ne sɛ, ɛyɛ bɔne ma wɔn sɛ wɔnnye ɔgyeɛ a ɛnam Yesu asubɔ ne ne mogya soɔ no nnie.
Wonam Yesu asubɔ ne ne mogya no so anya ɔgyeɛ prɛko anaa? Wɔn a wɔnnyaa ɔgyeɛ no bɔ mmɔden sɛ wɔbɛnya nkwagyeɛ wɔ berɛ a wɔka wɔn bɔne kyerɛ da biara. Yei de ɔhaw na abɛto hɔ sɛ, ɛdeɛn na wɔbɛyɔ afa bɔne a wɔbɛyɔ daakye no ho.
Ebia wɔbɛbɔ mmɔden adi kan aka bɔne a wɔbɛyɔ daakye no. Nanso sɛ wɔyɔ saa a, wɔda no adi sɛ wɔnni gyidie wɔ Yesu mu. Saa nnipa yi ani afira wɔ ɔgyeɛ asɛmpa no ho. Yesu de n’asubɔ ne ne mogya no agye yɛn afiri bɔne mu prɛko, na ɔfaa atemmuo too ɔno ara ne ho so. Sɛ yɛgye no di kɛkɛ a, wɔgye yɛn.
Sɛ wodwene sɛ ɛsɛ sɛ ɛmpo woka wo daakye bɔne nya nkwa a, ɛnneɛ wonyɛ sononko sene wɔn a wɔnnim biribiara fa nsuo ne Honhon awo foforɔ ho no. Nnebɔneyɛfoɔ ntumi mfa bɔneka so nya ɔgyeɛ.
Ɛno nti sɛ woka wo bɔne kyerɛ wɔ nokorɛm sɛ, “Meyɛ ɔdebɔneyɛni a menyɛ nyaa ɔgyeɛ,” na afei sɛ wotie na wogye n’asubɔ ne ne mogya asɛmpa no di a, Onyankopɔn bɛgye wo afiri wo bɔne nyinaa mu.
Nanso sɛ woannye ɔgyeɛ asɛmpa no anni, na sɛ wode wo ho hunta adwensakyera mpaeɛ mu a, sɛ Yesu ba wiase bio sɛ Ɔtemmufoɔ no a, wobɛnya atemmuo a ɛyɛ hu.
Wɔn a wɔnnye nsuo ne Honhom mu ɔgyeɛ asɛmpa nnie no wɔbɛbu wɔn atɛn. Sɛ wɔde wɔn ho sie wɔn bɔneka no mu a, wɔbɛhyia atemmuo. Ɛno nti mɛntwɛn atemmuo da no. Gye nhyira asɛmpa a ɛyɛ nsuo ne Honhom no di seesei ara.
NOKORƐ GYIDIE NE KWAN PA A YƐFA SO KA BƆNE KYERƐ
Bɔneka bɛn na ɛyɛ ma ɔdebɔneyɛni?
Sɛ ɔbɛka sɛ ɔda so ara wɔ b]ne, na ɔbɛkɔ amanehunu kurom gye sɛ ɔgye nokorɛ asɛmpa no di.
Onyankopɔn gye yɛn prɛko. Asetena paa mu mfatoho a mepɛ sɛ mede kyerɛ deɛ mereka no bi nie. Momma yɛmfa no sɛ kwansrani bi a ɔyɛ Koreani a ɔfiri atifi fam aba anaafoɔ fam. Wahunu sɛdeɛ yɛwɔ yiedie mu, na n’ani ba ne ho sɛ wɔadaadaa no, na afei ɔpɛ sɛ ɔda ne ho adi de ne ho ma.
Ɛno akyi a ɔrekɔ apolisifoɔ asuɛeɛ no, ɔbɛtumi apaem aka wɔ saa kwan yi so sɛ, “Meyɛ kwansrani a mefiri atifi” anaa sɛ “Mebaa atɔeɛ fam sɛ anka merebɛkum onipa ɔsomasi, na mede topaeɛ asɛe nnoɔma ɛte saa ne sɛɛ, na madi kan de topaeɛ asɛe yei, nanso seesei deɛ magyae biribiara mu de me ho ma. Enti menyɛ kwansrani ankasa bio.
Yei yɛ kwan pa a yɛfa so ka bɔne kyerɛ? Sɛ ɔpɛ sɛ ɔka ne bɔne ampaniampaa a, deɛ ɛsɛ sɛ ɔka nyinaa ne sɛ, “Meyɛ kwansrani.” Saa nsɛmfua yi kyerɛ biribiara: Ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ nipa bɔneni, na ɛsɛ sɛ wɔbu no atɛn. Wɔ saa asɛnka yi mu no, ɛmfa ho ne dwumadie a wɔde hyɛɛ ne nsa, wɔde ne bɔne bɛfiri no.
Wɔ saa kwan yi so pɛpɛɛpɛ no, sɛ ɔdebɔneyɛni ka wɔ Nyankopɔn anim sɛ, “Meyɛ ɔdebɔneyɛni a menyɛ nyaa ɔgyeɛ. Ɛyɛ me hyɛberɛ sɛ wɔbɛto me ato amanehunu kurom na wɔbɛbu me atɛn. Mesrɛ wo gye me nkwa.” Sɛ ɔgye Yesu di a, wɔbɛgye no. Wɔbɔɔ Yesu asu, na ɔhwiee ne mogya gu maa yɛn, na deɛ ɛsɛ sɛ yɛyɔ ara ne sɛ yɛnam ne so bɛgye nkwagyeɛ adie anya nkwa.
Adiyisɛm 2:17 ka sɛ, “Na mɛma no ɔbo fitaa, na ɔboɔ no so na wɔatwerɛ din foforɔ a obiara nnim, sɛ deɛ ɔnya no.” Twerɛ Kronkron no ka sɛ, deɛ ɔgye nokorɛ asɛmpa no nko na ɔbɔhunu Yesu din no. Onipa a wɔgyee no prɛko no nko na ɔnim ahintasɛm ɛnam so ma obi bɛyɛ ɔteneneeni.
Onipa a ɔnnim no bɛkɔ so ara ayɛ ɔdebɔneyɛni wɔ berɛ mpo a ɔbɔ daa bɔne fafirie mpaeɛ no. Sɛ yɛbɛka yɛn bɔne akyerɛ no nkyerɛ sɛ yɛmmɔ mpaeɛ nsrɛ bɔne fafirie da biara. Obi mpo a ɔbɛyɛɛ Okristoni wɔ mfeɛ 10 mu no, sɛ ɔsrɛ Nyankopɔn hɔ bɔne fafirie da biara a, ɔbɛkɔ so ara ayɛ ɔdebɔneyɛni. Ɛnyɛ adeɛ ɔbɛtumi abɛyɛ Nyankopɔn ba.
Sɛ ɔbɛnya nkwa a, ɛsɛ sɛ ɔka sɛ ɔyɛ ɔdebɔneyɛni na ɔgye ɔgyeɛ a ɛwɔ Yesu mu no di. Yei ne nokorɛ gyidie no.
SƐ YƐBƐKA YƐN BƆNE MMAAKO MMAAKO NO NYƐ DEƐ 1 YOHANE 1:9 KA KYERƐ YƐN FA BƆNEKA HO
Ɛsɛ sɛ yɛka yɛn bɔne da biara ma wɔgye yɛn nkwa anaa sɛ ɛyɛ prɛko?
Ɛyɛ prɛko
Owifoɔ anaa sɛ owudini bɛtumi aka ne nnwuma akyerɛ anya ɔgyeɛ? Ɛnyɛ adeɛ a sɛ nnebɔneyɛfoɔ ka wɔn bɔne kyerɛ kɛkɛ a wɔgye wɔn. Ɛnam nhyira asɛm a ɛyɛ nsuo ne Honhom mu awo foforɔ asɛmpa a ɛwɔ Yesu mu no so nko na wɔbɛtumi agye wɔn. Akristofoɔ binom a wɔyɛ mfomsoɔ no ka wɔn bɔne kyerɛ wɔn saa kwan yi so.
“Ɔdɔ Nyankopɔn, me ne obi ako ntɔkwa bio nnɛ. Mayɛ bɔne. Madaadaa obi. Mawia adeɛ.”
Sɛ ɔkɔ so saa ara a, Onyankopɔn bɛka sɛ, “Yɛ komm, wo ɔdebɔneyɛni! Ɛno nti deɛn?”
“Mesrɛ wo, wo deɛ kɔ so ara tie me. Onyankopɔn, woka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛnka yɛn bɔne nkyerɛ. Mesrɛ w’ahummɔborɔ.”
Mpaeɛ a ɛte saa no nyɛ deɛ Onyankopɔn pɛ sɛ ɔte wɔ n’asom. Ɔpɛ sɛ ɔtie wɔn a wɔgye nuso ne Honhom mu ɔgyeɛ die no mpaeɛ: Wɔn a wɔgye wɔn bɔne tum, na wɔgye nokorɛ awo foforɔ asɛmpa die no.
Augusto kaa sɛ, ɔsakyeraa n’adwene berɛ a na ɔtua ɔmaame nufu ano no. Na ɔdwene sɛ saa bɔneka no de no bɛkɔ Nyankopɔn ahenie mu. Sereɛ nko na yɛbɛtumi asereɛ wɔ yei ho. Ɛnyɛ adeɛ sɛ obi ka ne bɔne kyerɛ kɛkɛ a ɛbɛtumi.
Onyankopɔn se, “Yɛ komm na wo deɛ ka kyerɛ me, sɛ ɛbia woayɛ bɔne a. Sɛ woayɛ bɔne a, ɛnneɛ gyae ka. Woagye adi wɔ mfomsoɔ kwan so abɛsi sɛsɛɛ, ɛno nti kɔ asafo a wɔkyerɛkyerɛ nokorɛ no. Gye ɔgyeɛ asɛmpa no di wɔ kwan pa so, na nya ɔgyeɛ. Sɛ ɛnte saa a, mɛba abɛbu wo atɛn.”
Adwensakyera mpaeɛ a wɔde srɛ bɔne fafirie ne ɛkwan biara a wɔnam bɔneka so pɛ sɛ wɔnya nkwa no kyerɛ gyidie a ɛyɛ mfomsoɔ na ɛnyɛ nokorɛ no.
Wɔatwerɛ wɔ 1 Yohane 1:9 no sɛ, sɛ yɛgye yɛn bɔne nyinaa tum a, nsuo ne mogya asɛmpa no bɛgye yɛn afiri bɔne nyinaa mu.
“MOMFIRI ME SO NKƆ”
Ɛdeɛn na mo a moyɛ deɛ ɛntene no kyerɛ?
Ɛkyerɛ sɛ obi bɛgye Yesu adie wɔ berɛa bɔne wɔ n’akomam.
Akristofoɔ nnebɔneyɛfoɔ wɔ mfomsoɔ gyidie, na wɔyɛ deɛ ɛntene wɔ Yesu anim. “ Ɛda no, nnipa pii bɛka akyerɛ me sɛ: Awurade, Awurade, yɛmfaa wo din nhyɛɛ nkɔm, na yɛmfaa wo din ntuu ahonhommɔne, na yɛmfaa wo din nyɔɔ ahoɔdenneɛ pii anaa? Ɛno na mɛpaem maka makyerɛ wɔn sɛ: Menhunuu mo da, momfiri me so nkɔ, mo a moyɛ deɛ ɛntene” (Mateo 7:22-23).
Hwɛ sɛ obi a ɔgye atorɔ die awuo, na ɔba bɛgyina Nyankopɔn anim ka sɛ, “Awurade, wo ho te sɛn? Na wo ho yɛ me fɛ berɛ a na medwennwene wo ho wɔ aseɛ hɔ no, nanso wo ho mpo yɛ fɛ paa wɔ soro ha. Meda wo ase, Awurade. Wogyee me nkwa. Megye diiɛ sɛ, wohu me sɛ menyɛ ɔdebɔneyɛni, wɔ berɛ mpo a mewɔ bɔne wɔ m’akoma mu no. Deɛ ɛnti mebaa ha ne sɛ, wohyɛɛ bɔ sɛ wode me bɛkɔ soro. Seesei deɛ mepɛ sɛ mekɔ bea a nhwiren aso beberee no. Me ne wo adi nkyea, na ɛnkyɛ biara mɛhu wo bio.”
Ɔhyɛ aseɛ de n’ani kyerɛ turom hɔ kwan no, nanso Yesu ka kyerɛ no sɛ ɔnnyina hɔ. “Twɛn! Momma yɛnhwɛ sɛ saa onipa yi wɔ bɔne wɔ n’ankoma mu a. Woyɛ ɔdebɔneyɛni anaa?”
“Aane, mewɔ bɔne wɔ me ho. Nanso mennyee wo ndiiɛ anaa?”
“Wowɔ bɔne wɔ wo ho wɔ berɛ a mpo wo gye me die?”
“Menim yie sɛ bɔne wɔ me ho.”
“Ɛdeɛn” Wowɔ bɔne wɔ wo ho? Fa Nkwa Nwoma no brɛ me. Na fa Nnwuma Nwoma no nso brɛ me. Hwehwɛ ne din. Hwɛ nwoma a ne din wɔ mu no.”
Ampaniampaa ne din wɔ Nnwuma Nwoma no mu.
“Seesei, ka wo bɔne a woyɔeɛ wɔ asase so no.”
Onipa no mpɛ sɛ ɔbɛyɔ, nanso Onyankopɔn hyɛ no sɛ ɔmmue n’ano na ɔnka ne bɔne nkyerɛ.
“Aane, meyɛɛ bɔne a ɛte saa ne deɛ ɛte sɛɛ...”
Wayɛ basaa, na ɔntumi nka n’ano ntum.
“Ne nyinaa yɛ, ayɛ yie! Wayɛ deɛ ɛboro soɔ a ɛbema no akɔ amanehunu kurom. Fa no kɔ bea a ɛhyehyeɛ no.”
Wɔamfa no ankɔ bea a nhwiren aso beberee no, na mmom bea a ogya ne sɔfe ayɛ hɔ ma no. Ɔtwɛre ne se berɛ a wɔde no rekɔto amanehunu kurom no.
“Megyee wo diiɛ, mehyɛɛ nkɔm wɔ wo din mu, mekaa asɛmpa no wɔ wo din mu, me tɔn me fie de som wo, me boaa nnyanka, me miaa m’ani hunuu amane wɔ wo din mu, mebɔɔ mpaeɛ anɔpa bɔsuo mu, mehwɛɛ ayarefoɔ, me sɛ fata sɛ mekɔ soro.”
Ɔtwɛre ne se kɔduru mpɛnpɛnsoɔ bi a n’ahoɔden nyinaa sa a ɛnkɔsi hwee. Sɛ ɔduru amanehunu kurom hɔ a, ɔhunu Akristofoɔ nyinaa a na wɔnnim nokorɛ mu ɔgyeɛ a ɛwɔ Yesu mu no. Wɔn a wɔnte ɔgyeɛ asɛmpa no ase nyinaa no ɔbɛto wɔn atwene.
AGYIDIFOƆ ATOROFOƆ BƆNE A WƆATWERƐ WƆ NNWUMA NWOMA MU NO
Wɔatwerɛ nnebɔneyɛfo bɔne nyinaa wɔ he?
Wɔatwerɛ wɔ wɔn akomam ne Nnwuma Nwoma no mu.
Sɛ yɛgye Yesu di o, sɛ yɛnnye no nni o, Onyankopɔn bɛsɛe wɔn a wɔwɔ bɔne wɔ wɔn akomam no. Sɛ mpo ɔhunu bɔne ketewa bi wɔ obi akomam a, wɔbɛbu saa onipa no fɔ wɔ atemmuo da no. Onyankopɔn bɔ nnebɔneyɛfoɔ a wɔnyaa ɔgyeɛ no kɔkɔ sɛ, sɛ wɔpɛ sɛ wɔnya ɔgyeɛ a, wɔnpaem nka sɛ wɔnnyee wɔn.
Wɔatwerɛ ɔdebɔneyɛni bɔne wɔ n’akomam. Wɔn a wɔde nsuo ne Honhom no awo wɔn foforɔ no bɛtumi akae wɔn bɔne, nanso wɔapepa afiri wɔn akomam. Wɔyɛ ateneneefoɔ.
Nanso wɔn a wɔnwoo wɔn foforɔ no wɔ bɔne wɔ wɔn akomam. Enti wɔyɛ nnebɔneyɛfoɔ wɔ Nyankopɔn anim. Berɛ biara a wɔbɛbu nkotodwe abɔ mpaeɛ no, wɔn bɔne ma wɔne Nyankopɔn ntam twe, na ɛmma no kwan sɛ ɔbɛtie wɔn mpaeɛ. Wɔrebɔ mpaeɛ sɛ wɔbɛnya saa adeɛ yi ne yei, nanso wɔn bɔne da so wɔ hɔ. Ɛbɛwie aseɛ no na wɔreka wɔn bɔne kyerɛ, na wɔresakyera wɔn adwene wɔ bɔne a wɔyɔeɛ mfirinhyia 10, 11, ne mpo mfirinhyia 20 bɔne a atwam no.
Ɛhia sɛ wɔbɛsakyera wɔn adwene mpɛn pii bio wɔ wɔn mpaeɛ mu? Wɔmpɛ sɛ wɔyɔ saa, nanso berɛ biara a wɔbɛfiri aseɛ abɔ mpaeɛ no, wɔkae sɛ wɔdi fɔ wɔ Nyankopɔn anim. Ɛno nti wɔnya atenka bi sɛ, ɛsɛ sɛ wɔpata ma wɔn bɔne ansa na wɔabɔ mpaeɛ a ɛmu yɛ den.
Onyankopɔn de dadeɛ pɛnsere twerɛ wɔ bɔne wɔ wɔn akoma pono so sɛdeɛ ɛbɛyɔ na wɔn bɔne ntumi mpepa da. Ne saa nti, wɔnya atenka bi sɛ ɛsɛ sɛ wɔka wɔn bɔne kyerɛ berɛ biara a wɔbɛba Nyankopɔn anim no. Ɛno nti wɔn a wɔgye Yesu asɛmpa a ɛwie pɛ yɛ no mu ɔfa nko die no, wɔbɛtena amanehunu mu, na ɛbɛwie aseɛ no wɔbɛkɔ amanehunu kurom.
Wɔ Yeremia 17:1 no, wɔatwerɛ sɛ, “Yuda bɔne no, wɔde dadeɛ pɛnsere ne hyerɛmmoɔ hweti na atwerɛ, wɔakurukyirie no wɔn akoma apono so ne wɔn afɔrebukyia mmɛn so.”
Yuda yɛ Israel man no ahenfokuo din. Twerɛ Kronkron no ayi Yuda sɛ ɛnnyina hɔ mma nnipa a wɔte asasa yi so no, ɛno nti Yuda kyerɛ sɛ nnipa nyinaa.
Ɛyɛ dadeɛ pɛnsere na wɔde atwerɛ Yuda bɔne no, na wɔde hyerɛmmoɔ hweti a ɛbɛtumi atwa dadeɛ mu no na akurukyirie. Hyerɛmmoɔ yɛ adeɛ bi ɛno na ɛwɔ ahoɔden paa wɔ wiase. Dadeɛ pɛnsere ne hyerɛmmoɔ hweti na wɔde atwerɛ yɛn bɔne.
Sɛ wɔakurukyirie nko ara no deɛ, ɛnyɛ adeɛ ɛbɛtumi apepa. Ɛnyɛ adeɛ ɛbɛpepa agye sɛ yɛgye nokorɛ a ɛyɛ nsuo ne Honhom no di.
Mfasoɔ biara nni mu sɛ wɔbɛnya ɔgyeɛ wɔ wɔn adwenenem, anaa sɛ wɔbɛgye Akristofoɔ nkyerɛkyerɛ adie, anaa wɔbɛwe nyamesɛm adesua baba agu wɔn tirim, na wɔde wɔn ho bɛsi hɔ ama asafo no wɔ berɛ a bɔne wɔ wɔn akomam.
Ɛsiane sɛ sɛ Yesu asubɔ nka ho a, wɔn bɔne ntumi mpepa nti, nnebɔneyɛfoɔ kɔ so ara kae bɔne no, na berɛ biara a wɔbɛbɔ mpaeɛ no, wɔka sɛ, “Awurade, meyɛ ɔdebɔneyɛni.” Bɔne da so ara wɔ wɔn akomam wɔ berɛ mpo a wɔrebɔ wɔn ho mmɔden ne Nyankopɔn anya nkutahodie, na wɔfa asodie bebree to wɔn ho so wɔ asafo no mu no, na wɔsua nyamesɛm ne nkyerɛkyerɛ no.
Ɛno nti wɔkɔ mmepɔ so, na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛka kasa hodoɔ na wɔbɛhwehwɛ ogyansrama mu anisoadehunu a ɛho nni mfasoɔ biara. Sɛ bɔne da so wɔ w’akoma mu a, ɛnyɛ adeɛ wobɛnya asomdwoeɛ da.
Sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ Yeremia 17:1 no, wɔakurukyirie yɛn bɔne wɔ yɛn afɔrebukyia mmɛn ho. Wɔ soro no, yɛwɔ Nkwa Nwoma, ɛna yɛwɔ Nnwuma Nwoma. Wɔatwerɛ nnebɔneyɛfoɔ bɔne wɔ Nnwuma Nwoma no mu, ne saa nti no, ɛnyɛ adeɛ nnipa bɛtumi adwane afiri wɔn mfomsoɔ ho. Onyankopɔn twerɛ gu Nwuma Nwoma mu ne yɛn ahonim apono so, na ɔnam mmara no so da no adi kyerɛ yɛn.
Ɛsɛ sɛ yɛpepa saa ntwerɛeɛ no fitaa wɔ berɛ a yɛgye Yesu asubɔ ne ne mogya a ɔhwie gu maa yɛn no die, na yɛnya nkwa. Ɛno na afei yɛbɛsiesie yɛn ho ama daa nkwa, na wɔbɛtwerɛ yɛn din wɔ Nkwa Nwoma no mu.
WƆATWERƐ WO DIN WƆ NKWA NWOMA NO MU ANAA?
Whan mo na wɔn din wɔ Nkwa Nwoma no mu?
Wɔn a wɔnni bɔne biara wɔwɔn akomam no na wɔn di wɔ mu.
Ɛhia paa sɛ wobɛhunu sɛ wo din wɔ Nkwa Nwoma no mu. Sɛ wo din nni mu a, ɛnneɛ mfasoɔ bɛn na ɛwɔ mu sɛ wobɛgye Yesu adie? Sɛdeɛ ɛbɛyɔ na wobɛnya ɔgyeɛ wɔ nokorɛm no, ɛsɛ sɛ wogye nsuo ne Honhom awo foforɔ no di.
Yesu baa wi yi ase, na wɔbɔɔ no asu berɛ a na wadi mfeɛ 30 sɛ ɔbɛhohoro wiase bɔne nyinaa akɔ, na ɔwui wɔ asɛnnua no sɛ ɔbɛgye yɛn. Sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ Mateo 3:15 no, “saa na” wɔbɔɔ Yesu asu, na wɔbɔɔ no asɛnnuam wɔ asɛnnua no so. Ɛsɛ sɛ yɛgye yei di sɛdeɛ ɛbɛyɔ na wɔbɛtwerɛ yɛn din wɔ Nkwa Nwoma no mu.
Sɛ nnipa wu na sɛ wɔbɛgyina Nyankopɔn anim a, Onyankopɔn ka sɛ, “Monhwɛ sɛ onipa yi din wɔ Nkwa Nwoma no mu a.”
“Ne din wɔ mu, Awurade.”
“Aane, wohunuu amane, na wohwiee nisuo gu maa me wɔ asase so, seesei deɛ mɛyɔ deɛ ɛremma wo nyɔ saa bio.”
Onyankopɔn de tenenee abotire hyɛ no sɛ akatua.
“Meda wo ase, Awurade. M’ani asɔ deɛ wayɔ ama me no daapem.”
“Abɔfoɔ, momfa abotire nhyɛ onipa yi.”
“Awurade, ɛno ara dɔɔso ma me sɛ woagye me nkwa. Abotire no bɛdɔɔso ama me dodo. Me da wo ase. Asɔ m’ani pii sɛ woagye me nkwa. Amee me aboro so sɛ mɛtena w’anim.”
“Abɔfoɔ, mommu nkotodwe na momfa me ba yi a ne mu duro bɛyɛ 10,000 nhyɛ mo akyi.”
Abɔfoɔ no bua sɛ, “Aane, Awurade.”
“Mesrɛ wo hyɛ m’akyi.”
“Ah ɛyɛ ahomeka sɛ. Deɛ mereyɔ yi ɛyɛ anaa? Wo deɛ ma yɛnkɔ.”
Abɔfoɔ no hwɛ wɔn anamɔntuo ho yie.
“Wobɛpɛ sɛ wobɛnante kakra anaa?”
“Ei, ɛha yɛ fɛ paa. Bea yi kɛseɛ bɛyɛ sɛn?”
“Manante bea yi saa ara mfeɛ ɔpepepeepee ne akyire, nanso menyɛ nhunuu n’awieeɛ.”
“Ɛyɛ nokorɛ anaa? Sɛsɛɛ me mu ayɛ du ama wo, wobɛtumi asi me fam seesei.”
“Ɛsoro ha nyɛ bea a ahoɔden sa.”
“Meda wo ase, nanso mepɛ sɛ megyina ɔsoro ahenie asase no so. Seesei ɛhe na ateneneefoɔ nyinaa a wɔdii m’anim kan no wɔ?”
“Wɔwɔ bea a ɛwɔ hɔ no.”
“Ma yɛn kɔ hɔ.”
Halleluyah! Wɔde wɔn ho fam wɔn ho wɔ ɔdɔ mu, na wɔsere, na ɛno akyi no wɔtena anigyeɛ mu.
Seesei hwɛ sɛ onipa a ɔgye Yesu die na ɔda so ara yɛ ɔdebɔneyɛni awuo na wabɛgyina Nyankopɔn anim. Ɔno nso ka sɛ ɔgye Yesu di, na ɔgye tum sɛ ɔyɛ ɔdebɔneyɛni.
Onyankopɔn ka sɛ, “Monhwɛ sɛ wɔatwerɛ onipa yi din wɔ Nkwa Nwoma no mu anaa?”
“Ɛnni Nwoma no mu, Awurade.”
“Ɛnneɛ hwɛ Nwuma Nwoma no mu.”
“Ne din ne ne nwuma wɔ ha.”
“Ɛnneɛ momfa onipa yi nkɔ bea a ɔrenha ne ho mpo da sɛ ɔbɛdwennwene ogya boɔ sɛn a ɛyɛ, na moma no ntena hɔ afebɔɔ.”
“O, Awurade, ɛntene koraa...”
Ɔse ɛntene. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔde no kɔ amanehunu kurom wɔ berɛ mpo a ɔde ahokeka gyee Yesu diiɛ?
Deɛ ɛnti a ɛte saa ne sɛ, Ɔbonsam daadaa no, na nokorɛ asɛmpa no mu ɔfa nko ara na ɔtieeɛ. Sɛ yɛante asekyerɛ mu nokorɛ a ɛwɔ Yesu ɔgyeɛ mu no a, yɛn nso ɛbɛwie aseɛ no yɛbɛkɔ amanehunu kurom.
Onipa yi gyee Yesu diiɛ, nanso ɔbonsam daadaa no, na na ɔdwene sɛ ɔyɛ ɔdebɔneyɛni. Sɛ ɔtiee nokorɛ asɛmpa no a, anka ɔbɔhunu sɛ ne gyidie yɛ mfomsoɔ. Nanso wantumi annye anni, ɛfiri sɛ ɔde ɔno ara ne pɛ bataa ne gyidie a ɛyɛ mfomsoɔ no ho.
Sɛ wopɛ sɛ wokɔ ɔsoro ahenie no mu a, ɛsɛ sɛ wogye nsuo ne Honhom awo foforɔ no di. Sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ Mateo 3:15 no, “saa na” Yesu yii wiase bɔne nyinaa kɔeɛ. Ɛsɛ sɛ wogye nsuo ne mogya mu nkwagyeɛ no di.
Whan mo na wɔn din wɔ Nwuma Nwoma no mu?
Ɛyɛ wɔn a bɔne wɔ wɔn akomam no din na ɛwɔ hɔ.
Sɛ wode wo pɛ gye adeɛ biara di te sɛ obi a ɔno deɛ adeɛ biribiara nyɛ no asɛm, a ɔmpo obi adesrɛdeɛ da a, ɛbɛwie aseɛ no ɛbia wobɛkɔ amanehunu kurom. Yɛwɔ nnipa a wɔte saa no pii wɔ amanehunu kurom, nanso wɔ soro no, yɛwɔ akofoɔ nokwafoɔ a wɔko maa deɛ wɔgye die.
Wɔn a wɔwɔ soro no nim sɛ na wɔyɛ nnebɔneyɛfoɔ a wɔn hyɛberɛ ne sɛ wɔbɛkɔ amanehunu kurom, na wɔde aseda gye diiɛ sɛ, ɛnam Yesu asubɔ ne ne mogya no so na wɔhohoroo wɔn bɔne nyinaa kɔeɛ.
Ɛyɛ a wɔka sɛ yɛwɔ aso ne ano a ataataaso wɔ soro. Ɛsiane sɛ nnipa pii de wɔn ano ne wɔn aso nko na ɛgyee Yesu ɔgyeɛ diiɛ nti, Onyankopɔn to wɔn nipadua a aka no kɔgu sɔfe gya a ɛhyehyeɛ no mu.
Hwɛ sɛ obi a ɔgye Yesu die nanso ɔwɔ bɔne wɔ n’akoma mu no abɛgyina Nyankopɔn anim, na ɔse, “Awurade, na nnipa frɛ me ɔteneneeni, ɛfiri sɛ megyee Yesu diiɛ wɔ berɛ mpo a mewɔ bɔne wɔ m’akoma mu no.” Megye diiɛ sɛ wo nso wobɛhu me sɛ bɔne biara nni me ho. Saa ara ne mesuaeɛ na megye diiɛ. Megye diiɛ sɛdeɛ nnipa dodoɔ no ara yɔ no. Ɛno ne gyidie a nnipa pii gye tum wɔ bea a mefiri baeɛ no.”
Awurade bua no sɛ, “Mentumi mfa mfiri wɔn a wɔwɔ bɔne wɔ wɔn akoma mu no. Mede nsuo ne Honhom awo foforɔ nhyira no hohoroo wo bɔne nyinaa kɔeɛ. Nanso woannye anni. Abɔfoɔ! Momfa onipa aniamɔnhoni yi nto amanehunu kuro gya no mu.”
Obiara a ɔgye Yesu die nanso ɔdwene sɛ ɔwɔ bɔne wɔ n’akoma mu no bɛkɔ amanehunu kurom. Tie ɔgyeɛ asɛmpa a ɛyɛ nokorɛ no na nya ɔgyeɛ firi bɔne nyinaa mu. Sɛ ɛnte saa a, wobɛhye wɔ amanehunu kurom.
Sɛ woka sɛ bɔne biara nni wo ho wɔ berɛ a bɔne wɔ w’akoma mu a, ɛkyerɛ sɛ wopɛ sɛ wodaadaa Onyankopɔn. Yɛbɛtumi ahunu nsonoeɛ kɛseɛ a ɛda nnebɔneyɛfoɔ ne ateneneefoɔ ntam wɔ awieeɛ no. Wobɛhunu deɛ ɛnti a metu wo fo sɛ wobɛnya ɔgyeɛ no.
Sɛ wobɛgyina ɛkwan a ɛkɔ soro ne deɛ ɛkɔ amanehunu kurom nkwata no so a, wobɛhunu nsonoeɛ a ɛda wɔn a wɔgyee ɔgyeɛ a ɛwie pɛ yɛ diiɛ (Yesu asubɔ ne ne mogya wɔ asɛnnua no so) ne wɔn a wɔnnye nnie no. Wobɛhunu nsonoeɛ kɛseɛ paa a ɛwɔ wɔn ntam. Ɛbinom bɛhyɛne Nyankopɔn ahenie no mu, na ɛbi nso akɔ amanehunu kurom.
Wo da so ara yɛ ɔdebɔneyɛni wɔ berɛ a wogye Yesu die? Ɛnneɛ ɛsɛ sɛ wohunu sɛ, ɛtwa sɛ wɔde nsuo ne Honhom no wo wo foforɔ. Wɔn a bɔne wɔ wɔn akomam no, Onyankopɔn de wɔn kɔ amanehunu kurom. Ɛyɛ wɔn a wɔgye bɔne fafirie a ɛwie pɛ yɛ die no nko na wɔbɛtumi ahyɛne ɔsoro ahenie no mu.
Yɛ no saa berɛ yi ara. Sɛ wotwe san a, ɛbia na aka akyi. Di kan siesie wo ho ansa. Ansa na wobɛkɔ amanehunu kurom no, gye nsuo ne Honhom mu ɔgyeɛ no di na nya ahoteɛ.
Animuonyam nka yɛn Awurade Yesu! Yɛda no ase wɔ n’adom a ɔde ayɔ yɛn nnebɔneyɛfoɔ ateneneefoɔ. Halelluyah!
YESU: OKYIGYINAFOƆ MA ƆTENENEENI
Adwene sakyera mpaeɛ bɛtumi apepa bɔne?
Daabi. Ɛnyɛ adeɛ ɛbɛtumi ayɛ hɔ saa da. Ɛno yɛɔkwan baako a Ɔbonsam fa so daadaa yɛn.
Momma yɛnkenkan 1 Yohane 2:1-2. “Me mma nkumaa, meretwerɛ yeinom mabrɛ mo, na moaynyɛ bɔne. Na sɛ obi yɛ bɔne a, yɛwɔ okyigyinafoɔ bi, agya no nkyɛn, ɔne ɔteneneeni Yesu Kristo. Na ɔno ara ne yɛn bɔne ho mpata, na ɛnyɛ yɛn deɛ ho nko, na mmom wiase nyinaa deɛ ho bi.”
Woahunu yei anaa? Yɛwɔ obi wɔ hɔ a ɔgye Yesu die nanso ɔwɔ bɔne wɔ n’akomam anaa? Sɛ wowɔ bɔne wɔ w’akomam nanso woka kyerɛ Nyankopɔn sɛ wonni bi a, woredaadaa no. Na woredaadaa wo ara wo ho nso.
Nanso sɛ wote Yesu ase wɔ nokorɛm na sɛ wogye deɛ ɔyɔeɛ de hohoroo wo bɔne kɔeɛ wɔ Yordan no di a, wobɛde wo ho afiri bɔne mu wɔ pɛyɛ mu. Ɛno na afei wobɛtumi aka sɛ, “Awurade, yɛde nsuo ne Honhom no woo me foforɔ wɔ wo mu. Bɔne biara nni me ho. Mɛtumi agyina w’anim a aniwuo nni mu.”
Afei Awurade bɛbua no sɛ, “Aane, woaka no yie. Sɛdeɛ Abraham gyee me diiɛ na ɔgyee ne ho diiɛ sɛ ɔyɛ ɔteneneeni no, wo nso woyɛ ɔteneneeni, ɛfiri sɛ mehohoroo wo bɔne nyinaa kɔeɛ.”
Nanso momma yɛmfa no sɛ onipa bi wɔ hɔ a ɔwɔ bɔne wɔ n’akomam wɔ berɛ mpo a ɔgye Yesu die. Deɛ ɔka ne sɛ, “Ɛsiane sɛ megyee Yesu diiɛ nti, sɛ mpo mewɔ bɔne ketewa bi wɔ m’akoma mu a, mɛkɔ soro."
N’ani da kwan sɛ wɔ kwan biara so wɔbɛgye no akɔ ɔsoro, ɛno nti ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛsi kwan berɛ a ɔgyina atemmuo dwa no anim, nanso ɛyɛ dɛn ara a amanehunu kurom n ɔbɛkorɔ. Adɛn ntira? Na ɔnnim nsuo ne Honhom awo foforɔ nhyira nsɛm no.
Ɛsɛ sɛ obiara pae mu ka sɛ ɔyɛ ɔdebɔneyɛni berɛ a na ɔte asase yi so. “Meyɛ ɔdebɔneyɛni. Mɛkɔ amanehunu kurom. Mesrɛ wo, gye me nkwa. Ɛnyɛ adwene sakyera mpaeɛ na ɛma ɔdebɔneyɛni nya ɔgyeɛ. Na mmom no, ɛsɛ sɛ ɔgye tum sɛ ɔyɛ ɔdebɔneyɛni na ɔgye nsuo ne Honhom mu ɔgyeɛ no tum, sɛdeɛ ɛbɛyɔ na wɔbɛgye noɔ. Ɛnam nsuo ne Honhom mu ɔgyeɛ no so nko na ɔbɛtumi abɛyɛ ɔteneneeni.
Ɛyɛ atorɔ asɛmpa sɛ yɛbɛkɔ so ara aka sɛ, bɔne a na ɛwɔ hɔ dada no nko na wɔde afiri yɛn wɔ Yesu mu, na ɛsɛ sɛ yɛsakyera y’adwene firi yɛn bɔne mu ankasa nya nkwagyeɛ. Yei de yɛn kɔ amanehunu kurom. Ɛno nti agyidifoɔ pii de wɔn ho hyɛ mmusuo mu kɔ amanehunu kurom wɔ berɛ a wɔgye saa atorɔ asɛmpa yi die, na ɛyɛ adeɛ bi a ɛkɔ so paa wɔ nnɛ mmerɛ yi mu.
Sɛ woahwe ase wɔ atorɔ asɛmpa mu a, wobɛhunu anaa? Wobɛtumi ade ka wɔ berɛ mpo a wotuaa ɛka no nyinaa wieeɛ? Dwene ho. Sɛ woda so ara bu wo ho sɛ ɔdebɔneyɛni wɔ berɛ a wogye Yesu di a, yɛbɛtumi aka sɛ wogyee no diiɛ pɛpɛɛpɛ anaa? Woyɛ ɔgyedini ne ɔdebɔneyɛni anaa sɛ wogyɛ ɔgyedini ne ɔteneneeni?
Wobɛtumi ayi deɛ wo pɛ. Wobɛtumi agye adi sɛ yɛde wo bɔne nyinaa afiri wo anaa sɛ wobɛtumi nso agye adi sɛ ɛsɛ sɛ wosakyera w’adwene da biara firi wo mmarato mu. Deɛ wobɛyie na ɛbɛkyerɛ sɛ wobɛkɔ soro anaa sɛ wobɛkɔ amanehunu kurom. Ɛsɛ sɛ wotie ɔsɛnkafoɔ a ɔka nokorɛ asɛmpa no kyerɛ woɔ no.
Wɔn a wɔgye atorɔ asɛmpa die no kɔ so ara bɔ mpaeɛ srɛ bɔne fafirie wɔ adekyeeɛ mpaebɔ nhyiamudie biara, Wokuada som biara ne Ɛfiada anadwo mu nyinaa mpaebɔ sɛ wɔnam ɛno so bɛhohoroo wɔn bɔne akɔ.
Wɔka sɛ, “Awurade, mayɛ bɔne. Mayɛ bɔne nnawɔtwe yi mu.” Afeɛ wɔkae bɔne a wɔyɔeɛ wɔ mfirinhyia bebree a atwam no, na wɔbɔ mpaeɛ bio srɛ no bɔne fafirie. Ɛno yɛ adeɛ a ɛtia nhyira asɛmpa a ɛyɛ nsuo ne Honhom awo foforɔ no.
Ɛsɛ sɛ mogya na wɔde tua yɛn bɔne ka. Hebrifoɔ 2:22 ka sɛ, “Na mogya angu a, fafirie mma.” Sɛ wodwene sɛ wowɔ bɔne wɔ wo ho a, ɛnneɛ na woresrɛ no sɛ ɔnhwie ne mogya ngu mma wo bio anaa? Wɔn a wɔnnye ɔgyeɛ a ɛwie pɛ yɛ nnie no, wɔdi fɔ sɛ wɔdane Yesu nkwagyeɛ ma no yɛ atorɔ. Nokorɛ a ɛwɔ mu ne sɛ, wɔkyerɛ sɛ Yesu annye yɛn prɛko na ɔyɛ ɔtorofoɔ.
Sɛ wɔbɛgye wo wɔ Yesu mu a, ɛsɛ sɛ wogye nokorɛ a ɛwɔ nsuo ne Honhom mu ɔgyeɛ no di. Wobɛtumi de mpaeɛ ɔha, apem ne ɔpepepe anya bɔne fafirie anaa? Nokorɛ asɛmpa no gye yɛn prɛko. Bra bɛyɛ ɔteneneeni, na kɔ ɔsoro ahenie no mu, na bɔ tenenee bra wo nkwa nna nyinaa.
♪Mewɔ asetena foforɔ wɔ Yesu mu. Abrabɔ dadaa no atwam, na maba abɛyɛ abɔdeɛ foforɔ. Abrabɔ dadaa a mfasoɔ biara nni mu no kɔ. Ao, Yesu yɛ me nkwa wɔ nokorɛm. Mewɔ asetena foforɔ wɔ Yesu mu.♪
Wowɔ asetena foforɔ wɔ Yesu mu. Ɛmfa ho ne sɛdeɛ anka wopɛ sɛ wahoɔfɛ yɛ, sɛ woyɛ onipa tiatia o, anaa nso sɛ woyɛ onipa ɔyɛ ɛhɔ ne hɔ mpo a, wɔn a wɔde nsuo ne Honhom mu awo foforɔ ahyira wɔn no wɔ asetena a anigyeɛ wɔ mu. Ɛfa ho bɛn sɛ wo hwene nte sɛ anka sɛdeɛ wopɛ noɔ, anaa sɛ woyɛ onipa bi wo yɛ tiatia kakra? Ɛsiane sɛ yɛnwie pɛ yɛ nti, yɛnya nkwa wɔ berɛ a yɛgye nsuo ne Honhom mu awo foforɔ a ɛwɔ Yesu mu no die. Nanso wɔn a wɔyɛ ahantan no bɛkɔ amanehunu kurom.
Meda wo ase, Awurade. Mede aseda ma Awurade daa. Ɛsiane sɛ yɛgye nsuo ne Honhom mu awo foforɔ die nti no, wɔbɛma yɛn akwaaba wɔ soro.
DEƐ ƐNYƐ NOKORƐ NO DE YƐN BƐKƆ AMANEHUNU KUROM
Whan na ɔbɛnya tenenee abotire wɔ awieeɛ no?
Deɛ ]di deɛ ɛnyɛ nokorɛ so nkonim no
Deɛ ɛnyɛ nokorɛ no kyerɛ yɛn sɛ, ɛsɛ sɛ yɛsakyera y’adwene da biara nya bɔne fafirie, nanso nsuo ne Honhom mu asɛmpa no kyerɛ yɛn sɛ, wɔde yɛn bɔne afiri yɛn dada, na deɛ ɛsɛ sɛ yɛyɔ ara ne sɛ yɛbɛgye adie.
Emu deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ nokorɛ no? Ɛsɛ sɛ yɛsakyera y’adwene da biara anaa? Anaa sɛ ɛyɛ ne kwan so pɛpɛɛpɛ sɛ yɛbɛgye adie sɛ, Yesu gyee yɛn wɔ berɛ a wɔbɔɔ no asu sɛ ɔnyi yɛn bɔne nyinaa nkɔ wɔ kwan a ɛfata soɔ no? Nokorɛ a ɛwɔ mu ne sɛ, Yesu yii yɛn bɔne nyinaa kɔeɛ prɛko, na wɔ saa kwan pa yi so no, ɔmaa yɛn nkwagyeɛ.
Ɛsɛ sɛ yɛdi deɛ ɛnyɛ nokorɛ no so nkonim wɔ honhom mu akodie. Nnipa pii di deɛ ɛnyɛ nokorɛ no akyi. “Na Pergamo asafo mu bɔfoɔ no, twerɛ kɔma no sɛ: Sɛɛ na deɛ ɔkura afena anofanu nnamnam no seɛ: Menim deɛ woteɛ, deɛ Satan ahenwa sie” (Adiyifoɔ 2:12-13).
“Deɛ ɔdi nkonim no, mɛma no mana a ahunta no bi adi, na mɛma no ɔbo fitaa, na ɔboɔ no so na wɔatwerɛ din foforɔ a obiara nnim, sɛ deɛ ɔnya no” (Adiyisɛm 2:17).
Bea a honhom bɔne ahodoɔ ne deɛ ɛnyɛ nokorɛ gyina hɔ yɛ ne ho te sɛ deɛ ɛyɛ nokorɛ no, Ɔbonsam yi ne ho adi te sɛ deɛ ɔyɛ hann bɔfoɔ no. Onyankopɔn ntumi mboa obiara a ɔtie na ɔnim nsuo ne Honhom nokorɛ nkwagyeɛ, nanso ɔnnye nnie no. Awieeɛ no ɔbɛkɔ amanehunu kurom.
Ɛsɛ sɛ obiara fa adwene ma ɔno ara ne ho sɛ ɔbɛgye Yesu nkwagyeɛ adie anaa sɛ ɔrennye nnie. Obiara mmu nkotodwe wɔ w’anim a ɔresrɛ wo sɛ gye di na nya ɔgyeɛ.
Sɛ wopɛ sɛ wonya nkwa firi bɔne mu a, ɛnneɛ gye nsuo ne Honhom mu nkwagyeɛ no di. Sɛ aseda ahyɛ wo ma wɔ ne dɔ a ɛwɔ nkwagyeɛ mu ne n’adom a ɔde agye yɛn nkwa no a, ɛnneɛ gye di. Sɛ woyɛ ɔdebɔneyɛni a wo hyɛberɛ ne sɛ wobɛkɔ amanehunu kurom a, ɛnneɛ gye nsuo ne Honhom a ɛyɛ Yesu asubɔ ne ne mogya wɔ asɛnnua no so di. Ɛno na afei wobɛba abɛyɛ ɔteneneeni.
Sɛ wodwene sɛ wonyɛ ɔdebɔneyɛni a, ɛnni kwan sɛ wogye Yesu di ma wɔgye woɔ. Ɛyɛ nnebɔneyɛfoɔ nko na wɔgye wɔn firi wɔn bɔne nyinaa mu wɔ berɛ a wɔgye nsuo ne Honhom awo foforɔ asɛmpa no die. Yesu yɛ nnebɔneyɛfoɔ Agyenkwa, na ɔyɛ Awerɛkyekyerɛfoɔ ma deɛ ɔwɔ ahohiahia mu no. Ɔyɛ Ɔbɔadeɛ. Ɔyɛ Ɔdɔ nyinaa Wura.
Metu wo fo wɔ nokorɛm sɛ wobɛgye nsuo ne Honhom mu awo foforɔ asɛmpa no adie. Gye di. Wobɛnya ahodasoɔ sɛ Yesu bɛyɛ Agyenkwa, Ɔyɔnkoɔ, Odwanhwɛfoɔ ne Nyankopɔn ama wo. Ɛsɛ sɛ nnebɔneyɛfoɔ gye Yesu di. Sɛ wompɛ sɛ wobɛkɔ amanehunu kurom a, ɛsɛ sɛ wogye di. Ɛnyɛ adeɛ a Onyankopɔn resrɛ yɛn sɛ yɛnnye nkwagyeɛ asɛmpa no nni.
Wopɛ sɛ wɔgye wo kɔ soro anaa? Ɛnneɛ gye nsuo ne Honhom mu awo foforɔ asɛmpa no di. Yesu se, “Mene kwan no nokorɛ no ne nkwa no. Gye me di. Wopɛ sɛ wɔto wo twene amanehunu kurom anaa? Ɛnneɛ ɛnnye nni.” Wopɛ sɛ wɔto wo to amanehunu kurom anaa? Ɛnneɛ ɛnnye nni. Ɔse wadi kan asiesie bea bi ama wo wɔ amanehunu kurom.
Ɛnyɛ adeɛ a Onyankopɔn srɛ yɛn. Odwadini gye nnipa wɔ berɛ a ɔnyɛ nyiyimu sɛdeɛ ɛbɛyɔ na ɔbɛtɔn ne nnoɔma, nanso ɛyɛ wɔn a wɔagye wɔn no nko na Onyankopɔn de ɔsoro ahenie no ma wɔn kwa. Onyankopɔn yɛ tene.
Nnipa ka sɛ wiase awieeɛ no abɛn. Aane, me nso m’adwene kyerɛ me saa. Na ɛyɛ nkwaseasɛm sɛ yɛnnye nokorɛ asɛmpa a ɛyɛn suo ne Honhom no nnie.
Gye nhyira asɛmpa a ɛyɛ nsuo ne Honhom awo foforɔ nkwagyeɛ no di. Momma yɛn nyinaa nka mbom nkɔ Nyankopɔn ahenie no mu. Wompɛ sɛ wo ne me bɛkɔ bea a Yesu te no anaa?
Woyɛ ɔdebɔneyɛni anaa sɛ ɔteneneeni?
Ɔteneneeni a ɔnni bɔne biara wɔ n’akoma mu.
Momma yɛnkenkan Romafoɔ 8:1-2. “Ɛnneɛ afei afobuo biara nni hɔ mma wɔn a wɔwɔ Kristo Yesu mu, wɔn a wɔnnante honam fam na mmom honhom mu no. Na Kristo Yesu mu nkwa honhom mmara no agye me afiri bɔne ne owuo mmara no mu.”
Yesu nam n’asubɔ ne ne wuo ne so yii yɛn bɔne nyinaa kɔeɛ. Ɔgyee nnebɔneyɛfoɔ nyinaa a anka ɛsɛ sɛ wɔbu wɔn bɔne ho atɛn no nkwa.
Onyankopɔn nkwagyeɛ no gyina nnoɔma mmienu so. Baako yɛ Mmara no, na baako nso yɛ ne dɔ. Mmara no kyerɛ yɛn sɛ yɛyɛ nneɔbneyɛfoɔ. Sɛdeɛ mmara no teɛ no, bɔne akatua ne owuo. Yɛntumi mfa mmara no so nya nkwa. Deɛ Mmara no yɛ ara ne sɛ ɛkyerɛ yɛn yɛn bɔne su ne yɛn krabea. Ɛma yɛhunu sɛ yɛyɛ nnebɔneyɛfoɔ.
Sɛdeɛ ɛbɛyɔ na ɔbɛtua bɔne ka nti, Yesu baa wi yi ase, ɔyii yɛn bɔne nyinaa kɔeɛ, na ɔde ne nkwa tuaa ho ka de gyee yɛn nkwa firii atemmuo mu. Ɛyɛ Nyankopɔn dɔ na ɛgye yɛn nkwa firi bɔne nyinaa mu.
Ɛsɛ sɛ yɛdi deɛ ɛnyɛ nokorɛ no so nkonim. Onyankopɔn de nsuo ne Honhom awo foforɔ nhyira no ma wɔn a wɔdi deɛ ɛnyɛ nokorɛ no so nkonim no.
Sɛ yɛgye Yesu di a na yɛnya nkwa. Sɛ yɛgye ne nsɛm no di a, yɛnya tenenee na yɛba bɛnya nteaseɛ wɔ nokorɛ no mu. Gye nokorɛ a ɛyɛ nsuo ne Honhom awo foforɔ no di wɔ w’akoma mu, na wobɛnya nkwa.