Search

Book Reviews

Honhom Kronkron Ntumi Ntena Ɔdebɔneyɛni mu Kɔsi sɛ Ɔbɛnya Bɔne Fakyɛ

  • Eric Aboadwe
  • Ghana
  • 1
  • 01/16/2024

Asante 3

Honhom Kronkron a Ɔte Me Mu No - Ɛkwan Pa a Wobɛfa So Anya Honhom Kronkron

Rev. Paul C. Jong

  • ISBN9788928230792
  • Pages382
  • Rate

Sɛ yɛbɛnya Honhom Kronkron yɛ adeɛ bi a ɛda Okristoni biara akoma so. Na deɛ enti a ɛte saa ne sɛ, Twerɛsɛm no ka sɛ, sɛ obi nni Kristo Honhom a ɔnyɛ Ne dea (Romanfoɔ 8:9). Ne saa nti, nnipa pii no ara pɛ sɛ wɔnya Honhom Kronkron wɔ kwan biara so. Na Ɔbonsam nso nim yei nti, wadaadaa nnipa ama wɔn gyidie bi sɛ, sɛ “Asɔfoɔ a Wɔasra wɔn Ngo" a nnipa pii no ara gye wɔn tum no bi de wɔn nsa gu wɔn so, na wɔdi mmuada bɔ mpaeɛ a, wɔbɛtumi anya Honhom Kronkron a ɛmfa ho sɛ bɔne wɔ wɔn akomam.

Ne saa nti, nwoma a ɛyɛ “Ɛkwan Pa a Wobɛfa So Anya Honhom Kronkron” yɛ nwoma a Onyankopɔn akoa Twerɛeɛ sɛ ɔde bɛtenetene mfomsoɔ adwene ne gyidie a Pentecost Karismatik Kuo de baeɛ a afira nnipa pii no ara ani afiri sɛdeɛ wɔbɛhunu ɛkwan pa yɛfa so nya Honhom Kronkron sɛdeɛ Onyankopɔn Asɛm no teɛ. 

Afei nso, Honhom Kronkron yɛ Nyame Baasa Koro no mu deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa a ɔyɛ Kronkron. Ne saa nti, ansana yɛbɛtumi anya No wɔ yɛn akomam no, ɛsɛ wɔdi kan pepa yɛn bɔne na wɔde kyɛ yɛn prɛko wɔ berɛ a yɛgye Yesu asubɔ ne Ne mogya die ansa na yɛbɛtumi  afata anya No sɛ akyɛdeɛ a ɛfiri Onyankopɔn hɔ.

Nwoma no kyerɛkyerɛ mu sɛ, Honhom Kronkron yɛ adwuma wɔ onyankopɔn Asɛm no mu, na ɔba yɛn so sɛdeɛ onyankopɔn bɔhyɛ asɛm teɛ sɛdeɛ Ɔsomafoɔ Petro ka kyerɛɛ nnipa wɔ Pentecost Da No sɛdeɛ wɔatwerɛ no, “Na Petro see wɔn sɛ: Monsakyera mo adwene, na mo nyinaa mma wɔmmɔ mo asu Yesu Kristo din mu, mma mo bɔne fakyɛ, na mobɛnya Honhom Kronkron akyɛdeɛ no. Na bɔhyɛ no yɛ mo ne mo mma ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri, a Awurade yɛn Nyankopɔn bɛfrɛ wɔn aba nyinaa dea” (Asomafoɔ no Nwuma 2:38-39).

Yei ma yɛhunu sɛ, ɛsɛ sɛ obiara a ɔpɛ sɛ ɔnya Honhom Kronkron no di kan ma ne ho kwan sɛ, ɔpɛ sɛ ɔnya bɔne fakyɛ wɔ berɛ a ɔgye di sɛ Yesu yii ne bɔne nyinaa wɔ nokorɛm berɛ a wɔbɔɔ no asu wɔ Yordan Asubɔntene mu de hyɛɛ tenenee nyinaa ma maa yɛn, na ɛyɛ gye a yɛbɛgye yei adie no na ɛma yɛnya Honhom Kronkron wɔ ɔdwoɔ ne asomdwoeɛ kwan so sɛdeɛ Onyankopɔn pɛ teɛ.

Nwoma no da nokorɛ no adi ma yɛhunu sɛ, nnoɔma bi te sɛ anisoadehunu, daeɛso, nkɔmhyɛ, ne kasahodoɔ ka nyɛ adanseɛ a ɛkyerɛ sɛ obi anya Honhom Kronkron. Deɛ enti a yei te saa ne sɛ, sɛdeɛ Onyankopɔn ne yɛn agyanom ne adiyifoɔ no kasaa tete berɛ mu hɔ no ne sɛdeɛ ɔne yɛn kasa nnɛ mmerɛ yi mu no nyɛ adekorɔ. Saa berɛ yi mu deɛ, Onyankopɔn nam N`asɛm a ɛyɛ Yesu Kristo no so na ɔkasa kyerɛ yɛn (Hebrifoɔ 1:1-2). Ne saa nti, ɛsɛ sɛ yɛde yɛde yɛn ho to Onyankopɔn asɛm no nko ara so a biribiara nka ho.

Sɛ mpo ɛba no kasa hodoɔ ka mu a, nwoma no kyerɛkyerɛ yɛn sɛ Onyankopɔn nam Ne nkoa so na ɔreyɛ yei wɔ berɛ wɔtwerɛ wɔtwerɛ n`asɛm no kɔ kasa hodoɔ a ɛwɔ wiase no mu. Yei ne kasahodoɔ ka ne nkyerɛkyerɛmu a ɛbata ho no botaeɛ.

Mede gyidie mu ahotosoɔ bɛtumi aka sɛ, saa nwoma yi yɛ nhyira ma Akristofoɔ nyinaa, ɛfiri sɛ ɛbɛgye obiara a ɔkenkan no afiri Ɔbonsam nnaadaa mu, na ɛbɛma wɔahunu sɛ yɛwɔ kwan pa a yɛfa so nya Honhom Kronkron.

Onyankopɔ nhyira Rev. Paul C. Jong ne New Life Mission abusuakuo no nyinaa sɛ wɔyɛɛ nwoma anwanwasoɔ yi a wɔde kyɛ kwa.

Eric Aboadwe 
Ghana