• All e-books and audiobooks on The New Life Mission website are free
  • Explore multilingual sermons in global languages
  • Two new revised editions in English have been released
  • Check out our website translated into 27 languages
Search

Sermons

Asɛmpɔ 8 : Honhom Kronron

[8-1] Honhom Kronkron yɛ Adwuma wɔ Nyankopɔn Bɔhyɛ Nsɛm no mu (Asomafoɔ no Nnwuma 1:4-8)

2021.04.11 113
Honhom Kronkron yɛ Adwuma wɔ Nyankopɔn Bɔhyɛ Nsɛm no mu(Asomafoɔ no Nnwuma 1:4-8)
“Na ɔne wɔn hyiaeɛ no, ɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔmmfiri Yerusalem nnkɔ, na mmom wɔntwɛn Agya no bɔhyɛ a ɔse: mote firii m’anomu no, sɛ Yohane deɛ, ɔde nsuo na ɛbɔɔ asu, na mo deɛ, nna yi mu ɛrenkyɛ na wɔbɛbɔ mo asu Honhom Kronkron mu. Ɛnna wɔhyiaeɛ no, wɔbisaa no sɛ: Awurade, berɛ yi mu na wobɛsane de ahennie no ama Israel anaa? Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛnyɛ mo asɛm sɛ mobɛhunu berɛ anaa nna a Agya no ahyɛ ato hɔ ɔnoa ara ne tumi mu, na mmom sɛ Honhom Kronkron no nya ba mo so a, mobɛnya ahoɔden, na moayɛ m’adansefoɔ Yerusalem ne Yudea nyinaa ne Samaria de akɔpem asase ano nohoa.’”
 
Honhom Kronkron a ɔba bɛtena yɛn mu no yɛ akyɛdeɛ a ɛfiri Onyankopɔn anaasɛ ɛnam yɛn nnwuma so nti na wɔde ma yɛn?
Ɛyɛ akyɛdeɛ a wɔde ma onipa a ɔnya ne bɔne ho fafirie no, na ɛno mu na Onyankopɔn bɔhyɛ a ɔhyɛɛ no ma no asekyerɛ wɔ.

Berɛ bi a atwam menyaa suahunu bi a menam mpaebɔ so nyaa ahohyehyeɛ bi a ɛte sɛ Honhom Kronkron. Nanso saa ahohyehyeɛ yi ankyɛ koraa na ɛyeraeɛ wɔ berɛ a na bɔne ahyɛ me ma no. Nanso seesei deɛ, mepɛ sɛ mekyerɛ nokorɛ a ɛfa Honhom Kronkron a ɔba bɛtena yɛn mu daa daa no ho, a ɛnyɛ atorɔ honhom bi a ɛyɛ mmerɛ ma bɔne sɛ ɛtumi ma no dum no so, na mmom ɛnam nokorɛ asɛmpa no so. Honhom Kronkron a seesei menam saa asɛm yi so pɛ sɛ meda no adi kyerɛ woɔ no, nyɛ adeɛ bi wobɛtumi afa mpaeɛ so anya, na mmom ɛnam gyidie a ɛwɔ nsuo ne Honhom asɛmpa no so nko a wobɛtumi anya.
Mepɛ sɛ mefa nwoma yi so kyerɛ wo kwan ma wonya [1]Honhom Kronkron a ɔba bɛtena yɛn mu no. Wobɛhunu sɛ ɛyɛ Honhom Kronkron na ahyɛ asɛm a mede rema woɔ yi no mu den. Ɛyɛ Onyankopɔn apɛdeɛ a ewie pɛyɛ sɛ yɛbɛnya Honhom Kronkron ama no abɛtena yɛn mu saa berɛ yi mu. Wobɛtumi afa saa nwoma baako yi so asua deɛ ɛfa Honhom Kronkron a ɔba bɛtena yɛn mu no ho. Sɛ saa nwoma yi nnɔɔso mma wo a, ɛnneɛ metu wo fo sɛ wobɛkenkan nwoma mmienu a ɛdi kan a metwerɛeɛ no. Anka wonam saa nwoma no so bɛnya gyidie a ewie pɛ yɛ wɔ Nyankopɔn anim.
 
1Honhom Kronkron te wɔn a yɛawo wɔn foforɔ no akomam, a wɔde wɔn bɔne nyinaa kyɛɛ wɔn wɔ berɛ wɔgyee nsuo me Honhom asɛmpa no diiɛ. Sɛ ɔnya ba ɔhoteni mu a, ɔtena ne mu daa daa, na ɔmfiri ne mu nkɔ da wɔ berɛ ɔda so gye asɛmpa no die. Ɔma ahotefoɔ no gyidie mu ahotosɔ, ɔma wɔhunu Onyankopɔn pɛ wɔ Twerɛ  Kronkron no mu, ɔhyɛ wɔn den ma wɔdi nsɔhwɛ ne ɔhaw ahodoɔ a ɛwɔ wiase yi mu, na ɔma wɔso Honhom no aba pii ma no boro so. Onyakopɔn nam Honhom Kronkron a ɔba bɛtena yɛn mu no so na ɔhyɛ ahotefoɔ nipadua animuonyam sɛ Onyakopɔn asɔredan (Asomafoɔ no Nnwuma 2:38-39, Yohane 14:16, 16:8-10, 1 Korintofoɔ 3:16, 6:19, Galatifoɔ 5:22-23).
 
Akristofoɔ pii rebɔ mmɔden sɛ wɔbɛnya Honhom Kronkron no sɛdeɛ ɔbaa Yesu asuafoɔ no so wɔ Pentecoste Da no. Ebinom nam saa nnaadaa kwan no so anya sika pii. Wɔyɛ wɔn ho te sɛ deɛ Honhom Kronkron no yɛ adeɛ bi a onipa nam ne nnwuma so bɛtumi anya. Wɔpɛ sɛ wɔnya anisoadehunu, wɔyɔ ahoɔdenneɛ, na wɔte Yesu nne ankasa, wɔka kasa hodoɔ, wɔsa yadeɛ na wɔtu ahonhommɔne. Nanso wɔwɔ bɔne wɔ wɔn akomam, na wɔhyɛ ahonhommɔne tumi ase (Efesofoɔ 2:1-2). Wɔ saa berɛ yi mu mpo no, nnipa pii kɔ so ara tena ase wɔ berɛ a wɔnnim sɛ wɔhyɛ ahonhommɔne tumi ase. Ɛno nti na Ɔbonsam fa kwan hodoɔ bebree so te sɛ anwanwandeɛ ne ahoɔdenneɛ a ɛyɛ nnaadaa bi kɛkɛ no.
Yesu hyɛɛ n’asuafoɔ no sɛ “wɔmmfiri Yerusalem nnkɔ, na mmom wɔntwɛn Agya no bɔhyɛ” (Asomafoɔ no Nnwuma 1:4). Honhom Kronkron nya a wɔda no adie wɔ Asomafoɔ no Nnwuma no nyɛ adeɛ bi a ɛnam “suahunu” anaa “ɔsom adwuma” anaa “mpaebɔ” anaa “adwensakyera mpaebɔ” so, na mmom ɛnam “Onyankopɔn bɔhyɛ a wɔbɛtwɛn” sɛ ɔde Honhom Kronkron bɛma wɔn no so. Adeɛ a ɛsɛ sɛ yɛsua firi saa asɛmfua yi mu ne sɛ, Honhom Kronkron a ɔba bɛtena yɛn mu no nnyina onipa mpaebɔ a emu yɛ den no so. Ɛyɛ Onyankopɔn akyɛdeɛ a ɛnam gyidie a ewie pɛyɛ a ɛwɔ asɛmpa fɛfɛɛfɛ a ɛyɛ nsuo ne Honhom asɛpa no so nko na yɛbɛtumi anya, na ɛno na Nyame Agya ne Yesu Kristo de maa onipa no. Nokorɛ Honhom Kronkron a ɔba bɛtena yɛn mu no nam gyidie a ɛwɔ asɛmpa a Yesu Kristo de maa yɛn no so na ɛba mu saa. Onyankopɔn de nsuo ne Honhom mu nokorɛ no ama yɛn sɛdeɛ ɛbɛyɔ na yɛbɛtumi anya Honhom Kronkron ama no abɛtena yɛn mu (1 Yohane 3:3-5).
Asɛm a ɛyɛ “Honhom Kronkron bɔhyɛ” yi ne ho adi mprɛ pii wɔ Aapam Foforɔ no mu. Petro kaa wɔ n’asɛnka mu (Asomafoɔ no Nnwuma 2:38-39) a ɛfa Honhom Kronkron asubɔ ho wɔ Pentecoste Da no sɛ, “Ɛyɛ Onyankopɔn bɔhyɛ sɛ ɔde Honhom Kronkron no bɛma wɔn a wɔnyaa bɔne fafirie ɛnam gye a wɔgyee nokorɛ asɛmpa no diiɛ no nti.”
Honhom Kronkron a ɔba bɛtena yɛn mu no yɛ akyɛdeɛ a wɔde ma wɔn a wɔnya bɔne ho fafirie no, na ɛno mu na Onyankopɔn bɔhyɛ a ɔhyɛɛ no ma no wɔ. Honhom Kronkron wɔ Apam Foforɔ mu no nyɛ adeɛ bi a wɔtumi nya ɛnam anokorɔ a onipa ne Nyankopɔn yɔeɛ nti, na mmom ɛyɛ bɔhyɛ akyɛdeɛ a ɛfiri Onyankopɔn. Enti, Honhom Kronkron a ɔba bɛtena yɛn mu no, sɛdeɛ wɔada no adie wɔ Asomafoɔ no nnwuma no, nyɛ adeɛ bi a wɔnam mpaebɔ so nya (Asomafoɔ no Nnwuma 8:19-20).
Ɛyɛ wɔn a wɔgye nsuo ne Honhom asɛmpa a Yesu de maa yɛn die no nko na Honhom Kronkron ba wɔn soɔ. Yesu hyɛɛ n’asuafoɔ no bɔ sɛ ɔbɛsoma Honhom Kronkron sɛdeɛ ɛbɛyɔ na wɔbɛnya Honhom Kronkron a ɔba bɛtena yɛn mu no. “Sɛ Yohane deɛ, ɔde nsuo na ɛbɔɔ asu, na mo deɛ, nna yi mu ɛrenkyɛ na wɔbɛbɔ mo asu Honhom Kronkron mu” (Asomafoɔ no Nnwuma 1:5). Enti n’asuafoɔ no twɛneeɛ sɛ Onyankopɔn bɔhyɛ no bɛhyɛ ma.
Sɛ yɛhwɛ wɔn a wɔwɔ Twerɛ Kronkron no mu a wɔnyaa Honhom Kronkron no gyidie a, yɛhunu sɛ ɛmfiri wɔn nnwuma mu na ɛbaa saa, na mmom ɛfiri Nyankopɔn pɛ mu. Honhom Kronkron a ɔba bɛtena yɛn mu a ɔbaa asuafoɔ no so wɔ Asomafoɔ no Nnwuma no, ɛmfiri onipa mmɔdenmmɔ anaa sɛ honhom mu adeɛ bi a wɔtumi yɔeɛ.
Honhom Kronkron ba a ɔbaa n’asuafoɔ no so sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ Asomafoɔ no Nnwuma no, ɛbaa mu saa ampa. Na ɛte sɛ sɛdeɛ Yesu kaeɛ pɛpɛɛpɛ no, “nna yi mu ɛrenkyɛ.” Na yei yɛ nhyira a ɛdi kan wɔ asafo a ɛdi kan no berɛ so. Sɛ yɛhwɛ Twerɛsɛm no mu a, yɛbɛtumi ahunu sɛ, ɛnyɛ mmuada, mpaebɔ, anaa ahofama so na Onyankopɔn bɔhyɛ no hyɛɛ ma, na mmom ɛnam gyidie a ɛwɔ Yesu mu no so. Berɛ a Yesu foro kɔɔ soro wieeɛ no, agyidifoɔ no nyaa bɔne fafirie ne Honhom Kronkron wɔ saa berɛ no ara mu pɛpɛɛpɛ.
 
 

Honhom Kronkron no firi Soro baa Yesu asuafoɔ no so mpofirem!

 
“Na Pentecoste Da no tɔeɛ no, na wɔn nyinaa ahyia faako” (Asomafoɔ no Nnwuma 2:1). Yesu asuafoɔ no boaa wɔn ho ano wɔ faako wɔ berɛ a na wɔretwɛn sɛ Onyankopɔn bɛhyɛ ne bɔhyɛ ma a ɔkaa sɛ ɔbɛsoma wɔn Honhom Kronkron no. Na deɛ ɛdi akyire no Honhom Kronkron baa wɔn so.
“Na mpofirem no, ahum bi a ɛte sɛ mframa a emu yɛ den a ɛrebɔ firi soro bae, na ɛbɛhyɛɛ efie a wɔte mu no ma. Na tɛkyerɛma a wɔapaepae mu a ɛte sɛ ogya yiyi kyerɛɛ wɔn, na ɛbɛsisii wɔn atifi mmiako mmiako. Na Honhom Kronkron yɛɛ wɔn nyinaa mama, na wfirii aseɛ kasaa kasa foforɔ, sɛdeɛ Honhom no maa wɔn sɛ wɔnka” (Asomafoɔ no Nnwuma 2:2-4).
Honhom Kronkron no baa wɔ so “mpofirem firii Soro.” Wɔ ɛha no, asɛmfua “mpofirem” kyerɛ sɛ ɛmfiri onipa pɛ mu na ɛyɔeɛ. Deɛ ɛka ho bio nso, asɛmfua “firi Soro” kyerɛ yɛn bea a Honhom Kronkron no firi baeɛ, afei nso ɛma yɛnya adwene sɛ ɛmfiri onipa pɛ anaa nnwuma so na yɛnya Honhom Kronkron a ɔba bɛtena yɛn mu no. Asɛmfua “firi Soro” ma yɛhunu sɛ, sɛ obi ka sɛ yɛnam mpaebɔ so bɛtumi anya Honhom Kronkron a, ɛyɛ nnaadaa. 
Wɔ nsɛm foforɔ mu no, sɛ yɛka sɛ Honhom Kronkron a ɔba bɛtena yɛn mu no firi Soro baa mpofirem a, ɛkyerɛ sɛ ɛnyɛ asase akwan so te sɛ kasa hodoɔ anaa ahofama so na ɔnam so baeɛ. Yesu asuafoɔ no dii kan kaa kasa hodoɔ de kaa asɛmpa fɛɛfɛ no kyerɛɛ nnipa a wɔfiri aman nyinaa mu no. Deɛ enti a na yei te saa ne sɛ wɔbɛfa Honhom Kronkron mmoa so bɛnya kwan aka asɛmpa no akyerɛ Yudafoɔ a wɔka amanaman kasa no wɔ wɔn ara kasa mu no. Nnipa a wɔfiri amanaman nyinaa mu no faa no sɛ ɛyɛ adeɛ a ebi nsii da sɛ wɔtee asuafoɔ no sɛ wɔreka kasa hodoɔ wɔ wɔn ara kasa mu, ɛfiri sɛ na asuafoɔ no mu bebree firi Galiea.
“Na tɛkyerɛma a wɔapaepae mu a ɛte sɛ ogya yiyi kyerɛɛ wɔn, na ɛbɛsisii wɔn atifi mmiako mmiako. Na Honhom Kronkron yɛɛ wɔn nyinaa mama, na wfirii aseɛ kasaa kasa foforɔ, sɛdeɛ Honhom no maa wɔn sɛ wɔnka” (Asomafoɔ no Nnwuma 2:2-4). Wɔ ɛha no, ɛsɛ sɛ yɛma y’adwene kɔ asɛmfua a ɛyɛ Honhom Kronkron “bɛsisii wɔn atifi mmiako mmiako” no so. Asuafoɔ a na wɔwɔ faako retwɛn Honhom Kronkron mmaeɛ no, na wɔgye nsuo ne Honhom asɛmpa no di dada. 
Nnɛ mmerɛ yi mu no, Akristofoɔ pii nnte saa asɛmfua yi ase, na wɔgye di sɛ, sɛ Honhom Kronkron no ba wɔn so a, ɛyɛ dede te sɛ mframa bi a emu yɛ den a ɛrebɔ wɔ berɛ a wɔrebɔ mpaeɛ no. Nanso yei yɛ nteaseɛ mu mfomsoɔ a ɛfa Honhom Kronkron ho, a ɛfiri nim a wɔnnim ne sakasaka mu. Sɛ Honhom Kronkron no ba nnipa so a, ɔyɛ dede a ɛte saa no anaa? Daabi, ɔnyɛ saa. 
Deɛ nnipa de wɔn aso teɛ no yɛ dede bi a Ɔbonsam yɔ wɔ berɛ a ɔsɛe nnipa kra no. Ɔyɛ saa dede no wɔ berɛ a ɔde adwene mu nnaadaa, kasa sua, ne atorɔ ahoɔdenneɛ so ka nnipa hyɛ sakasaka mu wɔ berɛ a ɔyɛ ne ho te sɛ ɔyɛ Honhom Kronkron no. Nnipa yɛ mfomsoɔ fa nnoɔma a ɛte saa no ho sɛ ɛyɛ Honhom Kronkron mmaeɛ ho adanseɛ. Afei nso nnipa dwene sɛ, sɛ Honhom Kronkron no ba a, ɔba te sɛ mframa kɛseɛ a ɛbɔ “Yuu~.” Ɛyɛ ahonhommɔne na ɛredaadaa wɔn. Honhom Kronkron mmaeɛ sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ Asomafoɔ no Nnwuma no, ɛnam gyidie a ɛwɔ asɛmpa fɛɛfɛ mu no so na wɔtumi nyaeɛ.
 
 

Na Petro gyidie (1 Petro 3:21) yɛ gyidie a ewie pɛyɛ a ɛmaa no nyaa Honhom Kronkron a ɔba bɛtena yɛn mu no

 
Wɔ berɛ a Onyankopɔn ama deɛ ɛsiiɛ wɔ Asomafoɔ no Nnwuma etire 2 so wɔ kwan sononko so no, ɔpɛ sɛ ɔma yɛhunu nokorɛ no sɛ, Honhom Kronkron no baa wɔn so ɛnam sɛ na wɔgye nsuo ne Honhom asɛmpa no di dada. Nanso ɛyɛ a nnipa dwene sɛ “Pentecoste” yɛ berɛ a Honhom Kronkron de honhom mu nsɛnkyerɛnneɛ ne sakasaka ne dede firi soro baeɛ. 
Ɛno nti na nnɛ da yi no, wɔ nkayan nhyiamudie mu no, bebree agye adi sɛ obi bɛtumi afa anibereɛ mpaeɛ, mmuada anaa nsagusoɔ so anya Honhom Kronkron. Nnoɔma a esie bi te sɛ honhommɔne bɛfa obi nnomum, wobɛhwe ase atɔre mmum, adeɛ bɛtɔ obi so nna bebree, anaa sɛ obi ho bɛpopoɔ a ɔntumi nyɛ ho hwee no nyɛ Honhom Kronkron nnwuma. 
Honhom Kronkron yɛ teasefoɔ a ɔde adwene yɔ adwuma, na ɔmmu n’ani nngu onipa su so. Ɔnyɛ n’adeɛ wɔ ɔhyɛ so nntia onipa wɔ berɛ a ɔmfa anidie mma noɔ, ɛfiri sɛ ɔyɛ Onyankopɔn a ɔkura adwene, atenka ne ɔpɛ. Sɛ nnipa gye nsɛm a ɛwɔ nsuo ne Honhom asɛmpa no di nko a na ɔba wɔn soɔ (Asomafoɔ no Nnwuma 2:38).
Petro dii adanseɛ sɛ Honhom Kronkron no baa asuafoɔ no so sɛdeɛ odiyifoɔ Yoel ka too hɔ sɛ ɛbɛba no. Na ɛyɛ Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛrehyɛ ma, a ɛkaa sɛ Honhom Kronkron no bɛba wɔn a wɔbɛnya wɔn bɔne ho fafirie no so. Wɔ nsɛm foforɔ mu no, wɔde Honhom Kronkron a ɔba bɛtena yɛn mu no ma wɔn a wɔgye nokorɛ no die sɛ, Yohane bɔɔ Yesu asu, na wɔbɔɔ no asɛnnuam sɛdeɛ ɛbɛyɔ na ɔbɛgye nnipa nyinaa nkwa afiri wɔn bɔne mu. Petro asɛnka ne Yoel nkɔmhyɛ kyerɛ yɛn sɛ, ɛsɛ sɛ yɛhunu deɛ enti a wɔbɔɔ Yesu asu ne deɛ enti a ɛsɛ sɛ yɛnya mu gyidie. Sɛ yɛhunu saa nokorɛ yi a ɛbɛma yɛanya Honhom Kronkron.
Wogye asɛmpa fɛfɛɛfɛ no a Petro dii ho adanseɛ no di anaa? (1 Petro 3:21) Anaa sɛ woda so ara wɔ gyidie hunu a ɛyɛ ɔkwa a mfasoɔ biara nni mu wɔ asɛmpa fɛfɛɛfɛ no ho? Wobɔ mmɔden sɛ wonam wo ara w’akwan so bɛnya Honhom Kronkron wɔ berɛ a ɛmfa Nyankopɔn botaeɛ so anaa? Sɛ ɛmpo obi gye Onyankopɔn di na ɔbɔ bɔne fafirie mpaeɛ wɔ anidasoɔ mu sɛ ɔbɛhohoro ne bɔne akorɔ a, ɛkwan biara nni hɔ a ɔbɛfa so anya Honhom Kronkron a ɔba bɛtena yɛn mu no, gye sɛ ɔgye nsuo ne Honhom asɛmpa no di.
Woda so ara retwɛn Honhom Kronkron a ɔba ɛtena yɛn mu no wɔ berɛ mpo a wonni nimdeɛ biara fa nsuo ne Honhom asɛmpa no ho anaa? Wonim nokorɛ asekyerɛ a ɛfa Yesu asubɔ ne ne mogya wɔ asɛnnua no so a ɛma Honhom Kronkron bɛtena w’akoma mu no anaa? Ɛsɛ sɛ wohunu sɛ, sɛ wogye nsuo ne Honhom asɛmpa no di nko a na Honhom Kronkron no bɛba abɛtena wo mu. Nokorɛ Honhom Kronkron a ɔba bɛtena yɛn mu no, ɛyɛ wɔn a wɔgye nsuo ne Honhom asɛmpa fɛfɛɛfɛ die no nko na wɔma wɔn kwan sɛ ɔmmɛtena wɔn mu. Yɛda Onyankopɔn ase sɛ ɔde ne nsuo ne Honhom asɛmpa a ɛma yɛnya Honhom Kronkron a ɔba bɛtena yɛn mu no ama yɛn.