Asante 5
Choose your preferred file format and safely download to your mobile device, PC, or tablet to read and listen to the sermon collections anytime, anywhere. All eBooks and AudioBooks are completely free.
Nsɛm a ɛwɔ nwoma yi mu no bɛma sukɔm a ɛwɔ w’akoma mu no to atwa. Nnɛ mmerɛ yi mu Akirstofoɔ kɔ so ara bɔ wɔn bra wɔ berɛ a wɔnni anoyie biara fa bɔne ankasa a wɔyɛ no daa no ho. Wonim adekodeɛ a ɛyɛ Nyankopɔn Tenenee anaa? M’anidasoɔ ne sɛ wobɛbias wo ho saa asɛmmisa yi na wobɛgye Nyankopɔn Tenenee a ada adie wɔ saa nwoma yi mu no adi.
Onyankopɔn tenenee no wɔ nsuo ne Honhom asɛmpa no mu. Nanso akɔ akɔyɛ sɛ agyapadeɛ bi a wɔde ahinta akyɛre yie wɔ nyamesom akyidifoɔ anisoɔ no. Ne saa nti no, nnipa pii de wɔn ho too wɔn ara tenenee so wɔ berɛ a anka ɛsɛ sɛ wɔgye Nyankopɔn tenenee mmom die no. Ne saa nti no, Akristofoɔ nkyerɛkyerɛ a ɛntɔ aso mu mpo no bɛyɛɛ gyidie a ɛbɛfaa agyidifoɔ akoma dommum te sɛ deɛ nkyerɛkyerɛ a ɛte saa no wɔ Nyankopɔn tenenee.
Nkyerɛkyerɛ a ɛfa Nyiyimu, Bembuo, ne ahoteɛ a yɛnya no kakra nkakra no bɛyɛɛ Kristosom nkyerɛkyerɛ a agye din yie paa a ɛde sakasaka ne mpa baa agyidifoɔ kra mu. Nanso seesei deɛ, ɛsɛ sɛ Akristofoɔ hunu Nyankopɔn foforɔ na wɔsua ne tenenee na wɔkɔ so ara nya gyidie mu ahotosoɔ.
"Yɛn Awurade a ɔbɛyɛɛ Nyankopɔn tenenee” bɛma w okra anya nteaseɛ a emu dɔ na ɛde no akɔ asomdwoeɛ mu. Nwoma tewerɛni no pɛ sɛ wonya nhyira a ɛfiri Nyankopɔn tenenee ho nimdeɛ. Onyankopɔn nhyira ne wo ntena!
Although the Covid-19 pandemic has ended, there are still difficulties in sending or receiving our printed books by mail due to various difficult international situations. When the international situation improves and mailing normalizes, we will resume mailing printed books.